Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 8/15 kr. 4-7
  • Bere Bɛn na Osuro Befi Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Bɛn na Osuro Befi Hɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahobammɔ Wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no Mu
  • Wiase a Awifo Nni Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Amumɔyɛ Ano A Wubegyina Wɔ Basabasayɛ Wiase Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmmɔnedi—So Ano Aduru Bi Wɔ Hɔ?
    Nyan!—1985
  • Bere a Adwowtwafo Aba Wo So No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 8/15 kr. 4-7

Bere Bɛn na Osuro Befi Hɔ?

ƐBƐYƐ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ nokware ahobammɔ gyina ɔbarima bi a ɔtraa ase mfe 2,000 a atwam ni so? Yesu Kristo buu bɛ soronko bi de kyerɛɛ hia a ɔdɔ ho hia sɛ: “Onipa bi fi Yerusalem sian kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwanmukafo mu, na wɔpaa ne ho ntama bobɔɔ no afɛ gyaw no kɔe a watɔ beraw.” Ɛwom sɛ akwantufo baanu gyaw no hɔ kɔe de, nanso Samariani yamyefo bi huu no mmɔbɔ. Nanso, hena na ɔhwɛ wɔn a wodi wɔn nsɛmmɔne nnɛ? Ahotɔ bɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya afi osuro ho?—Luka 10:30-37.

Ɛmfa ho sɛ nnipa pii kyerɛ sɛ wogye Onyankopɔn di no, wosusuw sɛ onipa na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma wodi mmara so, yɛ nea ɛfata. Nanso afiasenna a wɔto mu ne polisifo pii a wobenya na wɔatua wɔn ka yiye bɛma amumɔyɛ afi hɔ? Wugye di ankasa sɛ mmɔden a asoɛe ahorow a ɛhwɛ ma wodi mmara so fi nokwaredi mu bɔ sɛ wɔbɛma yɛanya ahobammɔ no beyi nneɛma bi te sɛ nnubɔnenom, nsɛmmɔnedi a wɔhyɛ da yɛ ho nhyehyɛe, ne ohia afi hɔ? Nanso, ɛho nhia sɛ trenee ho kɔm ne sukɔm a ɛde yɛn no yɛ ɔkwa.—Mateo 5:6.

Dwom 46:1 ka sɛ: “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.” Yebehu sɛ saa nsɛm yi nyɛ anwensɛm a ɛyɛ dɛ ara kwa.

Sɛnea wunim no, nsɛm amanneɛbɔfo de nnipakum a ɛyɛ hu a ɛkɔ so wɔ amanko ahorow mu ne amumɔyɛfo ntua ahorow ho amanneɛbɔ ma da biara da. Wɔ wiase afã horow bi no, abɛyɛ ade a wɔtaa yɛ sɛ wokunkum mmofra a wɔapow wɔn anaa nnipa a wɔyɛ nneyɛe bi ho adansefo. Dɛn nti na wommu nkwa saa? Ɛwom sɛ ebia nneɛma pii na ɛde basabasayɛ a ɛte saa ba de, nanso ade biako wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so.

Sɛnea Onyankopɔn Asɛm Bible kyerɛ no, “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Nokwarem no, Yesu Kristo anna Satan Ɔbonsam adi sɛ ɔtorofo nko na mmom sɛ “owudifo” nso. (Yohane 8:44) Saa honhom abɔde a ɔwɔ tumi yi a ɔrekɛntɛn adesamma so wɔ akwan horow so no na ɔboa ma basabasayɛ kɔ soro nnɛ. Adiyisɛm 12:12 ka sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Nanso anigyesɛm ne sɛ, nhyehyɛe bɔne yi befi hɔ ma “ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu” aba.—2 Petro 3:13.

Wiase foforo ho anidaso a ɛyɛ nwonwa yi akyi no, mmoa bɛn na yɛwɔ nnɛ?

Ansa na yɛbɛhwɛ ɛno ho mmuae a ɛfata no, ɛyɛ papa sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ Kristofo amapa mpo ntumi nhwɛ kwan sɛ sɛnea ɛte biara no wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi nsɛmmɔnedi ho. Ɔsomafo Paulo kaa asiane ahorow a n’ankasa hyiae ho asɛm. Ɔfaa “asubɔnten so asiane mu, adwowtwafo asiane mu, amannifo mu asiane mu, amanaman mu asiane mu, kurow mu asiane mu, wuram asiane mu, ɛpo so asiane mu.” (2 Korintofo 11:26) Nanso Paulo nyaa ne ho tetee wɔ asiane ahorow yi mu. Saa ara na ɛte nnɛ; sɛ yɛyɛ ahwɛyiye a, yebetumi akɔ so ara ayɛ yɛn nnwuma pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Yensusuw nneɛma bi a ɛbɛboa ho.

Sɛ obi te baabi a ɛhɔ yɛ hu a, abrabɔ pa betumi ayɛ ahobammɔ, efisɛ nkurɔfo hwɛ nnipa afoforo paa. Ɛwom sɛ adwowtwafo fa nsɛmmɔnedi ho adwene di ho dwuma de, nanso wɔn mu pii bu wɔn ho sɛ wɔte sɛ nnipa afoforo ara pɛ. Kwati sɛ wobɛkasa atia wɔn nneyɛe, na mmɔ mmɔden sɛ wubehu nea wɔreyɛ. Saa kwan no so no, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛyɛ biribi ma wɔatua wo so ka. Fa hyɛ w’adwene mu sɛ awifo bɔ mmɔden sɛ wobehu obi a watɔ biribi foforo anaa obi a ɔrekodi akwamma ma enti obefi fie, ne saa nti yɛ ani fere wɔ nneɛma a woyɛ ma afoforo hu ho.

Yehowa Adansefo bebree ahu sɛ edin a wɔwɔ sɛ asomfo no ama wɔanya ahobammɔ soronko bi. Nsɛmmɔnedifo ada no adi mpɛn pii sɛ wobu Kristofo a wɔte saa a wɔde wɔn ho ma boa nkurɔfo a wɔwɔ wɔn mpɔtam, a nyiyim nnim no. Adansefo no ankasa nyɛ awudifo anaa awifo, na saa ara nso na wɔnyɛ ‘asɛmpɛfo ebinom nsɛm mu,’ enti wɔn ho nyɛ hu.—1 Petro 4:15.

Ahobammɔ Wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no Mu

Yekyi ‘amumɔyɛ bebrebe’ a Yesu Kristo ka siei sɛ ɛbɛba no, nanso sɛ́ anka yebedwennwen ho atra so no, yebetumi anya ahotoso sɛ ɛnkyɛ Onyankopɔn beyi nhyehyɛe bɔne yi afi hɔ. “Ahenni no ho asɛmpa yi” a Yesu ka siei sɛ wɔbɛka no wiase nyinaa akyi no, ɔkaee n’akyidifo sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.”—Mateo 24:12-14.

Yebetumi agye adi sɛ wobeyi wɔn a wosisi afoforo, a ɛtɔ da bi a wɔyɛ saa atirimmɔden kwan a ntease nnim so no afi hɔ. Mmebusɛm 22:22, 23 ka sɛ: “Ntwa ɔbrɛfo dwow, sɛ ɔyɛ ɔbrɛfo, na ntiatia mmɔboroni so kurow pon mu. Na [Yehowa] bedi wɔn asɛm ama wɔn, na wɔn a wɔfow wɔn no, ɔbɛfow wɔn kra.” Yehowa beyi nnebɔneyɛfo te sɛ adwowtwafo, awudifo, ne wɔn a nna abɔ wɔn dam no afi hɔ. Afei nso, ne werɛ remfi wɔn a wɔde saa nsɛm no di wɔn no. Ɔbɛhyɛ wɔn ananmu wɔ nea wɔahwere no ho, na wama wɔn ahoɔden a edi mu bio.

Nokwarem no, wɔn a ‘wofi bɔne ho na wɔyɛ papa’ no benya daa nkwa denam wɔn ti a wobenya adidi mu wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu anaa nyan a wobenyan wɔn afi owu mu no so. “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:27-29) Mfaso horow a ɛtete saa no bɛwɔ hɔ esiane Yesu agyede afɔrebɔ no nti. (Yohane 3:16) Nanso asetra bɛkɔ so dɛn wɔ Paradise a wɔbɛsan de asi hɔ no mu?

Asetra wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase bɛyɛ anigye ankasa. Yehowa ka sie sɛ: “Me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.” (Yesaia 32:18) Wɔn a wobenya daa nkwa no nyinaa bɛyɛ wɔn a wɔasakra wɔn nipasu. Obiara renyɛ ɔbɔnefo anaa osisifo, na saa ara nso na obiara renhu amane wɔ onipa a ɔte saa nsam. Odiyifo Mika ka sɛ: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.” (Mika 4:4; Hesekiel 34:28) Hwɛ sɛnea ɛbɔ nnɛyi mmeae a ɛhɔ yɛ hu no abira!

[Kratafa 6 adaka]

HWƐ YIYE

Nsɛmmɔnedifo bebree yɛ wɔn adwuma no bere nyinaa, wɔde nsɛmmɔnedi yɛ wɔn adwuma. Etumi ba sɛ wɔnam baanu anaa baasa, ɛmfa ho mpo sɛ obiako pɛ na ɔde tuo kyerɛ wo so no. Ada adi kɛse sɛ dodow a ɔsɛmmɔnedifo no sua no, dodow no ara na ne ho yɛ hu. Sɛ wɔto hyɛ wo so a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Mpepere wo ho na owifo no anyɛ kitikiti—osuahu a onni no betumi ama wakum wo. Sɛ woyɛ Yehowa Adansefo no biako a, da wo ho adi saa. Nanso, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode nea owifo no hwehwɛ bɛma no. Sɛ woanyɛ no ntɛm a asiane no bɛyɛ kɛse. Akyiri yi, ebia wubehu sɛ asiane nnim sɛ wobɛka akyerɛ no sɛ ɔnsan mfa nkrataa a wode da wo ho adi anaa wo kar sika mma wo.

Mpɛn pii no, wuntumi nkyerɛ nea ɔyɛ ɔsɛmmɔnedifo. Awifo binom yɛ wɔn a wɔnom nnubɔne ma ɛka wɔn hɔ anaasɛ wɔde ayɛ wɔn adwuma, afoforo nso pɛ nea wɔde bedidi ara kwa. Sɛnea ɛte biara no, mfa sika kɛse nto wo ho. Kwati sɛ wode agude, sika nkaa, anaa watch a ne bo yɛ den bɛkyerɛ. Ma wo nantew ne w’akwantu nkɔ so pɛpɛɛpɛ, a ehu biara nnim. Mfa w’ani nsi ankorankoro bi so te sɛ nea wopɛ sɛ wuhu nnipa ko a wɔyɛ. Sɛ ɛba sɛ wɔtotow atuo wɔ abɔnten a, dan wo ho to fam; wubetumi ahoro wo ntade wɔ ɛno akyi.—Kan polisini bi a ɔwɔ Rio de Janeiro.

[Kratafa 5 mfonini]

Mpepere wo ho, na fa nea owifo no hwehwɛ ma no. Sɛ woanyɛ no ntɛm a asiane no bɛyɛ kɛse

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena