Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/1 kr. 19-21
  • Wubetumi Anya Nhumu Pii?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Anya Nhumu Pii?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Da a Israel Anna Nhumu Adi
  • Honhom Fam Nhumu a Yebenya
  • Nhumu ne Ntease
  • Kom Wo Koma Ma Nhumu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ma Nhumu Mmɔ Wo Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • ‘Yehowa na Ɔma Nyansa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Suasua Yesu Akokoɔduro ne Ne Nhunumu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/1 kr. 19-21

Wubetumi Anya Nhumu Pii?

NHUMU yɛ “adwene mu tumi a wɔnam so hu nsonsonoe a ɛwɔ ade biako ne foforo ntam.” Ebetumi ayɛ “nneɛma ho gyinaesi a edi mu” anaasɛ “tumi a yɛnam so hu sɛnea nneɛma anaa nsusuwii gu ahorow.” Saa na Webster’s Universal Dictionary ka. Ɛda adi pefee sɛ nhumu yɛ su a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ. Yehu bo a ɛsom no wɔ Salomo nsɛm yi mu: “Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, . . . [nhumu] ankasa bɛbɔ wo ho ban, na ayi wo afi bɔne kwan mu.”—Mmebusɛm 2:10-12.

Yiw, nhumu bɛboa yɛn ma yɛako atia “bɔne kwan” a abu so nnɛ no. Na ɛde mfaso foforo pii ba. Sɛ nhwɛso no, awofo taa te sɛ wɔn mma ka sɛ, ‘Wonte ase!’ Awofo a wɔwɔ nhumu hwehwɛ nsɛm mu kɔ akyiri kakra nti, wohu sɛnea wɔbɛma wɔn mma ada wɔn nkate horow ne nsɛm a ɛrehaw wɔn no adi. (Mmebusɛm 20:5) Okunu a ɔwɔ nhumu nso betie ne yere na ama wate ne nsusuwii ne ne nkate ase sen sɛ obesi gyinae ntɛm ara. Ɔyere no bɛyɛ saa ara wɔ ne kunu ho. Enti, “wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina.”—Mmebusɛm 24:3.

Nhumu boa obi ma otumi di tebea horow ho dwuma yiye. Mmebusɛm 17:27 ka sɛ: “Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ, na nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.” Nhumu nipa mfa ahopere nyɛ ade, ɔmfa ne ho nkɔhyɛ tebea biara mu ntɛmntɛm a onsusuw ho. Osusuw nneɛma a ebetumi afi mu aba no ho yiye ansa na ɔde ne ho ahyem. (Luka 14:28, 29) Asomdwoe kɛse wɔ ɔne afoforo ntam, efisɛ “anifere ano” ma ɔpaw ne nsɛm yiye. (Mmebusɛm 10:19, NW; 12:8) Nanso, nea ɛho hia sen biara no, nhumu nipa hu ne sintɔ ahorow na ɔde ne ho to Onyankopɔn so mmom ma ɔkyerɛ no kwan na ɛnyɛ nipa. Eyi sɔ Yehowa ani, na ɛne ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yenya nhumu.—Mmebusɛm 2:1-9; Yakobo 4:6.

Da a Israel Anna Nhumu Adi

Yehu asiane a ɛwɔ da a wɔnna nhumu adi no mu wɔ Israelfo tete abakɔsɛm mu asɛm bi mu. Bere a odwontofo a wɔde honhom kaa no no rebu kɔmpɔ ahwɛ saa bere no, ɔkae sɛ: “Yɛn agyanom anhu w’anwonwade Misraim, wɔankae w’adɔe dodow no, na wɔtew atua ɛpo ho, mmɛw po ho.”—Dwom 106:7.

Bere a Mose de Israel fii Misraim no, na Yehowa ada ne tumi ne sɛnea wasi ne bo sɛ obegye ne nkurɔfo no adi dedaw denam ɔhaw du a ɔde baa saa wiase tumidi kɛse so no so. Bere a Farao maa Israelfo no kɔe akyi no, Mose de wɔn kɔɔ Po Kɔkɔɔ no ano. Nanso, Misraim asraafo tiw wɔn. Na ɛte sɛ nea wɔasum Israelfo no afiri a na ahofadi foforo a wɔanya no renkyɛ koraa. Enti Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na Israelfo no suroe pii, na wosu frɛɛ [Yehowa].” Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ɛdɛn nti na woyɛɛ yɛn sɛɛ, sɛ wuyii yɛn fii Misraim? . . . Efisɛ eye ma yɛn mmom sɛ anka yɛsom Misraim sen sɛ yɛrebewuwu sare so.”—Exodus 14:10-12.

Ebia ɛte sɛ nea yɛbɛte suro a wosuroe no ase kosi sɛ yɛbɛkae sɛ na wɔahu dedaw sɛ Yehowa ada ne tumi adi mpɛn du wɔ anwonwakwan so. Na wɔn ankasa nim nea na Mose bɛma wɔakae wɔ bɛyɛ mfe 40 akyi no: “[Yehowa] de nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛm ne ahodwiride akɛse ne nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yii yɛn fii Misraim bae.” (Deuteronomium 26:8) Enti, sɛnea odwontofo no kyerɛwee no, Israelfo no ‘anna nhumu adi’ sɛ wɔsɔre tiaa Mose akwankyerɛ. Nanso, Yehowa dii ne bɔhyɛ so na ɔmaa Misraim asraafo dɔm no dii nkogu pasaa.—Exodus 14:19-31.

Sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn naa wɔ sɔhwɛ ahorow ho a, yɛn gyidi betumi ahinhim saa ara. Nhumu bɛboa yɛn ma yɛahu nneɛma sɛnea ɛte ankasa bere nyinaa, na yɛakae sɛnea Yehowa yɛ kɛse sen obiara a ɔsɔre tia yɛn no. Nhumu bɛboa yɛn nso ma yɛakae nea Yehowa ayɛ ama yɛn dedaw no. Ɛbɛboa yɛn ma yɛn werɛ remfi nokwasɛm a ɛne sɛ ɔne Nea ‘ɔhwɛ n’adɔfo nyinaa so’ no.—Dwom 145:18-20.

Honhom Fam Nhumu a Yebenya

Onyin kɛkɛ mma yennya nhumu. Ɛsɛ sɛ yesua. Onyansafo Ɔhene Salomo a nhumu maa ne din hyetae wɔ amanaman mu no kae sɛ: “Anigye ne onipa a wanya nyansa, ne onipa a onya nhumu. efisɛ ne nya ye sen dwetɛ nya, na ne mfaso sen sika kɔkɔɔ ankasa.” (Mmebusɛm 3:13, 14, NW) Salomo nyaa ne nhumu no fii he? Onya fii Yehowa hɔ. Bere a Yehowa bisaa Salomo nhyira a ɔpɛ no, Salomo buae sɛ: “Ma w’akoa koma a etie, na memfa mimmu wo man atɛn, na minhu papa ne bɔne mu.” (1 Ahene 3:9) Yiw, Salomo de ne ho too Yehowa so sɛ ne boafo. Obisaa nhumu, na Yehowa maa no bi ma ɛboroo so. Dɛn na efii mu bae? “Salomo nyansa dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.”—1 Ahene 4:30.

Salomo suahu no kyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛkɔhwehwɛ nhumu. Te sɛ Salomo no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Ɔkwan bɛn so? Yehowa de n’Asɛm, Bible no, a ɛma yehu ne nsusuwii ama. Nokwarem no, sɛ yɛkenkan Bible no a, na yɛrehwehwɛ nimdeɛ fibea a ɛsom bo a ɛbɛma yɛanya nea yebegyina so anya honhom fam nhumu mu. Ɛsɛ sɛ yedwennwen nsɛm a yɛboaboa ano fi yɛn Bible akenkan mu no ho. Afei, yebetumi de asisi gyinae a ɛteɛ. Bere bi akyi no, yɛn ntease tumi nyin kodu baabi a yɛyɛ ‘pɛ wɔ asɛm ho dwen mu,’ na ‘yetumi yiyi papa ne bɔne mu.’—1 Korintofo 14:20; Hebrifo 5:14; fa toto 1 Korintofo 2:10 ho.

Anigyesɛm ne sɛ yebetumi anya nhumu a Yehowa de maa Salomo no so mfaso ara. Ɔkwan bɛn so? Salomo ho kokwawee wɔ nyansa a ɔdaa no adi sɛ mmebusɛm no mu, na nokwarem no, na ɛyɛ nyansa a efi soro a wɔda no adi tiawa. Wɔakora mmebusɛm yi mu pii so wɔ Bible nhoma a ɛne Mmebusɛm no mu. Saa nhoma no sua boa yɛn ma yenya Salomo nhumu no so mfaso, na afei nso yɛn ankasa nya nhumu.

Yebetumi de nhoma a wɔde sua Bible te sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! adi dwuma na aboa yɛn wɔ yɛn Bible adesua mu. Ɔwɛn-Aban no aka Yehowa Ahenni akyerɛ nnipa komapafo bɛboro mfe 116 ni. Nyan! nsɛmma nhoma ne nea na edi ɛno anim aka wiase tebea horow ho asɛm fi 1919. Saa nsɛmma nhoma abien yi pɛɛpɛɛ Bible mu nokware ahorow mu, na ɛde honhom fam ntease a ɛboa yɛn ma yehu mfomso ahorow, sɛ ebia Kristoman na ɛkyerɛkyerɛe anaasɛ yehu wɔ yɛn ankasa nsusuwii mu, ma nkakrankakra.—Mmebusɛm 4:18.

Ade foforo a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nhumu ne fekubɔ pa. Ɔhene Salomo mmebusɛm no biako ka sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Ɛyɛ aniwusɛm sɛ Ɔhene Salomo ba Rehabeam ankae ɛbɛ yi wɔ n’asetram bere titiriw bi mu. Ne papa wu akyi no, Israel mmusuakuw no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ ɔmma wɔn nnesoa mu nyɛ hare. Mfiase no, Rehabeam kohuu mpanyimfo no, na eyinom daa nhumu adi bere a wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ontie ne manfo no. Afei, ɔkɔɔ mmerante nkyɛn. Eyinom daa no adi sɛ wonni osuahu ne nhumu, na wɔhyɛɛ Rehabeam nkuran sɛ ɔmfa ahunahuna mmua Israelfo no. Rehabeam tiee mmerante no. Dɛn na efii mu bae? Israel tew atua, na ahenni no fa kɛse fii Rehabeam nsa.—1 Ahene 12:1-17.

Nhumu a yebenya fã titiriw bi ne sɛ yɛbɛhwehwɛ honhom kronkron no mmoa. Bere a Bible kyerɛwfo Nehemia reka sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii bere a oyii wɔn fii nkoasom mu wɔ Misraim akyi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wode wo honhom pa no nso mae sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa.” (Nehemia 9:20) Yehowa honhom betumi aboa yɛn nso ma yɛayɛ anyansafo. Sɛ wobɔ mpae srɛ Yehowa honhom na ama woanya nhumu a, fa ahotoso bɔ efisɛ Yehowa ‘ma nnipa nyinaa ade kwa a ahohora nnim.’—Yakobo 1:5; Mateo 7:7-11; 21:22.

Nhumu ne Ntease

Ɔsomafo Paulo daa nhumu adi bere a ɔkaa asɛm kyerɛɛ amanaman mufo no. Sɛ nhwɛso no, bere a na ɔwɔ Atene no, da koro bi na ‘ɔretwam na ɔhwɛɛ’ nneɛma a wɔsom no. Ná abosom atwa Paulo ho ahyia, na ɛyɛɛ ne honhom ahi wɔ ne mu. Afei na ɛsɛ sɛ osi gyinae. Ɛsɛ sɛ otwam kɔ a ɔnka ho hwee? Anaasɛ ɛsɛ sɛ ɔka abosonsom a abu so a na ɛhyɛ n’abufuw kɛse ho asɛm pefee, ɛwom mpo sɛ asiane kɛse betumi afi saayɛ mu aba de?

Paulo de nhumu yɛɛ ade. Na wahu afɔremuka bi a nkyerɛwee bi wɔ so sɛ: “Onyame a Wonnim no dea.” Paulo nam anifere so kaa wɔn abosonsom no ho asɛm, na afei ɔde saa afɔremuka no dii dwuma sɛ ɔkwan a ɔnam so daa asɛm a ɛne “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa” no adi. Yiw, Yehowa ne Onyankopɔn a na wonnim no no! Paulo nam saayɛ so huu wɔn nkate wɔ asɛm no ho, na otumi dii adanse fɛfɛɛfɛ. Dɛn na efii mu bae? Nnipa dodow bi gyee nokware no a wɔn a wɔka ho ne “Dionisio, Areopagita ne ɔbea bi a ne din de Damari ne binom a wɔka wɔn ho.” (Asomafo no Nnwuma 17:16-34) Hwɛ nhumu ho nhwɛso a Paulo yɛe!

Akyinnye biara nni ho sɛ nhumu nna fam anaasɛ yennya mfi awo mu. Nanso wonam boasetɔ, mpaebɔ, mmɔdenbɔ kɛse, fekubɔ a nyansa wom, Bible sua ne ɛho dwen ne Yehowa honhom kronkron a wode wo ho to so so benya bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena