Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/1 kr. 20-24
  • Yehowa Dii M’akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Dii M’akyi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛyɛ Akwampae Adwuma Wɔ Netherlands
  • Hokwan Foforo
  • Wɔ Nasi Tumidi Ase
  • Afiase ne Nnadeban mu Nna
  • Ɔko Akyi Dwumadi
  • Biribiara Nsen Nokware no
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Boasetɔ a Mede Atwɛn Yehowa Fi Me Mmofraase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • “Sɛ Minya Gyidi A Ɛyɛ Pintinn A”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • “Nasifo No Antumi Ansiw Yɛn Kwan!”
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/1 kr. 20-24

Yehowa Dii M’akyi

Sɛnea Max Henning Ka Kyerɛe

Ná ɛyɛ 1933, na na Adolf Hitler bedii tumi wɔ Germany nkyɛe. Nanso, Yehowa Adansefo bɛyɛ 500 a na wɔwɔ Berlin mpɔtam hɔ no ammɔ hu. Mmerante ne mmabaa pii bɛyɛɛ akwampaefo, anaa bere nyinaa asomfo, na ebinom mpo gyee dwumadi a wɔde maa wɔn wɔ Europa aman foforo so no toom. Na me ne me yɔnko Werner Flatten hyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran sɛ: “Dɛn nti na yɛtwentwɛn yɛn nan ase resɛe yɛn bere? Dɛn nti na yɛnkɔ hɔ bi nkɔyɛ akwampae adwuma?”

WƆWOO me 1909 mu akyi nnaawɔtwe no, awofo a wogyee me abayɛn a wɔwɔ dɔ no na wɔhwɛɛ me. Wɔ 1918 mu no, yɛn abusua no dii awerɛhow kɛse bere a me nuabea ketewa a na wɔagye no abayɛn wui mpofirim no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Bible Asuafo, sɛnea na wonim Yehowa Adansefo saa bere no, baa yɛn fie, na awofo a wɔagye me abayɛn no gyee Bible mu nokware no anigye so. Wɔkyerɛɛ me sɛ menkyerɛ honhom fam nneɛma ho anisɔ nso.

Mede m’adwene sii me sukuukɔ so na mebɛyɛɛ dorobɛn dwumfo. Nanso, nea ehia sen saa no, misii honhom fam gyinae bi. Me ne Werner fii akwampae adwuma ase wɔ May 5, 1933. Yɛde sakre kɔɔ kurow bi a efi Berlin rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 100, traa hɔ dapɛn abien kaa asɛm no. Afei yɛsan kɔɔ Berlin kodii nsɛnhia bi ho dwuma. Ɛno akyi no, yɛsan kɔɔ asasesin a yɛyɛ mu asɛnka no mu kodii dapɛn abien bio.

Yebisaa hokwan sɛ wɔmma yɛnkɔsom wɔ ɔman foforo mu, na wɔ December 1933 mu no, wɔmaa yɛn dwumadi wɔ ɔman a na wɔfrɛ no Yugoslavia saa bere no mu. Nanso, ansa na yɛrebɛkɔ no, wɔsesaa yɛn dwumadi, na wɔma yɛkɔɔ Utrecht wɔ Netherlands. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ me asu. Saa bere no, na wonsi asubɔ so dua kɛse; na ɔsom adwuma no ne ade titiriw. Afei Yehowa so a mede me ho bɛto bɛyɛɛ m’asetra mu ade titiriw bere nyinaa. Minyaa awerɛkyekye kɛse wɔ Bible dwontofo no nsɛm yi mu: “Hwɛ, Onyankopɔn ne me boafo, Awurade nko ne nea oso me kra mu.”—Dwom 54:4.

Yɛyɛ Akwampae Adwuma Wɔ Netherlands

Yeduu Netherlands no, ankyɛ koraa na wɔsan maa yɛn dwumadi wɔ Rotterdam kuropɔn mu. Na agya ne ne babarima a wɔwɔ abusua a yɛne wɔn trae mu no nso yɛ akwampaefo. Asram kakraa bi akyi no, wɔtɔɔ ofie kɛse bi wɔ Leersum, kurow bi a ɛne Utrecht ntam kwan nware, de yɛɛ akwampaefo fie, na me ne Werner tu kɔɔ hɔ.

Bere a yɛte akwampaefo fie hɔ no, yɛde sakre tutuu akwan kɔɔ nsasesin a ɛbemmɛn no mu, na yɛde kar a etumi fa nnipa baason kɔɔ nsasesin a ɛwɔ akyirikyiri no mu. Saa bere no, na Adansefo ɔha pɛ na wɔwɔ Netherlands nyinaa. Ɛnnɛ, wɔ mfe 60 akyi no, adawurubɔfo bɛboro 4,000 a wɔwɔ asafo ahorow bɛyɛ 50 mu na wɔwɔ asasesin a na yefi saa akwampaefo fie hɔ kɔyɛ mu adwuma no mu!

Yɛyɛɛ adwumaden, na yɛde nnɔnhwerew 14 yɛɛ ɔsom adwuma no da biara da, na ɛno maa yɛn ani gyei. Ná yɛn botae titiriw ne sɛ yɛde nhoma dodow biara a yebetumi bɛma. Na yɛtaa gyaw nhomawa bɛboro ɔha ma anigyefo da biara da. Saa bere no, na sankɔhwɛ ne Bible adesua a yɛbɛyɛ nka yɛn da biara dwumadi no ho.

Da bi, na me ne me hokafo no reyɛ adwuma wɔ Vreeswijk kurow mu. Bere a ɔredi ɔbarima bi adanse wɔ asraafo atrae bi pon ano no, mede bere no kenkan me Bible. Na wɔde kyerɛwdua kɔkɔɔ ne bruu asensan nsɛmfua pii ase. Akyiri yi, duadwumfo bi a na ɔreyɛ ɔdan bi a ɛbɛn hɔ ho adwuma ka kyerɛɛ ɔbarima no wɔ pon no ano sɛ ɛbɛyɛ sɛ meyɛ ɔkwansrafo. Nea efi mu bae ne sɛ, wɔkyeree me saa da no ara bere a na meredi sotɔɔ wura bi adanse, na wɔgyee me Bible.

Wɔde me kɔɔ asɛnnibea. Ɛhɔ na wɔbɔɔ me sobo sɛ ahyɛnso a ɛwɔ me Bible mu no yɛ mmɔden a na merebɔ sɛ mɛyɛ asraafo atrae no ho mfonini. Ɔtemmufo no buu me fɔ, na ɔde me too afiase mfe abien. Nanso, mema wɔsan frɛɛ asɛm no, na wogyaee me. Hwɛ anigye a minyae bere a wogyaee me no, nanso m’ani gyei kɛse bere a wɔsan de me Bible a n’ahyɛnso no nyinaa wom no brɛɛ me no!

Wɔ 1936 ahohuru bere mu no, me ne Richard Brauning, akwampaefo a na wɔwɔ fie hɔ no mu biako, de bere no kaa asɛm no wɔ ɔman no kusuu fam. Yɛde nnɔnhwerew 240 yɛɛ ɔsom adwuma no ɔsram a edi kan no mu, na yɛde nhoma pii memae. Yɛtraa ntamadan mu, na yedii yɛn ankasa ahiade ahorow ho dwuma, yɛn ankasa sii yɛn ntade too so, noaa yɛn nnuan, ne nea ɛkeka ho.

Akyiri yi, wɔde me kɔɔ ahyɛmma a na wɔfrɛ no Lightbearer, a ebegyee din kɛse wɔ Netherlands kusuu fam, no mu. Ná akwampaefo baanum na wɔte ahyɛmma no mu, na yetumi de kɔɔ nsasesin a atew ne ho pii so.

Hokwan Foforo

Wɔ 1938 mu no, wɔmaa me dwumadi sɛ dantaban somfo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo amansin so ahwɛfo saa bere no. Enti mifii Lightbearer no mu, na mifii ase srasraa asafo ahorow ne Adansefo a na wɔatew wɔn ho a wɔwɔ kesee fam amantam abiɛsa mu no.

Ná sakre nkutoo na yɛde tutu akwan. Mpɛn pii no, na egye yɛn da mũ nyinaa na yɛde atu kwan afi asafo anaa anigyefo kuw biako mu akɔ foforo mu. Nkuropɔn a mekɔsrae no bi ne Breda, baabi a mete seesei no. Saa bere no, na asafo biara nni Breda, na na Adansefo awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim nkutoo na wɔwɔ hɔ.

Bere a meresom anuanom wɔ Limburg no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ mimmebua nsɛmmisa pii bi a nkurontu dwumayɛni bi a wɔfrɛ no Johan Pieper de bae no. Ogyinaa Bible mu nokware no afã pintinn na ɔbɛyɛɛ ɔsɛnkafo kokodurufo. Mfe anan akyi no, wɔkyeree no de no kɔɔ nnadeban mu, na odii mfe abiɛsa wɔ hɔ. Bere a wogyaee no akyi no, ɔsan de nsiyɛ kaa asɛm no, na nnɛyi, ɔda so ara yɛ ɔpanyin nokwafo. Asafo ketewa a na ɛwɔ Limburg a Adansefo 12 na na wɔwom no anyin adu asafo ahorow 17, a emu adawurubɔfo yɛ 1,550!

Wɔ Nasi Tumidi Ase

Wɔ May, 1940 mu no, Nasifo no ko faa Netherlands. Wɔmaa me dwumadi wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Amsterdam no. Ná ɛsɛ sɛ yɛde ahwɛyiye kɛse yɛ yɛn adwuma, na ɛno ma yenyaa Bible mu bɛ no ho anisɔ: ‘Adamfo nokwafo yɛ onua a wɔwoo no maa hiada.’ (Mmebusɛm 17:17) Anigye a yɛde yɛɛ biako wɔ ahokyere bere mu yi nyaa me honhom fam nkɔso so tumi kɛse, na esiesiee me maa mmere a emu yɛ den kɛse a na ɛrebɛba no.

Ná m’adwuma ne sɛ mɛhwɛ ma wɔde nhoma akɔma asafo ahorow no, na mpɛn pii no na yɛde soma. Ná Gestapofo no hia mmerante bere nyinaa ma wɔahyɛ wɔn ma wɔayɛ adwuma wɔ Germany, enti Kristofo mmea na yɛde wɔn dii dwuma. Akyiri yi, wɔde Wilhelmina Bakker a na wonim no bere nyinaa sɛ Nonnie no, fi Hague bɛkaa yɛn ho, na mede no kɔɔ baabi a na baa sohwɛfo, Arthur Winkler, ahintaw no. Sɛnea na ɛbɛyɛ a mɛbɔ mmɔden biara na afoforo ani amma me so no, na misiesie me ho sɛ Netherlands kuani bi, hyɛ nnua mpaboa ne biribiara a okuani de siesie ne ho, tra kar mu kogya Nonnie kwan. Akyiri yi, mihui sɛ na ɛyɛ no den sɛ ɔrenserew, efisɛ ɔtee nka sɛ obiara huu me.

Wɔ October 21, 1941 mu no, yɛn atamfo no huu baabi a yɛkora nhoma ne nkrataa so wɔ Amsterdam no. Bere a Gestapofo no kɔhwehwɛɛ hɔ no, wɔkyeree Winkler ne Nonnie. Bere a wɔde wɔn koguu afiase no, wɔtee sɛ Gestapo adwumayɛfo baanu reka sɛnea wɔtaa “ɔbarima korokorowa bi a ne ti nhwi yɛ tuntum,” nanso wɔanhu baabi a ɔfae wɔ nnipadɔm no mu. Ɛda adi sɛ na wɔreka me ho asɛm, enti Winkler bɔɔ mmɔden de nkra kɔmaa anuanom. Ntɛm ara, woyii me kɔɔ Hague.

Woyii Nonnie fii afiase ansa na eyi reba, na ɔsan kɔɔ Hague kɔyɛɛ akwampae adwuma. Ɛhɔ na mesan hyiaa no. Nanso bere a wɔkyeree asafo somfo a ɔwɔ Rotterdam no, wɔmaa me kosii n’anan. Akyiri yi, wɔkyeree asafo somfo a ɔwɔ Gouda Asafo mu no, na woyii me kɔɔ hɔ kosii n’anan. Awiei koraa, wɔ March 29, 1943 no, wɔkyeree me. Bere a merekan Bible ho nhoma dodow a ɛwɔ hɔ no, Gestapofo bepuee me so mpofirim.

Nea na ɛka Bible ho nhoma a apete wɔ ɔpon bi so ho ne Kristofo mmarima ne mmea din, ɛwom sɛ na nsɛnkyerɛnne nkyerɛwde bi na wɔde akyerɛw de. Mede yaw bɔɔ mpae sɛ Yehowa mma me ɔkwan a mɛfa so abɔ wɔn a wɔda so ara wɔ hokwan a wɔde bɛka asɛm no ho ban. Mebɔɔ mmɔden de me nsa kataa din no so pomponoo no hyɛɛ me nsam a wɔanhu. Afei mesrɛɛ kwan sɛ merekɔ tiafi, na metetew mu guu tiafi no mu de nsu hohoro kɔe.

Bere a mewɔ saa tebea a emu yɛ den kɛse yi mu no, misuaa sɛnea menya ahoɔden afi sɛnea Yehowa ne nkurɔfo dii nsɛm tete mmere mu ne ne nkwagye ho bɔhyɛ ahorow no mu. Eyi ne honhom fam awerɛhyem biako a atra m’adwenem bere nyinaa: “Sɛ ɛnyɛ Awurade na ɔwɔ yɛn afa, bere a nnipa sɔre hyɛɛ yɛn no a, anka wɔn abufuw dɔ hyɛɛ yɛn no, wɔamemmene yɛn animono.”—Dwom 124:2, 3.

Afiase ne Nnadeban mu Nna

Wɔde me kɔtoo afiase wɔ Rotterdam, na nea ɛyɛ anigye ne sɛ na me Bible ka me ho. Ná mewɔ Salvation nhoma no, ne Children nhoma fã bi nso, na minyaa bere pii kenkan saa nhoma yi nyinaa. Asram asia akyi no, meyaree denneennen na na ɛsɛ sɛ mekɔ ayaresabea. Ansa na merefi afiase hɔ no, mede nhoma no siee me pa ase. Akyiri yi, metee sɛ wɔde Ɔdansefo foforo, Piet Broertjes, kɔtoo baabi a na meda wɔ afiase hɔ, na ohuu nhoma no. Enti wɔde nhoma no dii dwuma ma ɛkɔɔ so hyɛɛ afoforo den wɔ gyidi no mu.

Bere a me ho yɛɛ me den no, wɔde me kɔtoo afiase wɔ Hague. Bere a na mewɔ hɔ no, mihyiaa Leo C. van der Tas, mmarasuafo bi a na ɔda afiase hɔ esiane Nasi tumidi a ɔko tiae nti. Ná ɔntee Yehowa Adansefo nka da, na minyaa hokwan dii no adanse. Ɛtɔ da bi a, na onyan me ɔdasum bisabisa me nsɛm. N’ani gyee Adansefo ho, titiriw bere a ohui sɛ gye sɛ yɛde yɛn nsa hyɛ krataa bi ase kɛkɛ pow yɛn gyidi a na wobegyae yɛn no. Wɔ ɔko no akyi no, Leo bɛyɛɛ mmaranimfo, na odii nsɛm pii maa Ɔwɛn Aban Asafo no wɔ ɔsom mu ahofadi ho.

Wɔ April 29, 1944 no, wɔde me foroo keteke tuu nnafua 18 kwan a amanehunu wom kɔɔ Germany. Wɔ May 18 no, wɔde me kɔtoo Buchenwald nnadeban mu. Ansa na Aman a wɔko tiaa Germany regyae yɛn bɛyɛ afe akyi no, asetra bɛyɛɛ hu, a mintumi nka ho asɛm. Nnipa mpempem pii wuwui, na pii wuwuu yɛn anim. Esiane sɛ manyɛ adwuma wɔ nnwinnan bi a ɛbɛn hɔ a ɛyɛ akode mu nti, wɔmaa me koyii ɔka mu.

Da bi wɔtoo ɔtopae too nnwinnan no mu. Nnipa pii guan kɔɔ asraafo atrae hɔ kɔpɛɛ ahobammɔ, na afoforo nso guan kɔɔ wuram. Atopae bi a ɛfom kwan bɛtɔɔ asraafo atrae hɔ, na atopae a ɛdɛw no maa ogya tɔɔ kwae no mu. Ná ɛyɛ hu ankasa! Nnipa pii hyewee animono! Minyaa baabi hintawee, na bere a ogya no brɛɛ ase no, mebobɔ traa afunu bebree no kɔɔ ban no mu.

Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara nim Nasi Okunkɛse no ho asɛm. Meda Yehowa ase sɛ ɔhyɛɛ me nsusuwii mu den, ma enti ahude a mihui no nhyɛɛ m’adwene so mfe no nyinaa mu. Sɛ misusuw m’afiase mmere no ho a, me nkate a ɛsen biara ne anigye a manya esiane me mudi mu a mikura maa Yehowa de hyɛɛ ne din anuonyam no nti.—Dwom 124:6-8.

Ɔko Akyi Dwumadi

Bere a wogyaee me na mekɔɔ Amsterdam no, mekɔɔ baa dwumadibea hɔ tee sɛ wɔmma me adwuma. Mede ahopere hwɛɛ kwan sɛ wɔbɛka nea akɔ so wɔ m’akyi nyinaa akyerɛ me. Ná Nonnie reyɛ adwuma wɔ hɔ dedaw. Wɔ ɔko no afe a etwa to mu no, na ɔsom sɛ ɔsomafo a ɔde Bible ho nhoma kɔma asafo ahorow no. Ɛwom sɛ asiane pii too no de, nanso wɔankyere no bio.

Meyɛɛ akwampae adwuma bere tiaa bi wɔ Haarlem, nanso wɔ 1946 mu no, wɔkae sɛ menkɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Amsterdam no nkɔyɛ adwuma wɔ Amenae Dwumadibea hɔ. Ɛrekɔ 1948 awiei no, mewaree Nonnie, na yefii baa dwumadibea hɔ kɔyɛɛ akwampae adwuma. Wɔde Assen maa yɛn akwampae dwumadibea. Mfe dumien a atwam no, na me ne Richard Brauning adi ahohuru bere no wɔ hɔ, na yɛtraa ntamadan mu kaa asɛm no. Metee sɛ wɔato Richard tuo akum no bere a na wɔde no rekɔ nnadeban mu no.

Sɛnea ɛda adi no, bere a midii wɔ afiase no sɛee m’akwahosan. Woyii me fii Buchenwald akyi mfe asia no, yare kaa me too mpa mu asram anan. Mfe bi akyi wɔ 1957 mu no, nsamanwaw de me too hɔ afe mũ nyinaa. Me nipadua gurowee, nanso na m’akwampae honhom no mu da so ara yɛ den. Bere a na meyare no, minyaa hokwan pii de dii adanse. Mete nka sɛ saa akwampae honhom yi ne ade titiriw a amma yare ahorow no amma manyɛ ɔyarefo a ontumi nyɛ hwee. Me ne Nonnie de ayɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bere tenten a yɛn akwahosan ma yɛn kwan no.

Me ho yɛɛ me den akyi no, wɔmaa yɛn dwumadi wɔ Breda kuropɔn mu. Ná eyi yɛ bere a midii kan kɔsraa kurow no sɛ dantaban somfo no akyi mfe 21. Bere a yeduu hɔ wɔ 1959 mu no, na asafo ketewa bi a Adansefo 34 na wɔwom na ɛwɔ hɔ. Ɛnnɛ, mfe 37 akyi no, anyin adu asafo ahorow asia a Adansefo a wɔwom boro 500, na wohyia wɔ Ahenni Asa abiɛsa so! Wɔ asafo nhyiam ne ɔmansin nhyiam ahorow ase no, yehu nnipa pii a esiane yɛn mmɔdenbɔ nti wobenyaa Bible mu nokware nimdeɛ no. Mpɛn pii no, yɛte nka te sɛ ɔsomafo Yohane bere a ɔkyerɛw eyi no: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.”—3 Yohane 4.

Mprempren yɛanyinyin. Madi mfe 86, na Nonnie adi 78, nanso ɛsɛ sɛ meka sɛ akwampae adwuma yɛ adwuma a ɛma apɔw-mu-den. Efi bere a mebaa Breda no, madi akwahosan ho haw a minyae wɔ m’afiase nna mu no mu dodow no ara so. Mede mfe pii nso asow aba wɔ Yehowa som mu.

Sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ mfe pii a yɛde ayɛ adwuma asow aba no a, yɛn baanu nyinaa ani gye. Mpae a yɛbɔ no daa ne sɛ Yehowa mma yɛn honhom ne ahoɔden na yɛnkɔ so wɔ ne som adwuma mu bere tenten a yɛte nkwa mu no. Yɛde ahotoso ka odwontofo no nsɛm no bi: “Hwɛ, Onyankopɔn ne me boafo, Awurade nko ne nea oso me kra mu.”—Dwom 54:4.

[Kratafa 23 mfonini]

Migyina ahyɛmma kar ketewa a yɛde yɛɛ akwampae adwuma wɔ 1930 mfe mu no ho

[Kratafa 23 mfonini]

Ahyɛmma a na yɛde kɔ asasesin a atew ne ho mu

[Kratafa 23 mfonini]

Wɔrebisabisa me nsɛm wɔ 1957 nhyiam ase dwumadi bi mu

[Kratafa 24 mfonini]

Me ne me yere nnɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena