Yehowa—Nea Ɔdɔ Trenee ne Atɛntrenee
ABEAWA bi a ɔwɔ Sarajevo bisaa ne ho nea enti a ɛsɛ sɛ mmofra a wɔwɔ ne kurom hu amanne pii saa. Ɔka sɛ: “Yɛnyɛɛ hwee. Yɛn ho nni asɛm biara.” Mmaatan a wɔahaw a wɔwɔ Argentina akɔ prama bi a ɛwɔ Buenos Aires mfe 15 akɔyɛ ɔyɛkyerɛ de akasa atia aban no wɔ wɔn mma a wɔayera ho. Afrikani bi a wɔfrɛ no Emmanuel a na wɔakum ne maame ne ne nua mmea baasa yayaaya wɔ abusua ntam akodi mu no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ obiara nya n’akatua a ɛfata no . . . Yɛhwehwɛ atɛntrenee.”
Atɛntrenee yɛ Yehowa Nyankopɔn su atitiriw no mu biako. Bible no se: “N’akwan nyinaa yɛ trenee.” Ampa, Yehowa ‘dɔ asɛntrenee ne atɛntrenee.’ (Deuteronomium 32:4; Dwom 33:5) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛahu Onyankopɔn yiye no, ɛsɛ sɛ yɛte n’atɛntrenee su ase na yɛbɔ mmɔden suasua.—Hosea 2:19, 20; Efesofo 5:1.
Ɛkame ayɛ sɛ sɛnea nnipa susuw atɛntrenee ho no na anya yɛn adwene wɔ saa su yi ho so nkɛntɛnso. Wɔ wiase mmeae bi no, wɔtaa yɛ atɛntrenee ho mfonini sɛ ɔbea bi a wɔde ntama akata n’ani a okura afoa ne nsania wɔ ne nsam. Wɔka sɛ animhwɛ nni nnipa atɛntrenee mu, kyerɛ sɛ, ɛnhwɛ ahode anaa anuonyam. Ɛsɛ sɛ ɛkari nea wɔabɔ no sobo no hwɛ sɛ odi fɔ anaa odi bem. Ɛsɛ sɛ atɛntrenee de n’afoa no bɔ wɔn a wɔn ho nni asɛm no ho ban na ɛtwe abɔnefo aso.
Nhoma, Right and Reason—Ethics in Theory and Practice ka sɛ “wɔde atɛntrenee bata mmara, asɛyɛde, hokwan, ne dwumadi ahorow ho, na ɛde akatua ma pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛfata.” Nanso Yehowa atɛntrenee kɔ akyiri sen saa koraa. Yebetumi ahu eyi denam Yesu Kristo a ɔsɛ ne soro Agya yiye no su ne ne nneyɛe ahorow a yebesusuw ho no so.—Hebrifo 1:3.
Asɛmpa kyerɛwfo Mateo faa nsɛm a ɛwɔ Yesaia 42:3 no de dii dwuma wɔ Yesu ho sɛ: “Demmire a abukaw no, ɔremmu mu, na kanea ntamaa a ayɛ wusiwusi nso, ɔrennum, de akosi sɛ ɔbɛma atemmu adu nkonim mu.” Yesu kaa awerɛkyekye nsɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔte sɛ demmire a abukaw a na wɔatiatia so mpo no. Ná wɔte sɛ kanea ntamaa a ɛrefi wusiw, a aka kakraa bi ma wɔn nkwa tumi a etwa to no adum. Sɛ anka nsɛnkyerɛnne kwan so no, obebubu demmire a abukaw mu na wɔadum kanea ntamaa a ɛrefi wusiw no, Yesu huu abrɛfo mmɔbɔ, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, saa wɔn yare, na ɔmaa wɔtee Yehowa Nyankopɔn atɛntrenee ase yiye. (Mateo 12:10-21) Sɛnea Yesaia nkɔmhyɛ no ka siei no, atɛntrenee a ɛte saa kanyanee anidaso.
Mmɔborohunu ne Yehowa Atɛntrenee
Mmɔborohunu yɛ Onyankopɔn atɛntrenee no fã titiriw. Eyi bɛdaa adi bere a na Yesu wɔ asase so no. Ɔdaa Onyankopɔn atɛntrenee ne trenee gyinapɛn ahorow adi pɛpɛɛpɛ. Nanso, Yudafo akyerɛwfo ne Farisifo no nam mmara a wɔahyehyɛ no katee—a na pii fi wɔn ankasa—a wodi so akyi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho atreneefo. Ná wɔn mmara kwan so atɛntrenee no ntaa mfa mmɔborohunu nni dwuma. Ná Yesu ne Farisifo ntam akameakame pii gyina ɔsɛmpɔw yi so: Dɛn ne nokware atɛntrenee ne trenee?—Mateo 9:10-13; Marko 3:1-5; Luka 7:36-47.
Yesu yɛɛ sɛnea yɛne afoforo bedi no atɛntrenee ne trenee kwan so ho mfatoho. Bere bi ɔbarima bi a onim Mmara bisaa Yesu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na wanya daa nkwa. Wɔ mmuaema mu no, Yesu bisaa no asɛm bi na ɔkamfoo no bere a obuae sɛ mmara no mu atitiriw abien ne sɛ wode wo koma, wo kra, w’adwene ne w’ahoɔden nyinaa bɛdɔ Onyankopɔn na wɔadɔ wo yɔnko sɛ wo ho no. Afei ɔbarima no bisae sɛ: “Na hena ne me yɔnko?” Yesu de Samariani mmɔburohunufo no mfatoho a ɔkae no na ebuae.—Luka 10:25-37.
Samariani no mfatoho a Yesu kae no yɛɛ Yehowa trenee ne n’atɛntrenee a mmɔborohunu wom no ho nhwɛso. Ɛdenam ayamye mu a ofi boaa ɔbarima a wɔapira a na onnim no so no, Samariani no yɛɛ biribi a ɛteɛ, ɛfata, na ɛkyerɛ mmɔborohunu. Yesu ankasa daa honhom a ɛte saa adi bere a na ɔwɔ asase so no. Ná ɔyɛ ɔtreneeni a ɔnhwɛ nnipa anim. Bio nso, ɔde ne nkwa too hɔ maa nnipa a ahia wɔn, adesamma abɔnefo a wɔnyɛ pɛ a wohu amane, wɔyare na wowu. Ɔsomafo Paulo de trenee bataa agyede nsiesie no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea afobu nam obiako mfomso so baa nnipa nyinaa so no, sɛ nso nkwa bembu nam obiakofo trenee so, [anaa, “trenee biako,” NW ase hɔ asɛm] baa nnipa nyinaa so nen.” (Romafo 5:18) Ná saa “trenee biako” yi ne ɔkwan a Onyankopɔn nam so begye adesamma asoɔmmerɛwfo afi asiane a efii Adam bɔne mu bae na ɛho asodi nna wɔn so tee no mu.
Onyankopɔn atɛntrenee hwehwɛe sɛ ebegye adesamma abɔnefo na akura trenee gyinapɛn mu bere koro no ara. Sɛ́ anka obebu n’ani agu bɔne so no bɛyɛ nea ɛrenkyerɛ atɛntrenee ne ɔdɔ, efisɛ anka ɛbɛhyɛ mmarato ho nkuran. Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛ akatua anaa asotwe nkutoo na Onyankopɔn atɛntrenee de ma a, anka adesamma tebea bɛyɛ nea anidaso biara nnim. Sɛnea Bible kyerɛ no, “bɔne so akatua ne owu” na “ɔtreneeni biara nni hɔ, obiako po nni hɔ.” (Romafo 3:10; 6:23) Sɛ ade a ne bo yɛ den ma n’ankasa ne ne Dɔba no, Yehowa de bɔne ho mpata mae.—1 Yohane 2:1, 2.
Agyede no ma ɛda adi sɛ, wɔde ɔsoro atɛntrenee ne ɔdɔ a ɛwɔ nnyinaso (Hela, a·gaʹpe) bom di dwuma. Ampa, Onyankopɔn atɛntrenee fi ne trenee nnyinasosɛm mu na ɛba. Enti sɛ Onyankopɔn da no adi a, a·gaʹpe yɛ ɔdɔ a ɔsoro atɛntrenee gyina so. (Mateo 5:43-48) Enti sɛ yɛte Yehowa atɛntrenee ase ankasa a, yebenya n’atemmusɛm ahorow mu ahotoso koraa. Sɛ “nea obu asase nyinaa atɛn no,” bere nyinaa ɔyɛ nea ɛteɛ.—Genesis 18:25; Dwom 119:75.
Suasua Yehowa Atɛntrenee
Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensua Onyankopɔn.’ (Efesofo 5:1) Eyi kyerɛ sɛ yebesua n’atɛntrenee ne ne dɔ nso. Nanso esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yɛn akwan nkorɔn te sɛ Yehowa Nyankopɔn de. (Yesaia 55:8, 9; Hesekiel 18:25) Enti ɔkwan bɛn so na yebetumi ada yɛn ho adi sɛ nnipa a wɔdɔ trenee ne atɛntrenee? Ɛdenam “onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu” a yɛbɛhyɛ no so. (Efesofo 4:24) Afei, yɛbɛdɔ nea Onyankopɔn dɔ na yɛatan nea ɔtan. “Nokware trenee” kwati nsɛmmɔnedi, ɔbrasɛe, afide, ne ɔwae, efisɛ eyinom tia nea ɛyɛ kronkron. (Dwom 11:5; Efesofo 5:3-5; 2 Timoteo 2:16, 17) Onyankopɔn atɛntrenee kanyan yɛn ma yefi komam susuw afoforo ho nso.—Dwom 37:21; Romafo 15:1-3.
Bio nso, sɛ yɛkyerɛ mmɔborohunu a Onyankopɔn atɛntrenee yɛ no ho anisɔ a, ɛrenyɛ yɛn su sɛ yebebu yɛn honhom mu nuabarimanom ne nuabeanom ntɛn. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ate wɔn ase te sɛ Yehowa? So yɛremfa yɛn adwene a akyea no mmu wɔn ntɛn? Enti Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn. Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama no. Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua aniwa mu, na wo ankasa aniwa mu mpuran de, wunhu? Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma minyi duaa no mimfi w’aniwa mu, na hwɛ, mpuran wɔ w’aniwa mu? Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’aniwa mu kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi duaa no afi wo nua aniwa mu.” (Mateo 7:1-5) Yɛn ankasa sintɔ ahorow a yɛde nokwaredi bɛhwehwɛ mu no bɛma yɛakwati sɛ yebebu ntɛn a Yehowa bebu no sɛ adebɔne.
Asafo mu mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asɛyɛde sɛ wobu ntɛn wɔ bɔne a anibere wom ho. (1 Korintofo 5:12, 13) Bere a wɔreyɛ saa no, wɔkae sɛ, Onyankopɔn atɛntrenee hwehwɛ sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔda mmɔborohunu adi. Sɛ ɛho nhia—te sɛ bere a abɔnefo no nkyerɛ ahonu no—a wontumi nna mmɔborohunu adi. Nanso mpanyimfo no ntu ɔbɔnefo a ɔte saa no mfi asafo no mu, sɛ wɔde tua no so ka. Wɔhwɛ kwan sɛ, tu a wotu no kɛkɛ no bɛma wasan afi ne kwan so. (Fa toto Hesekiel 18:23 ho.) Wɔ Kristo tiyɛ ase no, mpanyimfo no som atɛntrenee kwan so, na “mframa ano hintabea” a wɔbɛyɛ nso ka ho. (Yesaia 32:1, 2) Ɛnde, ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ obiara anim, na wɔda ntease adi.—Deuteronomium 1:16, 17.
Mungu Aba Trenee Mu
Bere a yɛtwɛn Onyankopɔn trenee wiase foforo no, ɛsɛ sɛ ‘yɛhwehwɛ trenee’ na yɛanya ɔsoro mpeneso. (Sefania 2:3; 2 Petro 3:13) Wɔada saa adwene yi adi yiye wɔ nsɛm a ɛwɔ Hosea 10:12, yi mu: “Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade; monnɔw kwaeberentuw mfa, na adu bere a wɔde hwehwɛ Awurade akyi kwan, kosi sɛ ɔbɛba abɛtɔ trenee su ama mo.”
Wɔ yɛn da biara da asetra mu no, yenya hokwan pii a ‘yɛde begu aba trenee mu,’ sɛnea Yesu de Samariani mmɔborohunufo no yɛɛ ho mfatoho no. Yehowa bɛhwɛ sɛ ‘yebetwa adɔe so ade.’ Sɛ yɛkɔ so nantew ‘atɛntrenee kwan’ so a, yɛbɛkɔ so anya akwankyerɛ wɔ trenee mu wɔ Ahenni nniso ase. (Yesaia 40:14) Bere a bere kɔ so no, akyinnye biara nni ho sɛ, yɛbɛte ase yiye sɛ Yehowa dɔ trenee ne atɛntrenee.—Dwom 33:4, 5.
[Kratafa 23 mfonini]
Samariani mmɔborohunufo no yɛɛ Yehowa atɛntrenee ho nhwɛso
[Kratafa 23 mfonini]
Yesu huu abrɛfo a na wɔte sɛ demmire a abukaw no mmɔbɔ