Ɔkwan Hihiaa a Ɛkɔ Ahofadi Mu
ƐKAME ayɛ sɛ nnipa a wɔn adwenem da hɔ nyinaa gye tom sɛ abɔde ho mmara na edi amansan no so. Saa mmara yi di biribiara so fi atom a esua so kosi nsorommakuw akɛse a nsoromma ɔpepepem pii wom no so. Sɛ enni hɔ a, anka yɛrentumi nyɛ nneɛma ho nhyehyɛe na yennya ntease; anka yɛrentumi ntra nkwa mu mpo. Ɛdenam abɔde mmara a onipa te ase na ɔde di dwuma so no, watumi ayɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa, te sɛ ɔsram so kɔ ne nneɛma ho mfonini a wɔatwa a kɔla wom a efi asase so baabiara anaa wim mpo ayi akyerɛ wɔ television so wɔ yɛn afie mu.
Na abrabɔ ho mmara nso ɛ? Ɛsodi ho hia na mfaso wɔ so saa ara? Nnipa pii te nka sɛ abrabɔ ho mmara biara nni hɔ, na wɔpaw nyansapɛ anaa ɔsom a ɛma nneɛma ho kwan a ɛne wɔn ankasa apɛde hyia.
Nanso, afoforo bi wɔ hɔ a wɔpaw ‘ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu’ sɛnea wɔakyerɛw wɔ Bible mu no. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ nnipa kakraa bi na apaw eyi, efisɛ Yesu kaa ɔkwan hihiaa no ho asɛm sɛ: “Wɔn a wohu no sua.” (Mateo 7:14) Dɛn nti na wosua?
Efisɛ Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow to ɔkwan hihiaa no ano hye. Obi a ɔwɔ ɔpɛ ankasa sɛ ɔde Onyankopɔn gyinapɛn ahorow bɛtra ase nko ara na n’ani begye ho. Nea ɛne ɔkwan a ɛtrɛw, a ɛde nnaadaa ahofadi ma nkurɔfo nanso nokwarem no, ɛyɛ wɔn nkoa ankasa bɔ abira kɛse no, ɔkwan hihiaa a ɛte sɛ nea anohyeto wom no ma obi de ne ho wɔ ɔkwan titiriw biara so. “Adehyedi mmara” no na ɛto ano hye.—Yakobo 1:25.
Sɛnea Ɔkwan Hihiaa no Ma Obi De Ne Ho
Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wobɛnantew ɔkwan hihiaa no so. Onipa teasefo biara tɔ sin na ɔwɔ bɔneyɛ su fi awo mu. Enti ebia obi benya ɔpɛ sɛ ɔbɛtwe ne ho kakra. Nanso, mfaso a wonya fi “ɔkwan hihiaa” no so nantew mu no ma teɛ a obi teɛ ne ho so anaa ɔyɛ nsakrae biara a ehia no fata, efisɛ Onyankopɔn ‘kyerɛ yɛn nea eye ma yɛn.’—Yesaia 48:17; Romafo 3:23.
Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Awofo a wonim nyansa yɛ aduanma ho “ɔkwan hihiaa” ma wɔn mma. Ɛtɔ mmere bi a eyi kyerɛ katee a wɔbɛyɛ wɔ adidi bere mu. Nanso sɛ mmofra no nyinyin a, wobenya wɔn awofo no nteɛso a efi ɔdɔ mu no ho anisɔ. Sɛ́ mpanyimfo no, wɔn kɔn bɛdɔ aduan a ahoɔden wom. Na esiane sɛ nnuan a ahoɔden wom ahorow pii wɔ hɔ nti, wɔrente nka sɛ wɔrehyɛ wɔn.
Wɔ honhom fam no, Onyankopɔn yɛ wɔn a wɔnam ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu so no saa ara. Ɔde nneɛma pa ho akɔnnɔ a ɛkɔ anigye ne nokware ahofadi mu hyɛ ahobrɛasefo mu. Ɔyɛ eyi denam n’Asɛm, Bible no a ɔde ma so. Nea ɛka ho no, ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae nsrɛ ne honhom no na ɛmmoa yɛn, na ɔhyɛ yɛn sɛ yɛne mfɛfo Kristofo a wobetumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛakɔ so anantew ɔkwan hihiaa no so no mmɔ. (Hebrifo 10:24, 25) Yiw, Onyankopɔn ne dɔ, na saa su a ɛkyɛn so yi na edi ne botae horow ne n’akwan nyinaa so.—1 Yohane 4:8.
Sɛ ɔdɔ, asomdwoe, papayɛ, ahosodi, ne Onyankopɔn honhom aba afoforo da adi a, ɔkwan hihiaa no renyɛ nea anohyeto wom. Sɛnea kyerɛwsɛm no ka no, “mmara bi ngu eyinom.” (Galatifo 5:22, 23) “Nea [Yehowa] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17) Mprempren mpo, nokware Kristofo renya saa ahofadi yi ho mpopoe. Wɔade wɔn ho afi osuro pii a ɛhaw nkurɔfo nnɛ, te sɛ daakye ho suro ne awufo ho suro a ɛyɛ gyidihunu no ho. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebesusuw daakye a “[Yehowa] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no” ho! (Yesaia 11:9) Afei, amumɔyɛ ho suro mpo befi hɔ. Kradua ne adaban befi hɔ koraa. Obiara benya ahofadi ne ahobammɔ—awia ne anadwo wɔ fie ne mmɔnten so. Ɛno bɛyɛ ahofadi ampa!
Onyankopɔn Bɛboa Yɛn Ɔkwan Biara So
Nokwarem no, Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a yɛde bɛtra ase no gye mmɔdenbɔ, nanso “n’ahyɛde no nyɛ den” mma nnipa a wɔnyɛ pɛ mpo. (1 Yohane 5:3) Bere a yɛma ɔkwan hihiaa no so nantew kokwaw yɛn na yenya mu mfaso no, yebekyi akwan ne nsusuwii a ɛhyɛ wɔn a wɔnam ɔkwan a ɛtrɛw no so agyirae no dennennen. (Dwom 97:10) Onyankopɔn mmara so a yebedi ne ade a ɛne yɛn awosu hyia ankasa. Sɛ́ anka yebehu “koma mu yaw” ne “honhom a abubu” a ɛno ne nea nnipa pii wɔ bɔ abira no, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ: “Hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom.” Yiw, koma a Yehowa atete no no ani gye na ne ho tɔ no.—Yesaia 65:14.
Yesu wui na ama yɛanya ahofadi ankasa. Bible no ka sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Mprempren, sɛ́ Onyankopɔn soro Ahenni no Hene no, Yesu de saa afɔrebɔ no ho mfaso horow rema. Ɛnkyɛ, bere a wɔasɛe ɔkwan a ɛtrɛw no ne wɔn a wɔnam so wɔ “ahohia kɛse no” akyi no, ɔde boasetɔ befi ase agye adesamma asoɔmmerɛfo taataa wɔ ɔkwan hihiaa no fã a aka no so akosi n’awiei pɛɛ, onipa pɛyɛ mu. (Adiyisɛm 7:14-17; Mateo 24:21, 29-31) Awiei koraa no, yebehu bɔhyɛ kɛse yi mmamu: “Abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” Biribiara rentumi nkyɛn ahofadi a Onyankopɔn de ama yi. Wobeyi owu mpo afi hɔ.—Romafo 8:21; Adiyisɛm 21:3, 4.
Sɛ obi hu baabi a ɔkwan hihiaa no kɔ na ɔte ase pefee a, obetumi apaw ɔkwan yi yiye na wakɔ so anantew so. Wɔboa mmofra titiriw sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ ade akɔ akyiri na wonnwiinwii wɔ nea wobu no sɛ ɛyɛ anohyeto a Onyankopɔn gyinapɛn de ba no ho. Wosua sɛ wobehu eyinom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn dɔ ne ɔkwan a ɛtrɛw no so nneɛma bɔne no ho ahobammɔ. (Hebrifo 12:5, 6) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ obi si abotare na ɔkae sɛ egye bere na wɔde anya su pa ne ɔpɛ a ɛfata, te sɛ nea egye bere na dua asow aba pa no. Nanso dua no bɛsow aba a, gye sɛ wɔdɔw ho na wogugu so nsu.
Enti sua Onyankopɔn Asɛm, wo ne Kristofo afoforo mmɔ, na ‘bɔ mpae daa’ srɛ honhom kronkron no. (1 Tesalonikafo 5:17) Fa wo ho to Onyankopɔn so na ɔmmoa wo na ‘teɛ w’akwan.’ (Mmebusɛm 3:5, 6) Nanso, wobetumi de eyinom nyinaa adi dwuma? Mfaso wɔ so ankasa? Yiw, Tom ne Mary a yɛbɔɔ wɔn din wɔ asɛm a edi kan no mu no nyaa mu mfaso.
Wogyaee Ɔkwan a Ɛtrɛw no So Nantew
Tom kyerɛw sɛ: “Wɔ 1970 mfinimfini hɔ baabi no, yehyiaa Yehowa Adansefo bere a wɔn mu biako baa yɛn fie no. Nkɔmmɔbɔ no kowiee Bible adesua mu. Mifii ase siesiee m’asetra nkakrankakra. Wɔbɔɔ me asu wɔ 1982 mu na mprempren meresom wɔ asafo a ɛwɔ faako a na mete no mu. Wɔabɔ yɛn babarima nso asu seesei. Meda me yere ase sɛ onyaa me ho abotare wɔ saa mfe a edii ansa na merebehu nokware no nyinaa mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, meda Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo, ase wɔ nea wɔde ama yɛn no nyinaa ne daakye ho anidaso a yɛanya no mprempren no ho.”
Na Mary nso ɛ? Wiɛ, ɔtee nka sɛ Onyankopɔn remfa ne bɔne mfiri no da, nanso esiane ne mma no nti, na ɔpɛ sɛ osua Ne ho ade. Bere a ɔtee sɛ Yehowa Adansefo rekyerɛ ne fipamfo bi Bible no, ɔno nso bisaa mmoa. Nanso, ne subammɔne no nti, na ontumi nya nkɔso. Adesua no nya nkɔso a na asan asɛe. Nanso, ne babea ketewa a na wadi mfe ason kɔɔ so hyɛɛ no nkuran. Ná ɔka sɛ: “Maame, nnyae mu. Wubetumi anya nkɔanim!” Sɛ ɛbaa saa a, Mary yere ne ho kɛse.
Bere a ne kunu a wamfa mmara kwan so anware no, a na ɔno nso de nnubɔne di dwuma, baa fie no, ɔde ne ho hyɛɛ adesua no mu bi. Awiei koraa no, wɔn baanu nyinaa dii wɔn subammɔne no so. Afei, bere a wɔde wɔn aware hyɛɛ mmara ase, na wɔbɔɔ wɔn asu no, wonyaa anigye kɛse, na bere a edi kan no, wɔtee nka sɛ wɔyɛ abusua ankasa. Nea ɛyɛ awerɛhow no, awiei koraa no, AIDS kum Mary, nanso owui a na ne koma wɔ Bible bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ne asetra wɔ paradise wɔ asase a wɔayi ɔkwan bɔne a ɛtrɛw no ho nkekae biara afi hɔ so ho no so.
Yiw, ebetumi ayɛ yiye sɛ wobɛtwe wo ho afi ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw a ɛkɔ ɔsɛe mu no so. Yesu Kristo kae sɛ: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Ɛnde, dɛn nti na womfa nsi w’ani so sɛ wobɛnantew ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so? Sɛ wofa nea wusua fi Onyankopɔn Asɛm mu aniberesɛm na wode di dwuma a, w’ankasa wubehu Bible no bɔhyɛ a ɛma akomatɔyam yi mmamu no: “Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.”—Yohane 8:32.