Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/1 kr. 9-14
  • Ɔwɔ No Asefo—Ɔkwan Bɛn na Wɔfaa So Daa Wɔn Adi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔwɔ No Asefo—Ɔkwan Bɛn na Wɔfaa So Daa Wɔn Adi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Nkɔmhyɛ no Kyerɛ
  • ‘Ɔtan Bɛda Wo ne Ɔbea no Ntam’
  • Onyankopɔn Bea no a Wɔtan No
  • Ɔwɔ no Asefo a Wɔpa Wɔn ho Ntama Nnɛ
  • Bible no Asɛmti Titiriw
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Nea Adiyifo no Nyinaa Dii Ne Ho Adanse No
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Wɔda Ɔwɔ no Adi Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/1 kr. 9-14

Ɔwɔ No Asefo—Ɔkwan Bɛn na Wɔfaa So Daa Wɔn Adi?

“Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam.”—GENESIS 3:15.

1. (a) Dɛn nti na Yehowa ne anigye Nyankopɔn no? (b) Dɛn na wayɛ na ama yɛanya anigye a ɔwɔ no bi?

YEHOWA ne anigye Nyankopɔn no, na ntease pa nti na ɔte saa. Ɔne Ɔdemafo kɛse a ɔde nneɛma pa ma sen biara, na biribiara nni hɔ a ebetumi asiw n’atirimpɔw kwan a ɛremma ɛmma mu. (Yesaia 55:10, 11; 1 Timoteo 1:11; Yakobo 1:17) Ɔpɛ sɛ n’asomfo nya n’anigye no bi, na ɔma wonya ntease pa a wobegyina so anya bi. Enti, wɔ adesamma abakɔsɛm mmere a ɛyɛ awerɛhow sen biara no biako—Eden atuatew no—mu no, ɔmaa yɛn nea yebegyina so de anidaso ahwɛ daakye kwan.—Romafo 8:19-21.

2. Bere a Yehowa rebu atuatewfo no atɛn wɔ Eden no, ɔkwan bɛn so na ɔde biribi a Adam ne Hawa mma begyina so anya anidaso mae?

2 Ná Yehowa honhom mu mma no biako nam atua a ɔtew tiaa Onyankopɔn ne n’ano a ɔtotoe no so abɛyɛ ne ho Satan Ɔbonsam a ɛnkyɛe. Na nnipa a wodi kan, Hawa ne afei Adam, aba ne nkɛntɛnso ase, ma wɔabu Yehowa mmara a wada no adi pefee no so. Wobuu wɔn kumfɔ wɔ ɔkwan a ɛfata so. (Genesis 3:1-24) Nanso, bere a Yehowa rebu atuatewfo yi atɛn no, ɔde biribi a Adam ne Hawa asefo begyina so anya anidaso mae. Ɔkwan bɛn so? Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Genesis 3:15 no, Yehowa kae sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” Saa nkɔmhyɛ no yɛ biribi titiriw a yegyina so te Bible mũ no nyinaa ne nsɛm a atwam ne mprempren de a ɛfa wiase no ne Yehowa asomfo nyinaa ho no ase.

Nea Nkɔmhyɛ no Kyerɛ

3. Sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no, kyerɛ nea (a) Ɔwɔ no, (b) “ɔbea no,” (d) Ɔwɔ no “asefo,” (e) ɔbea no ‘aseni,’ gyina hɔ ma.

3 Sɛnea ɛbɛyɛ na woate nea ɛkyerɛ ase no, susuw nkɔmhyɛ no afã horow ankasa ho. Onii ko a wɔkasa kyerɛɛ no wɔ Genesis 3:15 no ne Ɔwɔ no—ɛnyɛ ɔwɔ a ɔba fam no, na mmom onii a ɔde no dii dwuma no. (Adiyisɛm 12:9) “Ɔbea no” nyɛ Hawa, na mmom Yehowa soro ahyehyɛde no, n’asomfo a wɔde honhom asra wɔn a wɔwɔ asase so no na. (Galatifo 4:26) Ɔwɔ no “asefo” ne Satan asefo, ne mma—adaemone ne nnipa, ɛne nnipa ahyehyɛde ahorow a ɛda Satan su horow adi, na ɛtan ɔbea no “asefo” no. (Yohane 15:19; 17:15) Ɔbea no ‘aseni’ titiriw no ne Yesu Kristo, a wɔde honhom kronkron sraa no wɔ 29 Y.B. mu no. Nnipa 144,000 a ‘wofi nsu ne honhom mu wo wɔn foforo,’ na wɔne Kristo yɛ ɔsoro Ahenni no adedifo no yɛ aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no fã a abɛka ho. Wofii ase de eyinom bɛkaa ɔbea no aseni no ho wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu.—Yohane 3:3, 5; Galatifo 3:16, 29.

4. Ɔkwan bɛn so na Genesis 3:15 fa asase a ɛbɛdan paradise ama nnipa a bɔne ne owu nni wɔn so tumi ayɛ so ma ho?

4 Onii a ne nnaadaa ma adesamma hweree Paradise no de ɔwɔ ankasa a na ɔwɔ Eden no dii dwuma sɛ ne kasamafo. Genesis 3:15 twee adwene kɔɔ bere a wɔbɛpɛtɛw onii a ɔde ɔwɔ no dii dwuma ɔkwammɔne so no so. Afei, ɔkwan no bebue ama Onyankopɔn asomfo a wɔyɛ nnipa no bio ma wɔatra Paradise na wɔanya ahofadi afi bɔne ne owu ho. Hwɛ anigye bere a ɛno bɛyɛ!—Adiyisɛm 20:1-3; 21:1-5.

5. Su horow bɛn na ɛhyɛ Ɔbonsam honhom fam mma agyirae?

5 Wɔ Eden atuatew no akyi no, ankorankoro ne ahyehyɛde ahorow fii ase bae a na wokura su a ɛte sɛ Satan Ɔbonsam de—atuatew, atorodi, ntwiri, ne awudi, ɛne afei Yehowa apɛde ne wɔn a wɔsom Yehowa ho ɔsɔretia. Saa su horow no na ɛdaa Ɔbonsam asefo, ne ne honhom mu mma, adi. Eyinom mu bi ne Kain a okum ne nua Habel bere a Yehowa kyerɛɛ Habel som ho anisɔ sen Kain de no. (1 Yohane 3:10-12) Nimrod yɛ obi a ne din ankasa kyerɛe sɛ ɔyɛ otuatewfo, na ɔbɛyɛɛ ɔbɔmmɔfo ne sodifo a ɔwɔ tumi a ɔsɔre tiaa Yehowa. (Genesis 10:9) Bio nso, tete ahenni ahorow bi bae nnidiso nnidiso, a na Babilon a wɔn man som ahorow gyina atoro so ka ho, na ɛhyɛɛ Yehowa asomfo so atirimɔden so.—Yeremia 50:29.

‘Ɔtan Bɛda Wo ne Ɔbea no Ntam’

6. Akwan bɛn so na Satan atan Yehowa bea no?

6 Saa bere yi nyinaa, na ɔtan wɔ Ɔwɔ no ne Yehowa bea no ntam, Satan Ɔbonsam ne Yehowa soro ahyehyɛde a honhom abɔde anokwafo na wɔwom no ntam. Satan daa ne tan adi bere a ɔbɔɔ Yehowa ahohora na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde mpaapaemu bɛba Yehowa soro ahyehyɛde no mu, na ɔdaadaa abɔfo ma wogyaw wɔn trabea a ɛfata no. (Mmebusɛm 27:11; Yuda 6) Ɛdaa adi bere a Satan maa n’adaemone bɔɔ mmɔden sɛ wobesianka abɔfo a Yehowa somaa wɔn no. (Daniel 10:13, 14, 20, 21) Ɛdaa adi ɔkwan soronko so wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu bere a Mesia Ahenni no awo akyi no, Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe no no.—Adiyisɛm 12:1-4.

7. Dɛn nti na Yehowa abɔfo anokwafo no nyaa ɔtan maa sɛnkyerɛnne kwan so Ɔwɔ no, nanso ahosodi bɛn na wɔada no adi?

7 Ná Yehowa bea no, abɔfo anokwafo kuw no, nso tan sɛnkyerɛnne kwan so Ɔwɔ no. Ná Satan akeka Onyankopɔn din pa no ho nsɛmmɔne; na wama Onyankopɔn abɔde a wonim nyansa nyinaa, a abɔfo no nyinaa ka ho, mudi mu kura nso ho aba asɛm, na na ɔrebɔ mmɔden denneennen sɛ ɔbɛma wɔagyae nokware a wodi Onyankopɔn no. (Adiyisɛm 12:4a) Ná abɔfo, kerubim, ne serafim no ntumi nyɛ hwee sɛ wobekyi nea ɔyɛɛ ne ho Ɔbonsam ne Satan no. Nanso, wɔatwɛn Yehowa sɛ obesiesie nsɛm wɔ n’ankasa ne bere mu ne ne kwan so.—Fa toto Yuda 9 ho.

Onyankopɔn Bea no a Wɔtan No

8. Hena na na Satan rehwehwɛ no?

8 Saa bere yi nyinaa, na Satan rehwɛ ɔbea no Aseni a wɔahyɛ ne ho nkɔm no, nea Yehowa kae sɛ ɔbɛbɔ Ɔwɔ no ti no, kwan. Bere a ɔbɔfo a ofi soro no bɔɔ amanneɛ sɛ Yesu a na wɔawo no wɔ Betlehem no ne “agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade” no, eyi sii so dua denneennen sɛ na ɔbɛyɛ ɔbea no Aseni a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no.—Luka 2:10, 11.

9. Yesu awo akyi no, ɔkwan bɛn so na Satan daa ɔtan a emu yɛ den adi?

9 Satan nitan no daa adi ntɛm ara bere a ɔdaadaa nsoromma mu ahwɛfo abosonsomfo no ma wotuu kwan bi a ɛma wodii kan kɔɔ Ɔhene Herode hɔ wɔ Yerusalem, na afei wɔkɔɔ fie a ɛwɔ Betlehem a wohuu abarimaa ketewa Yesu ne ne maame Maria wɔ hɔ no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Ɔhene Herode hyɛe sɛ wonkunkum mmarimaa a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnu saa a wɔwɔ Betlehem ne ne mpɔtam nyinaa no. Wɔ eyi mu no, Herode daa Aseni no ho tan a ɛte sɛ Satan de adi. Ɛda adi sɛ na Herode nim yiye sɛ ɔrebɔ mmɔden adi onii a na ɔrebɛyɛ Mesia no awu. (Mateo 2:1-6, 16) Abakɔsɛm di adanse sɛ na Ɔhene Herode yɛ omumɔyɛfo, onitefo, ne owudifo—nokwarem no, Ɔwɔ no asefo no biako.

10. (a) Yesu asubɔ akyi no, ɔkwan bɛn so na Satan ankasa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yehowa atirimpɔw a ɛfa Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no ayɛ kwa? (b) Ɔkwan bɛn so na Satan de Yudafo nyamesom akannifo no dii dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a obedu ne botae ahorow ho?

10 Bere a wɔde honhom kronkron sraa Yesu wɔ 29 Y.B. mu, ne bere a Yehowa fi soro kae sɛ Yesu yɛ ne Ba akyi no, Satan bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ɔbɛma Yesu ahwe ase wɔ sɔhwɛ mu, ma enti ɔhwehwɛe sɛ ɔbɛma Yehowa atirimpɔw a ɛfa ne Ba no ho no ayɛ kwa. (Mateo 4:1-10) Bere a Satan dii nkogu wɔ ɛno mu no, ɔde nnipa adwumayɛfo dii dwuma foforo sɛnea ɛbɛyɛ a obedu ne botae ahorow ho. Wɔn a ɔde wɔn dii dwuma kaa Yesu ho nsɛmmɔne no bi ne nyamesom akannifo nyaatwomfo no. Wodii atoro totoo n’ano, akwan a Satan ankasa fa so. Bere a Yesu ka kyerɛɛ obubuafo bi sɛ, “Ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne afiri wo” no, akyerɛwfo no antwɛn anhwɛ sɛ ebia ɔbarima no anya ayaresa ankasa anaa, na wobuu Yesu atɛn sɛ ɔyɛ obususɛnkafo. (Mateo 9:2-7) Bere a Yesu saa nkurɔfo yare Homeda no, Farisifo no kaa ne ho nsɛmmɔne sɛ obu Homeda mmara so, na wotuu agyina sɛ wɔbɛsɛe no. (Mateo 12:9-14; Yohane 5:1-18) Bere a Yesu tuu ahonhommɔne no, Farisifo no bɔɔ no sobo sɛ “ahonhommɔne panyin Beelsebul” so na ɔnam yɛɛ saa. (Mateo 12:22-24) Bere a Yesu nyanee Lasaro fii awufo mu no, nkurɔfo no pii nyaa ne mu gyidi, nanso asɔfo mpanyin no ne Farisifo no tuu agyina bio sɛ wobekum no.—Yohane 11:47-53.

11. Aka nnansa ama Yesu awu no, henanom na ɔdaa wɔn adi sɛ wɔka Ɔwɔ no asefo ho, na dɛn ntia?

11 Wɔ Nisan 11, 33 Y.B. mu no, ɛmfa ho sɛ na Yesu nim nea wɔrebɔ ho pɔw no yiye no, ɔkɔɔ asɔrefie no mpɔtam hɔ wɔ Yerusalem a wansuro, na ɔkaa atemmusɛm guu wɔn so wɔ baguam. Sɛ́ kuw no, na akyerɛwfo ne Farisifo no akɔ so akyerɛ nnipa ko a wɔyɛ; enti Yesu kae sɛ: “Mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo, munnue! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ankasa monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, momma wɔn kwan nkɔ mu.” Yesu daa no adi pefee sɛ wɔka Ɔwɔ no asefo ho, na ɔkae sɛ: “Awɔ, nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu kurom atemmu?” (Mateo 23:13, 33) N’asɛm no twe adwene kɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no so.

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na asɔfo mpanyin no ne akyerɛwfo no de adanse foforo mae de kyerɛɛ nea ɔyɛ wɔn honhom fam agya? (b) Henanom na wɔkɔkaa wɔn ho? (d) Bere a Genesis 3:15 renya mmamu no, ɔkwan bɛn so na wɔkaa ɔbea no Aseni no nantin?

12 Bere a wɔtee Yesu nsɛm no, ɛkaa wɔn koma ma wɔsrɛɛ Onyankopɔn hɔ mmɔborohunu anaa? Wɔsakra fii wɔn amumɔyɛ ho? Dabi! Marko 14:1 bɔ amanneɛ sɛ ɛda a edi hɔ no ara, wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ ɔsɔfo panyin no adiwo ase no, “asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ akyere [Yesu] no nyansam na wɔakum no.” Wɔkɔɔ so daa Satan, a na Yesu aka ne ho asɛm dedaw sɛ ɔyɛ owudifo, no awudi honhom no adi. (Yohane 8:44) Ankyɛ na Yuda Iskariot a Satan daadaa no ma ɔbɛyɛɛ ɔwaefo no kɔkaa wɔn ho. Yuda gyaw Onyankopɔn bea no Aseni a ne ho nni asɛm no hɔ, na ɔde ne ho kɔbɔɔ Ɔwɔ no asefo no.

13 Ade kyee anɔpahema wɔ Nisan 14 no, Yudafo nyamesom asɛnnifo no de Yesu kɔɔ Roma amrado anim sɛ ɔdeduani. Ɛha yi, ɛyɛ asɔfo mpanyin no na wodii anim teɛteɛɛm sɛ wɔmmɔ no asɛnduam. Bere a Pilato bisae sɛ: “Memmɔ mo hene asɛnduam anaa?” no, asɔfo mpanyin no na wobuae sɛ: “Yenni hene bi sɛ Kaesare.” (Yohane 19:6, 15) Nokwarem no, wɔdaa no adi ɔkwan biara so sɛ wɔka Ɔwɔ no asefo no ho. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ na ɛnyɛ wɔn nkutoo. Asɛm a efi honhom mu a ɛwɔ Mateo 27:24, 25 no de saa amanneɛbɔ yi ma sɛ: “[Pilato faa] nsu hohoroo ne nsa nkurɔfokuw no anim.” Afei ɔman no nyinaa kae sɛ: “Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma atifi.” Enti, saa awo ntoatoaso no mu Yudafo no pii daa wɔn ho adi sɛ wɔka Ɔwɔ no asefo ho. Yesu wui ansa na saa da no retwam. Satan nam n’asefo a aniwa hu wɔn a ɔde wɔn dii dwuma no so kaa Onyankopɔn bea no Aseni no nantin.

14. Dɛn nti na ka a wɔkaa ɔbea no Aseni no nantin no ankyerɛ nkonimdi amma Satan?

14 Ná Satan adi nkonim? Dabida! Ná Yesu Kristo adi wiase no so nkonim, enti odii ɛsodifo no so nkonim. (Yohane 14:30, 31; 16:33) Odii nokware maa Yehowa kosii owu mu. Ne wu sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no de agyede bo a ehia na wɔasan anya nkwa hokwan a Adam hweree no mae. Enti obuee kwan a ɛkɔ daa nkwa mu maa wɔn a wɔbɛkyerɛ saa nsiesiei no mu gyidi na wɔadi Onyankopɔn mmara so no. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Yehowa nyanee Yesu fii awufo mu kɔɔ asetra a owu nnim mu wɔ soro. Wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no, Yesu bɛsɛe Satan afi hɔ. Wɔahyɛ nkɔm wɔ Genesis 22:16-18 sɛ Yehowa bɛdom asase so mmusua a wɔnam saa Aseni nokwafo no so yɛ nea ehia biara na wɔde ahyira wɔn ho no nyinaa.

15. (a) Yesu wu akyi no, ɔkwan bɛn so na n’asomafo no kɔɔ so paa Ɔwɔ no asefo ho ntama? (b) Ɔtan bɛn bio na Ɔwɔ no asefo ada no adi araa de abesi yɛn nna yi mu?

15 Yesu wu akyi no, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no kɔɔ so paa Ɔwɔ no asefo ho ntama sɛnea na wɔn Awurade ayɛ no. Honhom kronkron kaa ɔsomafo Paulo ma ɔbɔɔ kɔkɔ wɔ “onipa a onni mmara” a ɔba no “Satan adwumayɛ so” no ho. (2 Tesalonikafo 2:3-10) Ada adi sɛ saa “onipa” a ɛyɛ nnipakuw yi ne Kristoman mu asɔfo. Ɔwɔ no asefo no nso taa Yesu Kristo akyidifo denneennen. Wɔ nkɔmhyɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm 12:17 no mu no, ɔsomafo Yohane ka siei sɛ Satan bɛkɔ so ako atia Onyankopɔn bea no aseni nkaefo no araa de abesi yɛn nna yi mu. Saa pɛpɛɛpɛ na aba. Wɔ nsase pii so no, wɔabara Yehowa Adansefo, basabasayɛfo akuw ato ahyɛ wɔn so, wɔde wɔn agu afiase, anaasɛ wɔde wɔn agu nneduaban mu esiane gyina a wɔagyina pintinn ama Onyankopɔn Ahenni no ne n’akwan trenee nti.

Ɔwɔ no Asefo a Wɔpa Wɔn ho Ntama Nnɛ

16. Ɛnnɛ, henanom na wɔapa wɔn ho ntama sɛ wɔka Ɔwɔ no asefo ho, na ɔkwan bɛn so?

16 Bere a nokware Kristofo suasua Yesu Kristo no, wɔakɔ so de akokoduru apa Ɔwɔ no ne n’asefo ho ntama a wɔmpaa abaw. Wɔ 1917 mu no, Bible Asuafo, sɛnea na wonim Yehowa Adansefo saa bere no, tintim The Finished Mystery nhoma no, na wɔdaa Kristoman asɔfo no nyaatwomyɛ no adi wom. Eyi akyi na wotintim tirimbɔ bi a wɔtoo din Ecclesiastics Indicted wɔ 1924 mu. Wɔde ɔpepem aduonum memae wɔ wiase nyinaa. Wɔ 1937 mu no, J. F. Rutherford a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no maa ɔkasa ahorow a wɔde paa nnebɔne ho ntama a ekura nsɛmti “Wɔada Wɔn Adi” ne “Nyamesom ne Kristosom.” Afe a edi hɔ no, ɔmaa ɔkasa a ɛne sɛ, “Fa Asɛm no To Nea Ɛda” wɔ London, England, ma atiefo a wɔwɔ nhyiam ahorow 50 ase wɔ nsase pii so tiei denam radio ne telefon dwumadi so. Ɔsram biako akyi no, radio so dwumadi a na ɛkɔ akyirikyiri de ɔkasa a ɛne, “Fasist Nniso Anaa Ahofadi” too gua wɔ United States. Nea wɔde kaa eyinom ho ne nnebɔne ho ntama a wɔpa a emu yɛ den a na ɛwɔ nhoma bi te sɛ Enemies (Atamfo) ne Religion (Nyamesom) ne afei Uncovered (Wɔada no Adi) nhomawa no mu no. Nea ɛne nhoma ahorow a wɔatintim fi 1920 mfe no mu hyia no, Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!,a a seesei wɔatintim wɔ kasa horow 65 mu no, da sodifo a wɔaporɔw ne sum ase aguadifo adifudepɛfo a wɔmfa nnyinasosɛm nyɛ adwuma no adi sɛ wɔn nso wɔka Ɔwɔ no asefo atitiriw a aniwa hu wɔn no ho. Sɛ amammui akannifo de yɛ wɔn su sɛ wɔnam atorodi so bɛdaadaa wɔn a wodi wɔn so no, na wɔankyerɛ obu wɔ bo a mogya som ho, na wɔhyɛ Yehowa asomfo so (a ɛkyerɛ sɛ wɔtan Onyankopɔn bea no aseni no) a, nokwarem no, wɔda wɔn ho adi sɛ wɔka Ɔwɔ no asefo no ho. Saa ara na ɛte wɔ sum ase aguadifo a wɔn ahonim nhaw wɔn nti, wodi atoro de pɛ sika fam mfaso, na wɔyɛ anaa wɔtɔn nneɛma a nkurɔfo nim sɛ ɛde yare ba no fam.

17. Hokwan bɛn na ɛda so ara wɔ hɔ ma ankorankoro a wɔyɛ atitiriw a ebia wobefi wiase nhyehyɛe no mu no?

17 Ɛnyɛ obiara a ɔde ɔsom a ɛyɛ wiase de, amammuisɛm, anaa aguadi agu ne ho fĩ na awiei koraa wɔbɛkan no aka Ɔwɔ no aseni ho. Saa mmarima ne mmea yi mu bi ani begye Yehowa Adansefo ho. Wɔde wɔn nkɛntɛnso a wɔwɔ no boa wɔn, na bere rekɔ so no, wobegye nokware som tom. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 13:7, 12; 17:32-34 ho.) Wɔato nsa afrɛ saafo no nyinaa sɛ: “Na afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu. Monsom Awurade, osuro mu, na munni ahurusi ahopopo mu. Mumfew ɔba no ano, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.” (Dwom 2:10-12) Nokwarem no, ɛho hia sɛ wɔn a wɔpɛ Yehowa anim dom nyinaa yɛ biribi mprempren ansa na ɔsoro Temmufo no asiw hokwan no!

18. Henanom na ɛmfa ho sɛ wɔnka ɔbea no aseni ho no, wɔyɛ Yehowa asomfo?

18 Wɔn a wɔbom yɛ ɔsoro Ahenni no mufo nkutoo na wɔka ɔbea no aseni no ho. Eyinom dodow sua. (Adiyisɛm 7:4, 9) Nanso, afoforo a wɔyɛ nnipakuw kɛse wɔ hɔ, yiw, ɔpepem pii, a sɛ́ Yehowa asomfo no, wɔhwɛ daa nkwa kwan wɔ paradise asase so. Wɔnam nea wɔka na wɔyɛ so ka kyerɛ wɔn a Yehowa asra wɔn no sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.”—Sakaria 8:23.

19. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa paw? (b) Henanom titiriw na wɔto nsa frɛ wɔn denneennen sɛ wɔnyɛ ade nyansam bere a hokwan da so ara wɔ hɔ no?

19 Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ adesamma nyinaa paw nea wɔpɛ. So wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa na wogyina ne tumidi akyi, anaasɛ wɔbɛma kwan ma Satan ayɛ wɔn sodifo denam nea ɛsɔ n’ani a wɔbɛyɛ so? Nnipa bɛyɛ ɔpepem anum a wofi aman nyinaa mu agyina Yehowa afã de wɔn ho abɔ ɔbea no asefo a wɔaka no, Ahenni adedifo no. Afoforo ɔpepem awotwe nso akyerɛ sɛ wɔn ani gye ho sɛ wɔne wɔn besua Bible anaasɛ wɔbɛkɔ wɔn nhyiam horow. Yehowa Adansefo se wɔn a wɔte saa no nyinaa sɛ: Hokwan no da so ara wɔ hɔ. Gyina Yehowa afã pefee. Gye Yesu Kristo tom sɛ ɔne Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Wo ne Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no mmɔ anigye so. Ɛmmra sɛ wubenya nhyira a Ɔnam Ɔhene Yesu Kristo tumidi so de bɛma no nyinaa bi.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.

Wokae?

◻ Hena ne Ɔwɔ a wɔka ne ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no? Na hena ne ɔbea no?

◻ Su horow bɛn na ɛhyɛ Ɔwɔ no asefo agyirae?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu paa Ɔwɔ no asefo ho ntama?

◻ Henanom na wɔapa wɔn ho ntama sɛ wɔka Ɔwɔ no asefo ho nnɛ?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ntɛm na wɔammu yɛn sɛ yɛka Ɔwɔ no asefo ho?

[Kratafa 10 mfonini]

Yesu paa nyamesom akannifo nyaatwomfo ho ntama sɛ wɔka Ɔwɔ no asefo ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena