Yehowa Annyaw Yɛn Da
SƐNEA NASHO DORI KA KYERƐE
Mbreshtan yɛ akuraa ketewa bi a ɛwɔ bepɔw so wɔ Albania kesee fam, beae bi a ɛbɛn Greece. Ɛhɔ na wɔwoo me wɔ 1907 mu. Bere a midii mfe anum no, mifii ase kɔɔ Greecefo sukuu bi, nanso bere a Italia asraafo tuu Albania so sa wɔ Wiase Ko I mu no, me sukuukɔ no baa awiei. Wɔ ɔko no akyi no, mesan kɔɔ sukuu bio nanso na ɛyɛ Albania kasa mu de.
ƐWOM sɛ na m’awofo ani nnye nyamesom ho papa de, nanso wodii Albania Ortodɔks Asɔre no atetesɛm so. Na me nanabarima yɛ ɔsɔfo wɔ Mbreshtan, enti meyɛɛ adwuma wɔ asɔre no mu, na mihuu nea ɛkɔɔ so wɔ hɔ. Na ɛte sɛ nea mfaso biara nni ɔsom mu amanne ahorow no so, na nyaatwomyɛ no haw me.
Bere a na m’awofo redi ɛhɔnom amammerɛ so no, wɔpaw ababaa bi maa me sɛ menware no. Na Argjiro fi akuraa bi a ɛbɛn, Grabova mu, na yɛwaree wɔ 1928 mu, bere a na wadi mfe 18.
Bible mu Nokware a Misuae
Bɛyɛ saa bere no na minwiinwii Ortodɔks Asɔre no ho kyerɛɛ me nua bi a na ofi United States abɛsra yɛn no. Ɔkae sɛ: “Wɔ Amerika, me fie nkyɛn no, nnipakuw bi wɔ hɔ a wonni asɔre nanso wosua Bible.” M’ani gyee Bible a wosua na wonni asɔre no ho. Enti, mesrɛe sɛ wɔbɛbrɛ me Bible nhoma bi a.
Me werɛ fii nkɔmmɔ a yedii no koraa kosii bɛyɛ afe akyi, bere a me nsa kaa amenade bi fii Milwaukee, Wisconsin. Na nhoma a ɛne The Harp of God a ɛwɔ Albania kasa mu ne Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ Greece kasa mu hyem. Mede m’ani faa nhoma no mu, na mihuu sɛ wɔka nokware asɔre no ho asɛm bi wom. Ɛno haw me. Mekaa no me tirim sɛ: ‘Me ne asɔre nni hwee yɛ.’ Enti mankenkan nhoma no fefeefe.
Wɔ 1929 mu no, mede me ho kɔhyɛɛ sraadi mu na wɔde me kɔɔ Tiranë, Albania ahenkurow no mu. Ɛhɔ na mihyiaa Stathi Muçi a na ɔrekenkan Greece kasa mu Bible. Mibisae sɛ: “Wokɔ asɔre?” Obuae sɛ: “Dabi. Magyae asɔre no. Meyɛ Amanaman Ntam Bible Asuafo no mu biako.” Me ne ɔsraani foforo ne Stathi kɔɔ asafo nhyiam bi Kwasida. Ɛhɔ na mihui sɛ nokware asɔre no nyɛ ɔdan anaa ɔsom bi, na mmom ɛyɛ Kristo asomfo a wɔasra wɔn na wɔwom. Afei metee nea na The Harp of God reka no ase.
Ná Nasho Idrizi ne Spiro Vruho fi United States aba Albania wɔ 1920 mfe no mfinimfini mu hɔ, na na wɔretrɛw Bible mu nokware ahorow a wɔasua wɔ hɔ no mu. Me ne Bible Asuafo kakraa bi a na wɔwɔ Tiranë no fii ase kɔɔ asafo nhyiam horow. Ankyɛ na mibehui pefee sɛ mahu Yehowa ahyehyɛde no. Enti wɔbɔɔ me asu wɔ asubɔnten bi a ɛbɛn hɔ mu wɔ August 4, 1930 mu.
Ɛno akyi no, mesan kɔɔ Mbreshtan kɔtoaa me mpaboayɛ adwuma no so. Nanso nea ɛho hia titiriw no, mifii ase kaa Bible mu nokware ahorow a na masua no kyerɛɛ afoforo nso. Na meka kyerɛ wɔn sɛ: “Yesu Kristo nte sɛ ahoni a ɛwɔ asɔre mu no. Ɔte ase!”
Yɛka Asɛm no a Ɔsɔretia Mfa Ho
Ahmed Bey Zogu betuu aban no gui wɔ 1925 mu, ɔyɛɛ ne ho Ɔhene Zog I wɔ 1928 mu, na odii ade kosii 1939. Ne soafo a na ɔhwɛ hokwan ahorow a nnipa wɔ ho nsɛm so penee yɛn Kristofo adwuma no so. Nanso, yehyiaa nsɛnnennen. Ɛbaa saa efisɛ na Musa Juka, ɔsoafo a na ɔhwɛ ɔman no mu nsɛm so no ne pope a ɔwɔ Rome no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Juka hyɛe sɛ wɔmpene ɔsom ahorow abiɛsa pɛ so—Nkramo, Ortodɔks, ne Roma Katolek. Polisifo bɔɔ mmɔden sɛ wobegye yɛn nhoma na wɔasiw yɛn asɛnka no ano, nanso wɔantumi.
Wɔ 1930 mfe no mu no, na metaa kɔ Berat, Albania kurow kɛse bi, baabi a na Mihal Sveci fi hɔ kyerɛ yɛn asɛnka adwuma no kwan no. Yɛyɛɛ nhyehyɛe tutuu akwan kaa asɛm wɔ ɔman no mu nyinaa. Wɔmaa me kɔɔ Shkodër bere bi kodii adapɛn abien, na mitumi maa nhoma pii. Wɔ 1935 no, yɛn mu dodow bi faa bɔs tuaa ka kɔkaa asɛm wɔ Këlcyrë. Afei yɛyɛɛ asɛnka ho akwantu kɛse bi ho nhyehyɛe kɔɔ Albania nkurow a ɛne Përmet, Leskovik, Ersekë, Korçë, Pogradec, ne Elbasan mu. Yewiee akwantu no bere ano wɔ Tiranë kodii Kristo wu Nkae no.
Honhom fam aduan a yenyae no boaa yɛn ma yɛyɛɛ den honhom mu, enti yɛante nka da sɛ wɔagyaw yɛn. Efi 1930 kosi 1939 no, me nsa kaa Greece kasa mu Ɔwɛn-Aban daa. Na ɛyɛ me botae nso sɛ anyɛ yiye koraa no mede dɔnhwerew biako bɛkenkan Bible no da biara da, na mede bɛyɛ mfe 60 yɛɛ saa ansa na m’ani resɛe. Nnansa yi ara na wɔrenya Bible mũ no nyinaa wɔ Albania kasa mu, enti ɛyɛ me anigye sɛ misuaa Greece kasa wɔ me mmofraase. Albania Adansefo foforo a wɔtraa ase kan nna no mu nso suaa Greece kasa akenkan, na ama wɔn nso atumi akenkan Bible mũ no nyinaa.
Wɔbɔɔ Argjiro asu wɔ 1938 mu. Ebeduu 1939 no na yɛawo yɛn mma du no mu baason. Nea ɛyɛ awerɛhow no, yɛn mma baason a wodi kan no mu baasa wuwui bere a na wosusua no.
Wiase Ko II no Mu Ahohia
Wɔ April 1939 mu, aka kakraa bi ma wɔafi Wiase Ko II ase no, Italy Fasist asraafo tow hyɛɛ Albania so. Ɛno akyi bere tiaa bi na wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma no, nanso yɛn kuw ketewa a na Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 50 na ɛwom no kɔɔ so kaa asɛm no. Wogyee yɛn nhoma ne nhomawa bɛyɛ 15,000 sɛee no wɔ Wiase Ko II no mu.
Jani Komino ma wosii adekoradan kɛse bi a yɛde nhoma siee mu toaa ne fie so. Bere a Italia asraafo no hui sɛ wotintimii nhoma no wɔ United States no, ɛhaw wɔn. Wɔkae sɛ: “Moyɛ wɔn a wɔsɛe nkurɔfo adwene! United States nni Italy afã!” Wɔkyeree anuanom nkumaa a wɔyɛ nnam, Thomai ne Vasili Cama, na bere a wohui sɛ nhoma a na wɔrekyekyɛ no fi Komino hɔ no, wɔkyeree ɔno nso. Ankyɛ na polisifo frɛɛ me kobisabisaa me nsɛm.
Wobisae sɛ: “Wunim saa mmarima yi?”
Mibuae sɛ: “Yiw.”
“Wo ne wɔn yɛ adwuma?”
Mibuae sɛ: “Yiw. Yɛyɛ Yehowa Adansefo. Yɛnko ntia aban ahorow no. Yenni obiara afã.”
“Woakyekyɛ saa nhoma yi?”
Bere a miyii ano sɛ ɛte saa no, wɔde aban nkawa guu me nsa, na wɔde me too afiase July 6, 1940. Mekɔkaa nnipa baanum a wofi m’akuraa—Josef Kaci, Llukan Barko, Jani Komino, ne Cama anuanom baanu no ho wɔ hɔ. Bere a na yegu afiase no, yehyiaa Adansefo baasa—Gori Naçi, Nikodhim Shyti, ne Leonidas Pope. Wɔde yɛn baakron no nyinaa koguu afiase dan bi a na ne ntrɛwmu yɛ mita 1.8 na ne tenten mu yɛ mita 3.7 mu!
Nna kakraa bi akyi no, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu yɛn boom de yɛn kɔɔ kurow Përmet mu. Asram abiɛsa akyi no woyii yɛn kɔɔ Tiranë afiase, na wɔma yedii asram awotwe wɔ hɔ kaa ho a wɔanni yɛn asɛm.
Awiei koraa no, wɔde yɛn kɔɔ asraafo asennibea. Wɔde me ne Onua Shyti guu mu asram 27, wɔmaa Onua Komino asram 24, na wogyaee afoforo no wɔ asram 10 akyi. Woyii yɛn kɔɔ Gjirokastër afiase, baabi a Onua Gole Flloko boae ma woyii yɛn wɔ 1943 mu. Eyi akyi no, yɛn abusua no kɔtraa Përmet kurow mu, baabi a mebɛyɛɛ ɛhɔ asafo ketewaa no hwɛfo.
Ɛwom mpo sɛ na wɔabara yɛn adwuma no, na na Wiase Ko II rekɔ so wɔ aman a atwa yɛn ho ahyia no mu de, nanso yɛkɔɔ so yɛɛ nea yebetumi de dii yɛn ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka Ahenni asɛm no so. (Mateo 24:14) Wɔ 1944 mu no na Adansefo a wɔn dodow si 15 na wogu afiase. Nanso, wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, yɛante nka da sɛ Yehowa agyaw yɛn.
Wɔsɔ Yɛn Hwɛ Wɔ Afã Biara a Yenni Ho Ɔsɛmpɔw No Ho
Ɛwom sɛ ɔko no baa awiei wɔ 1945 mu de, nanso yɛn haw ahorow no kɔɔ so, na emu kɔɔ so yɛɛ den mpo. Wɔhyɛɛ obiara sɛ ɔnto aba wɔ aba a wɔtowee wɔ December 2, 1946 no mu. Wobuu obiara a wantow bi no sɛ Ɔman no tamfo. Wɔn a wɔwɔ yɛn asafo no mu wɔ Përmet no fii ase bisae sɛ, “Dɛn na yɛnyɛ?”
Mibuae sɛ: “Sɛ mowɔ Yehowa mu ahotoso a, enhia sɛ mubisa me nea mobɛyɛ. Munim dedaw sɛ Yehowa nkurɔfo nni afã biara. Wɔnyɛ wiase no fã.”—Yohane 17:16.
Abatow da no dui, na aban asomafo baa yɛn fie. Wofii ase brɛoo sɛ, “Oo, momma yɛnnom kɔfe na yenni nkɔmmɔ. Munim da ko a ɛnnɛ yɛ?”
Mibuae sɛ: “Yiw, wɔretow aba nnɛ.”
Ɔpanyin biako kae sɛ: “Monyɛ no ntɛm na moanka akyi.”
Mibuae sɛ: “Menyɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛkɔ. Yɛtow aba ma Yehowa.”
“Eye, ɛnde mommɛtow aba mma wɔn a wonni aban afã no.”
Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa Adansefo nni afã biara koraa. Bere a wobehuu yɛn gyinabea yiye no, wɔde nhyɛso kɛse baa yɛn so. Wɔhyɛɛ yɛn sɛ yennyae yɛn asafo nhyiam horow no yɛ, enti yefii ase hyiae wɔ kokoam.
Yɛsan Kɔ Yɛn Akuraa
Me ne m’abusua san kɔɔ Mbreshtan wɔ 1947 mu. Ɛno akyi bere tiaa bi, December mu awiabere bi a ewim ayɛ nwini no, wɔfrɛɛ me kɔɔ Sigurimi (kokoam polisifo) adwumayɛbea. Ɔpanyin no bisae sɛ: “Wunim nea enti a mafrɛ wo no?”
Mibuae sɛ: “Misusuw sɛ woate nsɛm a wɔaka agu me so ntia. Nanso Bible ka sɛ wiase no bɛtan yɛn, enti ɛnyɛ me nwonwa sɛ wɔka nsɛm gu me so.”—Yohane 15:18, 19.
Oyii ano ntɛm so sɛ: “Nka Bible ho asɛm nkyerɛ me. Mɛbɔ wo ti afi so.”
Ɔpanyin no ne ne nkurɔfo no fii hɔ, nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ minnyina awɔw no mu wɔ adiwo hɔ. Bere tiaa bi akyi no, ɔsan frɛɛ me kɔɔ n’adwumayɛbea dan no mu hyɛɛ me sɛ minnyae asafo nhyiam a meyɛ wɔ me fie no. Obisae sɛ: “Nnipa baahe na wɔte w’akuraa?”
Mekae sɛ: “Ɔha aduonu.”
“Ɔsom bɛn mu na wɔwɔ?”
“Albaniafo Ortodɔks.”
“Na wo ɛ?”
“Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.”
“Nnipa ɔha aduonu nam ɔkwan biako so, na wo nso wonam foforo so?” Afei ɔhyɛe sɛ menkɔsosɔ kyɛnerɛ wɔ asɔredan no mu. Bere a mekae sɛ menyɛ no, ofii ase de abaa hwee me. Bɛyɛ anadwo dɔnkoro ansa na wɔregyae me koraa.
Wotwa Nhoma a Wɔde Brɛ Yɛn Mu
Wiase Ko II baa awiei akyi ansa na yɛn nsa refi ase aka Ɔwɛn-Aban afi amenae, nanso bere kɔɔ so no, wɔamfa nsɛmma nhoma no ammrɛ yɛn bio. Afei, anadwo bi, bɛyɛ nnɔndu no, kokoam polisifo no frɛɛ me. Wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsɛmma nhoma bi a ɛwɔ Greece kasa mu aba, na yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ nea ɛka ho asɛm nyinaa mu kyerɛ yɛn.”
Mekae sɛ: “Mente Greece kasa yiye. Me fipamfo bi na ɔte no yiye. Ebia obetumi aboa mo.”
Ɔpanyin bi kae sɛ: “Dabi, yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ eyi mu,” bere a oyii Ɔwɛn-Aban no bi a ɛwɔ Greece kasa mu no.
Mekae sɛ: “Oo, eyinom yɛ me dea! Nokwarem no, metumi akyerɛkyerɛ eyi mu. Moahu, saa nsɛmma nhoma yi fi Brooklyn, New York. Ɛhɔ na Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no wɔ. Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Nanso ɛte sɛ nea wodii mfomso wɔ address no ho. Na anka ɛsɛ sɛ wɔde saa nsɛmma nhoma yi brɛ me, ɛnyɛ mo.”
Wɔamfa nsɛmma nhoma no amma me, na efi saa bere no besi 1991, bɛboro mfe 40 akyi no, yɛn nsa anka Bible nhoma biara wɔ Albania. Wɔ saa mfe no nyinaa mu no, yɛn Bible nkutoo na yɛkɔɔ so de kaa asɛm no. Adansefo bɛyɛ 20 na na wogu afiase wɔ 1949 mu; wɔde ebinom guu mu mfe anum.
Ɔhaw Ahorow no Mu Yɛ Den
Wɔ 1950 mfe no mu no, wɔhyɛe sɛ nkurɔfo mfa nkrataa a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ asraafo no afã nhyɛ wɔn ho. Nanso Yehowa Adansefo amfa nkrataa a ɛte saa anhyɛ wɔn ho. Esiane eyi nti, me ne Onua Komino kɔdaa afiase asram abien bio.
Bere a na Ɔman no ma nyamesom ahorow bi hokwan no, yenyaa ahofadi kakra. Nanso, wɔ 1967 mu no, wɔbaraa nyamesom nyinaa maa Albania bɛyɛɛ ɔman a ennye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ koraa. Adansefo no kɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ asafo nhyiam horow, nanso ɛbɛyɛɛ den kɛse. Yɛn mu binom pam kotoku soronko bi wɔ yɛn ntade soro mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de Bible ketewaa bi asie mu. Afei na yɛkɔ wura bi mu kɔkenkan.
Wɔkyeree Adansefo a wɔwɔ Tiranë no, na wɔde wɔn mu baasa guu afiase mfe anum wɔ adwumayɛban ahorow a atew ne ho mu. Ne saa nti, wɔn mmusua huu amane. Wɔamfa yɛn a na yɛtete nkuraa nketewa a atew ne ho mu no ankɔ bi, efisɛ wobuu yɛn sɛ yɛn ho nyɛ hu ahe biara. Nanso afã biara a yenni no ma woyii yɛn din fii aduan kyekyɛ mu. Enti, asetra mu bɛyɛɛ den yiye. Afei nso, yɛn mma foforo baanu wuwui. Nanso yɛante nka da sɛ Yehowa agyaw yɛn.
Na atrɛw wɔ Albania. Na wɔtetɛw obiara, na kokoam polisifo no yɛɛ obiara a ɔbɛkyerɛ adwene bi a ɛne ɔmanyɔkuw a ɛredi tumi no de nhyia ho kyerɛwtohɔ. Enti yɛyɛɛ ahwɛyiye wɔ yɛn dwumadi no ho kyerɛwtohɔ a na yɛyɛ no ho. Na yentumi mmom nhyia sɛ kuw a emufo boro nnipa baanu anaa baasa nhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran honhom mu. Nanso, yɛannyae asɛnka da.
Sɛnea ɛbɛyɛ na kokoam polisifo no ama anuanom ani atan no, wɔkekae sɛ Ɔdansefo bi a ɔwɔ Tiranë a ɔwɔ din no yɛ ɔkwansrafo. Eyi maa ebinom abam bui, na ɛsɛee yɛn biakoyɛ no ɔkwan bi so. Esiane sɛ na yenni Bible nhoma a aba foforo biara, na yɛne Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no nnya nkitahodi biara nti, ehu dii yɛn mu kakra so.
Afei nso, atumfoɔ no kekae sɛ Spiro Vruho, Kristoni ɔpanyin bi a wobu no kɛse wɔ Albania, akum ne ho. Wɔkae sɛ: “Moahu, Vruho mpo apa abaw.” Ɛbɛdaa adi akyiri yi sɛ wokum Onua Vruho ankasa.
Wɔ 1975 mu no, me ne Argjiro kɔtraa yɛn babarima nkyɛn asram kakra wɔ Tiranë. Wɔ abatow bere mu no, kurow no mu atumfoɔ no nam ahunahuna so hyɛɛ yɛn sɛ: “Sɛ moantow aba a, yebegye mo babarima no adwuma afi ne nsam.”
Mibuae sɛ: “Me babarima yi ayɛ n’adwuma no mfe 25 ni. Mowɔ ɔne n’abusua ho kyerɛwtohɔ a edi mu. Bɛboro mfe 40 ni mentow aba. Saa nsɛm yi wɔ mo kyerɛwtohɔ ahorow mu. Sɛ ɛnte saa a, ɛnde na mo kyerɛwtohɔ no nyɛ papa. Sɛ ɛwɔ mo kyerɛwtohɔ mu a, ɛnde na moanni nokware amma ɔmanyɔkuw no sɛ moama no ayɛ adwuma mfe pii saa.” Bere a atumfoɔ no tee eyi no, wɔkae sɛ sɛ yɛsan yɛn akyi kɔ Mbreshtan a, ɛnde wobegyae asɛm no akyidi.
Nsakrae Ahorow a Ɛyɛ Nwonwa
Wɔ 1983 mu no, yetu fii Mbreshtan kɔtraa kurow Laç mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, katabaakofo no wui wɔ 1985 mu. Na wadi tumi fi 1946 abatow a edi kan a na ɔhyɛ wom no so. Bere kɔɔ so no, wobubuu ne nkaedum a na esisi Tiranë aguabirim ne Stalin de no gui.
Wɔ mfe du du pii a wɔbaraa yɛn dwumadi no mu no, wɔyɛɛ Adansefo bebree atirimɔdenne, na wokum ebinom. Ɔbarima bi ka kyerɛɛ Adansefo bi wɔ abɔnten so sɛ: “Wɔ Komunis bere so no, yɛn nyinaa paa Onyankopɔn. Yehowa Adansefo nkutoo na wodii no nokware, ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow ne ahohia pii no.”
Bere a wɔma yenyaa ahofadi pii no, nnipa baakron de wɔn Kristofo som adwuma ho akontaabu bae wɔ June 1991 mu. Wɔ June 1992 mu, ɔsram biako akyi wɔ bere a woyii bara a wɔabara yɛn no fii hɔ no, nnipa 56 de wɔn ho hyɛɛ asɛnka adwuma no mu. Saa afe no mfiase no, yedii ahurusi sɛ nnipa 325 baa Kristo wu Nkaedi no ase. Efi saa bere no nnipa a wɔkɔ asɛnka no dodow anya nkɔanim aboro 600, na nnipa a wɔn dodow si 3,491 baa Nkaedi no ase wɔ April 14, 1995 mu! Nnansa yi mfe mu no, manya anigye a ɛso nni sɛ mahu sɛ mmofra bebree aba yɛn asafo ahorow no mu.
Argjiro akɔ so adi nokware ama Yehowa, na wadi nokware ama me wɔ mfe bebree yi nyinaa mu. Bere a na meda afiase anaa meretutu akwan wɔ asɛnka adwuma no mu no, ɔde boasetɔ dii yɛn abusua no ahiade ahorow ho dwuma a wannwiinwii. Wɔbɔɔ yɛn mmabarima no biako ne ne yere asu wɔ 1993 mu. Ɛno maa yɛn ani gyei kɛse.
Mepɛ Onyankopɔn Ahenni Nkutoo
Ɛyɛ me anigye sɛ mahu sɛ Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ Albania no ayɛ biako na ɛrenya nkɔso wɔ honhom mu. Mete nka te sɛ akwakoraa Simeon a na ɔwɔ Yerusalem a wɔma onyaa hokwan huu Mesia a na wɔahyɛ ne ho bɔ bere tenten no ansa na ɔrewu no. (Luka 2:30, 31) Seesei sɛ wobisa me sɛ nniso bɛn na wopɛ a, meka sɛ: “Mempɛ Komunism anaa kapitalism. Sɛ́ asase no wɔ ɔmanfo nsam anaa ɔman no nsam no nyɛ ahiasɛm. Nniso ahorow pae akwan, twe anyinam nkanea kɔ nkuraa a ɛwowɔ akyirikyiri, na wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma kodu baabi. Nanso, Yehowa nniso, ne soro Ahenni no nkutoo ne ɔhaw ahorow a emu yɛ den a Albania ne wiase no fã a aka nyinaa hyia no ano aduru biako pɛ.”
Adwuma a Onyankopɔn asomfo reyɛ wɔ wiase nyinaa reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no nyɛ onipa biara de. Eyi yɛ Onyankopɔn adwuma. Yɛyɛ n’asomfo. Ɛwom sɛ yɛahyia ɔhaw bebree wɔ Albania, na wɔtew yɛn fii Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no ho de, nanso wannyaw yɛn da. Na ne honhom wɔ ha bere nyinaa. Ɔkyerɛɛ yɛn kwan wɔ anammɔn biara a yetui mu. Mahu eyi me nkwa nna nyinaa mu.