Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 8/15 kr. 28-30
  • Ko Tia Amammerɛ Bɔne!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ko Tia Amammerɛ Bɔne!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayiyɛ Ho Amammerɛ a Ɛyɛ Gyidihunu
  • Nna mu “Ahodwira”
  • Ɔpɔn ne Mmofra a Wowu Yafunu Mu
  • Kwati Akameakamedi, Nanso Gyina Pintinn
  • Kristofo Adwene Wɔ Ayiyɛ Ho Amanne Ahorow Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Hwɛ Yiye Wɔ Amanne a Ɛnsɔ Onyankopɔn Ani Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • “Ma No Aduan Nni, Mfa Nsi Ne Nan Ase”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Kristofo Ayi—Nidi Wom, Ɛnyɛ Kyenkyerenn, na Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 8/15 kr. 28-30

Ko Tia Amammerɛ Bɔne!

YESU KRISTO kae sɛ: ‘Nokware no bɛma mo ade mo ho.’ (Yohane 8:32) Yiw, Kristosom ma nnipa de wɔn ho—wɔde wɔn ho fi gyidihunu mu nkoasom ho, wɔde wɔn ho fi atoro nkyerɛkyerɛ ne anidaso mu gyidi ho, wɔde wɔn ho fi aniwude a wɔyɛ ho.

Nanso, te sɛ tete mmere mu no, nnɛyi Kristofo taa hyia nhyɛso a ɛbɛma wɔasan de wɔn ho ahyɛ kan amammerɛ mu. (Galatifo 4:9, 10) Ɛnyɛ sɛ amammerɛ a agye din nyinaa di awu. Nokwarem no, ebia Kristoni bɛpaw sɛ obedi ne man mu amammerɛ a ɛteɛ na mfaso wɔ so so. Nanso sɛ amammerɛ bi ne Onyankopɔn Asɛm nhyia a, Kristofo nni so. Enti wonim Yehowa Adansefo yiye sɛ wɔpow sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Buronya afahyɛ ahorow, awodadi, ne amammerɛ afoforo a ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia mu.

Saa gyinabea a wɔde akokoduru apaw yi ama amannifo, afipamfo, ne abusuafo a wonnye nni adi wɔn ho fɛw asɔre atia wɔn mpɛn pii. Eyi aba saa titiriw wɔ Afrika aman bi mu, baabi a wɔyɛ amammerɛ ahorow pii wɔ ayiyɛ, ayeforohyia, ne awodadi ase no. Nhyɛso a ɛbɛma wɔadi so no betumi ayɛ nea ehu wom—ahunahuna ne basabasayɛ taa ka ho. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ no betumi afa agyina pintinn? Wobetumi akwati ntawntawdi a wɔrennyae nsɛm mu nsiesie? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛabua no, ma yensusuw sɛnea Kristofo anokwafo adi amammerɛ bi a ennyina Kyerɛwnsɛm so ho dwuma ho.

Ayiyɛ Ho Amammerɛ a Ɛyɛ Gyidihunu

Wɔ Afrika kesee fam no, ayiyɛ ne afunsie ho amammerɛ pii wɔ hɔ. Wɔn a wɔresu no taa si pɛ anadwo no nyinaa—anaa anadwo pii—wɔ ofi a wɔreyɛ ayi no wom no mu, baabi a wɔma ogya dɛw wɔ hɔ bere nyinaa. Wɔmma wɔn a wɔn nipa awu no kwan ma wɔnnoa aduan, wonyi wɔn ti nhwi, anaasɛ wonguare mpo kosi sɛ wobesie funu no. Akyiri yi, ɛsɛ sɛ woguare nhabannuru bi. Kristofo gye amammerɛ a ɛte saa tom? Dabi. Ne nyinaa twe adwene si ɔkra a enwu da ne awufo ho suro ntraso mu gyidi so.

Ɔsɛnkafo 9:5 ka sɛ: “Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” Saa nokwasɛm yi a obi nim no ma ɔde ne ho fi ‘awufo ahonhom’ ho suro ho. Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ bere a abusuafo a wokura adwempa hyɛ sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ amanne a ɛte saa mu no?

Susuw Afrikani Ɔdansefo bi a ne din de Jane a ne papa wui suahu no ho. Bere a oduu ofie a na wɔreyɛ ayi no wom mu no, wɔka kyerɛɛ no ntɛm ara sɛ ɛsɛ sɛ ɔne abusuafo no nyinaa saw twa efunu no ho hyia anadwo no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpata owufo no saman. Jane ka sɛ: “Meka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ Yehowa Adansefo mu biako no, merentumi mfa me ho nhyɛ nneyɛe a ɛtete saa mu. Nanso, da a edi afunsie no akyi no, abusuafo a wɔn mfe akɔ anim kae sɛ wobeguare abusuafo a wɔn nipa awu no sɛ ade foforo a wɔde bɛbɔ wɔn ho ban wɔ owufo no saman ho. Mesan powee sɛ mede me ho bɛhyɛ mu. Bere koro no ara mu no, na wɔde me Maame nkutoo akɔtra ofie bi mu. Ná ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ohu no no di kan nom mmosa bi a wɔasiesie ama saa atirimpɔw no.

“Mepowee sɛ mede me ho bɛhyɛ eyinom mu biara mu. Mmom, mekɔɔ fie kɔnoaa aduan de kɔɔ ofi a me Maame te mu no mu. Eyi haw m’abusuafo no ankasa. M’abusuafo no susuwii sɛ biribi rehaw m’adwene.” Nea ɛsen saa no, wodii ne ho fɛw na wɔdomee no kae sɛ: “Esiane sɛ wo som nti woapow yɛn amammerɛ nti, wo papa saman bɛhaw wo. Nokwarem no, worenwo mpo.” Nanso, Jane amma eyi ammɔ no hu. Dɛn na efi mu bae? Ɔka sɛ: “Saa bere no, na mewɔ mma baanu. Seesei, mewɔ mma baasia! Eyi ama wɔn a wɔkae sɛ merenwo bio no ani awu.”

Nna mu “Ahodwira”

Amammerɛ foforo nso fa ahodwira ho bere a obi hokafo awu akyi no. Sɛ obi yere wu a, n’abusuafo de ne yere no nuabea anaa ɔbea foforo a ɔyɛ ne yere a wawu no busuani bɛma ɔbarima kunafo no. Ɛsɛ sɛ ɔne no da. Ɛno ansa na obetumi aware obiara a ɔpɛ. Saara na wɔyɛ bere a ɔbea bi kunu wu no. Wosusuw sɛ adeyɛ no tew ɔhokafo a ɔte ase no ho wɔ ɔhokafo a wawu no “saman” ho.

Abusuafo no bo fuw obiara a ɔpow “ahodwira” a ɛte saa no. Wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho na wɔadi ne ho fɛw adome no. Nanso, Kristofo pow sɛ wobedi saa amammerɛ yi so. Wonim sɛ sɛ anka aware akyi nna bɛyɛ “ahodwira” bi mmom no, ɛyɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so. (1 Korintofo 6:18-20) Afei nso, ɛsɛ sɛ Kristofo ware ‘wɔ Awurade mu nko.’—1 Korintofo 7:39.

Zambia Kristoni bea bi a ne din de Violet hweree ne kunu. Akyiri yi, ɔbarima no abusuafo de ɔbarima bi brɛɛ no, na wɔkyerɛe sɛ ɔne no nna. Violet ampene, na sɛ n’asotwe no, wɔbaraa no sɛ ɔnnsa nsu mmfi kurow no abura mu. Wɔbɔɔ no kɔkɔ nso sɛ ɔnnnantew ɔkwan kɛse no so, anyɛ saa a biribi bɛyɛ no. Nanso, wamma abusuafo anaa ne mfɛfo a ɔne wɔn wɔ akuraa no ase no ammɔ no hu.

Akyiri yi, wɔsamanaa Violet wɔ kurow no mu asennibea. Ofi Kyerɛwnsɛm mu kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔpowee sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ aguamammɔ mu a wanhinhim. Asennibea no buu no bem, na ɛkae sɛ ɛrentumi nhyɛ no sɛ onni kurom hɔ amammerɛ ne atetesɛm a etia ne gyidi ahorow so. Nea ɛyɛ anigye no, gyina a ogyinaa pintinn sɛ ɔrennyae nsɛm mu nsiesie no boa ma nhyɛso a wɔde ba Adansefo afoforo a wɔwɔ akuraa no ase wɔ asɛm koro no ara ho no so tewee.

Afrikani Ɔdansefo bi a ne din de Monika gyinaa nhyɛso a ɛte saa ara ano bere a ne kunu wui no. Ɔbarima no abusuafo kyerɛe sɛ wɔbɛma no okunu foforo. Monika ka sɛ: “Mepowee, na misii me bo sɛ medi ahyɛde a ɛwɔ 1 Korintofo 7:39 no so.” Nanso, nhyɛso no ano ammrɛ ase. Monika ka sɛ: “Wohunahunaa me. Wɔkae sɛ: ‘Sɛ woampene so a, worenware bio da.’ Wɔkyerɛe mpo sɛ wɔadwira me mfɛfo Kristofo no bi kokoam wɔ saa kwan yi so.” Nanso, Monika gyinaa pintinn. Ɔka sɛ: “Midii sigya mfe abien, na ɛno akyi no, mesan waree wɔ Kristofo kwan so.” Monika resom mprempren sɛ daa ɔkwampaefo.

Ɔpɔn ne Mmofra a Wowu Yafunu Mu

Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Afrika kesee fam nso di amammerɛ a ɛfa ɔpɔn ne mmofra a wowu yafunu mu ho dwuma. Saa awerɛhosɛm a esisi no fi onipa sintɔ—ɛnyɛ asotwe a efi Nyankopɔn hɔ. (Romafo 3:23) Nanso, Afrikafo amammerɛ bi hwehwɛ sɛ sɛ ɔbea pɔn a, ɛsɛ sɛ wɔpam no fi nnipa mu.

Ɛyɛɛ ɔbea bi a ɔpɔn nnansa yi nwonwa sɛ ohuu Ɔdansefo bi sɛ ɔreba ne fi. Bere a ɔbɛnee hɔ no, ɔteɛɛm see no sɛ: “Mma ha! Sɛnea yɛn amammerɛ kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ wɔsra ɔbea a wapɔn nnansa yi ara.” Nanso, Ɔdansefo no ka kyerɛɛ no sɛ Yehowa Adansefo de Bible mu asɛm no kɔma nnipa ahorow nyinaa, enti wonni hɔnom amammerɛ a ɛfa ɔpɔn ho no so. Afei, ɔkenkan Yesaia 65:20, 23 kyerɛɛ no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔpɔn ne mmofra a wowu yafunu mu remma Onyankopɔn Ahenni no ase. Nea efi mu bae ne sɛ ɔbea no penee ofie Bible adesua so.

Wɔyɛ afunsie ho amanne a ɛyɛ gyidihunu wɔ mmofra a wowu yafunu mu ho. Bere a Ɔdansefo bi a ne din de Joseph kɔɔ afunsie a ɛte saa bi ase no, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa hohoro wɔn nsa wɔ ahabannuru bi mu, na wɔde aduru no srasra wɔn koko so. Wɔkae sɛ eyi remma akokoaa no “saman” nsan mmɛhaw wɔn. Esiane sɛ na Joseph nim Bible nkyerɛkyerɛ a ese awufo rentumi nhaw ateasefo nti, ofi obu mu powee. Nanso, ebinom bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ no ma wahohoro ne nsa wɔ aduru no mu. Joseph powee bio. Bere a afoforo a wɔaba hɔ huu akokoduru a Kristoni yi de yɛɛ ade no, wɔn nso powee ahabannuru no saa ara.

Kwati Akameakamedi, Nanso Gyina Pintinn

Ateasefo ho hu ne suro a obi suro sɛ wɔbɛpam no afi nnipa mu betumi ayɛ tumi a ano yɛ den a ɛbɛma wagyae nsɛm mu asiesie. Mmebusɛm 29:25 ka sɛ: “Onipa ho suro sum afiri.” Osuahu ahorow a yɛadi kan ate ho asɛm no kyerɛ nokware a saa nkyekyem no fã a edi hɔ no yɛ: “Nea ɔde ne ho to [Yehowa] so no ho bɛyɛ sonn.”

Nanso, wubetumi akwati akameakame bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔto nsa frɛ Kristoni bi sɛ ɔmmra obusuani bi ayi ase a, ɛnsɛ sɛ ɔtwɛn kosi sɛ obehu sɛ ɔwɔ tebea bi a ebetumi ama wagyae nsɛm mu asiesie mu. “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.”—Mmebusɛm 27:12.

Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wode anifere bebisa amammerɛ ko a wɔbɛyɛ wɔ hɔ ho asɛm. Sɛ ontumi mfa ne ho nhyem a, Kristoni no betumi de saa hokwan yi akyerɛkyerɛ nea enti a ontumi mfa ne ho nhyem mu tiawa wɔ “odwo ne obu mu.” (1 Petro 3:15, NW) Sɛ Kristoni bi di kan kyerɛkyerɛ ne gyinabea a egyina Bible so mu a, ɛtaa ka n’abusuafo kɛse ma wɔkyerɛ obu wɔ ne gyidi ahorow ho, na ɛmma wonhunahuna no nyi no hu.

Sɛnea abusuafo bɛyɛ wɔ ho biara no, Kristoni rentumi nnyae nsɛm mu nsiesie ara kwa denam amammerɛ a enni Nyankopɔn ni a obedi akyi so—a ahunahuna anaa yaw a wɔbɛyeyaw no biara mfa ho. Yɛade yɛn ho afi osuro a efi gyidi hunu mu ho. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ nkuran sɛ: “Adehyedi mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti munnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔndua nnka mo nnhyɛm bio!”—Galatifo 5:1.

[Kratafa 29 mfonini]

Nnipa pii gye di sɛ onipa a owui nkyɛe no betumi ayɛ ntamgyinafo na ɔde nsɛm akɔma abusuafo a wowuwui akyɛ no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena