Wowɔ Ɔma Honhom?
WOAHU sɛ honhom a ɛkanyan nkurɔfo ma wɔkyɛ ade no nyɛ biako pɛ? Akyɛde betumi akyerɛ ɔdɔ, ayamye, ne anisɔ a wɔda no adi. Nanso wonhyɛɛ no nsow sɛ obi nso betumi afi ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obenya afoforo anim dom mu akyɛ ade? Anaasɛ obefi nkate a ɔwɔ sɛ ɛsɛ sɛ ɔkyɛ ade mu de ama ara kwa anaa esiane biribi a ɔdemafo no pɛ sɛ ne nsa ka nti na ɔyɛ saa.
Ebia akyɛde no wɔ boaa bi a wɔde hama fɛfɛ bi abom mu. Nanso ɛnyɛ nokware sɛ nhwiren siaw a wɔde kyɛ, aduan a wosiesie, anaa ayamye ade nso betumi ayɛ akyɛde pa? Nokwarem no, akyɛde a wɔtaa kyerɛ ho anisɔ sen biara ne obi ho a ɔde bɛma.
Obi Wɔ Hɔ a Wohwehwɛ N’anim Dom?
Ɛyɛ ade a ɛtaa si sɛ obi bɛkyɛ obi a ɔhwehwɛ n’anim dom ade. Wɔ nsase bi so no, aberante a ɔpɛ sɛ ababaa bi a ɔbɛware no daakye de ne koma ma no no brɛ no nhwiren. Nanso ɔbea a onim nyansa no hu nea ɛwɔ akyɛde no akyi. Osusuw ho sɛ ebia ɔdɔ a ɛbɛma aberante no ayɛ okunu pa nso na ɛwɔ adwene a ɛwɔ adekyɛ no akyi anaa. Sɛ adwempa na wɔde kyɛ ade a ɛte saa a, ebetumi de anigye kɛse abrɛ ɔdemafo no ne nea ɔmaa no ade no nyinaa.
Bible no ka bere bi a Nabal yere Abigail yɛɛ ntɛm fii ayamye mu siesiee akyɛde kɔmaa Dawid a na onim sɛ Onyankopɔn apaw no sɛ Israel daakye hene no ho asɛm. Ɔno nso hwehwɛɛ obi anim dom. Ná ne kunu asopa Dawid na na waka Dawid mmarima no anim denneennen. Dawid dii mmarima akofo 400 anim siim kɔe sɛ wɔrekɔsɛe Nabal ne ne fiefo. Abigail de ne ho gyee mu, na ntɛm ara na ofi ayamye mu de aduan kɔmaa Dawid sɛ ɔmfa mma ne mmarima no. Ɔno ankasa dii n’akyɛde no akyi kɔɔ hɔ, na bere a ofi ahobrɛase mu paa nea ne kunu ayɛ ho kyɛw akyi no, ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ nhumu kɛse bere a ɔne Dawid susuw nsɛm ho no.
Ná ɔwɔ botae pa, na ade pa fii mu bae. Dawid gyee n’akyɛde no toom ka kyerɛɛ no sɛ: “Foro kɔ wo fi asomdwoe mu, hwɛ, matie wo, na mahwɛ w’anim.” Akyiri yi a Nabal wui no, Dawid kae sɛ ɔbɛware Abigail mpo, na ɔde anigye penee so.—1 Samuel 25:13-42.
Nanso, wɔ tebea horow bi mu no, ebia animdom a obi bɛhwehwɛ no de nnipa animhwɛ anaa ntɛnkyea mpo bɛba. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, akyɛde no bɛyɛ adanmude. Ɔdemafo no susuw sɛ obenya mfaso, nanso ɛmma onnya asomdwoe. Asiane wɔ hɔ bere nyinaa sɛ afoforo behu, na wɔama no abu nea ɔreyɛ no ho akontaa. Sɛ nea ɔyɛɛ saa no nsa ka mmoa a ɔhwehwɛ no mpo a, ebia obehu sɛ seesei obenya din sɛ obi a n’akwan mu yɛ hu. Bible no bɔ kɔkɔ wɔ akyɛde a ɛte saa ho de da Onyankopɔn nyansa adi.—Deuteronomium 16:19; Ɔsɛnkafo 7:7.
Akyɛde no Fi Koma a Ɛpɛ Mu?
Akyinnye biara nni ho—obi a wodɔ no a wokyɛ no ade esiane sɛ wopɛ sɛ woyɛ nti, de anigye pii brɛ wo sen sɛ wobɛkyɛ no ade esiane sɛ afoforo ma wususuw sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nti.
Ɛdefa nneɛma ano a na wɔreboaboa akɔboa mfɛfo Kristofo a wohia honam fam mmoa ho no, ɔsomafo Paulo de ɔma a ɛfata ho nnyinasosɛm a ɛkyɛn so sisii hɔ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 8:12; 9:7) Enti, dodow no ara gyina wo so. Sɛ́ anka wobɛbɔ bosea de akyekyɛ ade pii no, woyɛ wo so ne wo de? Sɛ́ anka wobɛma apontow anaa aguadi ho nkɛntɛnso titiriw ahyɛ wo ma woakyɛ ade no, woyɛ nea woasusuw wo komam? Paulo kyerɛw faa tete Kristofo a wɔde Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛtete saa dii dwuma no ho sɛ: “Wɔkotɔ srɛɛ yɛn pii sɛ yennye ɔsom a wɔsom ahotefo no mu dom ne ayɔnkofa.”—2 Korintofo 8:4.
Nea ɛne ɛno bɔ abira no, Royal Bank Letter a wɔyɛɛ no November/December 1994 mu no ka faa adapɛn a edii Buronya anim no ho sɛ: “Wobetumi abu afahyɛ no sɛ ɛyɛ anigye tebea a ɛkanyan aguadi ho anigye de hyɛ adetɔfo nkuran ma wɔtɔ nneɛma a anka wɔrentɔ.” Sɛ wofiri nneɛma no a, ɛbere no du a ɛsɛ sɛ wotua ho ka a, ebunkam anigye biara a wonya fii adekyɛ no mu so.
Nea Wudwen Ho Titiriw—Bere No? Anaa Ɔdɔ a Wobɛda no Adi?
Wuhu sɛ mpɛn pii no, wokyɛ ade esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ mmere no hwehwɛ sɛ woyɛ saa nti? Sɛ saa a, wohwere anigye pii a ɔpɛ mu a wofi kyɛ ade betumi de aba no.
Nnipa pii wɔ hɔ a wɔn ani nnye akyɛde a ɛba nna pɔtẽẽ bi no ho. Ɛna bi a ɔsan yɛ nhomakyerɛwfo gye toom sɛ ne mma nyaa adifudepɛ su bere a da a nkurɔfo hwɛ akyɛde kwan rebɛn no. Ogye toom sɛ akyɛde fɛfɛ ho anigye a ɔwɔ no sɛee efisɛ na n’ani da biribi foforo so. Amanneɛbɔ pii kyerɛ sɛ nnapɔnna a wodi afahyɛ ahorow wom na wɔkyekyɛ ade no san yɛ mmere a nnipa pii nya adwenemhaw na wɔbow nsa.
Bere a nnipa nneyɛe ho ɔbenfo bi a wɔafa n’asɛm aka wɔ The New York Times mu hui sɛ ɛtɔ mmere bi a adekyɛ a wosi so dua wɔ dapɔnna no haw mmofra no, ɔhyɛ nyansa sɛ: “Susuw ho sɛ wobɛkyɛ ade wɔ nna foforo mu, na fa saa kwan no so tew adwennwene so.” Wususuw sɛ biribi pa bi betumi afi mu aba?
Tammy a wadi mfe 12 a ɔwɔ abusua bi a wonni Buronya ne awoda mu no kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ anigye sɛ wubenya akyɛde bere a wonhwɛ kwan koraa.” Ɔkae sɛ sɛ́ anka n’awofo bɛkyɛ no ade pɛnkoro anaa mprenu pɛ afe mu no, wɔkyɛ ɔne ne nuabarima ade afe no nyinaa mu. Nanso biribi wɔ hɔ a ɛho hia no sen saa akyɛde no. Sɛnea ɔka no, “Mewɔ abusua asetra a ɛyɛ anigye.”
Secrets of Strong Families nhoma no ka no pefee sɛ: “Yɛn mu dodow no ara sɛe bere ne sika mpɛn pii wɔ afe no mu de tɔ akyɛde pa wɔ awoda, afahyɛ, anaa nnapɔnna ho ma nnipa a yɛdɔ wɔn. Akyɛde a ɛsen biara a yɛde bɛma no nnye sika. Na ɛho nhia sɛ wokyekyere ho. Te sɛ nnipa dodow no ara no, sɛ wugye di sɛ wo nkwa ne ade a ɛsom bo sen biara a wowɔ a, ɛnde akyɛde a ɛsom bo sen biara a wubetumi de ama ne wo nkwa no bi. Yɛde saa akyɛde a ɛsom bo no ma bere a yedi bere kakraa bi wɔ yɛn adɔfo ho no.”
Wubetumi ama saa akyɛde no asõ wɔn a wɔnyɛ w’abusuafo nso so. Ɔpɛ mu a wufi ma ade de di afoforo ahiade a woahyɛ no nsow ho dwuma no betumi ama woanya abotɔyam soronko bi. Yesu Kristo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yemfi ɔdɔ mu nna tema a ɛte saa adi nkyerɛ ahiafo, mpakye, ne anifuraefo, na ɔde kaa ho sɛ: ‘Wubenya nhyira; efisɛ wonni nea wɔde betua wo so ka.’—Luka 14:12-14.
Nnansa yi, Rockland Journal-News (U.S.A.) bɔɔ ɔma a ɛte saa ho amanneɛ. Bere a ɔbea nifuraeni bi a ne mfe akɔ anim dan dwiriw gui no, ne nnamfo sii dan foforo maa no. Nnwumayɛkuw pii a wɔwɔ hɔ no maa no akyɛde, na aban adwumayɛkuw bi maa no sika. Atesɛm krataa no kae sɛ: “Nanso, nea ɛho hia sen saa no, nnipa 150 anaa nea ɛte saa, a wɔn mu dodow no ara wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Haverstraw mu no tuu bere sii hɔ de sii dan no.”
Ɛtoaa asɛm no so sɛ: “Ná wɔaboa nneɛma pii ano agu apon a nnuan ayɛ so mã ho wɔ beae a wɔresi dan no. Adwumayɛfo no de nnanu sii ɔdan a abusua abien betumi atra mu, a ɛtoa so abiɛsa. . . . Wonim Yehowa Adansefo sɛ wotumi si adan ntɛm. . . . Nanso, ahoɔhare a ɛte saa a wɔde yɛɛ adwuma no ne tra a ɔdan no bɛtra hɔ daa no bɔ abira: sɛ wobefi ɔdɔ mu ayɛ adwuma a ɛbɛkyɛ. Ɛwom sɛ Awuraa Blakely ntumi nhu ne fie foforo no de, nanso obetumi de ne nsa aka, na onim sɛnea ahofama adeyɛ yi aka ne koma afa.”
Ayamye Honhom a Wɔda no Adi Afe no Nyinaa Mu
Wɔn a wɔwɔ nokware ayamye honhom no ntwɛn mmere titiriw bi. Wɔn asetra nnyina ahopɛ so ara kwa. Sɛ wonya ade pa bi a, wɔn ani gye sɛ wɔne afoforo bɛkyɛ. Eyi nkyerɛ sɛ wɔhyɛ wɔn ho kyɛ ade. Ɛnkyerɛ sɛ wɔkyɛ afoforo ade ara ma wɔn abusuafo ho kam. Ɛnkyerɛ sɛ wɔkyɛ ade bere a wonsusuw nea ɛde bɛba nea wɔrema no ade no so ho. Nanso, wɔyɛ nkurɔfo a ‘wɔma,’ sɛnea Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ no.—Luka 6:38.
Wonim nnamfo ne afipamfo a wɔn mfe akɔ anim, wɔyare, anaasɛ wohia nkuranhyɛ wɔ ɔkwan foforo so no tebea. Wɔn “akyɛde” no betumi ayɛ ɔkwan a wɔde wɔn tu kɔ adetɔnbea anaa boa a wɔboa wɔn wɔ ofie nnwuma mu. Ebetumi ayɛ nnyina mu a wotwitwa anaa sukyerɛmma a wɔwaewae ma wɔn. Ebetumi ayɛ aduan a wɔanoa kakraa bi anaa dɔnhwerew koro bi a wɔde bɛsra wɔn ne wɔn abom akenkan ade. Ebia wɔn ankasa nni adagyew wɔ asetra mu, nanso ɛnyɛ nea ɛmma wontumi mmoa afoforo. Wofi osuahu mu ahu sɛ nokwarem no, “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.
Nokwarem no, Ɔdemafo a ɔsen biara ne, yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn. “[Ɔma] nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:25) Ɔma yehu n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma nsɛmmɔnedi, ɔyare, ne owu aba awiei, na wayɛ asase yi paradise no wɔ Bible mu. (Dwom 37:10, 11; Adiyisɛm 21:4, 5) Sɛ wɔn a wɔwɔ ayamye honhom no sua eyi ho ade a, wɔmfa saa asɛmpa no nhyɛ wɔn ho. Anigye a ɛsen biara a wonya no mu biako ne sɛ wɔbɛka akyerɛ afoforo. Nokwarem no, wɔn de no yɛ ɔma honhom a ɛfata. Ɛno ne honhom a woreda no adi?
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Akyɛde a ɛsom bo sen biara no bi nnye sika