Bere a Atetesɛm ne Nokware Nhyia
ASIANE—NSU NO NYE SƐ WƆNOM. Kɔkɔbɔ ahorow a ɛte sɛɛ yɛ nea ebia yɛtaa hu. Wɔ mmeae pii no, nkurɔfo hwɛ yiye wɔ nsu a wɔnom ho, efisɛ wonim sɛ nsu bi wɔ hɔ a wɔde nea wɔato din sɛ “awɔnwene” a awuduru wom resɛe no. Esiane efĩ a ɛte sɛɛ nti, sɛnea nhwehwɛmu bi ka no, sɛ anka nsu “bɛwowaw na abɔ nkwa ho ban no,” ebetumi “ama yare mmoawa ne . . . nnubɔne atrɛw.”—Water Polution.
Nokware Nsu a Wogu Ho Fĩ
Atetesɛm a ɛne nokware nhyia te sɛ nsu fĩ. Yebetumi akura atetesɛm—nsɛm, nsusuwii, gyidi ahorow anaa amanne ahorow a wogyaw maa yɛn fi awo ntoatoaso biako so kosi awo ntoatoaso a edi hɔ no mu—a nokwarem no, wɔde “awɔnwene” a ɛyɛ atoro ne nnaadaasɛm ne nyansapɛ ahorow agu ho fĩ a yennim. Te sɛ nsu fĩ no, nea eyinom betumi de aba ne opira kɛse—honhom mu opira.
Sɛ mpo yegye di sɛ yɛn nyamesom mu atetesɛm gyina Bible so a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye bere de hwehwɛ mu yiye. Kae sɛ bere a Martin Luther kuraa ne bere so atetesɛm mu na obuu Copernicus fɔ no, osusuwii sɛ, Bible no taa n’akyi. Nanso Luther anni tete Beroiafo a ‘woye nti wɔhwehwɛɛ kyerɛwnsɛm no mu yiye sɛ nneɛma no te saa anaa’ no nhwɛso fɛfɛ no akyi.—Asomafo no Nnwuma 17:10, 11.
Susuw pira a atetesɛm gyidi piraa Yesu bere so Yudafo no bi ho. Wogye dii denneennen sɛ wɔn atetesɛm ahorow no yɛ nokware. Bere a wɔkasa tiaa Yesu asuafo no sɛ wonni atetesɛm ahorow so no, Yesu de asɛmmisa yi twaa wɔn mpoa sɛ: “Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti munni Onyankopɔn ahyɛde so?” (Mateo 15:1-3) Dɛn na na atoto? Yesu daa ɔhaw no adi bere a ɔfaa odiyifo Yesaia nsɛm kae no: “Wɔsɔre me [Onyankopɔn] kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.”—Mateo 15:9, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no; Yesaia 29:13.
Yiw, wɔde nsusuwii a efi nnipa anaa nea enye koraa no, nea efi adaemone sii nokware a efi Onyankopɔn nkyɛn no anan mu. Insight on the Scriptures, Po 1, kratafa 506, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na Farisifo no susuw sɛ, bere a obi de n’ahonyade ama sɛ ‘korban’ anaa ayɛyɛde a wɔahyira so ama Onyankopɔn no, na ɔrentumi mfa nni n’awofo ahiade ho dwuma ɛmfa ho sɛnea ahia wɔn, ɛwom sɛ sɛ ɔpɛ a, nankasa betumi de ahode a ɛte saa no adi dwuma akosi bere a obewu de.” Nnipa nyansa a eguu nokware nsu no ho fĩ no nyaa Yudafo no so nkɛntɛnso bɔne wɔ honhom mu. Dodow no ara pow Mesia a wɔhwɛɛ no kwan bere tenten no.
Kristoman Ma Efĩ no Yɛ Kɛse
Honhom mu adesɛe a ɛte saa ara bae wɔ Yesu wu akyi. Wɔn a na wose wɔyɛ n’akyidifo no pii ani gyee atetesɛm a wɔde ano ka kyerɛ ho, na wogyinaa so de nkyerɛkyerɛ foforo mae. Sɛnea Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature a McClintock ne Strong kyerɛwee no kyerɛ no, wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no bi susuwii sɛ saa atetesɛm no yɛ “akwankyerɛ a Kristofo asɔre horow a edidi kan no nya fii asomafo no anom a wɔde fi asomafo no bere so na wɔkoraa so kronn besii wɔn ankasa bere so.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Nokwarem no, na saa atetesɛm yi pii yɛ nea wɔafra mu na ɛyɛ nsusuwii hunu. Sɛnea Cyclopedia no kyerɛkyerɛ mu no, “ɛnyɛ sɛ na” saa nyansapɛ foforo yi “ne atetesɛm ahorow bɔ abira nko, na mmom, na ɛne asomafo no nkyerɛwee a na wɔwɔ no nso.” Na eyi nyɛ ade a wɔnhwɛ kwan koraa. Ná ɔsomafo Paulo abɔ Kristofo kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum.”—Kolosefo 2:8.
Ɛnnɛ nso, atetesɛm gyidi ‘ne asomafo no nkyerɛwee ankasa bɔ abira.’ Kristoman de awuduru afra nokware nsu no mu nnɛ denam nkyerɛkyerɛ a efi ahonhommɔne nkyɛn te sɛ, Baasakoro, hellgya, nnipa kra a enwu, ɔmampɛ, ne abosonsom so.a (1 Timoteo 4:1-3) Abakɔsɛm di honhom mu yare a aka wɔn a ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ a ɛno na abɛyɛ Kristoman nkyerɛkyerɛ a wogye tom no afa wɔn nnommum no ho adanse.—Fa toto Yesaia 1:4-7 ho.
Nokware no ho fĩ a wogu no saa yɛ nea nokwarem no, akɔ so fi nnipa mfiase pɛɛ. Satan atoa dwumadi a ofii ase wɔ Eden no so, de atoro ne nnaadaa asɛe nnipa adwene. (Yohane 8:44; 2 Korintofo 11:3) Bere a adesamma abusua no retrɛw asase so nyinaa wɔ Noa bere so Nsuyiri no akyi no, nnipa a wofi mmaa nyinaa yɛ nea nnipa nimdeɛ a wɔahyɛ da de nyansapɛ ne nsusuwii ahorow a efi ahonhommɔne no afa wɔn nnommum.
Nea Afi Honhom Mu Fĩ Mu Aba
Asiane bɛn na saa honhom mu fĩ yi betumi de aba? Yebetumi de atoto nea nsu fĩ betumi de aba yɛn honam fam akwahosan so ho. Obi a wɔgye ne nsɛm tom ka sɛ: “Nnipa bɛyɛ ɔpepem 200 wɔ schistosomiasis [atiridii a ɛma obi mogya so tew, ɔte yaw nka, ɔyɛ mmerɛw na etumi kum no mpo], a nsu fĩ a wɔde guare de ba. Nnipa ɔpepem ahanum na esiane nsu fĩ a wɔde guare nti, wɔwɔ ɔyare a ɛma nnipa ani honhon a ɛno nso tumi de anifurae ba. . . . Adesamma abusua no mu bɛyɛ ɔpepepem abien nni nsu pa a wɔnom.” (Our Country, the Planet) Nnipa ɔpepem pii anya honhom mu ahoɔmmerɛw, anifurae ne owu mpo esiane atetesɛm a wɔde nnaadaa ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ afra mu a wodi akyi no nti.—1 Korintofo 10:20, 21; 2 Korintofo 4:3, 4.
Sɛ nhwɛso no, nnipa pii adwene atu afra, anaa afura wɔ abusuabɔ a ɛda Yesu Kristo ne n’Agya, Yehowa Nyankopɔn, ntam no ho. Ɛbɛyɛɛ amanne wɔ wɔn a na wose wɔyɛ Kristofo no bi mu sɛ wobeyi Onyankopɔn din, Yehowa, no afi Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. George Howard ka wɔ Journal of Biblical Literature mu sɛ: “Wɔ yɛn fam no, Tetragram[maton] no a woyi fii mu yi maa abusuabɔ a ɛda ‘Awurade Nyankopɔn’ ne ‘Awurade Kristo’ ntam no tanee Amanaman mu Kristofo a wodi kan no ani so.”
Afei nso, susuw adwenem basaayɛ, gyidihunu ne ehu, a atetesɛm a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia a ɛne sɛ, ɔdesani kra nwu, de ba no ho. (Fa toto Ɔsɛnkafo 9:5; Hesekiel 18:4 ho.) Nnipa ahe na nananom som mfaa wɔn nnommum anaa bere nyinaa wonnim sɛ awufo bɛsan aba abepira wɔn? Gyidi a ɛte sɛɛ ahyɛ pii nkuran mpo ama wɔakum wɔn ho ne afoforo.
Japanfo pii susuw sɛ wɔ owu mu no, wɔn akra a afi wɔn mu no behyiam wɔ owu akyi asetra bi mu. Enti awofo a wɔhyɛ akɔmfo susuw sɛ ɛsɛ sɛ wokum wɔn mma ka ho. An English Dictionary of Japanese Ways of Thinking kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ Japan no ɛnyɛ bere nyinaa na sɛ obi kum ne ho a, wɔkasa tia, na mmom wɔtaa bu no sɛ ɔkwan a wogye tom a wɔde pata bɔne a anibere wom . . . Sɛ abusua bi kum wɔn ho mpo a, ebia wɔde nsɛmpa na ɛbɛbɔ ho amanneɛ.”
Sɔ Atetesɛm Ahorow no Hwɛ
Esiane asiane ahorow a ɛwɔ ani a wɔkata di atetesɛm gyidi ne amanne ahorow akyi nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛde rekɔ afeha a edi kan no awiei no, ɔsomafo Yohane de saa afotu yi maa ne mfɛfo Kristofo: “Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ [sɛnea wobɛhwɛ sɛ nsu mu tew anaa no] sɛ wofi Nyankopɔn anaa? Efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.” (1 Yohane 4:1; afei hwɛ 1 Tesalonikafo 5:21 nso.) Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ebia asiane wɔ atetesɛm bi mu? Wuhia tumi bi, kronnyɛ ho gyinapɛn bi, na wode asɔ nea wogye di no ahwɛ.
Tumi fibea yi biako ne Bible no. Yesu Kristo kae sɛ: “Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Ɔkae nso sɛ: “Bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23) Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a wode bedi dwuma so no, wo nsa bɛka nokware nsu kronkron no sen sɛ anka wubenya nsu fĩ a efi nnipa ne ahonhommɔne nyansapɛ no.—Yohane 8:31, 32; 2 Timoteo 3:16.
Kae sɛ efĩ ketewa bi betumi adi awu. Ɛtɔ mmere bi a egye bere ansa na sɛnkyerɛnne no ada adi. Shridath Ramphal, a ná ɔyɛ “Wiase Nyinaa Adekora Fekuw no titrani ka sɛ: “Nsu fĩ abɛyɛ wiase mu ade a ɛyɛ hu na ekunkum nnipa sen biara. Anyɛ yiye koraa no, da biara nnipa mpem aduonu anum wuwu bere a wɔde di dwuma no.” Atetesɛm ahorow a ayɛ fĩ honhom mu yɛ hu sen saa.
Sɛ ɛba sɛ atetesɛm mu gyidi a woakura mu mfe pii no ne nokware no nhyia a, so wowɔ akokoduru a wode bɛtete wo ho afi ho? Tie kɔkɔbɔ ahorow no. Bɔ wo ne w’abusua ho ban denam hwɛ a wobɛhwɛ ahu sɛ w’atetesɛm ahorow ne Onyankopɔn Asɛm kronkron a ɛyɛ nokware no hyia so.—Dwom 19:8-11; Mmebusɛm 14:15; Asomafo no Nnwuma 17:11.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ saa nkyerɛkyerɛ no nni nnyinaso biara Bible no mu a, hwɛ Reasoning From the Scriptures mu. Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc, na wotintimii.
[Kratafa 7 mfonini]
Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no te sɛ asubɔnten a nsu pa a emu tew wom