Gamaliel—Ɔno Na Ɔkyerɛɛ Saulo A Ofi Tarso Ade
NÁ NNIPAKUW no gyinagyina hɔ dinn. Bere tiaa bi a etwaam no, ɛkaa kakraa bi ma wokum ɔsomafo Paulo. Na Roma asraafo abɔ nea na wɔsan frɛ no Saulo a ofi Tarso yi ho ban ma afei ogyina ntrapoe bi so wɔ Yerusalem asɔrefie no nkyɛn de n’ani akyerɛ nkurɔfo no.
Bere a Paulo de ne nsa nyamee ma ɛhɔ yɛɛ dinn no, ofii ase kaa Hebri kasa, see sɛ: “Anuanom ne agyanom, muntie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi! . . . Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔyɛn me kurow yi mu Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Onyankopɔn ho mmɔden sɛnea mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.”—Asomafo no Nnwuma 22:1-3.
Bere a na Paulo nkwa da asiane mu no, dɛn nti na bere a ɔrefi n’anoyi no ase no, ɔkae sɛ Gamaliel na ɔkyerɛɛ no ade? Na hena ne Gamaliel, na na kyerɛ a ɔkyerɛɛ no ade no gye dɛn? So saa ntetee yi nyaa Saulo so tumi bere a ɔbɛyɛɛ Kristoni somafo Paulo mpo no?
Na Hena Ne Gamaliel?
Ná Gamaliel yɛ Farisini a wonim no yiye. Na ɔyɛ Ɔpanyin Hillel, a ɔyɛ nneɛma atitiriw abien a na wɔkyerɛkyerɛ wɔ Farisifo Yudasom mu no biako farebae, no nena.a Na wobu Hillel kwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ no sɛ ɛyɛ fakaa sen nea na ɔne no si akan, Shammai, de no. Bere a wɔsɛee Yerusalem asɔrefie no wɔ 70 Y.B. mu akyi no, nkurɔfo ani gyee Bet Hillel (Hillel Fie) ho sen Bet Shammai (Shammai Fie). Esiane sɛ akuw a aka no nyinaa yerae bere a wɔsɛee asɔrefie no nti, Hillel Fie bɛyɛɛ Yudasom mu nkyerɛkyerɛ fibea a wogye tom. Bet Hillel gyinaesi ahorow na wɔtaa gyina so hyehyɛ Yudasom mu mmara wɔ Mishnah, a ɛno na wɔde yɛɛ Talmud, no mu, na ɛda adi sɛ Gamaliel nkɛntɛnso ne ade titiriw a ɛmaa edii akoten.
Ná wobu Gamaliel araa ma ɔno ne obi a wodii kan frɛɛ no rabban, abodin a ɛsõ sen rabi. Nokwarem no, Gamaliel bɛyɛɛ obi a wobu no kɛse araa ma Mishnah no ka ne ho asɛm sɛ: “Bere a Rabban Gamaliel a ɔyɛ ɔpanyin no wui no, Torah no anuonyam fii hɔ, na ahotew ne kronnyɛ [nea ɛkyerɛ paa ne “ahotua”] yerae.”—Sotah 9:15.
Gamaliel na Ɔkyerɛɛ no Ade—Ɔkwan Bɛn So?
Bere a ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ nnipakuw no wɔ Yerusalem sɛ ‘wɔyɛn no Gamaliel nan ase’ no, na ɔkyerɛ dɛn? Ná ɔkyerɛkyerɛfo te sɛ Gamaliel suani a obi bɛyɛ no gye dɛn?
Ɛdefa ntetee a ɛte saa ho no, Ɔbenfo Dov Zlotnick a ɔwɔ Yudafo Nyamekyerɛ Adesuabea a Ɛwɔ Amerika no kyerɛw sɛ: “Sɛ mmara a wɔde ano ka kyerɛ no bedi mũ, na ama wɔatumi de wɔn ho ato so a, ɛkame ayɛ sɛ nea egyina so korakora ne owura ne osuani ntam abusuabɔ: ahwɛyiye a owura no de bɛkyerɛkyerɛ mmara no ne brɛ a osuani no bɛbrɛ n’aso ase wɔ ne sua mu. . . . Ne saa nti, wɔhyɛɛ asuafo nkuran sɛ wɔntra abenfo no nan ase . . . ’na wɔmfa ahopere nnye wɔn nsɛm no.’”—Avot 1:4, Mishnah.
Wɔ Emil Schürer nhoma A History of the Jewish People in the Time of Jesus Christ mu no, ɔkyerɛkyerɛ akwan a afeha a edi kan mu rabifo akyerɛkyerɛfo no faa so no mu. Ɔkyerɛw sɛ: “Mpɛn pii no na Rabifo a wɔagye din kɛse no boaboa mmofra pii a na wɔrepɛ biribi asua no ano, a atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛma wɔahu ‘mmara a wɔde ano ka kyerɛ’ a wɔakyekyɛ mu bebree na emu nsɛm dɔɔso no mu yiye. . . . Ná nea ɛka ɔkyerɛkyerɛ no ho ne nneɛma a wɔkɔ so kyere gu adwene no mu a wɔmmrɛ. . . . Ná ɔkyerɛkyerɛfo no de mmara ho nsɛmmisa pii sisi n’asuafo anim ma wosi ho gyinae, na na ɔma wobua anaasɛ n’ankasa bua. Ná wɔma kwan ma asuafo no nso bisabisa ɔkyerɛkyerɛfo no nsɛm.”
Wɔ rabifo no fam no, na ɛnyɛ mmɔden kɛkɛ a asuafo no bɛbɔ ne botae a esi wɔn ani so. Wɔbɔɔ wɔn a saa akyerɛkyerɛfo no kyerɛɛ wɔn ade no kɔkɔ sɛ: “Obiara a ne werɛ fi nea wasua no mu ade biako pɛ no—Kyerɛwnsɛm no bu no sɛ ne nkwa ho asodi da ne so.” (Avot 3:8) Ná wɔde ayeyi a ɛkyɛn so ma osuani a ɔte sɛ “abura a wɔakwaw mu, a nsu ketewaa bi mpo mfi mu no.” (Avot 2:8) Ntetee a ɛte saa na Paulo a saa bere no wɔde ne Hebri din, Saulo a ofi Tarso frɛɛ no, no nya fii Gamaliel hɔ.
Adwene a na Ɛwɔ Gamaliel Nkyerɛkyerɛ no Akyi
Nea ɛne Farisifo nkyerɛkyerɛ hyia no, Gamaliel kamfoo mmara a wɔde ano ka kyerɛ no mu gyidi kyerɛe. Enti osii rabifo no atetesɛm so dua kɛse sen Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no. (Mateo 15:3-9) Mishnah no fa Gamaliel asɛm bi ka sɛ: “Hwehwɛ ɔkyerɛkyerɛfo [rabi bi] na kwati adwene mu naayɛ, efisɛ ɛnsɛ sɛ wobɔ wo tirim tua ntotoso dudu ma ɛboro so.” (Avot 1:16) Na eyi kyerɛ sɛ sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no anka nea ɛsɛ sɛ obi yɛ pɔtee a, na ɛnsɛ sɛ ɔde n’ankasa nsusuwii di dwuma anaa ɔde n’ahonim si gyinae. Mmom no, na ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ rabi a ɔfata ma osi gyinae no ma no. Sɛnea Gamaliel kyerɛe no, na saa kwan yi so nkutoo na obi betumi akwati sɛ ɔbɛyɛ bɔne.—Fa toto Romafo 14:1-12 ho.
Nanso, na wonim Gamaliel sɛ ɔtaa nya nneɛma ho koma, anaa ɔgow nsɛm mu wɔ ɔsom mu nsɛm a odii no mu. Sɛ nhwɛso no, osusuw mmea ho bere a ɔkae sɛ obegyina “ɔdansefo biako adanse [a ɛkyerɛ sɛ ne kunu awu] so ama ɔyere kwan ma waware foforo.” (Yevamot 16:7, Mishnah) Bio nso, sɛnea ɛbɛyɛ na Gamaliel abɔ ɔbea a wɔagyae no aware ho ban no, ɔhyehyɛɛ mmara ahorow bi wɔ awaregyae krataa ho.
Wohu saa su yi nso wɔ ɔkwan a Gamaliel ne Yesu Kristo akyidifo a wodi kan no dii no mu. Asomafo no Nnwuma no bɔ amanneɛ sɛ bere a Yudafo akannifo foforo pɛe sɛ wokum Yesu asomafo a asɛm no a na wɔreka nti wɔkyeree wɔn no, “baguafo no mu biako a ɔyɛ Farisini a ne din de Gamaliel a ɔyɛ mmarakyerɛfo a ɔman no nyinaa bu no sɔre hyɛe sɛ wɔmfa nnipa no mfi adi kakra. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel mmarima, monhwɛ mo ho yiye nnipa yi ho wɔ nea mo ne wɔn rebedi yi ho. . . . Mise mo sɛ: Munyi mo ho mfi nnipa yi ho, na munnyaa wɔn . . . na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn po na ɛreko.” Wotiee Gamaliel afotu no, na wogyaee asomafo no.—Asomafo no Nnwuma 5:34-40.
Dɛn na na Ɛkyerɛ Ma Paulo?
Afeha a edi kan Y.B. mu rabifo akyerɛkyerɛfo a wɔsen biara no biako na ɔtetee Paulo kyerɛɛ no ade. Akyinnye biara nni ho sɛ Gamaliel din a ɔsomafo no bɔe no maa nnipakuw a wɔwɔ Yerusalem no yɛɛ aso tiee ne kasa no yiye. Nanso nea na ɔreka ne ho asɛm akyerɛ wɔn no yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkorɔn sen Gamaliel koraa—Yesu, Mesia no. Afei de na Paulo rekasa kyerɛ nnipakuw no sɛ Yesu suani, ɛnyɛ Gamaliel suani.—Asomafo no nnwuma 22:4-21.
So ntetee a Paulo nya fii Gamaliel hɔ no nyaa ne nkyerɛkyerɛ so tumi sɛ Kristoni? Ɛnyɛ dɛn ara a, Kyerɛwnsɛm ne Yudafo mmara mu nkyerɛkyerɛ katee a Paulo nyae no boaa no sɛ Kristoni kyerɛkyerɛfo. Nanso, Paulo nkrataa a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ pefee sɛ ɔpow Gamaliel Farisifo gyidi nnyinaso no. Ɛnyɛ Yudasom mu rabifo anaa nnipa atetesɛm so na Paulo twee ne mfɛfo Yudafo ne afoforo nyinaa adwene sii, na mmom Yesu Kristo so.—Romafo 10:1-4.
Sɛ Paulo kɔɔ so yɛɛ Gamaliel suani a, anka obenya anuonyam kɛse. Gamaliel nkurɔfo foforo na wɔboa maa Yudasom tumi gyinae. Sɛ nhwɛso no, Gamaliel babarima Simeon, a ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ Paulo yɔnko suani no, dii atua a Yudafo tew tiaa Roma no mu akoten. Bere a wɔsɛee asɔrefie no, Gamaliel nenabarima Gamaliel II maa Sanhedrin no san nyaa tumi, na woyi kɔɔ Yavneh. Gamaliel II nenabarima Judah Ha-Nasi na ɔboaboaa Mishnah a abɛyɛ Yudasom nsusuwii no nnyinaso de besi nnɛ no ano.
Sɛ́ Gamaliel suani no, anka Saulo a ofi Tarso no betumi abɛyɛ otitiriw paa wɔ Yudasom mu. Nanso, Paulo kyerɛw faa dwumadi a ɛte saa ho sɛ: “Nneɛma a anka ɛyɛ me mfaso no, Kristo nti mibuu no adehwere. Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu hu a ɛkyɛn so no nti. Ɔno nti na mehweree nneɛma no nyinaa na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso.”—Filipifo 3:7, 8.
Ɛdenam n’adwuma sɛ Farisini a ogyae bɛyɛɛ Yesu Kristo kyidini so no, na Paulo de ne kan kyerɛkyerɛfo no afotu a ese wɔnhwɛ yiye na ‘wɔammɛyɛ sɛ wɔne Onyankopɔn mpo na ɛreko’ no redi dwuma ɔkwampa so. Paulo nam ɔtaa a ɔde baa Yesu asuafo so a ogyaee no so gyaee ko a na ɔreko tia Onyankopɔn no. Mmom no, ɔnam Kristo kyidini a ɔbɛyɛɛ no so bɛyɛɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo” no mu biako.—1 Korintofo 3:9.
Yehowa Adansefo a wɔyɛ nsi no gu so reka nokware Kristosom ho asɛm wɔ yɛn nna yi mu. Te sɛ Paulo no, wɔn mu bebree ayɛ nsakrae kɛse wɔ wɔn asetra mu. Wɔn mu bi mpo agyae adwuma a mfaso wɔ so na ama wɔatumi anya Ahenni asɛnka adwuma, a ɛyɛ adwuma a “efi Onyankopɔn” ampa, no mu kyɛfa kɛse. (Asomafo no Nnwuma 5:39) Hwɛ sɛnea wɔn ani agye sɛ wɔadi Paulo nhwɛso akyi mmom sen sɛ anka wobedi ne kan kyerɛkyerɛfo Gamaliel de akyi!
[Ase hɔ asɛm]
a Nhoma akyerɛwfo binom ka sɛ na Gamaliel yɛ Hillel babarima. Talmud no nka eyi ho asɛm pefee.
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Sɛ́ ɔsomafo Paulo no, Saulo a ofi Tarso kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa a wofi amanaman mu