Awerɛkyekye ma Wɔn a ‘Wɔabotow’
ƐNNƐ, Satan wiase no “ani nwu ade bio.” (Efesofo 4:19; 1 Yohane 5:19) Awaresɛe ne aguamammɔ atrɛw kɛse. Wɔ nsase pii so no, aware ɔha biara mu 50 anaa nea ɛboro saa kowie awaregyae mu. Wogye bɔbeasu koro ntam nna tom wɔ mmaa nyinaa. Wɔtaa ka nna mu basabasayɛ—mmonnaato—ho asɛm wɔ nsɛm amanneɛbɔ mu. Nguamansɛm abɛyɛ adwuma a ɛde dɔla ɔpepepem pii ba.—Romafo 1:26, 27.
Nea ɛka ahohwibra a ɛyɛ tan sen biara ho ne mmofra a wɔn ho nni asɛm a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna mu. Te sɛ Satan wiase no nyansa no, mmofra a wɔto wɔn mmonnaa no yɛ “ɔkra ne ahonhommɔne de.” (Yakobo 3:15) Wɔ United States nkutoo no, Time nsɛmma nhoma no ka sɛ, “nna mu basabasayɛ ho amanneɛbɔ a edi mu bɛboro 400,000 na wɔma akyerɛkyerɛfo ne nnuruyɛfo yɛ ho kyerɛwtohɔ.” Sɛ wɔn a wɔyɛ wɔn basabasa yi bɛyɛ mpanyimfo a, wɔn mu pii tumi kɔ so ara di koma mu yaw, na saa ɛyawdi no yɛ paara! Bible no ka sɛ: “Onipa honhom [n’adwene mu nsusuwii, ne mu nkate ne nsusuwii] tumi soa ne yare, na honhom a abotow [edi yaw, ehu amane] de, hena na obetumi asoa?”—Mmebusɛm 18:14.
Nnipa ahorow nyinaa, a “wɔn a wɔn koma abubu” ne wɔn a wɔn ‘honhom atɔ beraw’ ka ho, ani gye Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho. (Yesaia 61:1-4) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wodi nkate mu yaw no yɛ ɔfrɛ yi ho biribi: “Nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adiyisɛm 22:17) Kristofo asafo no betumi ayɛ beae a awerɛkyekye wɔ ama eyinom. Wɔn ani gye, bere a wosua sɛ ɛnkyɛ amanehunu bɛyɛ ade a atwam no. (Yesaia 65:17) Nanso, enkosi saa bere no, ebia ebehia sɛ ‘yɛkyekye wɔn werɛ’ na ‘yɛkyekye’ wɔn akuru. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo ma ɛfatae sɛ: “Monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.”—1 Tesalonikafo 5:14.
“Nsɛm a Obi Kae na Ɔbɔ Mmɔden Yi Fi N’adwene Mu”
Wɔ nnansa yi mfe mu no, nneɛma bi a ɛyɛ den sɛ afoforo bɛte ase ama ebinom “koma abubu.” Wɔyɛ mpanyimfo a, wogyina nea wɔka ho asɛm sɛ “nsɛm a obi kae na ɔbɔ mmɔden yi fi n’adwene mu” so ka sɛ wɔtoo wɔn mmonnaa bere a na wɔyɛ mmofra no.a Ebinom nkae sɛ wɔyɛɛ wɔn basabasa bi de kosi sɛ ɛbɛba wɔn adwene mu prɛko pɛ na ‘wɔakae’ sɛ ɔpanyin (anaa mpanyimfo) bi too wɔn mmonnaa bere a wɔyɛ mmofra no. Ebinom wɔ Kristofo asafo no mu a wɔwɔ nsusuwii a ɛte saa a ɛhaw adwene no? Ɛte saa wɔ nsase bi so, na ebia wɔn a wɔahyira wɔn ho so yi ho bɛyeraw wɔn, wɔn bo befuw, wɔbɛte afɔbu nka, wɔbɛfɛre, anaa wɔbɛte ankonamyɛ nka akɔ akyiri. Te sɛ Dawid no, wɔbɛte nka sɛ wɔne Onyankopɔn ntam atoto na wɔasu sɛ: “[Yehowa], adɛn nti na wugyina akyirikyiri, na wode wo ho hintaw ahokyere bere mu?”—Dwom 10:1.
Adwenemhaw ho nnuruyɛfo nte “nsɛm a wɔkaakae” ho nneɛma pii yi ase yiye. Nanso, “nsɛm a wɔkaakae” a ɛte saa no betumi aka Kristoni a wahyira ne ho so honhom fam yiyedi. Enti yɛde awerɛhyem hwehwɛ akwankyerɛ fi Onyankopɔn Asɛm mu de di ho dwuma. Bible de “ade nyinaa mu nhumu” ma. (2 Timoteo 2:7; 3:16) Ɛboa wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa nso ma wonya gyidi wɔ Yehowa, “a ɔyɛ mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu” no mu.—2 Korintofo 1:3, 4.
Esii Ankasa?
Wɔ wiase no mu no, wogye akyinnye wɔ dekode a saa “nsɛm a wɔkaakae” yi yɛ ne si a esii ankasa ho. Yehowa Adansefo ‘nyɛ wiase no fã’ na wɔmfa wɔn ho nhyɛ saa akyinnyegye yi mu. (Yohane 17:16) Sɛnea amanneɛbɔ ahorow a wɔatintim kyerɛ no, mmere bi wɔ hɔ a “nsɛm a wɔkaakae” no yɛ nokware. Sɛ nhwɛso no, bere a insurance dwumayɛni a obu nneɛma a asɛe ho ka, Frank Fitzpatrick, “kaee” sɛ ɔsɔfo bi too no mmonnaa akyi no, afoforo bɛyɛ ɔha bae bɛkae sɛ ɔsɔfo koro no ara too wɔn nso mmonnaa. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ɔsɔfo no gye toom sɛ ɔtoo wɔn mmonnaa.
Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ nnipa dodow bi ntumi mfaa asɛm bi mfoaa wɔn “nsɛm a wɔkaakae” no so. Ebinom a wohuu amane saa kwan yi so no akae onipa bi a ɔtoo wɔn mmonnaa anaa beae pɔtẽẽ bi a wɔtoo wɔn mmonnaa no pefee. Nanso, akyiri yi, mmara mu adanse a ɛbɔ ɛno abira maa emu daa hɔ pefee sɛ nsɛm a “wɔkaee” yi rentumi nyɛ nokware.
Ahobammɔ a Wɔde Ma
Nanso, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa de awerɛkyekye ama wɔn a, esiane “nsɛm a wɔkaakae” a ɛte saa nti, wɔn ‘honhom abotow’ no? Kae Yesu bɛ a ɛfa Samariani yamyefo ho no. Awifo tow hyɛɛ ɔbarima bi so hwee no gyee ne ho nneɛma. Bere a Samariani no duu hɔ no, ohuu ɔbarima a wapira no mmɔbɔ. Dɛn na ɔyɛe? Ɔhwehwɛe sɛ obetie asɛm biara a ɛfa ɔhwe no ho? Anaasɛ Samariani no ma wɔkyerɛɛ no sɛnea awifo no te tiw wɔn ntɛm ara? Dabi. Ná ɔbarima no apira! Enti Samariani no kyekyeree n’akuru no nkakrankakra na ofi ɔdɔ mu de no kɔɔ ahɔhodan bi a ɛbɛn hɔ a ɛhɔ dwo mu, sɛnea ɛbɛyɛ na wanya ahoɔden wɔ hɔ.—Luka 10:30-37.
Nokware, nsonsonoe da honam fam pira ne ‘honhom a abotow’ a mmofra bere mu mmonnaato ankasa na ɛde ba no ntam. Nanso abien no nyinaa de amanehunu kɛse ba. Enti, nea Samariani no yɛ maa Yudani a na wapira no kyerɛ nea yebetumi ayɛ de aboa yɛn yɔnko Kristoni bi a ɔwɔ ahohia mu. Ade a edi kan ne sɛ yɛde awerɛkyekye a efi ɔdɔ mu bɛma no na yɛaboa no ma wanya ahoɔden.
Ɔbonsam de ahohia baa Hiob so, a na ɛda adi sɛ ɔwɔ awerɛhyem sɛ nkate anaa honam fam yaw bɛma no agyae ne mudi mu kura. (Hiob 1:11; 2:5) Efi saa bere no, Satan abɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ɔde amanehunu—sɛ ɔno na ɔde ba tẽẽ anaa ɔnam obi so no—bɛbrɛ Onyankopɔn asomfo gyidi ase. (Fa toto 2 Korintofo 12:7-9 ho.) Yebetumi agye kyim sɛ seesei ɛnyɛ Ɔbonsam na ɔde mmofra mmonnaato ne mpanyimfo pii a wohuu eyi ho amane (anaa “wɔkaakae” sɛ wɔayɛ wɔn bi pɛn) no ‘honhom a abotow’ no di dwuma de bɔ mmɔden brɛ Kristofo gyidi ase? Te sɛ nea Yesu yɛe bere a na ɔwɔ Satan ntua ase no, Kristoni a odi yaw, nanso ɔde pintinnyɛ pow sɛ obegyae ne mudi mu kura no reka sɛ: “Fi me so, Satan!”—Mateo 4:10.
Yɛ Den Honhom Mu
“Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no atintim nsɛm a ɛbɛboa ma wɔadi honhom ne nkate fam opira a mmofra mmonnaato de ba no ho dwuma. (Mateo 24:45-47) Osuahu kyerɛ sɛ ɔmanehunufo no nya mmoa bere a otumi de ne ho to “Awurade ne n’ahoɔden tumi” so na ɔhyɛ “Onyankopɔn akode nyinaa” no. (Efesofo 6:10-17) Bible mu “nokware” a ɛda Satan adi sɛ ɔtamfo titiriw na ɛda sum a ɔne n’aboafo yɛ mu adwuma adi no ka akode yi ho. (Yohane 3:19) Afei, “trenee nkatabo” nso wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ obi a ɔwɔ ahohia mu no bɔ mmɔden sɛ obekura trenee gyinapɛn mu. Sɛ nhwɛso no, ebinom wɔ nkate a emu yɛ den sɛ wobedi wɔn ho bɔne anaa wɔde wɔn ho bɛhyɛ ɔbrasɛe mu. Bere biara a wɔko tia saa nkate horow yi no, wodi nkonim!
“Asomdwoe asɛmpa no” nso ka honhom mu akode ho. Yehowa atirimpɔw ahorow ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ afoforo no ma oniko a ɔrekasa no ne obiara a otie no nya ahoɔden. (1 Timoteo 4:16) Sɛ woyɛ obi a wo ‘honhom abotow,’ na ɛma ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ a, bɔ mmɔden sɛ wo ne Kristoni foforo bɛnantew bere a ɔyɛ adwuma a ɛho hia yi no. Na mma wo werɛ mmfi “gyidi kyɛm” no. Nya gyidi sɛ Yehowa dɔ wo na ɔbɛsan ama woanya nea woahwere nyinaa. Gye di korakora sɛ Yesu nso dɔ wo, na ɔdaa eyi adi denam wu a owu maa wo no so. (Yohane 3:16) Satan adi atoro bere nyinaa sɛ Yehowa nnwen ne nkoa ho. Ɛno yɛ n’atorodi akɛse foforo ara kwa.—Yohane 8:44; fa toto Hiob 4:1, 15-18; 42:10-15 ho.
Sɛ koma mu yaw ma ɛyɛ den sɛ wubegye adi sɛ Yehowa dwen wo ho a, ɛbɛyɛ mmoa sɛ wo ne afoforo a wogye di nokwarem sɛ odwen yɛn ho no bɛbɔ fekuw. (Dwom 119:107, 111; Mmebusɛm 18:1; Hebrifo 10:23-25) Hwɛ na Satan amma nkwa botae no ammɔ wo. Kae, “nkwagye dade kyɛw” no yɛ akode no bi; saa ara nso na “honhom nkrante” ka ho. Wɔde honhom kronkron a Satan ntumi nni so nkonim na ɛkyerɛw Bible no. (2 Timoteo 3:16; Hebrifo 4:12) Ne nsɛm a ɛsa yare no betumi ayi nkate mu yaw afi hɔ.—Fa toto Dwom 107:20; 2 Korintofo 10:4, 5 ho.
Awiei koraa no, bɔ mpae daa srɛ ahoɔden a wode begyina ano. (Romafo 12:12; Efesofo 6:18) Mpaebɔ a efi komam no boaa Yesu wɔ nkate mu yaw a na ano yɛ den mu, na ebetumi aboa wo nso. (Luka 22:41-43) Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛbɔ mpae? Srɛ afoforo sɛ wɔne wo mmɔ mpae na wɔmmɔ bi mma wo. (Kolosefo 1:3; Yakobo 5:14) Honhom kronkron bedi wo mpaebɔ ho dwuma. (Fa toto Romafo 8:26, 27 ho.) Te sɛ nea ɛte wɔ honam fam yare a ɛyɛ yaw ho no, ebinom a wodi nkate mu yaw kɛse no ntumi nnya ayaresa koraa wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu. Nanso ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi agyina ano, na boasetɔ yɛ nkonimdi, sɛnea na ɛte wɔ Yesu fam no. (Yohane 16:33) “Nkurɔfo, momfa mo ho nto [Yehowa] so daa. Munyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn guandɔbea.”—Dwom 62:8.
Nea Wɔkyerɛ sɛ Ɔyɛ Mmonnaatofo no Nso Ɛ?
Onipa a ɔyɛ abofra bi basabasa wɔ nna mu ankasa no yɛ mmonnaatofo na ɛsɛ sɛ wobu no saa. Obiara a wɔyɛ no saa no wɔ hokwan sɛ ɔbɔ mmonnaatofo no sobo. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ntɛm bɔ obi sobo bere a egyina “nsɛm a obi kae na ɔbɔ mmɔden yi fi n’adwenem” nkutoo so no. Wɔ asɛm a ɛte saa mu no, ade a ɛho hia kɛse ne sɛ ɔmanehunufo no betumi adi ne nkate so bio. Bere bi akyi no, ebia obetumi ahu sɛnea “nsɛm a ɔkaakae” no te, na sɛ biribi wɔ hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔ ho a, wasi ho gyinae.
Susuw Donna asɛm no ho. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ na ontumi nnidi yiye na ɔkɔɔ ɔfotufo bi hɔ—obi a na ɛda adi sɛ ne ho nkokwawee. Ntɛm ara, ɔbɔɔ ne papa sobo sɛ na ɔne no da na wɔde papa no kɔɔ asɛnnibea. Wɔantumi ansi asɛm no ho gyinae, enti wɔamfa papa no ankɔto afiase, nanso na ɛsɛ sɛ otua $100,000 wɔ asɛnni no ho. Afei, ne nyinaa akyi no, Donna ka kyerɛɛ n’awofo sɛ onnye nni bio sɛ wɔtoo no mmonnaa!
Salomo kaa no nyansam sɛ: “Mfi hyerebahyereba nkɔko.” (Mmebusɛm 25:8) Sɛ ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wosusuw sɛ nea wɔkyerɛ sɛ wato obi mmonnaa no da so to mmofra mmonnaa a, ebia ɛho behia sɛ wɔbɔ no kɔkɔ. Asafo mpanyimfo no betumi aboa wɔ asɛm a ɛte saa mu. Sɛ ɛnte saa a, tɔ wo bo ase. Awiei koraa no, ebia wobɛpɛ sɛ wugyae asɛm no akyi di. Nanso, sɛ wopɛ sɛ wode asɛm no si nea wokyerɛ sɛ wato wo mmonnaa no anim (bere a woadi kan asusuw sɛnea wobɛte nka wɔ nea obetumi ayɛ wɔ ho ho akyi no) a, wowɔ hokwan sɛ woyɛ saa.
Bere a obi a “ɔrekaakae” nsɛm no ho nnya ntɔɔ no no, ebia tebea bɔne bi bɛsɔre. Sɛ nhwɛso no, ebia obetwa mfonini wɔ n’adwenem sɛ obi a ohu no bere nyinaa ato no mmonnaa. Wɔrentumi nhyɛ mmara bi wɔ eyi ho dwumadi ho. “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” (Galatifo 6:5) Ɛtɔ mmere bi a, obi bɛte nka sɛ obi a ɔbɛn no anaa obusuani bi a ɔbɛn no yiye na ɔyɛɛ saa. Kae sɛnea “nsɛm a obi kae a ɔbɔ mmɔden yi fi n’adwenem” no mu bi yɛ nnaadaa bere a aba sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ oniko a wosusuw sɛ ɔtoo wɔn mmonnaa no. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, bere tenten a wonhuu asɛm no mu nokware ankasa no, abusuafo a obi ne wɔn bedi nkitaho—anyɛ yiye koraa, denam sra a ɔbɛsra wɔn bere ne bere mu, krataa a ɔbɛkyerɛw, anaa kasa a ɔne wɔn bɛkasa wɔ telefon so so—no bɛkyerɛ sɛ ɔrebɔ mmɔden sɛ obedi ɔkwan a egyina Kyerɛwnsɛm so akyi.—Fa toto Efesofo 6:1-3 ho.
Dɛn na Mpanyimfo Betumi Ayɛ?
Sɛ asafo no muni bi a mmofra mmonnaato ho nsɛm a ɛba adwenem anaa “nsɛm a obi kae na ɔbɔ mmɔden yi fi n’adwene mu” rehaw n’adwene kohu mpanyimfo no a, mpɛn pii no, woyi wɔn mu baanu sɛ wɔmmoa no. Ɛsɛ sɛ saa mpanyimfo yi fi ayamye mu hyɛ nea ɔwɔ ahohia mu no nkuran ma ɔde n’adwene si nkate mu haw no ano a obegyina no so ansa. Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ mmonnaatofo no mu biara a “ɔbɛkae” no no din kyerɛ obi da.
Mpanyimfo no asɛyɛde titiriw ne sɛ wɔbɛyɛ nguanhwɛfo. (Yesaia 32:1, 2; 1 Petro 5:2, 3) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye titiriw sɛ ‘wɔbɛhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre.’ (Kolosefo 3:12) Wontie no ayamye kwan so na afei wɔmfa ayaresa nsɛm a efi Kyerɛwnsɛm mu no nni dwuma. (Mmebusɛm 12:18) Ebinom a wohu amane wɔ “nsɛm a wɔkaakae” a ɛyɛ yaw ho no akyerɛ mpanyimfo a wɔkɔsra wɔn daa anaa wɔne wɔn kasa wɔ telefon so mpo de hwɛ sɛnea wɔn ho te no ho anisɔ. Ɛho nhia sɛ nkitahodi a ɛte saa no gye bere pii, nanso ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahyehyɛde no dwen nnipa ho. Sɛ nea ɔwɔ ahohia mu no hu sɛ ne nuanom Kristofo no dɔ no ampa a, ɛbɛboa no ma wanya ne nkate mu tumi kɛse.
Na sɛ ɔmanehunufo no si gyinae sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ obi sobo nso ɛ?b Ɛnde, mpanyimfo baanu no betumi atu no fo sɛ, nea ɛne Mateo 18:5 hyia no, ɛsɛ sɛ n’ankasa kohu ɔbɔnefo no wɔ asɛm no ho. Sɛ nea ɔbɔ obi sobo no ntumi mfi nkate mu nyɛ eyi anim ne anim a, obetumi ayɛ saa wɔ telefon so anaa denam krataa a ɔbɛkyerɛw so. Wɔ saa kwan yi so no, wɔma nea wɔbɔɔ no sobo no nya hokwan a ɔde bɛka asɛm a ɔwɔ ka wɔ sobo no ho no wɔ Yehowa anim. Obetumi de adanse mpo ama de akyerɛ sɛ ebia ɔrentumi nyɛ bɔne no. Anaasɛ nea wɔbɔɔ no sobo no bɛka ne bɔne na wɔasiesie asɛm no. Hwɛ nhyira ara a ɛno bɛyɛ! Sɛ ɔka bɔne no a, mpanyimfo baanu no betumi adi kan asiesie asɛm no ma ɛne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahyia.
Sɛ wannye sobo no antom a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no kyerɛkyerɛ mu kyerɛ nea ɔbɔɔ sobo no sɛ wɔrentumi nyɛ hwee wɔ asɛnni kwan so. Na asafo no bɛkɔ so abu onii a wɔbɔɔ no sobo no sɛ obi a ne ho nni asɛm. Bible no ka sɛ ɛsɛ sɛ wonya adansefo baanu anaa baasa ansa na watumi adi asɛm bi. (2 Korintofo 13:1; 1 Timoteo 5:19) Sɛ nnipa baanu anaa baasa mpo “kae” sɛ onipa koro no ara ato wɔn mmonnaa a, saa nsɛm yi a wɔkaakae no ntumi nyɛ asɛm a edi mu a wobegyina so adi asɛm a adanse foforo biara nka ho. Eyi nkyerɛ sɛ wobu “nsɛm a wɔkaakae” a ɛte saa no sɛ ɛyɛ atoro (anaa wobu no sɛ ɛyɛ nokware). Nanso, sɛ wobedi asɛm bi a, ɛsɛ sɛ egyina Bible nnyinasosɛm so.
Na sɛ nea wɔbɔɔ no sobo no—ɛmfa ho sɛ onnye bɔneyɛ no ntom no—ayɛ bɔne no ankasa nso ɛ? Ɔfa “ne ho di,” sɛnea yɛbɛka no no? Ɛnte saa koraa! Sɛ́ odi fɔ anaa odi bem no yɛ nea wobetumi de ahyɛ Yehowa nsam bɔkɔɔ. “Nnipa binom bɔne da adi ansa di anim de wɔn rekɔ atemmu mu, na ebinom de nso di wɔn akyi.” (1 Timoteo 5:24; Romafo 12:19; 14:12) Mmebusɛm nhoma no ka sɛ: “Treneefo anidaso bɛyɛ anigye, na nea abɔnefo hwɛ no kwan no bɛyera.” “Onipa bɔne wu a, n’anidaso yera.” (Mmebusɛm 10:28; 11:7) Awiei koraa no, Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu na wɔde daa atemmu bɛma wɔ atɛntrenee mu.—1 Korintofo 4:5.
Ɔbonsam a Yɛbɛko Atia No
Sɛ akra a wɔahyira wɔn ho so gyina honam anaa nkate fam yaw kɛse ano a, hwɛ adanse ara a ɛyɛ sɛ wɔwɔ abrabɔ fam ahoɔden ne ɔdɔ ma Onyankopɔn! Na hwɛ adanse ara a ɛyɛ sɛ Yehowa honhom no wɔ tumi sɛ ɛbɛwowaw wɔn!—Fa toto 2 Korintofo 4:7 ho.
Petro nsɛm yi fa wɔn a wɔte saa ho: “Momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw [Satan] kwan.” (1 Petro 5:9) Ebia saa a yɛbɛyɛ no renyɛ mmerɛw. Ɛtɔ mmere bi a, ɛbɛyɛ den mpo sɛ yebefi nyansam asusuw nsɛm ho yiye. Nanso nya awerɛhyem! Ɛrenkyɛ, wɔrenhu Ɔbonsam ne ne nnɛɛdɛe akwan no bio. Nokwarem no, yɛhwɛ saa bere no a ‘Onyankopɔn ankasa bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw nni hɔ bio no, na kan nneɛma no atwam’ no kwan.—Adiyisɛm 21:3, 4.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔde “nsɛm a obi kae na ɔbɔ mmɔden yi fi n’adwene mu” ne nsɛm a ɛtete saa no ahyɛ nkatomde mu na ama ada nsow wɔ nkae ankasa a yɛn nyinaa wɔ bi no ho.
b Ɛho behia nso sɛ, wɔde akwankyerɛ a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem yi mu no bedi dwuma bere a obiara ate asɛm no wɔ asafo no mu no.