Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wohwehwɛ Nokware?
NYAMESOM ahyehyɛde pii kyerɛ sɛ wɔwɔ nokware no, na wɔde anigye ka ho asɛm kyerɛ afoforo. Nanso, wɔn mu biara ka “nokware ahorow” a ɛma obi adwene tu fra ho asɛm. Eyi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ nea obi gye di biara ne nokware no, na nokware turodoo biara nni hɔ? Ɛnte saa.
Ɔbenfo V. R. Ruggiero ka wɔ ne nhoma The Art of Thinking no mu sɛ ɛyɛ no nwonwa sɛ ɛtɔ mmere bi a animdefo mpo ka sɛ nea obi gye di ne nokware no. Ɔka sɛ: “Sɛ obiara kyerɛ nea ɛyɛ nokware ma no a, ɛnde obiara nsusuwii ntumi nyɛ papa nsen ne yɔnko de. Ɛsɛ sɛ ne nyinaa yɛ pɛ. Na sɛ nsusuwii nyinaa yɛ pɛ a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asɛm biara mu? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma ho nsemmisa ho mmuae? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nea ɛde ntawntawdi ba Mfinimfini Apuei no mu? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ kokoram ano aduru? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nsoromma akuw mu? Sɛ mmuae bi teɛ sen bi, sɛ nokware yɛ biribi soronko wɔ obi nsusuwii ho a nsusuwii no nni so tumi biara a, ɛnde na dwumadi yi yɛ nea ntease wom.”
Nokwarem no, obiara nnye nni ankasa sɛ nokware biara nni hɔ. Sɛ ɛba nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa, te sɛ aduruyɛ, akontaabu, ade a yetumi so mu ho mmara so a, obi a ogye di paa sɛ nea obi gye di ne nokware no mpo begye adi sɛ nneɛma bi yɛ nokware. Sɛ yesusuw sɛ sɛnea wimhyɛn tu fa wim ho nyansahu mu mmara nyɛ nokware turodoo a, anka hena na ɔbɛpɛ ne ho asɛm de wimhyɛn atu kwan? Nokware ahorow a wotumi si so dua pefee wɔ hɔ; atwa yɛn ho ahyia, na yɛde yɛn nkwa gyina so a yɛn adwenem nyɛ yɛn naa mpo.
Ɔhaw a Adwene a Ɛne sɛ Nea Obi Gye Di Ne Nokware no De Ba
Nanso, abrabɔ mu na adwene a ɛne sɛ nea obi gye di ne nokware no mu mfomso ahorow da adi yiye, efisɛ ɛno mu na saa nsusuwii no adi awu kɛse. The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Wonnye nni koraa sɛ nnipa betumi anya nimdeɛ anaa nokware a wonim no . . . Nanso, ɛyɛ nokware sɛ bere biara a wɔpow nnepa abien a ɛne nokware ne nimdeɛ sɛ nsusuwii hunu anaasɛ edi awu no, adesamma abusua asetra sɛe.”
Ebia woahu asetra a asɛe saa no. Sɛ nhwɛso no, wommu abrabɔ ho nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible mu a ɛka pefee sɛ aguamammɔ yɛ bɔne no sɛ nokware bio. Nea yehu sɛ aba so ne—“yɛ nea wopɛ.” Obi betumi akyerɛ sɛ ɛnyɛ adwene a ɛne sɛ nea obi gye di ne nokware no na ama asetra mu porɔwee yi aba? Akyinnye biara nni ho sɛ nyarewa a wonya fi nna mu, afie a emu apaapae, mmofra a wonyinsɛn a abu so, di adanse sɛ ɛte saa.
Dɛn Ne Nokware No?
Ɛnde ma yɛmfa nsufĩ a ɛne nea obi gye di ne nokware no ho asɛm nsi ha mfa bere tiaa bi nhwehwɛ nea Bible ka sɛ ɛne nokware nsu kurennyenn no mu. (Yohane 4:14; Adiyisɛm 22:17) Wɔ Bible mu no, “nokware” nte sɛ nsusuwii a asete yɛ den a nyansapɛfo gye ho kyim no.
Bere a Yesu kae sɛ n’asetra mu atirimpɔw nyinaa ne sɛ ɔbɛka nokware no ho asɛm no, na ɔreka biribi a Yudafo anokwafo abu no sɛ ɛsom bo mfehaha pii ho asɛm. Wɔ Yudafo kyerɛw kronkron mu no, na wofi bere tenten akenkan “nokware” no ho asɛm sɛ biribi pɔtee a ɛwɔ hɔ na ɛnyɛ nsusuwii ara kwa. Wɔ Bible mu no, “nokware” yɛ Hebri asɛmfua “ʼemethʹ,” a ɛkyerɛ biribi a ɛyɛ pintinn, enhinhim, ne nea ebia ɛho hia sen biara, nea wotumi de ho to so, nkyerɛase.
Ná Yudafo no wɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ wobu nokware no saa. Wɔfrɛɛ wɔn Nyankopɔn, Yehowa, no sɛ “nokware Nyankopɔn.” (Dwom 31:5) Na wɔfrɛ no saa efisɛ biribiara a Yehowa kae sɛ ɔbɛyɛ no, ɔyɛe. Bere a ɔhyɛɛ bɔ ahorow no, odii so. Bere a ɔma wɔhyɛɛ nkɔm ahorow no, enyaa mmamu. Bere a ɔkaa atemmu nsɛm a etwa to no, ɔma ɛyɛɛ hɔ. Israelfo ɔpepem pii huu nokwasɛm ahorow yi. Wɔn a ɔde honhom kaa wɔn ma wɔkyerɛw Bible no kyerɛw no sɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm turodoo. Esiane sɛ Bible no nte sɛ nhoma afoforo a wobu no kronkron no nti, ennyina atetesɛm anaa anansesɛm so. Egyina nokwasɛm a wotumi si so dua so pintinn—abakɔsɛm, fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma, nyansahu ne asetra mu nokwasɛm ahorow. Ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo no kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo mmara yɛ nokware. . . . Wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware. . . . W’asɛm ntoano yɛ nokware”!—Dwom 119:142, 151, 160.
Yesu Kristo kaa saa dwom no mu nsɛm bere a ɔkae wɔ mpae a ɔbɔɔ Yehowa no mu sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Ná Yesu nim sɛ biribiara a n’Agya kae no wɔ nnyinaso pintinn na ɛyɛ nokware turodoo. Saa ara na na ‘nokware ayɛ Yesu ma.’ (Yohane 1:14) N’akyidifo suae sɛ adansefo, na wɔkyerɛw too hɔ maa nkyirimma nyinaa sɛ wobetumi de wɔn ho ato biribiara a ɔkae, nokware no, so.a
Nanso, bere a Yesu ka kyerɛɛ Pilato sɛ waba asase so sɛ ɔrebɛka nokware no ho asɛm no, na ɔwɔ nokware pɔtee bi wɔ n’adwenem. Yesu kaa saa asɛm no de buaa Pilato asemmisa yi: “Woyɛ ɔhene nen?” (Yohane 18:37) Bere a na Yesu wɔ asase so no ná Onyankopɔn Ahenni, Yesu ankasa asɛyɛde sɛ Ɔhene ne ne nkyerɛkyerɛ nnyinaso ankasa. (Luka 4:43) Nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Ahenni yi bɛtew Yehowa din ho, ebebu ne tumidi bem, na ama adesamma anokwafo asan anya daa nkwa ne asetra a anigye wom ne “nokware” a nokware Kristofo nyinaa wɔ mu anidaso no. Esiane sɛ Yesu asɛyɛde wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa a enya mmamu mu ho hia yiye, na ne nti Onyankopɔn nkɔmhyɛ nyinaa yɛ “Amen,” anaasɛ ɛbam nti, na Yesu betumi aka no yiye sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa.”—Yohane 14:6; 2 Korintofo 1:20; Adiyisɛm 3:14.
Saa nokware yi a nnɛyi Kristofo hu sɛ wobetumi de wɔn ho ato so koraa no kyerɛ biribi titiriw ma wɔn. Ɛkyerɛ sɛ wɔn gyidi wɔ Onyankopɔn mu ne wɔn anidaso wɔ ne bɔhyɛ ahorow mu no gyina nokwasɛm, nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa so.
Nokware Dwumadi
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no de nokware bata nneyɛe ho. (1 Samuel 12:24; 1 Yohane 3:18) Yudafo a na wosuro Onyankopɔn no ammu nokware sɛ nyansapɛ; na ɛyɛ asetra kwan. Na Hebri asɛmfua ma “nokware” betumi akyerɛ “nokwaredi” nso, na wɔde kaa obi a na wotumi de ho to no so sɛ odi n’asɛm so ho asɛm. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wommu nokware no sɛnea obuu no no. Ɔde abufuw kasa tiaa Farisifo no nyaatwom, nsonsonoe kɛse a na ɛda wɔn ankasa trenee nsɛm ne wɔn amumɔyɛ ntam no. Ɔyɛɛ nhwɛso denam nokware a ɔkyerɛkyerɛe a ɔde bɔɔ ne bra no so.
Saa na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo nyinaa yɛ. Wɔn fam no, Onyankopɔn Asɛm mu nokware, Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo tumidi ase ho asɛmpa a ɛyɛ anigye no nyɛ asɛm bi kɛkɛ. Saa nokware no kanyan wɔn ma wɔyɛ ade, na ɛka wɔn ma wɔde bɔ wɔn bra na wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo. (Fa toto Yeremia 20:9 ho.) Ɛtɔ mmere bi a, na afeha a edi kan Kristofo asafo no frɛ asetra kwan a wɔpawee sɛ Kristo akyidifo no sɛ “nokware” anaasɛ “nokware kwan no” kɛkɛ.—2 Yohane 4; 3 Yohane 4, 8; 2 Petro 2:2.
Ademude a Biribiara a Wɔhwere Wɔ Ho Fata
Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm mu nokware ahorow a obi gye tom ma ɔhwere biribi. Nea edi kan no, nokware no sua kɛkɛ no betumi ayɛ osuahu a ɛhaw adwene. The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Wɔntaa nkyerɛ nokware ho anigye, efisɛ ennyina afoforo ho adwemmɔne ne anansesɛm akyi.” Titiriw no, sɛ nyamesom akannifo a yegye wɔn di na wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn a, yɛn gyidi horow a yehu sɛ wɔpa ho ntama sɛ ɛnyɛ nokware no betumi ahaw yɛn. Ebinom betumi de osuahu no atoto hu a wohu sɛ wɔn awofo a wogye wɔn di no yɛ nsɛmmɔnedifo ankasa wɔ kokoam. Nanso ɔsom mu nokware a wuhu nyɛ papa nsen atoro a wugye di? Ɛnyɛ papa sɛ wubehu nokwasɛm ahorow no sen sɛ wobɛma atosɛm adaadaa wo?b—Fa toto Yohane 8:32; Romafo 3:4 ho.
Nea ɛto so abien ne sɛ ɔsom mu nokware a yɛde bɛbɔ yɛn bra betumi ama ebinom a anka wɔyɛ yɛn nnamfo apow yɛn. Wɔ wiase a nnipa pii ‘asesa Onyankopɔn nokware agye atoro’ mu no, ɛte sɛ nea wobu wɔn a wodi Onyankopɔn Asɛm mu nokware akyi denneennen no sɛ ntetekwaa, na ɛtɔ mmere bi a wɔkwati wɔn anaasɛ wɔnte wɔn ase.—Romafo 1:25; 1 Petro 4:4.
Nanso nokware no fata akatua a ɛbɔ ho abien yi. Nokware no a yehu no ma yɛde yɛn ho fi atosɛm, nnaadaa ne gyidihunu ho. Na sɛ yɛde nokware no bɔ yɛn bra a, ɛhyɛ yɛn den ma yegyina amanehunu ano. Onyankopɔn nokware no yɛ nokwasɛm na ɛwɔ nnyinaso pintinn, ɛma yenya anidaso kɛse, na ɛma yetumi gyina sɔhwɛ biara ano. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Paulo de nokware no totoo mmoa nhoma abɔso a asraafo bɔ kɔ ɔsa no ho!—Efesofo 6:13, 14.
Bible mu abebusɛm no ka sɛ: “Tɔ nokware, na ntɔn nyansa ne nteɛso ne nhumu.” (Mmebusɛm 23:23) Sɛ yebu nokware sɛ egyina nea obi gye di so anaasɛ biribi a enni hɔ a, yɛbɛhwere botae a ɛma anigye ne akomatɔyam sen biara a asetra de ma no. Sɛ yehu a, yebenya anidaso, sɛ yehu na yɛdɔ a, yebehu na yɛadɔ amansan Bɔfo no ne ne Ba a ɔwoo no koro no; sɛ yɛde bɔ yɛn bra a, yebenya asetra a atirimpɔw ne ahotɔ wom nnɛ ne daa nyinaa.—Mmebusɛm 2:1-5; Sakaria 8:19; Yohane 17:3.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hela asɛmfua ma “nokware,” a·leʹthei·a, fi asɛmfua a ɛkyerɛ sɛ “nea wɔnkataa so” mu, ma enti nokware taa kyerɛ biribi a anka ahintaw a wɔda no adi.—Fa toto Luka 12:2 ho.
b Mmeae bɛboro 70 wɔ Nsɛmpa kyerɛwtohɔ no mu a wɔkyerɛw sɛ Yesu de asɛm soronko bi sii nokware a ne nsɛm yɛ no so dua. Na ɔtaa ka “Amen” (“Nokware,” Twi Bible) de fi ɔkasamu ase. Na asɛmfua a egyina hɔ ma eyi wɔ Hebri mu no kyerɛ “ɔkwan biara so, nokware.” The New International Dictionary of New Testament Theology ka sɛ: “Yesu nam amen a ɔde fii ne nsɛm ase no so kyerɛe sɛ ɛyɛ nokware na wotumi de ho to so. Odii ne nsɛm so na ɔma ɛkyekyeree n’ankasa ne n’atiefo. Ná ɛda n’anuonyam ne ne tumi adi.”
[Kratafa 6 adaka]
Nokware no Sakra?
V.R. RUGGIERO na obisaa saa asɛm no wɔ ne nhoma The Art of Thinking no mu. Mmuae a ɔmae ne sɛ ɛnsakra. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛtɔ mmere bi a, nokware no sakra, nanso sɛ wohwɛ no yiye a, wubehu sɛ ɛnsakrae.”
Ɔka sɛ: “Susuw nea ɔkyerɛw Bible mu nhoma a edi kan, Genesis nhoma, no ho. Wɔ mfehaha pii mu no, na Kristofo ne Yudafo nyinaa gye di sɛ onipa biako pɛ na ɔkyerɛw nhoma no. Bere bi akyi no, wogyee adwene yi ho kyim, na awiei koraa no gyidi a ɛne sɛ akyerɛwfo baanu na wɔkyerɛw Genesis no besii ɛno ananmu. Afei, wɔ 1981 mu no, wotintim nea efii kasa a wɔde kyerɛw Genesis no ho nhwehwɛmu a wɔde mfe 5 yɛe mu bae no, na wɔkae sɛ tumi a ebetumi aba sɛ onipa biako na ɔkyerɛwee, sɛnea wosusuw kan no yɛ ɔha biara mu nkyem 82.
“Nokware a ɛfa nea ɔkyerɛw Genesis ho no asakra? Dabi. Yɛn gyidi kɛkɛ na asakra. . . . Nimdeɛ a yɛwɔ anaa nimdeɛ a yenni no rensakra nokware no.”
[Kratafa 7 adaka]
Nidi a Wɔkyerɛ Wɔ Nokware Ho
“NIDI a wɔkyerɛ wɔ nokware ho nyɛ yɛn bere yi mu ɔkasatia a ɛnyɛ nokware a ɛbɔ mmɔden sɛ ‘ɛbɛda’ biribiara adi ma wɔagye adi sɛ obiara ne biribiara nni hɔ a ebetumi akyerɛ pefee sɛ ɛwɔ nokware. Ɛyɛ su a ekura ahotoso a ɛyɛ anigye sɛ wobetumi ahu nokware no ampa, a wɔn ho ase a wɔbrɛ ma nokware no bere biara ne baabiara a ɛda adi no ka ho. Wɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔsom nokware Nyankopɔn no da adwene a emu da hɔ a ɛte saa adi wɔ nokware ho; bere a nidi a ɛfata a obi kyerɛ wɔ nokware ho no ma odi nokware wɔ ɔne ne yɔnko nsɛnnii mu, wɔ kasa ne nneyɛe nyinaa mu. Eyi ne su a yɛahu sɛ Apam Dedaw ne Apam foforo no nyinaa di ho adanse.”—The New International Dictionary of New Testament Theology, Po 3, kratafa 901.
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Nyansahu mu nkɔso gyina nyansahu mu nokware ahorow a wohu so
[Kratafa 8 mfonini]
Nokware no fa Ahenni no ne ne nhyira horow ho