Onyankopɔn Asɛm Tumi Yɛ “Anwonwade”
SƐNEA THÉRÈSE HÉON KA KYERƐE
Da bi wɔ 1965 mu no, mekɔɔ adwumakuw bi mu de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma kɔmaa adwumayɛfo no. Bere a meyɛɛ sɛ merefi hɔ no, metee nnyigyei kɛse bi. Tuo aboba bi bɛtɔɔ me nan ho wɔ fam hɔ. Adwumayɛfo no biako dii fɛw sɛ: “Saa na ɛsɛ sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo.”
SAA suahu no maa mebɔɔ hu—nanso na ɛnyɛ ehu a ɛbɛma magyae bere nyinaa som adwuma no. Ná Bible mu nokware a masua no som bo ma me dodo sɛ mɛma kwan ma biribi ama magyae me som adwuma no. Ma menkyerɛkyerɛ nea enti a mereka saa mu nkyerɛ wo.
Wɔwoo me wɔ July 1918 mu akyi no, m’awofo kɔtraa Cap-de-la-Madeleine, akuraa ketewa bi a ɛwɔ Quebec, Canada, a wɔfrɛ no Anwonwadebea no. Ná akwantufo sen yuu ba ha bɛsom wɔ Ɔbaabun Maria asɔredan mu. Ɛwom sɛ wontumi mfa adanse bi mfoa anwonwade a wɔkyerɛ sɛ Maria yɛ no so de, nanso Onyankopɔn Asɛm ayɛ nea ɛte sɛ anwonwade ankasa wɔ nnipa pii asetra mu bere a akuraa no abɛyɛ kurow a emu nnipa bɛboro 30,000 no.
Bere a midii bɛyɛ mfe 20 no, me papa huu anigye a mewɔ wɔ nyamesom mu na ɔde ne Bible maa me. Bere a mifii ase kenkanee no, me ho dwiriw me sɛ mihu fii Exodus ti 20 sɛ ahonisom yɛ ade a wɔkasa tia pefee. Mehweree gyidi wɔ Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ mu ntɛm ara, na migyaee Mass kɔ. Ná mempɛ sɛ mɛsom ahoni. Meda so ara kae sɛ na me Papa bisa sɛ, “Thérèse, wonkɔ asɔre?” Ná mibua sɛ: “Dabi, merekenkan Bible.”
Bible akenkan kɔɔ so yɛɛ m’asetra fã wɔ bere a mewaree wɔ September 1938, mu akyi mpo. Esiane sɛ na me kunu, Rosaire, taa yɛ adwuma anadwo nti, mede yɛɛ me su sɛ mɛkenkan Bible no bere a ɔkɔ adwuma no. Ankyɛ na mibenyaa adwene sɛ Onyankopɔn bɛwɔ nkurɔfo bi, na mifii ase hwehwɛɛ wɔn.
Hwehwɛ a Mehwehwɛɛ Onyankopɔn Nkurɔfo
Esiane nea na masua wɔ asɔre bere a na misua no nti, na misuro sɛ sɛ meda a, anhwɛ a m’ani so bɛtetew me no na mewɔ hell. Nea ɛbɛyɛ na madi osuro a ɛte saa so no, na metaa se me ho sɛ ɔdɔ Nyankopɔn remma biribi a ɛyɛ hu saa nsi. Mekɔɔ so de ahotoso kenkan Bible no hwehwɛɛ nokware no. Ná mete sɛ Etiopiani piani no a na ɔkenkan nso ɔnte ase no.—Asomafo no Nnwuma 8:26-39.
Me nuabarima André ne ne yere, a na wɔte ɔdan bi mu wɔ yɛn ase, no ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible wɔ bɛyɛ 1957 mu. Meka kyerɛɛ m’akumaa no sɛ sɛ Adansefo no ba fie hɔ bɛka asɛm a, ɔmmɔ ɔdan no nsɛmso mu ma menna me ho so. Ná menam saa kwan no so behu sɛ ɛnsɛ sɛ mibue pon no. Da bi, wanka ankyerɛ me.
Saa da no, mibuee pon no, na mihyiaa Kay Munday a ɔyɛ ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no. Ɔne me kaa Onyankopɔn din ho asɛm, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn wɔ n’ankasa din, a ɛne Yehowa. Ofii hɔ akyi no, mehwɛɛ me Bible mu hwɛe sɛ Bible mu nsɛm foa nea ɔkae no so ampa anaa. Me nhwehwɛmu no maa m’ani gyei kɛse.—Exodus 6:3, Douay Version, ase hɔ asɛm; Mateo 6:9, 10; Yohane 17:6.
Bere a Kay baa hɔ bio no, yesusuw Katolek nkyerɛkyerɛ a ɛne Baasakoro, a ɛkyerɛ sɛ nnipa baasa na wɔbom yɛ Onyankopɔn no ho. Akyiri yi, mehwehwɛɛ m’ankasa Bible mu de hwɛe sɛ ɛnkyerɛ Baasakoro no ampa. (Asomafo no Nnwuma 17:11) Me nhwehwɛmu no daa no adi sɛ Yesu nyɛ kɛse sɛ Onyankopɔn. Wɔbɔɔ no. Onyaa mfiase, nanso Yehowa nni mfiase. (Dwom 90:1, 2; Yohane 14:28; Kolosefo 1:15-17; Adiyisɛm 3:14) Esiane sɛ minyaa nea merehwehwɛ ho mmuae nti, m’ani gyei sɛ mɛtoa Bible mu nkɔmmɔbɔ no so.
Da bi a sukyerɛmma bi tɔe wɔ November, 1958, mu no, Kay too nsa frɛɛ me sɛ memmra ɔmansin nhyiam bi a wɔbɛyɛ no saa anwummere no ara wɔ asa bi a wɔasrɛ so no bi. Mekɔe, na minyaa dwumadi no mu anigye. Akyiri yi, bere a me ne Ɔdansefo bi a ɔbaa me nkyɛn rebɔ nkɔmmɔ no, mibisae sɛ, “Ɛsɛ sɛ nokware Kristoni ka asɛm no wɔ afie afie?”
Obuae sɛ: “Yiw, ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no, na Bible da no adi sɛ nkurɔfo nkyɛn a yɛbɛkɔ wɔ wɔn afie no yɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so ka asɛm no.”—Asomafo no Nnwuma 20:20.
Hwɛ sɛnea m’ani gyee ne mmuae no ho! Ɛma mihui sɛ mahu Onyankopɔn nkurɔfo. Sɛ ɔkae sɛ, “Dabi, ɛho nhia a,” anka m’adwene mu bɛyɛ me naa sɛ mahu nokware no anaa, efisɛ na minim nea Bible ka fa afie afie asɛnka ho. Efi saa bere no, minyaa honhom fam nkɔso ntɛmntɛm.
Wɔ saa ɔmansin nhyiam no akyi no, mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow a na wɔyɛ wɔ kurow a ɛbɛn yɛn a wɔfrɛ no Trois-Rivières no mu. Ná Kay ne ne hokafo Florence Bowman nkutoo na wɔyɛ Adansefo wɔ Cap-de-la-Madeleine saa bere no. Da bi mekae sɛ, “Me ne mo bɛkɔ asɛnka ɔkyena.” Wɔn ani gyei sɛ me ne wɔn bɛkɔ.
Ka a Mekaa Asɛm no Wɔ Me Kurom
Ná misusuw sɛ obiara begye Bible mu asɛm no, nanso mihui ntɛm ara sɛ ɛnte saa. Bere a wɔmaa Kay ne Florence dwumadi wɔ baabi foforo no, ɛkaa me nkutoo wɔ kurow no mu a na mereka Bible mu nokware wɔ afie afie. M’abam ammu, na me nkutoo mekɔɔ so kaa asɛm no bɛyɛ mfe abien kosi sɛ wɔbɔɔ me asu wɔ June 8, 1963. Saa da no ara, mede me ho hyɛɛ nea na wɔfrɛ no akwamma akwampae adwuma no mu.
Mekɔɔ so yɛɛ akwamma akwampae adwuma no afe biako. Afei, Delvina Saint-Laurent hyɛɛ bɔ sɛ, sɛ mebɛyɛ daa ɔkwampaefo a, ɔbɛba Cap-de-la-Madeleine pɛnkoro dapɛn biara ne me abɛyɛ adwuma. Enti mehyehyɛɛ m’akwampae akwammisa kratasin no. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, aka adapɛn abien pɛ na mafi bere nyinaa som adwuma no ase na Delvina wui. Dɛn na na mɛyɛ? Wiɛ, na mahyehyɛ akwammisa kratasin no, na na mempɛ sɛ mesesa m’adwene. Enti wɔ October 1964 mu no, mifii m’adwuma ase wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Mede mfe anan a edi hɔ no kɔɔ afie afie nko ara.
Ná wɔn a wɔyɛ Katolekfo amapa wɔ Cap-de-la-Madeleine no ntaa ne m’ani nhyia. Ebinom frɛɛ polisifo de bɔɔ mmɔden sɛ wobesiw m’asɛnka ho kwan. Da bi, sɛnea mekae wɔ mfiase no, odwumayɛni bi bɔɔ mmɔden yii me hu denam tow a ɔtow tuo ma ɛbɛnee me nan ho no so. Wiɛ, eyi de huhuhuhu baa kurow no mu. Ɛhɔnom television adwumayɛbea no frɛɛ no ɔsatu a etia Yehowa Adansefo. Adeyɛ no nyinaa kowiee adansedi a ɛyɛ anigye mu. Nea ɛbae ne sɛ, mfe du akyi no, odwumayɛni no a ɔtow me tuo no busuani bi ankasa bɛyɛɛ Ɔdansefo.
“Anwonwade” a Onyankopɔn Asɛm Yɛe
Wɔ mfe a abɛsen kɔ no mu no, mahu sɛ ɔsɔretia a wɔde ba Bible mu nokware so no abrɛ ase nkakrankakra wɔ Cap-de-la-Madeleine. Bɛyɛ 1968 mu no, Adansefo foforo tu baa ha, na kurow no mufo fii ase kyerɛɛ Bible mu nokware no ho anisɔ. Ebeduu 1970 mfe no mfiase no, na Bible adesua apae pii sɛnea yɛbɛka no no. Eduu baabi a na afei de ɛsɛ sɛ mesrɛ Adansefo foforo ma wɔyɛ Bible adesua a meyɛ no pii, sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akɔ so de me ho ahyɛ afie afie som adwuma no mu.
Da bi, ababaa bi gyee nhoma a wɔde sua Bible, Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, fii me hɔ. Nea na ɔne no nam saa bere no ne aberante bi a wɔfrɛ no André, nsɛmmɔnedifo bi a n’asɛm basabasa, na ɔbɛkaa nkɔmmɔbɔ no ho. Nkɔmmɔ a me ne André bɔe no kanyan n’anigye, na yefii Bible adesua ase. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ofii ase kaa nea ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ ne nnamfo.
Eduu bere bi no, na me ne basabasayɛfo baanan na esua Bible, na na obiako nkasa pii nanso na otie no yiye. Ná ne din de Pierre. Da bi ahemadakye bɛyɛ nnɔn abien no, me ne me kunu tee sɛ obi rebɔ yɛn pon mu. Susuw asɛm yi ho hwɛ: Ná basabasayɛfo baanan no gyina hɔ a wɔrebebisa me nsɛm. Anigyesɛm ne sɛ, Rosaire anka bere a wɔde bɛsraa yɛn no ho hwee da.
Mfiase no, mmarima baanan no kɔɔ nhyiam horow. Nanso, André ne Pierre nkutoo na wɔtoaa so. Wɔtraa ase ma ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow hyiae, na wɔbɔɔ wɔn asu. Mmarima baanu no nyinaa de nokwaredi asom Yehowa bɛboro mfe 20 ni. Bere a wofii ase suaa ade no, na nkurɔfo nim wɔn yiye wɔ wɔn nsɛmmɔnedi no ho, na na polisifo ani wɔ wɔn so. Ɛtɔ da bi a, na polisifo bɛhwehwɛ wɔn bere a yɛawie Bible adesua bi anaa asafo nhyiam ase. Ɛyɛ me anigye sɛ mekaa asɛm no kyerɛɛ “nnipa nyinaa,” na ɛno nti minyaa sɛnea Onyankopɔn Asɛm de nsakrae a ɛte sɛ anwonwade ankasa ba obi so ho suahu.—1 Timoteo 2:4.
Sɛ wɔka kyerɛɛ me wɔ me som adwuma no mfiase sɛ yebenya Ahenni Asa wɔ Cap-de-la-Madeleine a Yehowa nkurɔfo ahyɛ so ma a, anka merennye nni. Nea ɛyɛ me anigye no, asafo ketewa bi a ɛwɔ Trois-Rivières kurow a ɛbɛn yɛn no abɛyɛ asafo ahorow asia a ɛrenya nkɔso, a wohyiam wɔ Ahenni Asa abiɛsa so, a nea ɛwɔ Cap-de-la-Madeleine no ka ho.
M’ankasa m’ani agye sɛ maboa nnipa bɛyɛ 30 ma wɔadu ahosohyira ne asubɔ ho. Seesei a madi mfe 78 no, metumi aka no nokwarem sɛ m’ani agye sɛ mihyiraa me nkwa so maa Yehowa. Nanso, ɛsɛ sɛ migye tom sɛ, m’abam bui mpɛn pii. Nea ɛbɛyɛ na madi tebea a ɛtete saa so no, mibue me Bible mu daa kenkan nsɛm bi a ɛma minya abotɔyam kɛse. Merentumi mma da koro ntwam a menkenkan Onyankopɔn Asɛm. Nea ɛhyɛ nkuran titiriw ne Yohane 15:7, a ɛka sɛ: “Sɛ motra me mu na me nsɛm tra mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ ama mo” no.
Mewɔ anidaso sɛ mehu Rosaire wɔ wiase foforo a abɛn yiye no mu. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4) Bere tiaa bi ansa na ɔrewu wɔ 1975 mu no, na ɔrenya nkɔso yiye a ɔrebɛn asubɔ ho. Mprempren de, masi me bo sɛ memia m’ani wɔ bere nyinaa som adwuma no mu, na makɔ so anya anigye wɔ Yehowa adwuma no mu.