Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde
Abeawa Kumaa Bi a Ɔkasaa Akokoduru So
WƆ AFEHA a ɛto so du A.Y.B. mu no, Israel ne Siria ntam yɛɛ basaa. Na ɔko taa ba wɔn ntam araa ma sɛ mfe abiɛsa twam na basabasayɛ amma a, na wɔde aka abakɔsɛm kyerɛwtohɔ ho.—1 Ahene 22:1.
Wɔn a na wɔn ho yɛ hu kɛse saa bere no ne Siriafo asafo dɔm a emu bi wɔ asraafo ɔhaha pii no. Na saa akofo yi tua Israelfo no fow wɔn nneɛma, fa wɔn mu pii de wɔn yɛ nkoa—mmofra mpo.
Wɔ ntua biako mu no, wɔfaa “abaawa kumaa bi” ɔhyɛ so fii n’abusuafo a wosuro Onyankopɔn nkyɛn kɔe a wɔanhu no mmɔbɔ. (2 Ahene 5:2) Wɔde no kɔɔ Siria na wɔhyɛɛ no ma ɔtraa nnipa a ebia na wɔn ho bɛyɛ no hu ayɛ no nwonwa mu—nkurɔfo a na wɔsom owia, ɔsram, nsoromma, nnua, afifide, ne abo mpo. Hwɛ sɛnea na wɔyɛ soronko koraa wɔ n’abusua ne ne nnamfo a na wɔsom nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, no ho! Nanso, wɔ tebea soronko yi mpo mu no, abeawa yi daa akokoduru a ɛda nsow adi wɔ Yehowa som ho. Ne saa nti, ɔsakraa otitiriw bi a na ɔsom wɔ Siria hene ase asetra. Yɛnhwɛ sɛnea ɛbaa no.
Akokoduru a Ɔde Kasae
Wɔmmɔ abeawa kumaa no din wɔ Bible kyerɛwtohɔ no mu. Ɔbɛyɛɛ Ɔhene Ben-Hadad II no sahene a ne bo yɛ duru, Naaman, yere abaawa. (2 Ahene 5:1) Ɛwom sɛ na wobu Naaman yiye de, nanso na yarebɔne a ɛne kwata ayɛ no.
Gyama sɛnea abeawa no de obu yɛɛ n’ade no na ɛkaa Naaman yere ma ɔkaa ne kokoam asɛm kyerɛɛ no. Ebetumi aba sɛ ɔbea no bisaa abeawa no sɛ, ‘Dɛn na wɔyɛ akwatafo wɔ Israel?’ Israelni abeawa yi amfɛre sɛ ɔde akokoduru bɛka sɛ: “A, sɛ anka me wura wɔ odiyifo a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnde anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.”—2 Ahene 5:3.
Wɔammɔ abeawa yi nsɛm no angu sɛ ɛyɛ mmofrasɛm. Mmom no, wɔkɔka kyerɛɛ Ɔhene Ben-Hadad, na ɔmaa Naaman ne afoforo twaa kilomita 150 kɔɔ Samaria kɔhwehwɛɛ odiyifo yi.—2 Ahene 5:4, 5.
Naaman Ayaresa
Naaman ne ne mmarima no kɔɔ Ɔhene Yehoram a ɔwɔ Israel hɔ, de krataa bi a efi Ben-Hadad hɔ a ɛdaa wɔn adi ne sika akyɛde pii kɔmaa no. Nea ɛnyɛ nwonwa no, Ɔhene Yehoram a na ɔsom nantwi ba no annya Onyankopɔn diyifo no mu gyidi te sɛ abaawa no. Mmom no, osusuwii sɛ Naaman aba hɔ rebɛpɛ ntɔkwaw ako. Bere a Onyankopɔn diyifo Elisa tee sɛ ehu aka Yehoram no, ntɛm ara na ɔde nkra kɔe sɛ ɔhene no mma Naaman mmra ne fie.—2 Ahene 5:6-8.
Bere a Naaman duu Elisa fie no, odiyifo no tuu bɔfo ma ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na koguare mpɛn ason Yordan mu, na wo ho bɛsan aba wo ho, na wo ho afi.” (2 Ahene 5:9, 10) Naaman bo fuwii. Esiane sɛ na ɔhwɛ anwonwade ne guasodeyɛ kɛse bi kwan nti, obisae sɛ: “So Damasko nsubɔnten Abana ne Farpar nye nsen Israel nsu nyinaa? So anka merenguare mu na me ho mfi anaa?” Naaman de abufuw fii Elisa fie. Nanso bere a Naaman nkoa no ne no susuw nsɛm ho no, ɔtee ase awiei koraa. Bere a oguaree Yordan Asubɔnten mu mpɛn ason no, “ne ho san baa mu sɛ abofra ketewa honam, na ne ho fii.”—2 Ahene 5:11-14.
Naaman san kɔɔ Elisa nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, mahu sɛ Onyankopɔn bi nni asase nyinaa so sɛ Israel nko.” Naaman kaa ntam sɛ ‘ɔremmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara mma onyame biara bio sɛ Yehowa nko.’—2 Ahene 5:15-17.
Asuade Ahorow a Yenya Fi Mu
Sɛ abeawa kumaa bi ankasa akokoduru so a, anka Naaman renkɔ odiyifo Elisa hɔ. Ɛnnɛ, mmofra pii reyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Wɔ sukuu mu no, ebia na sukuufo a wonni ɔpɛ biara sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn na atwa wɔn ho ahyia. Nanso, wɔka nea wogye di no ho asɛm. Wɔn mu bi fi ase yɛ saa bere a wosusua koraa.
Susuw Alexandra, abeawa bi a wadi mfe anum a ɔwɔ Australia, ho. Bere a ofii sukuu ase no, ne maame hyɛɛ ne kyerɛkyerɛfo da sɛ ɔbɛba abɛkyerɛkyerɛ nea Yehowa Adansefo gye di mu akyerɛ no. Nanso Alexandra maame kohuu anwonwasɛm. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ: “Minim mo gyidi no pii ne nea Alexandra bɛyɛ wɔ sukuu ne nea ɔrenyɛ dedaw.” Alexandra maame ho dwiriw no, efisɛ na Adansefo mmofra foforo biara nni sukuu mu hɔ. Ɔkyerɛkyerɛfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Alexandra akyerɛ yɛn.” Yiw, na abeawa kumaa yi ne ne kyerɛkyerɛfo no abɔ nkɔmmɔ anifere so dedaw.
Mmofra a wɔtete saa no kasa akokoduru so. Wɔnam saayɛ so yɛ ade ma ɛne Dwom 148:12, 13 hyia sɛ: “Mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra: Wonyi Awurade din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛsõ, n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so.”