Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 8/1 kr. 4-8
  • Anidaso Pa Ma Ɔkra No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anidaso Pa Ma Ɔkra No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Hebri Kyerɛwnsɛm no Ka Ɔkra Ho Asɛm
  • Helafo Nkɛntɛnso
  • Adwene a na Tete Kristofo Kura Wɔ Ɔkra no Ho
  • Baabi a Nkyerɛkyerɛ no Fi Ankasa
  • So Ɔkra No Tra Ase Wɔ Owu Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Bible No Ka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Adwene A Wukura Wɔ Ɔkra No Ho No Ka W’asetra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Wɔahu Ahintasɛm No Ano!
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 8/1 kr. 4-8

Anidaso Pa Ma Ɔkra No

NÁ ROMA asraafo no nhwɛ biribi saa kwan. Bere a woduu Masada bepɔw a ɛyɛ den, Yudafo atuatewfo no abannennen a etwa to no so no, wosiesiee wɔn ho maa wɔn atamfo ntua, akofofo nteɛm, ne mmea ne mmofra nteɛm. Nanso nea wɔtee ara ne ogya a ɛreturuturuw. Bere a Romafo no hwehwɛɛ abannennen a ɛrehyew no, wohuu nokware a ɛyɛ ahodwiriw no: na wɔn atamfo—nnipa bɛyɛ 960—awuwu dedaw! Ná Yuda akofofo no de nkakrankakra akunkum wɔn ankasa mmusua, ne afei wɔn ho wɔn ho. Ná onipa a otwa to no akum ne ho.a Dɛn na ɛde okunkɛse ne nnipa ho dɔmdi a ɛyɛ hu yi bae?

Sɛnea wɔn bere so abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, ade titiriw a ɛma wɔyɛɛ saa ne ɔkra a enwu da ho gyidi a na wɔwɔ no. Ná Eleazer Ben Jair a odii Yudafo Atuatewfo no anim wɔ Masada no adi kan abɔ mmɔden adaadaa ne mmarima no sɛ wɔn ho dɔm a wobedi no bɛfata asen sɛ wobewuwu anaa wɔbɛyɛ nkoa wɔ Romafo nsam. Bere a ohui sɛ wɔmpene so no, ɔde nkate a emu yɛ den maa ɔkra ho ɔkasa bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ nipadua no yɛ akwanside kɛkɛ ma ɔkra no, ɛyɛ afiase ma ɔkra no. Ɔtoaa so sɛ: “Nanso sɛ ɔkra no nya ne ho tetew fi adesoa a ɛtwe no ba asase so na ɛkyekyere no ho a, ɛkɔ baabi a n’ankasa fi, na afei nokwarem no, wɔde tumi ne ahoɔden bi a enni ano koraa hyira no, na ɛbɛyɛ ade a nnipa ntumi mfa wɔn aniwa nhu te sɛ Onyankopɔn ankasa.”

Dɛn na wɔyɛɛ wɔ ho? Josephus bɔ amanneɛ sɛ bere a Eleazar faa saa kwan yi so kasaa bere tenten no, “n’atiefo no nyinaa amma n’ano ansi na wɔde nkate a emu yɛ den yiye kaa wɔn ho kodii saa dwuma no.” Josephus de ka ho sɛ: “Te sɛ nea na biribi abɛhyɛ wɔn mu no, wɔde ahopere yɛɛ ade, a na obiara pɛ sɛ owie gya ne yɔnko, . . . ɔpɛ a emu yɛ den kɛntɛn wɔn so araa ma wokunkum wɔn yerenom, wɔn mma, ne wɔn ankasa ho.”

Saa nhwɛso bɔne yi kyerɛ sɛnea ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no betumi asakra owu ho adwene ankasa a nnipa kura no kɛse no. Wɔkyerɛkyerɛ wɔn a wogye di no ma wohu sɛ owu nyɛ onipa tamfo kɛse, na mmom ɔkwan bi a ɛma ɔkra no de ne ho na onya asetra a ɛkorɔn sen kan de no. Nanso dɛn nti na Yudafo Atuatewfo no nyaa gyidi yi? Nnipa pii besusuw sɛ wɔn nkyerɛwee kronkron, Hebri Kyerɛwnsɛm, no kyerɛ sɛ onipa wɔ honhom bi wɔ ne mu a ɛkeka ne ho, ɔkra bi a efi adi tra ase wɔ owu akyi. Ɛte saa ankasa?

Sɛnea Hebri Kyerɛwnsɛm no Ka Ɔkra Ho Asɛm

Ne tiaatwa mu no, mmuae no yɛ dabi. Wɔ Genesis, Bible nhoma a edi kan pɛɛ mu no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ ɔkra no nyɛ biribi a wowɔ, ɛne wo ara. Yɛkenkan Adam, onipa a odi kan, no bɔ ho asɛm sɛ: “Onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” (Genesis 2:7; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha maa ɔkra, neʹphesh, no pue bɛboro mpɛn 700 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, na pɛnkoro mpo nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ onipa fã soronko bi a ɛyɛ honhom. Nea ɛne no bɔ abira no, ɔkra yɛ nipadua paara a wotumi hu.

Hwɛ kyerɛw nsɛm a edidi so yi wɔ w’ankasa Bible mu, efisɛ wohu Hebri asɛmfua neʹphesh no wɔ emu biara mu. Ɛda adi pefee sɛ ɔkra betumi ahyia ɔhaw, asiane, na wobetumi akyere no asie mpo (Deuteronomium 24:7; Atemmufo 9:17; 1 Samuel 19:11, NW); ebetumi aso nneɛma mu (Hiob 6:7); wobetumi de no ato dade mu (Dwom 105:18, NW); ne kɔn betumi adɔ aduan, wobetumi de mmuada abrɛ no ase, na ɔkɔm ne sukɔm betumi ama wafɔn; na ɔyare a ɛsɛe ade ama no ahu amane anaa awerɛhow ama no kɔdaanna. (Deuteronomium 12:20; Dwom 35:13; 69:10; 106:15; 107:9; 119:28) Wɔ ɔkwan foforo so no, esiane sɛ wo kra ne wo, w’ankasa nti, wo kra betumi anya atenka a wubetumi anya.b

Ɛnde, so ɛno kyerɛ sɛ ɔkra betumi awu ankasa? Yiw. Sɛ́ anka wobebu ɔkra no sɛ enwu no, wɔka ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu sɛ wotumi ‘twa’ no kyene, anaa wokum no esiane bɔne bi a wayɛ nti, wɔbɔ no pira no, wokum no, wɔsɛe no, na wosunsuane ne mu. (Exodus 31:14; Deuteronomium 19:6; 22:26; Dwom 7:2, NW) Hesekiel 18:4 ka sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” Ɛda adi pefee sɛ, esiane sɛ yɛn nyinaa yɛ bɔne nti, owu ne nnipa akra awiei. (Dwom 51:5) Wɔka kyerɛɛ onipa a odi kan, Adam, sɛ bɔne ho asotwe ne owu—ɛnyɛ honhom fam atrae anaa tebea bi a owu nnim mu a obi kɔ. (Genesis 2:17) Na bere a ɔyɛɛ bɔne no, wobuu no atɛn sɛ: “Woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Bere a Adam ne Hawa wuwui no, wɔbɛyɛɛ nea Bible taa frɛ no ‘afunu’ anaa ‘akra a wɔawuwu’ no ara kwa.—Numeri 5:2; 6:6.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ The Encyclopedia Americana ka nea edi so yi fa ɔkra a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no ho: “Adwene a Apam Dedaw no kura wɔ onipa ho ne sɛ ɔyɛ biako, ɛnyɛ sɛ ɔkra ne nipadua a wɔaka abom.” Ɛde ka ho sɛ: “Wɔnka . . . Nefesh ho asɛm sɛ ɛtew ne ho fi nipadua no ho di dwuma.”

Enti, na Yudafo anokwafo gye di sɛ owu yɛ dɛn? Ne tiaatwa mu no, wogye dii sɛ owu yɛ nkwa abirabɔ. Dwom 146:4 ka nea ɛba bere a honhom, anaa nkwa tumi no, fi onipa bi mu no: “Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.”c Saa ara na Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ awufo ‘nnim biribiara.’—Ɔsɛnkafo 9:5.

Ɛnde, dɛn nti na afeha a edi kan no mu Yudafo te sɛ Atuatewfo a na wɔwɔ Masada no gyee ɔkra a enwu da ho asɛm no dii?

Helafo Nkɛntɛnso

Yudafo no annya saa adwene yi amfi Bible mu, na mmom, wonya fii Helafo hɔ. Wɔ afeha a ɛto so ason ne nea ɛto so anum A.Y.B. ntam hɔ no, ɛte sɛ nea adwene no fi Helafo sum ase akuw a wɔyɛ asumanne no mu na ɛbaa Helafo nyansapɛ mu. Nnipa pii kyerɛɛ adwene a ɛne sɛ asetra bi wɔ owu akyi a ɛhɔ na akra a wodi bɔne no benya asotwe yayaw no ho anigye bere tenten, na adwene no gyee ntini, na ɛtrɛwee. Nyansapɛfo gyee sɛnea ɔkra no te ankasa ho kyim bere nyinaa. Homer kyerɛe sɛ ɔkra no fi nipadua no mu ntɛm ara wɔ owu mu, na ɛyɛ dede a ano nyɛ den ne nea ano yɛ den yiye. Epicurus kae sɛ na ɔkra no mu yɛ duru, ma enti, na ɛyɛ nipadua a wontumi nka ho asɛm.d

Nanso ebia obi a ɔfoa ɔkra a enwu da no so sen biara ne Hela nyansapɛfo Plato, a ɔtraa ase afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu no. Sɛnea ɔkaa ne kyerɛkyerɛfo Socrates wu ho asɛm no da ntease koro no ara a na Atuatewfo a na wɔwɔ Masada no benyae wɔ mfehaha bi akyi no adi. Sɛnea nhomanimfo Oscar Cullmann ka no no, “Plato kyerɛ yɛn sɛnea Socrates de asomdwoe a edi mũ wuu dinn no. Socrates wu yɛ fɛ. Biribiara nni hɔ a na ɛbɔ no hu wɔ owu ho. Socrates rentumi nsuro owu, efisɛ nokwarem no, ɛma yɛde yɛn ho fi nipadua no ho. . . . Owu yɛ ɔkra no adamfo paa. Saa na ɔkyerɛkyerɛ; enti, owu ma ɛne nea ɔkyerɛkyerɛ no hyia yiye.”

Ɛda adi pefee sɛ Maccabees bere so, wɔ afeha a ɛto so abien ansa na Kristo reba mu na Yudafo no fii ase nyaa saa nkyerɛkyerɛ yi fii Helafo hɔ. Josephus ka kyerɛ yɛn sɛ afeha a edi kan Y.B. mu na Farisifo ne Essenefo—Yudafo nyamesom akuw a na wɔyɛ den—no gyee saa nkyerɛkyerɛ yi toom. Anwensɛm bi a ebia wɔyɛɛ no saa bere no da gyidi koro no ara adi.

Na Yesu Kristo nso ɛ? So ɔne n’akyidifo no nso kyerɛkyerɛɛ Helafo som mu adwene yi?

Adwene a na Tete Kristofo Kura Wɔ Ɔkra no Ho

Afeha a edi kan no mu Kristofo no ammu ɔkra no sɛnea Helafo no buu no no. Sɛ nhwɛso no, susuw Yesu adamfo Lasaro wu no ho. Sɛ na Lasaro wɔ ɔkra a enwu da a efii ne nipadua mu ntɛm ara bere a owui no na enyaa ahofadi ne anigye a, anka kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Yohane ti 11 no renkenkan ɔkwan soronko koraa so? Nokwarem no, sɛ na Lasaro te ase wɔ soro a ne ho ye na onim biribi a, anka Yesu bɛka akyerɛ n’akyidifo no; nea ɛne no bɔ abira no, ɔdaa adwene a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu adi na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Lasaro ada, onnim biribiara. (Nkyekyem 11) Nokwarem no, sɛ na Yesu adamfo no renya asetra foforo bi mu anigye a, anka Yesu ani begye; nanso, yehu sɛ osui wɔ owu no ho wɔ baguam. (Nkyekyem 35) Nokwarem no, sɛ na Lasaro kra wɔ soro, a ɛregye n’ani na enwu da a, anka Yesu tirim renyɛ den araa sɛ ɔbɛfrɛ no bio afi hɔ aba honam nipadua a ɛtɔ sin “afiase” mu ma wabedi mfe kakraa bi wɔ adesamma a wɔyare na wowuwu mu.

Bere a Lasaro nyan fii awufo mu no, ɔkaa nsɛm bi a ɛyɛ dɛ a ɛkyerɛ sɛ onyaa anigye wɔ nnanan a ne honhom dee ne ho na ɛtew ne ho fii ne nipadua ho no mu? Dabi, wanka biribiara. Wɔn a wogye ɔkra a enwu da no di no bɛka sɛ na eyi te saa efisɛ na ɔbarima no suahu no sõ dodo sɛ ɔbɛka ho asɛm. Nanso saa asɛm no ntɔ asom; anyɛ yiye koraa no, anka Lasaro rentumi nka saa nkyerɛ n’adɔfo—sɛ wanya suahu bi a ɛsõ dodo sɛ ɔbɛka ho asɛm? Nanso, Lasaro anka sɛ ohuu biribi bere a owui no. Susuw ho hwɛ—asɛm biako a nnipa repɛ ho ntease sen biara a wanka ho hwee: sɛnea owu te! Wobetumi akyerɛkyerɛ biribiara a wanka no mu wɔ ɔkwan biako pɛ so. Ná onni biribiara ka. Awufo adeda, wonnim biribiara.

Enti, Bible no ka owu ho asɛm sɛ ɔkra adamfo, asetra biako mu a wofi kɔ foforo mu ho amane bi ara kwa anaa? Dabi! Wɔ nokware Kristofo, te sɛ ɔsomafo Paulo, fam no, na owu nyɛ adamfo; ná ɛyɛ “ɔtamfo a odi akyiri.” (1 Korintofo 15:26) Kristofo hu owu sɛ, ade a wɔamfa ammɔ nnipa, na mmom, ade a ɛyɛ hu, biribi a wɔammɔ, efisɛ ɛyɛ ade a efi bɔne ne atuatew a etia Onyankopɔn mu bae tẽẽ. (Romafo 5:12; 6:23) Ná ɛnyɛ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma no fã.

Nanso, sɛ ɛba sɛ ɔkra no wu a, nokware Kristofo nyɛ nkurɔfo a wonni anidaso. Nyan a wonyanee Lasaro fii awufo mu no yɛ Bible kyerɛwtohɔ pii a ɛkyerɛ yɛn Kyerɛwnsɛm mu nokware anidaso a ɛwɔ hɔ ma akra a wɔawuwu no—owusɔre—no biako. Owusɔre abien na Bible ka ho asɛm. Owusɔre anidaso a ɛde kɔ daa nkwa mu wɔ Paradise wɔ asase so ha na ɛwɔ hɔ ma adesamma pii a wɔadeda wɔ ada mu, sɛ́ wɔteɛ anaa wɔnteɛ no, fã kɛse no ara. (Luka 23:43; Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Owusɔre a ɛde kɔ asetra a owu nnim mu sɛ honhom abɔde wɔ soro nso wɔ hɔ ma kuw bi a esua a Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ “kuw ketewa” no. Eyinom a Kristo asomafo no ka ho no, ne Kristo Yesu bedi adesamma so tumi, na wɔde wɔn akɔ pɛyɛ mu.—Luka 12:32; 1 Korintofo 15:53, 54; Adiyisɛm 20:6.

Ɛnde, dɛn nti na Kristoman mu asɔre ahorow no nkyerɛkyerɛ owusɔre no, na mmom ɛkyerɛkyerɛ onipa kra a enwu da no? Susuw mmuae a nyamekyerɛfo Werner Jaeger de mae wɔ The Harvard Theological Review mu wɔ 1959 mu no ho: “Nokwasɛm a ehia sen biara wɔ abakɔsɛm a ɛfa Kristofo nkyerɛkyerɛ ho mu ne sɛ na Kristofo nyamekyerɛ agya, Origen, yɛ Platoni nyansapɛfo wɔ Alexandria sukuu mu. Ɔno na ɔde ɔkra ho nkyerɛkyerɛ a ɛkɔ akyiri a onya fii Plato hɔ no nyinaa baa Kristofo nkyerɛkyerɛ mu.” Enti asɔre no yɛɛ nea na Yudafo no ayɛ no mfehaha a edii anim no bi pɛpɛɛpɛ! Wɔpow Bible nkyerɛkyerɛ kɔfaa Helafo nyansapɛ.

Baabi a Nkyerɛkyerɛ no Fi Ankasa

Afei ebia ebinom bebisa de ataa ɔkra a enwu da ho nkyerɛkyerɛ no akyi sɛ, Dɛn nti na ɔsom pii a ɛwɔ wiase mu no kyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ koro no ara wɔ akwan horow so? Kyerɛwnsɛm no de ntease a edi mũ a enti saa nkyerɛkyerɛ yi abu so wɔ wiase yi nyamesom akuw mu saa ma.

Bible ka kyerɛ yɛn sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu,” na ɛda Satan adi pɔtẽẽ sɛ ɔne “wi yi ase sodifo.” (1 Yohane 5:19; Yohane 12:31) Ɛda adi sɛ, wiase nyamesom ahorow no nnee wɔn ho mfii Satan nkɛntɛnso ho. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔaboa kɛse wɔ ɔhaw ne aperepere a aba wiase mu nnɛ no mu. Na ɛdefa ɔkra no ho no, ɛte sɛ nea wɔda Satan adwene adi pefee. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa?

Kae atoro a edi kan a wodii no. Ná Onyankopɔn aka akyerɛ Adam ne Hawa sɛ sɛ wɔyɛ bɔne tia no a, owu na ebefi mu aba. Nanso Satan maa Hawa awerɛhyem sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” (Genesis 3:4) Nokwarem no, Adam ne Hawa wuwui; wɔsan kɔɔ dɔte mu sɛnea na Onyankopɔn aka no. Satan, “atoro agya” no annyae n’atorodi a edi kan no mu da. (Yohane 8:44) Wɔ ɔsom ahorow pii a wɔdan fi Bible nkyerɛkyerɛ ho anaa wɔpow no pefee mu no, wɔda so ara da adwene koro no ara adi: ‘Ɛnyɛ owu na wubewu. Wo nipadua bɛsɛe, nanso wo kra bɛkɔ so atra hɔ daa—te sɛ Onyankopɔn!’ Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow no, na Satan nso aka akyerɛ Hawa sɛ ɔbɛyɛ “sɛ Onyankopɔn”!—Genesis 3:5.

Hwɛ ye a eye sɛ yebenya anidaso a ennyina atoro anaa onipa nyansapɛ so, na mmom egyina nokware so. Hwɛ ye a eye sɛ yebenya awerɛhyem sɛ yɛn adɔfo a wɔawuwu no wɔ ada mu a wonnim biribiara, sen sɛ yɛbɛhaw yɛn ho wɔ faako a ɔkra bi a enwu da wɔ ho! Ɛnsɛ sɛ saa nna a awufo ada yi bɔ yɛn hu anaa ɛhaw yɛn adwene. Wɔ ɔkwan bi so no, yebetumi abu awufo sɛ wɔwɔ ahomegyebea bi a ahobammɔ wɔ hɔ. Dɛn nti na ahobammɔ wɔ hɔ? Efisɛ Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ awufo a Yehowa dɔ wɔn no te ase wɔ ntease titiriw bi mu. (Luka 20:38) Wɔte ase wɔ ne nkae mu. Ɛno yɛ awerɛkyekyesɛm kɛse efisɛ ne nkae nni awiei. Ne ho pere no sɛ ɔde nnipa ɔpepem pii a ɔdɔ wɔn no bɛba nkwa mu na wama wɔn hokwan atra ase daa wɔ paradise asase so.—Fa toto Hiob 14:14, 15 ho.

Owusɔre da a ɛyɛ anigye no bɛba, efisɛ ɛsɛ sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa nya mmamu. (Yesaia 55:10, 11) Wo de susuw ho sɛ saa nkɔmhyɛ yi anya mmamu: “Nanso w’awufo nya nkwa, wɔn afunu bɛsɔre bio. Wɔn a wɔadeda wɔ asase mu no benyan de ahurusi ato dwom; efisɛ wo bosu yɛ hann a ɛhyerɛn, na asase bɛsan awo wɔn a wɔawuwu bere tenten.” (Yesaia 26:19, The New English Bible) Enti awufo a wɔadeda wɔ ada mu no ho adwo wɔn sɛ akokoaa a ɔwɔ ne na yam. Ɛnkyɛ na “wɔawo” wɔn de wɔn aba nkwa mu bio wɔ paradise asase bi so!

Anidaso bɛn na ebetumi akyɛn ɛno?

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔbɔ amanneɛ sɛ mmea baanu ne mmofra baanum a wohintawee no nyaa wɔn ti didii mu. Akyiri yi mmea no kaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ Romafo a wɔfaa wɔn nnommum no.

b Hebri asɛmfua ruʹach, a wɔde gyina hɔ ma “honhom” no kyerɛ “ɔhome” anaa “mframa.” Ɛdefa nnipa ho no, ɛnkyerɛ honhom a ɛkeka ne ho, na mmom, sɛnea The New International Dictionary of New Testament Theology ka no no, ɛkyerɛ “onipa no nkwa tumi.”

c Nokwarem no, sɛnea ɛte wɔ nsɛmfua pii a wɔde di dwuma kɔ akyiri ho no, saa ara na asɛmfua neʹphesh no wɔ asekyerɛ afoforo nso. Sɛ nhwɛso no, ebetumi akyerɛ sɛnea obi te ankasa, titiriw bere a wɔde reka nkate a efi komam ho asɛm no. (1 Samuel 18:1) Ebetumi akyerɛ nkwa a obi wɔ sɛ ɔkra nso.—1 Ahene 17:21-23.

d Ɛnyɛ ɔno ne obi a otwa to a onyaa adwene a ɛnteɛ yi. Wɔ afeha yi mfiase no, nyansahufo bi kyerɛe sɛ wakari nnipa pii akra ankasa denam sɛnea na wɔn mu duru te wɔ wɔn wu akyi pɛɛ a ɔtew fii sɛnea na wɔn mu duru te bere tiaa bi ansa na wɔrewu mu no so.

[Kratafa 7 mfonini]

Yudafo Atuatewfo a na wɔwɔ Masada no gye dii sɛ owu bɛma wɔn akra ade wɔn ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena