Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 4/15 kr. 16-21
  • Nea Enti A Onyankopɔn Hyira Nokware Som

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti A Onyankopɔn Hyira Nokware Som
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aba Bɛn na Ɛsɛ sɛ Nokware Som Sow?
  • Ɛyɛ Ɔsom a Ɔdɔ Wom, Ɛnyɛ Nitan
  • Onyankopɔn Hyira Abrabɔ ne Nkyerɛkyerɛ a Ɛho Tew So
  • “Nokware no Bɛma Moanya Ahofadi”
  • Edin a Ɛda Nsow
  • Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nokware Som No A Yebehu
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Yɛn Ho A Yɛde Bɛhyɛ Ɔsom Kronn Mu Ama Nkwagye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Wo Som Sɔ Onyankopɔn Ani Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 4/15 kr. 16-21

Nea Enti A Onyankopɔn Hyira Nokware Som

“Munyi Yah ayɛ! Nkwagye ne anuonyam ne tumi no yɛ yɛn Nyankopɔn dea, efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.”—ADIYISƐM 19:1, 2, NW.

1. Ɔkwan bɛn so na Babilon Kɛse no bɛba n’awiei?

“BABILON KƐSE NO” ahwe ase Onyankopɔn anim, na ɛrebɛyera seesei. Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na amammuifo a wɔne wiase nyinaa nyamesom aguaman no bɔ aguaman no asɛe no; n’awiei bɛba prɛko ahoɔhare so. Na nkɔmhyɛ nsɛm yi ka adiyisɛm a Yesu de maa Yohane no ho: “Ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo bi a ɛte sɛ owiyammo kɛse so tow kyenee po mu sɛ: sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babilon akyene hwii ne no, na wɔrenhu bio koraa.”—Adiyisɛm 18:2, 21.

2. Yehowa asomfo bɛyɛ wɔn ade dɛn wɔ Babilon sɛe ho?

2 Satan wiase no mufo bi bɛbɔ Babilon Kɛse no sɛe ho abubuw, nanso akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn asomfo, wɔn a wɔwɔ soro anaa asase so, renyɛ saa. Anigye nteɛm a wɔde bɛma Onyankopɔn no bɛyɛ: “Munyi Yah ayɛ! Nkwagye ne anuonyam ne tumi no yɛ yɛn Nyankopɔn dea, efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ. Efisɛ wabu aguaman kɛse a ɔde n’aguamammɔ sɛee asase no atɛn, na wadi ne nkoa mogya ho were wɔ ne nsam.”—Adiyisɛm 18:9, 10; 19:1, 2, NW.

Aba Bɛn na Ɛsɛ sɛ Nokware Som Sow?

3. Nsɛmmisa bɛn na ehia sɛ yebua?

3 Esiane sɛ wɔbɛpopa atoro som afi asase so koraa nti, ɔsom bɛn na ɛbɛka? Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ nyamesom kuw a ɛbɛka wɔ Satan wiase atoro som ahemman no sɛe no mu nnɛ? Dɛn ne aba pa a ɛsɛ sɛ saa kuw yi sow? Anyɛ yiye koraa no, agyiraehyɛde du wɔ hɔ a wogyina so hu Yehowa nokware som.—Malaki 3:18; Mateo 13:43.

4. Nokware som ahwehwɛde a edi kan ne dɛn, na ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso?

4 Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo gyina tumidi a Yesu wu mae—n’Agya tumidi no—akyi. Yesu amfa ne nkwa anto hɔ amma amammui, abusuakuw, anaa asetra kwan biara. Ɔde n’Agya Ahenni dii Yudafo amammuisɛm anaa ɔman anidan ho adwene nyinaa kan. Ɔde nsɛm yi buaa Satan wɔ wiase tumi a ɔkae sɛ ɔde bɛma no no ho: “Fi me so, Satan! na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.” Ná ofi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nim sɛ Yehowa ne asase nyinaa so nokware Tumidifo no. Nyamesom kuw bɛn na wogyina Yehowa nniso nkutoo akyi sen sɛ wobegyina wiase yi amammui nhyehyɛe akyi?—Mateo 4:10; Dwom 83:18.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nokware asomfo bu Onyankopɔn din? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo di saa din no ni?

5 Ahwehwɛde a ɛto so abien ne sɛ ɛsɛ sɛ nokware som pagyaw Onyankopɔn din na ɛtew ho. Ade Nyinaa so Tumfoɔ no yii ne din, Yehowa (wɔkyerɛw no Yahwe wɔ Bible nkyerɛase ahorow bi mu), no adi kyerɛɛ ne nkurɔfo Israel, na wɔde adi dwuma mpɛn mpem mpem pii wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Ansa na saa bere no reba mpo no, na Adam, Hawa, ne afoforo nim edin no, ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wɔkyerɛɛ obu mae de. (Genesis 4:1; 9:26; 22:14; Exodus 6:2) Ɛwom sɛ Kristoman ne Yudafo nsɛm asekyerɛfo ayi Onyankopɔn din no afi wɔn Bible mu mpɛn pii de, nanso Yehowa Adansefo ama edin no agyina ne gyinabea a ɛfata na obu wom wɔ New World Translation of the Holy Scriptures no mu. Wodi saa din no ni, sɛnea Kristofo a wodi kan no yɛe no. Yakobo dii adanse sɛ: “Simeon aka sɛnea Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no mu nea edi kan kɔpaw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din. Na Adiyifo no nsɛm ne eyi hyia, . . . ‘sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a aka ne amanaman no, nnipa a wɔde me din frɛ wɔn no befi komam ahwehwɛ Yehowa, saa na Yehowa a ɔreyɛ nneɛma yi nyinaa se.’”—Asomafo no Nnwuma 15:14-17, NW; Amos 9:11, 12.

6. (a) Dɛn ne nokware som ahwehwɛde a ɛto so abiɛsa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu ne Daniel sii Ahenni nniso no so dua? (Luka 17:20, 21)

6 Nokware som ahwehwɛde a ɛto so abiɛsa ne sɛ ɛsɛ sɛ ɛma Onyankopɔn Ahenni so sɛ ɛno nkutoo ne nniso ho haw ahorow a adesamma hyia no ano aduru a ɛfata na edi mũ. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no pefee sɛ wɔmmɔ mpae sɛ saa Ahenni no mmra, na Onyankopɔn nniso mmedi asase so. Wɔde honhom kaa Daniel ma ɔhyɛɛ nna a edi akyiri ho nkɔm sɛ: ‘Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da aba na ebebubu wiase, amammui ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.’ Henanom na wɔde wɔn nneyɛe akyerɛ wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu sɛ wogyina saa Ahenni no akyi pintinn—Babilon Kɛse no som ahorow no anaa Yehowa Adansefo?—Daniel 2:44; Mateo 6:10; 24:14.

7. Nokware asomfo bu Bible no dɛn?

7 Ahiade a ɛto so anan a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nokware asomfo fa so ma Onyankopɔn ani sɔ wɔn ne sɛ wobegye Bible no atom sɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu. Enti wɔremmɛyɛ nkurɔfo a wɔkasa tia Bible no denneennen a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma abɛyɛ nnipa nhoma bi ara kɛkɛ, na wɔnam saayɛ so ama abɛyɛ sɛnea sintɔ ahorow wom. Yehowa Adansefo gye di sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu, sɛnea Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo no: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”a Enti, Yehowa Adansefo bu Bible no sɛ wɔn kwankyerɛfo, nhoma a ɛkyerɛ wɔn kwan wɔ da biara da asetram, ne wɔn anidaso nsuti ma daakye.—2 Timoteo 3:16, 17.

Ɛyɛ Ɔsom a Ɔdɔ Wom, Ɛnyɛ Nitan

8. Dɛn ne nokware som ahiade a ɛto so anum?

8 Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ne nokware akyidifo adi? Ne mmuae no de yɛn ba nokware som ho agyiraehyɛde a ɛto so anum a ɛho hia kɛse so. Yesu kae sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ne dɔ adi? Denam ne nkwa a ɔde mae sɛ agyede afɔre no so. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Dɛn nti na nokware dɔ yɛ su a nokware Kristofo hia? Yohane kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ fi Nyankopɔn mu, . . . Nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn ɛ, na Onyankopɔn ne dɔ.”—1 Yohane 4:7, 8.

9. Henanom na wɔada nokware dɔ adi, na wɔ ɔkwan bɛn so?

9 Henanom na wɔada saa dɔ yi adi wɔ yɛn bere yi mu, wɔ mmusuakuw anaa aman ntam nitan mpo mu? Henanom na wɔatumi adi nkonim wɔ sɔhwɛ a ɛkyɛn so no mu de akosi owu mu mpo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn dɔ bedi nim? Yebetumi aka sɛ ɛyɛ Katolek asɔfo ne mmea nkokorafo a wogye tom sɛ wonyaa kyɛfa bi wɔ okunkɛse a ɛkɔɔ so wɔ Rwanda wɔ 1994 mu no? Ɛyɛ Serbia Ortodɔksfo anaa Croatia Katolekfo a wɔde wɔn ho ahyehyɛ “mmusuakuw asetɔre” ne nneyɛe foforo a ɛmfata Kristofo mu wɔ Balkan ɔmanko no mu no? Anaasɛ ɛyɛ Katolekfo ne Protestantfo asɔfo a wɔama afoforo ho adwemmɔne ne nitan mu ayɛ den wɔ Northern Ireland mfe du du a abɛsen kɔ nnansa yi mu no? Akyinnye biara nni ho sɛ wontumi mmɔ Yehowa Adansefo sobo sɛ wɔde wɔn ho ahyehyɛ akodi bi a ɛte saa mu. Wɔahu amane wɔ afiase ne nneduaban mu de akosi owu mu mpo, sen sɛ wɔbɛpa wɔn Kristofo dɔ.—Yohane 15:17.

10. Dɛn nti na nokware Kristofo nnyina afã biara?

10 Ahiade a ɛto so asia ma ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani ne gyina a wonnyina afã biara wɔ wiase yi amammuisɛm mu. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ so yɛ wɔn a wonnyina afã biara wɔ amammuisɛm mu? Paulo, Yakobo, ne Yohane ma yɛn nnyinasosɛm a emu yɛ den wɔ saa gyinabea no ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ Satan ne “wi yi ase nyame” a ɔnam ɔkwan biara a obetumi anya, a amammuisɛm mu mpaapaemu ka ho, so refura wɔn a wonnye nni adwene ani no. Osuani Yakobo kae sɛ “wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn,” na ɔsomafo Yohane kae sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” Enti, nokware Kristoni ntumi nnyae n’ahofama ma Onyankopɔn no mu nsiesie denam Satan wiase a aporɔw no amammuisɛm ne tumidi no a ɔde ne ho bɛhyehyɛ mu so.—2 Korintofo 4:4; Yakobo 4:4; 1 Yohane 5:19.

11. (a) Kristofo bu ɔko dɛn? (b) Saa gyinabea yi ho Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ hɔ? (2 Korintofo 10:3-5)

11 Esiane ahwehwɛde abien a edi akyi a yɛaka ho asɛm no nti, nea ɛto so ason da adi pefee, ɛne sɛ, ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo de wɔn ho hyehyɛ akodi mu. Esiane sɛ nokware som no yɛ wiase nyinaa onuayɛ kuw a egyina ɔdɔ so nti, ɛnde biribiara ntumi mpaapae mu, anaa ɛnsɛe saa ‘anuanom kuw a wɔwɔ wiase nyinaa’ no. Yesu kyerɛkyerɛɛ ɔdɔ, ɛnyɛ nitan; asomdwoe, ɛnyɛ ɔko. (1 Petro 5:9; Mateo 26:51, 52) “Ɔbɔne” koro yi ara, Satan, a ɔkanyan Kain ma okum Habel no kɔ so de nitan hyɛ adesamma mu, na ɔnam amammuisɛm, nyamesom, ne mmusuakuw mu mpaapaemu so kanyan akodi ne mogyahwiegu. Nokware Kristofo ‘nsua akodi bio,’ ɛmfa ho nea ebefi saa a wɔbɛyɛ no mu aba biara no. Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔde wɔn ‘nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare’ dedaw. Wɔsow Onyankopɔn honhom asomdwoe aba no.—1 Yohane 3:10-12; Yesaia 2:2-4; Galatifo 5:22, 23.

Onyankopɔn Hyira Abrabɔ ne Nkyerɛkyerɛ a Ɛho Tew So

12. (a) Dɛn ne ahwehwɛde a ɛto so awotwe, nanso nyamesom mu mpaapaemu bɛn na wubetumi aka ho asɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo sii ahwehwɛde a ɛto so awotwe yi so dua?

12 Kristofo biakoyɛ ne nokware som ahwehwɛde a ɛto so awotwe. Nanso, Kristoman som ahorow a emu apaapae no mfaa eyi ho mmoa mmae de besi nnɛ. Nyamesom akuw a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ atitiriw no pii mu apaapae ayɛ akuw horow, na ɛde ntoto na aba. Fa Baptist som a ɛwɔ United States no sɛ nhwɛso, nea emu kyekyɛ bɛyɛɛ Kusuu fam Baptist (Amerika Baptist Asɔre ahorow a ɛwɔ U.S.A.) ne Kesee fam Baptist (Kesee fam Baptist Fekuw) no, ɛne Baptist akuw foforo pii a afi mpaapaemu no mu aba no. (World Christian Encyclopedia, kratafa 714) Nkyerɛkyerɛ a enhyia anaa asɔre mu tumidi no de mpaapaemu pii aba (sɛ nhwɛso no, Presby, Episkopal, Congregational). Mpaapaemu a ɛwɔ Kristoman mu ne ɔsom ahorow a enni Kristoman mu de di nsɛ—sɛ́ ɛyɛ Buddhasom, Nkramosom, anaa Hindusom no. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo a wodi kan no fo dɛn? “Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.”—1 Korintofo 1:10; 2 Korintofo 13:11.

13, 14. (a) Sɛ́ ‘wɔbɛyɛ kronkron’ no kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔtew nokware som ho?

13 Dɛn ne ahwehwɛde a ɛto so akron ma ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani? Wɔada Bible nnyinasosɛm bi adi wɔ Leviticus 11:45 sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.” Ɔsomafo Petro tii ahwehwɛde yi mu bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu.”—1 Petro 1:15; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

14 Dɛn na hia a ehia sɛ yɛyɛ kronkron saa yi kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo ma wɔn ho tew wɔ honhom fam ne abrabɔ mu. (2 Petro 3:14) Wɔmma abɔnefo a wɔhyɛ da yɛ bɔne na wonnu wɔn ho, a wɔnam wɔn abrabɔ so bu Kristo agyede afɔre no animtiaa no kwan. (Hebrifo 6:4-6) Yehowa hwehwɛ sɛ wɔma Kristofo asafo no ho tew na ɛyɛ kronkron. Ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ saa? Ne fã bi no, wɔnam asenni a wogyina so tu wɔn a wobegu asafo no ho fĩ no so.—1 Korintofo 5:9-13.

15, 16. Nsakrae bɛn na Kristofo pii ayɛ wɔ wɔn asetra mu?

15 Ansa na nnipa pii rebehu Kristofo nokware no, na wɔte ahohwibra, anigye ntraso, ne pɛsɛmenkominya mu. Nanso Kristo ho asɛm no sakraa wɔn, na wɔde wɔn bɔne afiri wɔn. Paulo kaa ho asɛm anibere so bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no. Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo.”—1 Korintofo 6:9-11; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

16 Ɛda adi sɛ Yehowa ani sɔ wɔn a wonu wɔn ho wɔ wɔn nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia ho, wɔsakra, na wɔbɛyɛ Kristo ne ne nkyerɛkyerɛ akyidifo anokwafo no. Wɔdɔ wɔn yɔnkonom sɛ wɔn ho ampa, na wɔda no adi wɔ akwan pii so, te sɛ kɔ a wɔkɔ so yɛ ɔsom adwuma a ɛma nkurɔfo a wotie nyinaa nya nkwagye asɛm no.—2 Timoteo 4:5.

“Nokware no Bɛma Moanya Ahofadi”

17. Dɛn ne nokware som ahwehwɛde a ɛto so du? Ma nhwɛso ahorow.

17 Ahwehwɛde a ɛto so du wɔ hɔ a Yehowa wɔ ma wɔn a wɔsom no honhom ne nokware mu no—nokware nkyerɛkyerɛ. (Yohane 4:23, 24) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moanya ahofadi.” (Yohane 8:32, NW) Bible mu nokware ma yenya ahofadi fi nkyerɛkyerɛ a egu Onyankopɔn ho fĩ, te sɛ ɔkra a enwu, hellgya, ne ahodwiragya ho. (Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10; Hesekiel 18:4, 20) Ɛma yenya ahofadi fi Babilon ahintasɛm a ɛne Kristoman “Baasakoro Kronkron a Ɛsen Biara” no ho. (Deuteronomium 4:35; 6:4; 1 Korintofo 15:27, 28) Bible nokware a yebetie no ma yɛbɛyɛ nnipa a wɔwɔ dɔ, wodwen afoforo ho, wɔn yam ye, na wɔwɔ mmɔborohunu. Nokware Kristosom nhyɛɛ atirimɔden asennifo awerɛtɔfo a wɔyɛ abufufafo te sɛ Tomás de Torquemada, anaa nitanfo ntɔkwapɛfo te sɛ popenom a wɔkanyan Mmeamudua Ho Akodi no nkuran da. Nanso, Babilon Kɛse no asow aba a ɛte saa wɔ abakɔsɛm nyinaa mu, anyɛ yiye koraa no, efi Nimrod bere so besi nnɛ.—Genesis 10:8, 9.

Edin a Ɛda Nsow

18. (a) Henanom na wodu nokware som ahwehwɛde ahorow du no ho, na wɔ ɔkwan bɛn so? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ ankorankoro na yɛanya nhyira a ɛda yɛn anim no?

18 Henanom na wodi saa nokware som ahwehwɛde du yi ho dwuma nnɛ? Henanom na afoforo nim wɔn na wobu wɔn esiane wɔn nokwaredi ne asomdwoe a wɔakɔ so adi akyi nti? Wiase nyinaa no, wonim Yehowa Adansefo sɛ ‘wɔnyɛ wiase no fã.’ (Yohane 15:19; 17:14, 16; 18:36) Wɔadi Yehowa nkurɔfo ni sɛ ne din da wɔn so na wɔyɛ n’Adansefo, sɛnea na Yesu Kristo nso yɛ n’Agya dansefo nokwafo no. Saa din kronkron no da yɛn so, na yɛma yɛn ani kũ yɛn asɛyɛde a ɛne sɛ yɛbɛtra ase sɛnea edin no kyerɛ no ho. Na sɛ́ n’Adansefo no, hwɛ anidaso a anigye wom a ɛda yɛn anim! Ɛkyerɛ sɛ yɛbɛka adesamma abusua asoɔmmerɛfo a wɔde biakoyɛ som Amansan Sodifo no wɔ paradise a wɔasan de asi hɔ wɔ asase so no ho. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya nhyira a ɛte saa no, momma yɛnkɔ so mfa yɛn ho mmɔ nokware som pefee, na yɛmma edin Yehowa Adansefo no nna yɛn so anigye so “efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ”!—Adiyisɛm 19:2; Yesaia 43:10-12; Hesekiel 3:11.

[Ase hɔ asɛm]

a Bible nkyerɛase ahorow no ankasa nyɛ nea efi Onyankopɔn home mu. Ebia sɛnea nkyerɛase ahorow bi te no bɛyɛ soronko wɔ ntease a ɛwɔ kasa horow ankasa a wɔde kyerɛw Bible no ho.

Wubebua Dɛn?

◻ Yehowa nkurɔfo bu Babilon Kɛse no sɛe dɛn?

◻ Dɛn ne nokware som ahwehwɛde atitiriw?

◻ Ɔkwan bɛn so na nokware no ma wunya ahofadi?

◻ Nidi soronko bɛn na yɛwɔ sɛ Yehowa Adansefo?

[Kratafa 17 mfonini ahorow]

Yehowa Adansefo reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, na wɔde rekyerɛkyerɛ

[Kratafa 18 mfonini]

Nokware Kristofo nnyinaa afã biara wɔ wiase amammuisɛm ne akodi mu da

[Asɛm Fibea]

Wimhyɛn: Hokwan no yɛ Ministry of Defense, London, de

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena