Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 12/1 kr. 8
  • “Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Ɛsɛ Sɛ Nokware Kristofo Nyinaa Yɛ Asɛmpakafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Woyɛ Ɔsɛmpakafo—Yɛ W’adwuma no Pɛpɛɛpɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Yehowa Adansefo—Nokware Asɛmpakafo
    Yɛn Ahenni Som—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 12/1 kr. 8

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

“Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma”

DƐN na ɔsɛmpakafo a obi bɛyɛ no kyerɛ? Asɛmfua no yɛ Hela asɛmfua eu·ag·ge·li·stesʹ a ɛsɛ asɛmfua eu·ag·geʹli·on a ɛkyerɛ “asɛmpa” no yiye asekyerɛ. Enti, ɔsɛmpakafo yɛ asɛmpa no ho sɛnkafo, anaa ɔsomafo.

Nokware Kristofo nyinaa yɛ asɛmpakafo efisɛ wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa. Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, ɔsomafo Paulo tuu Timoteo fo sɛ ‘ɔnyɛ ɔsɛmpakafo adwuma.’ Ná ɛsɛ sɛ Timoteo bu saa adwuma yi aniberesɛm. Paulo hyɛɛ no nkuran sɛ ‘ɔmma n’ani nna hɔ ade nyinaa mu’ na ‘onwie ne som no koraa.’—2 Timoteo 4:5.

Sɛ́ asɛmpakafo no, yɛn nso yebu yɛn som no aniberesɛm na ‘yɛma yɛn ani da hɔ,’ anaa yɛyɛ krado de hokwan biara a yebenya ka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Ɛdenam ɛno so no, nnipa pii abehu Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow bere a wɔne Yehowa Adansefo bɔɔ nkɔmmɔ denam bɔnnɔ so adansedi so akyi no. Eyi na ɛtoo Seymore, ɔbarima bi a ɔwɔ Barbados no.

Ná Seymore kyerɛ ade wɔ aban sukuu bi mu. Charles a na ɔde bere fã kyerɛ ade wɔ sukuu koro no ara mu a na ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako no yɛ ɔsɛmpakafo a n’ani da hɔ. Ná ɔyɛ bere nyinaa somfo, anaa ɔkwampaefo, a na ɔde hokwan biara a onya no ka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Ɛnam Charles bɔnnɔ so adansedi so na Seymore tee Ahenni asɛm no bere a edi kan.

Ankyɛ na Seymore nso sii ne bo sɛ ɔbɛka Bible mu nokware no akyerɛ nnipa dodow biara a obetumi. Ofii ase ne nnipa a wɔwɔ n’adwuma mu, titiriw asukuufo no bɔɔ nkɔmmɔ wɔ bɔnnɔ so. Ɛwom sɛ aman bi mu no, ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nyamesom wɔ aban sukuu mu de, nanso wɔpaw saa barima yi sɛ ɔnkyerɛkyerɛ nyamesom ne abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow. Nanso seesei de, Seymore de Bible mu nimdeɛ a wanya no foforo no asi adwene dedaw a na okura wɔ saa nsɛm yi ho no ananmu. Enti edu ahomegye bere a, na ɔka Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo ho ne daa nkwa ho anidaso no ho asɛm kyerɛ ne sukuufo no.

Mmofra no yɛɛ wɔn ade dɛn? Wɔn mu pii kyerɛɛ nokware anigye wɔ Yehowa Ahenni ho asɛmpa no ho. Bere kɔ so no, Seymore ne ne sukuufo no mu 13 fii Bible adesua ase. Ná wɔn anigye no mu yɛ den araa ma wɔhyehyɛe sɛ wobesua Bible no mprenu dapɛn biara. Awiei koraa no, wɔn mu dodow no ara fii ase kɔɔ Kristofo nhyiam wɔ hɔnom Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Ɛde besi nnɛ no, wɔn mu baakron abɛyɛ Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so na wɔabɔ wɔn asu. Seymore de, seesei ɔyɛ ne som adwuma no koraa denam som a ɔresom sɛ daa ɔkwampaefo ne ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ Barbados no biako mu no so.

Eyi yɛ sɛnea Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa ‘yɛ asɛmpakafo adwuma’ no fã bi denam bɔnnɔ so adansedi so ho nhwɛso biako pɛ. Wotie Bible afotu a yehu wɔ Kolosefo 4:5, 6, a ese: “Monnantew nyansam wɔn a wɔwɔ akyiri no fam, na monhwɛ mo adagyew so yiye. Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara” no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena