Yehowa—Onyankopɔn a Ɔkyerɛkyerɛ
“Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn.”—YOHANE 6:45.
1. Dɛn na afei Yesu reyɛ wɔ Kapernaum?
NÁ YESU KRISTO yɛɛ anwonwade nkyɛe, na seesei de ɔwɔ hyiadan bi mu wɔ Kapernaum, Galilea Po no nkyɛn. (Yohane 6:1-21, 59) Nnipa bebree nnye no nni bere a ɔka sɛ: “Misian mifi soro [na] mebae” no. Wonwiinwii sɛ: “Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yenim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ose: Masian mafi soro maba?” (Yohane 6:38, 42) Yesu ka wɔn anim sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.”—Yohane 6:44.
2. Dɛn na yebetumi agyina so agye Yesu bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no adi?
2 Bɔhyɛ nwonwaso bɛn ni—sɛ́ wobenyan obi ɛda a edi akyiri no, bere a Onyankopɔn Ahenni di tumi no! Yebetumi agye saa bɔhyɛ yi adi efisɛ Agya no a ɔne Yehowa Nyankopɔn, na ɔtaa akyi. (Hiob 14:13-15; Yesaia 26:19) Nokwarem no, Yehowa, a ɔkyerɛkyerɛ sɛ awufo benyan no ne “ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara.” (Hiob 36:22, Today’s English Version) Afei bere a Yesu retwe adwene asi Agya no nkyerɛkyerɛ so no, ɔka sɛ: “Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn.”—Yohane 6:45.
3. Nsemmisa bɛn na yebesusuw ho?
3 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ hokwan sɛ yɛbɛka wɔn a odiyifo Yesaia kyerɛw nsɛm yi faa wɔn ho no ho: “Wo mma nyinaa bɛyɛ [Yehowa] asuafo.” (Yesaia 54:13) Yebetumi ayɛ saa? Henanom na wɔte sɛ ne mma na wɔanya ne nkyerɛkyerɛ? Dɛn ne Yehowa nkyerɛkyerɛ a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yehu na yɛde di dwuma na ama yɛanya ne nhyira? Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so kyerɛkyerɛe wɔ tete mmere mu, na saa kwan no ara so na ɔfa nnɛ anaa? Eyinom yɛ nsemmisa a yebesusuw ho.
Agya, Ɔkyerɛkyerɛfo, Okunu
4. Henanom ne Yehowa mma a wodii kan nyaa ne nkyerɛkyerɛ?
4 Bere a edi kan a Yehowa bɛyɛɛ Agya ne Ɔkyerɛkyerɛfo ne bere a ɔbɔɔ ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu, a na ɔmmɛyɛɛ onipa no. Wɔfrɛ oyi “Asɛm no” efisɛ ɔne Yehowa Kasamafo Panyin. (Yohane 1:1, 14; 3:16) Asɛm no yɛɛ adwuma wɔ ‘Agya no nkyɛn sɛ odwumayɛni panyin,’ na osuaa ade yiye fii n’Agya nkyerɛkyerɛ no mu. (Mmebusɛm 8:22, 30) Nokwarem no, ɔbɛyɛɛ Ɔhemmɔfo, anaa ɔkwan a Agya no nam so bɔɔ nneɛma foforo nyinaa, a “Onyankopɔn mma” a wɔyɛ ahonhom nso ka ho. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei sɛ Onyankopɔn kyerɛkyerɛɛ wɔn! (Hiob 1:6; 2:1; 38:7; Kolosefo 1:15-17) Akyiri yi, wɔbɔɔ onipa a odi kan, Adam. Ná ɔno nso yɛ “Onyankopɔn ba,” na Bible da no adi sɛ Yehowa kyerɛkyerɛɛ no.—Luka 3:38; Genesis 2:7, 16, 17.
5. Hokwan a ɛsom bo bɛn na Adam hweree, nanso henanom na Yehowa kyerɛkyerɛɛ wɔn, na dɛn ntia?
5 Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam nam asoɔden a ɔboapa yɛe so hweree hokwan a ɛbɛma wakɔ so ayɛ Onyankopɔn ba no. Enti, na n’asefo ntumi nnyina wɔn awo so kɛkɛ nka sɛ wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a ɛne sɛ wɔyɛ ne mma. Nanso, Yehowa kyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ a wɔhwehwɛɛ ne hɔ akwankyerɛ no. Sɛ nhwɛso no, Noa daa ne ho adi sɛ “onipa trenee” a ‘ɔne nokware Nyankopɔn no nantewee,’ ma ne saa nti Yehowa kyerɛkyerɛɛ no. (Genesis 6:9, 13–7:5) Abraham nam ne setieyɛ so daa ne ho adi sɛ “Onyankopɔn adamfo,” ma ɛno nti Yehowa kyerɛkyerɛɛ ɔno nso.—Yakobo 2:23; Genesis 12:1-4; 15:1-8; 22:1, 2.
6. Henanom na Yehowa bebuu wɔn sɛ ne “ba,” na ɔkyerɛkyerɛfo bɛn na na ɔyɛ ma wɔn?
6 Akyiri yi koraa, wɔ Mose nna no mu no, Yehowa ne Israel man no nam apam so bɛbɔɔ abusua. Ne saa nti, saa ɔman no bɛyɛɛ ne nkurɔfo a wapaw wɔn, na obuu wɔn sɛ ne “ba.” Onyankopɔn kae sɛ: “M’abakan ne Israel.” (Exodus 4:22, 23; 19:3-6; Deuteronomium 14:1, 2) Esiane sɛ na wɔnam apam so abɛbɔ abusua nti, na Israelfo no tumi ka nea odiyifo Yesaia kyerɛwee yi sɛ: “Wo, [Yehowa] ara ne yɛn agya.” (Yesaia 63:16) Yehowa dii n’asɛyɛde ho dwuma sɛ agya, fi ɔdɔ mu kyerɛkyerɛɛ ne mma, Israel. (Dwom 71:17; Yesaia 48:17, 18) Nokwarem no, bere a wɔanni nokware no, ofi mmɔborohunu mu srɛɛ wɔn sɛ: “Mma akyirisanfo, monsan mmra.”—Yeremia 3:14.
7. Abusuabɔ bɛn na na Israel ne Yehowa wɔ?
7 Esiane sɛ na Israel nam apam so ne Yehowa abɛbɔ abusua nti, ɔbɛyɛɛ Okunu nso maa ɔman no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, na ɔman no bɛyɛɛ ne yere wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Odiyifo Yesaia kyerɛw faa ɔman no ho sɛ: “Wo kunu ne wo yɛfo, asafo [Yehowa] ne ne din.” (Yesaia 54:5; Yeremia 31:32) Ɛwom sɛ Yehowa dii n’asɛyɛde ho dwuma sɛ Okunu wɔ nidi mu de, nanso Israel man bɛyɛɛ ɔyere a wanni nokware. Yehowa kae sɛ: “Sɛ ɔbea twa ne dɔfo nkontompo no, sɛ mo, Israel fi, moatwa me nkontompo ne no.” (Yeremia 3:20) Yehowa kɔɔ so srɛɛ ne yere a wanni nokware no mma; ɔkɔɔ so yɛɛ wɔn “Kyerɛkyerɛfo Kunini.”—Yesaia 30:20, NW; 2 Beresosɛm 36:15.
8. Ɛwom sɛ Yehowa pow Israel sɛ ɔman de, nanso sɛnkyerɛnne kwan so yere a ɔyɛ biribi ho mfonini bɛn na ɔda so ara wɔ?
8 Bere a Israel pow Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, kum no no, awiei koraa no, Ɔpow wɔn. Enti saa Yuda man no anyɛ ne sɛnkyerɛnne kwan so yere bio, na saa ara nso na na ɔnyɛ ɔman no mma a wɔafom kwan no Agya ne wɔn Kyerɛkyerɛfo bio. (Mateo 23:37, 38) Nanso, na Israel yɛ mfonini anaa sɛnkyerɛnne kwan so yere ara kwa. Ɔsomafo Paulo faa asɛm a ɛwɔ Yesaia 54:1 a ɛbɔ “bonin” bi a ɛsono ɔno na ɛsono “nea ɔwɔ okunu” a ɛne honam fam Israel man no din kaa asɛm. Paulo da no adi sɛ Kristofo a wɔasra wɔn yɛ “bonin” a ɔfrɛ no “ɔsoro Yerusalem” no mma. Onyankopɔn soro ahyehyɛde a ɔsoro abɔde na wɔwom no ne saa sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea a ɔyɛ biribi ho mfonini yi.—Galatifo 4:26, 27.
9. (a) Henanom na na Yesu reka wɔn ho asɛm bere a ɔkae sɛ ‘wo mma bɛyɛ Yehowa asuafo’ no? (b) Dɛn na nkurɔfo nam so bɛyɛ Onyankopɔn honhom mu mma?
9 Enti, bere a Yesu wɔ Kapernaum hyiadan no mu a ɔfaa Yesaia nkɔmhyɛ a ese: “Wo mma nyinaa bɛyɛ [Yehowa] asuafo” no kae no, na ɔreka wɔn a wɔbɛba abɛyɛ “ɔsoro Yerusalem,” Onyankopɔn soro ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere, no “mma” ho asɛm. Sɛ saa Yudafo atiefo no gyee Onyankopɔn nanmusifo a ofi soro, Yesu Kristo, nkyerɛkyerɛ no toom a, anka wobetumi abɛyɛ Onyankopɔn soro bea a na ɔyɛ bonin no mma, na wɔaka abom ayɛ “ɔman kronkron,” “Nyankopɔn” honhom mu “Israel.” (1 Petro 2:9, 10; Galatifo 6:16) Bere a ɔsomafo Yohane reka hokwan kɛse a Yesu bue maa nkurɔfo sɛ wobetumi abɛyɛ Onyankopɔn honhom mu mma ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔbaa n’ankasa ne de mu, na wɔn a wɔyɛ n’ankasa de no annye no. Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din di no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma.”—Yohane 1:11, 12.
Yehowa Nkyerɛkyerɛ a Ɛho Hia
10. Eden atuatew no akyi pɛɛ no, dɛn na Yehowa kyerɛkyerɛ faa ‘aseni’ no ho, na hena na ɔbɛyɛɛ saa Aseni yi?
10 Sɛ́ Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, Yehowa ka n’atirimpɔw ahorow kyerɛ ne mma. Enti bere a ɔbɔfo tuatewfo bi daadaa nnipa baanu a wodi kan no ma wɔyɛɛ asoɔden no, ntɛm ara na Yehowa kyerɛɛ nea ɔbɛyɛ ama n’atirimpɔw abam ama asase no adan paradise. Ɔkae sɛ ɔde ɔtan bɛto “ɔwɔ dedaw no,” a ɔne Satan Ɔbonsam, ne “ɔbea no” ntam. Afei ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔbea no ‘aseni’ bɛbɔ Satan bɔ bɔne, wɔ ne “ti.” (Genesis 3:1-6, 15; Adiyisɛm 12:9; 20:9, 10) Sɛnea yɛaka no, ɔbea no—akyiri yi wɔdaa no adi sɛ “ɔsoro Yerusalem”—ne Onyankopɔn soro ahyehyɛde a ahonhom abɔde na wɔwom no. Nanso hena ne ‘n’aseni’ no? Ɔne Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, nea wɔsomaa no fii soro a awiei koraa ɔbɛsɛe Satan no.—Galatifo 4:4; Hebrifo 2:14; 1 Yohane 3:8.
11, 12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa trɛw ne nkyerɛkyerɛ a ɛho hia a ɛfa “aseni” no ho no mu?
11 Yehowa trɛw ‘aseni’ no ho nkyerɛkyerɛ a ɛho hia yi mu, hyɛɛ Abraham bɔ sɛ: “Mɛma w’asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma . . . na w’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Genesis 22:17, 18) Yehowa nam ɔsomafo Paulo so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yesu Kristo ne Abraham Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, nanso afoforo nso bɛba abɛka ‘aseni’ no ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifo.”—Galatifo 3:16, 29.
12 Yehowa daa no adi nso sɛ Yuda adehye abusua santen no mu na Kristo a ɔne Aseni no befi aba, na ɔno na “aman bɛyɛ osetie ama no.” (Genesis 49:10) Yehowa hyɛɛ bɔ faa Ɔhene Dawid a na ofi Yuda abusuakuw mu no ho sɛ: “Mɛma n’asefo atra hɔ daa, ne n’ahengua sɛ ɔsoro nna. N’asefo bɛtra hɔ daa, na n’agua ayɛ m’anim sɛ owia.” (Dwom 89:3, 4, 29, 36) Bere a ɔbɔfo Gabriel de Yesu awo ho amanneɛbɔ mae no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ abofra no yɛ Onyankopɔn Hene a wapaw no, Dawid Aseni. Gabriel kae sɛ: “Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba; na [Yehowa] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no . . . na n’ahenni no to rentwa da.”—Luka 1:32, 33; Yesaia 9:6, 7; Daniel 7:13, 14.
13. Sɛ yebenya Yehowa nhyira a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ dɛn wɔ ne nkyerɛkyerɛ ho?
13 Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya Yehowa nhyira no, ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn Ahenni no ho nkyerɛkyerɛ a ɛho hia yi na yɛde di dwuma. Ɛsɛ sɛ yegye di sɛ Yesu fi soro na ɛbae, na ɔne Onyankopɔn Hene a wapaw no—Aseni a ɔyɛ ɔdehye a ɔbɛhwɛ ma wɔasan de Paradise aba asase so no—na obenyan awufo. (Luka 23:42, 43; Yohane 18:33-37) Bere a Yesu wɔ Kapernaum a ɔkae sɛ obenyan awufo no, ɛsɛ sɛ anka ɛda adi kyerɛ Yudafo no sɛ na ɔreka nokware. Adapɛn kakraa bi ansa na saa da no reba no, gyama Kapernaum hɔ ara na onyanee hyiadan panyin bi babea a wadi mfe 12 no! (Luka 8:49-56) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nso yɛwɔ ntease pii a enti ɛsɛ sɛ yegye di na yɛyɛ yɛn ade ma ɛne Yehowa nkyerɛkyerɛ a ɛma anidaso a ɛfa n’Ahenni no ho no hyia!
14, 15. (a) Yehowa Ahenni no hia Yesu dɛn? (b) Dɛn na ehia sɛ yɛte ase wɔ Yehowa Ahenni no ho na yetumi kyerɛkyerɛ mu?
14 Yesu tuu n’asase so asetra sii hɔ de kyerɛkyerɛɛ Yehowa Ahenni no ho ade. Ɔde yɛɛ ne som adwuma no asɛmti, na ɔde ahyɛde maa n’akyidifo mpo sɛ wɔmmɔ ho mpae. (Mateo 6:9, 10; Luka 4:43) Anka wɔn a wɔyɛ Yudafo ankasa benya hokwan abɛyɛ “ahenni mma,” nanso esiane gyidi a wɔannya nti, wɔn mu dodow no ara hweree saa hokwan no. (Mateo 8:12; 21:43) Yesu daa no adi sɛ “kuw ketewa” bi nkutoo na wobenya hokwan no abɛyɛ “ahenni mma.” Saa “mma” no bɛyɛɛ “Kristo yɔnkodifo” wɔ ne soro Ahenni no mu.—Luka 12:32; Mateo 13:38; Romafo 8:14-17; Yakobo 2:5.
15 Ahenni adedifo baahe na Kristo de wɔn bɛka ne ho ne wɔn adi asase no so ahene? Sɛnea Bible kyerɛ no, wɔyɛ 144,000 pɛ. (Yohane 14:2, 3; 2 Timoteo 2:12; Adiyisɛm 5:10; 14:1-3; 20:4) Nanso Yesu kae sɛ ɔwɔ “nguan foforo,” a wɔbɛyɛ saa Ahenni nniso no nkoa a wɔbɛtra asase so. Eyinom benya akwahosan a edi mu ne asomdwoe daa daa wɔ paradise asase so. (Yohane 10:16; Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:3, 4) Ehia sɛ yɛte Yehowa nkyerɛkyerɛ a ɛfa Ahenni no ho no ase na yetumi kyerɛkyerɛ mu.
16. Yehowa nkyerɛkyerɛ a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yesua na yɛde di dwuma?
16 Ɔsomafo Paulo daa Yehowa nkyerɛkyerɛ foforo a ɛho hia adi. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho.” (1 Tesalonikafo 4:9) Sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani a, ehia sɛ yɛda ɔdɔ a ɛte saa adi. Bible ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ,” na ɛsɛ sɛ yesuasua ne nhwɛso wɔ sɛnea ɔda ɔdɔ adi no mu. (1 Yohane 4:8; Efesofo 5:1, 2) Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa dodow no ara nsuae sɛ wɔbɛdɔ wɔn mfɛfo nnipa sɛnea Onyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no koraa. Yɛn nso ɛ? Yɛatie Yehowa nkyerɛkyerɛ yi?
17. Hena su na ɛsɛ sɛ yesuasua?
17 Ɛho hia sɛ yetie Yehowa nkyerɛkyerɛ nyinaa. Ɛmmra sɛ yɛn su bɛyɛ te sɛ Bible dwontofo a ɔkyerɛw eyi no: “[Yehowa], kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me.” “Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde. Kyerɛkyerɛ me nhumu pa ne nimdeɛ . . . Ma minsua w’atemmude.” (Dwom 25:4, 5; 119:12, 66, 108) Sɛ wote nka te sɛ odwontofo no a, wubetumi abɛka nnipadɔm bi a Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn no ho.
Nnipakuw Kɛse a Wɔkyerɛkyerɛ Wɔn
18. Dɛn na odiyifo Yesaia ka siei sɛ ɛbɛba wɔ yɛn bere yi mu?
18 Odiyifo Yesaia hyɛɛ nea ebesi wɔ yɛn bere yi mu ho nkɔm sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi . . . Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan.” (Yesaia 2:2, 3; Mika 4:2) Henanom ne nnipa a Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn yi?
19. Henanom na wɔka Yehowa asuafo no ho nnɛ?
19 Wɔn mu bi ne afoforo a wɔnka wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no ho no. Sɛnea yɛadi kan aka no, Yesu kae sɛ ɔwɔ “nguan foforo”—Ahenni no nkoa a wɔbɛtra asase so—wɔ Ahenni adedifo “kuw ketewa” no akyi. (Yohane 10:16; Luka 12:32) “Nnipakuw kɛse” a wotwa “ahohia kɛse no” yɛ nguan foforo kuw no mufo, na wɔwɔ gyinabea pa wɔ Yehowa anim esiane gyidi a wɔwɔ wɔ Yesu mogya a ohwie gui no mu nti. (Adiyisɛm 7:9, 14) Ɛwom sɛ nguan foforo no nka “mma” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yesaia 54:13 no ho ankasa de, nanso wɔadom wɔn sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn. Enti, wɔfrɛ Onyankopɔn “Agya” ma ɛfata, efisɛ sɛnea ɛte no, ɔnam “Daa Agya” Yesu Kristo so bɛyɛ wɔn Nana.—Mateo 6:9; Yesaia 9:6.
Sɛnea Yehowa Kyerɛkyerɛ
20. Akwan bɛn na Yehowa fa so kyerɛkyerɛ?
20 Yehowa kyerɛkyerɛ wɔ akwan horow pii so. Sɛ nhwɛso no, ɔnam n’adebɔ nnwuma, a edi wɔ a ɔwɔ hɔ ne afei ne nyansa a ɛdɔɔso ho adanse no so yɛ saa. (Hiob 12:7-9; Dwom 19:1, 2; Romafo 1:20) Nea ɛka ho bio no, ɔnam nkitahodi tẽẽ so kyerɛkyerɛ sɛnea ɔyɛ de kyerɛkyerɛɛ Yesu a na ɔmmɛyɛɛ onipa no. Saa ara na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ mprɛnsa sɛ ofi soro kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ asase so tẽẽ.—Mateo 3:17; 17:5; Yohane 12:28.
21. Ɔbɔfo bɛn na Yehowa de no dii dwuma titiriw sɛ ne nanmusifo, nanso yɛyɛ dɛn hu sɛ ɔde afoforo nso dii dwuma?
21 Afei nso Yehowa nam ananmusifo a wɔne abɔfo so kyerɛkyerɛ, a n’Abakan, “Asɛm no,” nso ka ho. (Yohane 1:1-3) Ɛwom sɛ anka Yehowa betumi ne ne ba desani a ɔyɛ pɛ, Adam, akasa tẽẽ wɔ Eden turo no mu de, nanso ɛbɛyɛ sɛ ɔmaa Yesu a na ɔmmɛyɛɛ onipa no na ɔkasa maa No. (Genesis 2:16, 17) Ebia na ɔno ne “Onyankopɔn bɔfo a odi Israel dɔm anim” a Yehowa de ahyɛde yi mae wɔ ne ho sɛ: “Tie ne nne” no. (Exodus 14:19; 23:20, 21) Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu mmɛyɛɛ onipa no, na ɔno ara nso ne “[Yehowa] dɔm so safohene” a ɔkɔɔ Yosua nkyɛn kɔhyɛɛ no den no. (Yosua 5:14, 15) Yehowa de abɔfo foforo nso dii dwuma ma wɔde ne nkyerɛkyerɛ mae, te sɛ wɔn a ɔnam wɔn so de ne Mmara no maa Mose no.—Exodus 20:1; Galatifo 3:19; Hebrifo 2:2, 3.
22. (a) Henanom na Yehowa nam wɔn so akyerɛkyerɛ wɔ asase so? (b) Ɔkwan titiriw bɛn na Yehowa nam so kyerɛkyerɛ nnipa nnɛ?
22 Nea ɛka ho bio no, Yehowa Nyankopɔn nam ananmusifo a wɔyɛ nnipa so kyerɛkyerɛ. Ná ɛsɛ sɛ awofo a wɔwɔ Israel kyerɛkyerɛ wɔn mma; adiyifo, asɔfo, mmapɔmma, ne Lewifo kyerɛkyerɛɛ ɔman no Yehowa Mmara. (Deuteronomium 11:18-21; 1 Samuel 12:20-25; 2 Beresosɛm 17:7-9) Ná Yesu ne Onyankopɔn Kasamafo titiriw wɔ asase so. (Hebrifo 1:1, 2) Yesu kaa no mpɛn pii sɛ nea osua fii n’Agya hɔ no ara na ɔde kyerɛkyerɛe, enti sɛ yɛbɛka a, na Yehowa na ɔrekyerɛkyerɛ n’atiefo no. (Yohane 7:16; 8:28; 12:49; 14:9, 10) Yehowa ama wɔakyerɛw ne nsɛm ato hɔ, na Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu yi so titiriw na ɔnam kyerɛkyerɛ wɔ yɛn bere yi mu.—Romafo 15:4; 2 Timoteo 3:16.
23. Nsemmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
23 Yɛte mmere a ɛho hia mu, efisɛ Kyerɛwnsɛm no hyɛ bɔ sɛ ‘nna a edi akyiri [a yɛwɔ mu] no, Yehowa bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo pii n’akwan.’ (Yesaia 2:2, 3) Ɔkwan bɛn so na wɔde afotu yi ma? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya Yehowa nkyerɛkyerɛ nhyehyɛe kɛse a ɛrekɔ so seesei no so mfaso, na yɛanya mu kyɛfa nso? Yebesusuw nsemmisa a ɛtete saa ho wɔ yɛn asɛm a edi hɔ no mu.
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛyɛɛ Agya, Ɔkyerɛkyerɛfo, ne Okunu?
◻ Dɛn na Yehowa kyerɛkyerɛ wɔ ‘aseni’ no ho?
◻ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yedi so?
◻ Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kyerɛkyerɛ?
[Kratafa 10 mfonini]
Nyan a Yesu nyanee Yairo babea no ma wonyaa biribi a wobegyina so agye ne bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no adi