Epafrodito—Filipifo no Somafo
“MOMFA anigye nyinaa nnye no Awurade mu, na wɔn a wɔte saa no, munkura wɔn nidi mu,” saa na Paulo kyerɛw kɔmaa Filipifo no. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ Kristoni ɔhwɛfo bi ka yɛn ho asɛmpa saa a, anka yɛn ani begye. (Filipifo 2:29) Nanso na hena na Paulo reka ne ho asɛm no? Na dɛn na ɔyɛe nti a na ɔfata nkamfo a ɛhyɛ nkuran saa?
Asɛmmisa a edi kan no ho mmuae ne Epafrodito. Nea ɛbɛyɛ na yɛabua nea ɛto so abien no, momma yensusuw nsɛm tebea a ɛkaa Paulo ma ɔkyerɛw saa nsɛm yi no ho.
Wɔ bɛyɛ afe 58 Y.B. mu no, Filipifo no tee sɛ basabasayɛ kuw bi a wɔn ani abere atwe Paulo afi Yerusalem asɔrefie hɔ akɔhwe no, atumfoɔ no akyere no, na bere a wonnya nnii n’asɛm a wɔde no too afiase no, woguu no nkɔnsɔnkɔnsɔn de no kɔɔ Roma. (Asomafo no Nnwuma 21:27-33; 24:27; 27:1) Bere a na wɔredwennwen ne yiyedi ho no, ɛbɛyɛ sɛ wobisaa wɔn ho nea wobetumi ayɛ ama no. Ná wɔyɛ ahiafo, na na wɔmmɛn Paulo koraa, enti na wontumi mmoa no kɛse. Nanso, na nkate a emu yɛ den a ɛkaa Filipifo no ma wɔboaa no wɔ ne som adwuma mu bere bi a atwam no da so kanyan wɔn; na na ayɛ kɛse mpo efisɛ na ɔwɔ tebea a emu yɛ den mu.—2 Korintofo 8:1-4; Filipifo 4:16.
Ɛbɛyɛ sɛ Filipifo no susuw ho sɛ ebia wɔn mu biako betumi akɔsra Paulo, akɔma no akyɛde bi, na sɛ ohia biribiara a, waboa no. Nanso na ɛyɛ kwan tenten a ɔbrɛ wom, na na boa a wɔbɛboa no no betumi ayɛ asiane! Joachim Gnilka ka sɛ: “Ná egye akokoduru na obi akɔsra ɔdeduani, titiriw sɛ ɔyɛ obi a ɛte sɛ nea wɔnkyerɛɛ ‘bɔne’ pɔtee a wayɛ a.” Nhoma kyerɛwfo Brian Rapske ka sɛ: “Ná asiane foforo wɔ hɔ sɛ obi bɛkyerɛ anigye kɛse anaa obenya tema ama ɔdeduani no anaa ne nsusuwii. . . . Sɛ wanhwɛ yiye a, asɛm bi a ebepue afi n’anom anaa biribi a ɔbɛyɛ betumi de odeduani no ne ɔboafo no nyinaa awiei aba.” Ná hena na Filipifo no betumi asoma no?
Yebetumi de yɛn adwene afa ho ahu yiye sɛ na akwantu a ɛte saa no betumi de dadwen ne ahoyeraw aba, nanso na Epafrodito (ɛnyɛ ɔno ara ne Epafra a na ɔwɔ Kolose no) wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa adwumaden no. Sɛ yesusuw ne din a Aphrodite ka ho no ho a, ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Amanaman muni a wadan Kristoni—awofo a na wɔsom saa Helafo ɔdɔ ne awo nyamewa no, ba. Bere a Paulo kyerɛw Filipifo no kɔdaa wɔn ase wɔ wɔn adɔe ho no, otumi kaa Epafrodito ho asɛm ma ɛfatae sɛ “mo somafo ne me dɛɛfoɔ.”—Filipifo 2:25.
Esiane nea Bible ka fa Epafrodito ho nti, yetumi te ase sɛ ɛmfa ho krado a ɛfata nkamfo a na wayɛ sɛ obetu ne ho asi hɔ asom Paulo ne n’ankasa asafo no wɔ saa kwan yi so no, na Epafrodito wɔ ɔhaw ahorow a ebia yɛwɔ no ara bi. Momma yensusuw ne nhwɛso no ho.
“Me Dɛɛfoɔ”
Yennim asɛm no mu yiye, nanso yebetumi de yɛn adwene akari sɛ bere a Epafrodito koduu Roma no, na akwantu no ama wabrɛ. Ɛbɛyɛ sɛ ɔfaa Via Egnatia, Romafo kwan bi a na etwam wɔ Makedonia, no so. Ná obetumi atwa Adriatic no akɔ Italy asase hwene no “ano” na afei wafa Appian Way no so akɔ Roma. Ná ɛyɛ akwantu a ɔbrɛ wom (ne kɔ nkutoo yɛ kilomita 1,200) a ebia edi boroo ɔsram biako.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 29 no.
Honhom bɛn na Epafrodito de kɔɔ ne kwan no? Ná wɔasoma no sɛ ‘ɔmfa ɔsom’ anaa lei·tour·giʹa mma Paulo. (Filipifo 2:30) Mfiase no na Hela asɛmfua yi fa adwuma a ɔman ba bi fi ne pɛ mu yɛ ma Ɔman no. Akyiri yi, ɛbɛkyerɛɛ saa adwuma no a Ɔman no hyɛɛ ɔmamma a na ɛfata wɔn yiye sɛ wɔnyɛ no. Ɔbenfo bi ka sɛnea wɔde asɛmfua yi dii dwuma wɔ Hela Kyerɛwnsɛm mu no ho asɛm sɛ: “Kristoni yɛ obi a ɔyɛ adwuma ma Onyankopɔn ne nnipa, a nea edi kan nti a ɛte saa ne sɛ ofi ne koma nyinaa mu pɛ sɛ ɔyɛ saa, na nea ɛto so abien ne sɛ biribi na ɛka no ma ɔyɛ saa, esiane sɛ Kristo dɔ no hyɛ no nti.” Yiw, hwɛ honhom a ɛkyɛn so ara a Epafrodito daa no adi!
‘Ɔde Ne Kra Too Asiane Mu’
Paulo fa asɛmfua bi fi kasa a wɔde di dwuma wɔ kyakyatow mu ka sɛ Epafrodito ‘de ne kra too [pa·ra·bo·leu·saʹme·nos] asiane mu,’ anaa nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ ɔde ne nkwa “too kyakya” maa Kristo adwuma. (Filipifo 2:30) Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Epafrodito yɛɛ biribi a nyansa nnim; mmom no, na asiane bi wɔ ɔsom kronn a ɔde mae no mu. Ebetumi aba sɛ osiim sɛ ɔrekodi ne mmoa no ho dwuma wɔ afe no fã a wim tebea nye mu anaa? So ɛbae sɛ wamma n’abam ammu ɛmfa ho sɛ ɔyare bɔɔ no wɔ kwan so baabi no? Sɛnea na tebea no te biara no, Epafrodito “yaree koduu baabi a anka ɔreyɛ awu.” Gyama na ɛsɛ sɛ anka ɔtra Paulo nkyɛn som no, enti ɛda adi sɛ na ɔsomafo no pɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ nea enti a na ɔreba ntɛm asen sɛnea na wɔhwɛ kwan no mu.—Filipifo 2:27, NW.
Nanso, na Epafrodito yɛ ɔkokodurufo a na wasiesie ne ho sɛ obetu ne ho asi hɔ koraa de mmoa ama wɔn a wɔwɔ ahokyere mu.
Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛhe na metumi atu me ho asi hɔ aboa me honhom fam anuanom a wɔwɔ tebea a emu yɛ den mu akodu?’ Ɛnyɛ sɛ Kristofo pɛ a na wɔda ɔpɛ su a ɛte saa adi. Yesu kae sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!” (Yohane 13:34; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Epafrodito yɛɛ ne som adwuma no “koduu baabi a anka ɔreyɛ awu.” Enti na Epafrodito yɛ obi a okura “adwene” a Paulo hyɛɛ Filipifo no nkuran sɛ wonnya no, ho nhwɛso. (Filipifo 2:5, 8, 30, Kingdom Interlinear) So yebesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ ade akɔ akyiri saa?
Ne nyinaa akyi no, Epafrodito ho yeraw no. Dɛn ntia?
N’ahoyeraw No
Fa no sɛ woyɛ Epafrodito. Paulo bɔɔ amanneɛ sɛ: “N’ani gyina mo nyinaa, na ne ho yeraw no, efisɛ motee sɛ ɔyare.” (Filipifo 2:26) Ná Epafrodito nim sɛ anuanom a wɔwɔ n’asafo mu no nim sɛ ɔyaree na wantumi ammoa Paulo sɛnea wɔhwɛɛ kwan no. Nokwarem no, ebetumi ayɛ te sɛ nea Epafrodito maa Paulo dadwen yɛɛ kɛse. So na ɛsɛ sɛ oduruyɛfo Luka a na ɔyɛ Paulo hokafo no de nneɛma foforo gu nkyɛn na ɔhwɛ Epafrodito?—Filipifo 2:27, 28; Kolosefo 4:14.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Epafrodito nyaa adwenemhaw. Ebetumi aba sɛ osusuwii sɛ na anuanom a wɔwɔ n’asafo mu no bu no sɛ ɔmfata. Ebia na ɔte afobu nka, na na “n’ani gyina” sɛ obehu wɔn na wama wɔn awerɛhyem sɛ okura nokwaredi mu. Paulo de Hela asɛmfua a tumi wom kɛse, a·de·mo·neʹo, “sɛ́ obi benya adwenemhaw,” na ɛkyerɛkyerɛɛ Epafrodito tebea no mu. Sɛnea ɔbenfo J. B. Lightfoot kyerɛ no, saa asɛmfua yi betumi akyerɛ “ntoto, ahometew, ne adwene a etu fra a honam fam basaayɛ anaa adwennwene te sɛ awerɛhow, aniwu, abasamtu, ne nea ɛkeka ho, de ba no.” Beae koro pɛ a aka a wɔde saa asɛmfua yi di dwuma wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu no fa ahoyeraw kɛse a Yesu kɔɔ mu wɔ Getsemane turo mu no ho.—Mateo 26:37.
Paulo sii gyinae sɛ nea ɛsen biara a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne sɛ ɔbɛma Epafrodito asan akɔ Filipifo no nkyɛn de krataa akɔma wɔn de akyerɛkyerɛ wɔn somafo no mmae a na wɔnhwɛ kwan no mu akyerɛ wɔn. Bere a Paulo kae sɛ “mibui sɛ ehia sɛ mesoma Epafrodito . . . mema ɔba mo nkyɛn” no, na ɔrekyerɛ sɛ ɔno na ɔrema wasan aba, na ɔnam so de ayi adwene biara a wobetumi anya sɛ Epafrodito adi nkogu no afi hɔ. (Filipifo 2:25) Nea ɛne no bɔ abira no, esiane sɛ na Epafrodito pɛ sɛ owie ne dwumadi no nti, ɛkaa kakraa bi ma ɔhweree ne nkwa! Paulo kamfo kyerɛɛ wɔn denneennen sɛ “momfa anigye nyinaa nnye no Awurade mu, na wɔn a wɔte saa no, munkura wɔn nidi mu! Efisɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owu, na ɔde ne kra too hɔ sɛ obesi mo ananmu asom me wɔ nea aka nyinaa mu.”—Filipifo 2:29, 30.
“Wɔn a Wɔte Saa no, Munkura Wɔn Nidi Mu”
Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ mmarima ne mmea a wɔwɔ Epafrodito adwene no bi no ho anisɔ. Wɔde wɔn ho bɔ afɔre na ama wɔatumi asom. Susuw wɔn a wɔatu wɔn ho ama na wɔafi wɔn kurom akɔsom wɔ akyirikyiri sɛ asɛmpatrɛwfo, ahwɛfo akwantufo, anaasɛ wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow no biako no ho. Sɛ onyin anaa apɔwmuden a enni hɔ nti, wɔn mu binom ntumi nyɛ nea na wɔyɛ no bere bi a atwam no a, wɔfata obu ne nidi wɔ mfe pii a wɔde asom nokwaredi mu no ho.
Nanso, ɔyare a ɛma obi yɛ mmerɛw betumi ama wate adwenemhaw ne afobu nka. Obi bɛpɛ sɛ ɔyɛ pii. Hwɛ sɛnea ɛyɛ abasamtu fa! Obiara a ɔba tebea a ɛte saa mu no betumi asua biribi afi Epafrodito hɔ. Sɛ yɛreka a, yare a ɔyaree no fi no anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnte saa! (Genesis 3:17-19; Romafo 5:12) Epafrodito nyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn ne ne nuanom, nanso ɔyare siw no kwan.
Paulo anka Epafrodito anim sɛ ɔyaree nti, na mmom ɔka kyerɛɛ Filipifo no sɛ wonnyina n’akyi pintinn. Saa ara na sɛ yɛn nuanom abasam tu a, ɛsɛ sɛ yɛkyekye wɔn werɛ. Mpɛn pii no, yebetumi akamfo wɔn wɔ nokwaredi a wɔde som ho nhwɛso a wɔyɛ no ho. Ɛbɛyɛ sɛ anisɔ a Paulo kyerɛ maa no na ɔkaa ne ho asɛmpa no kyekyee Epafrodito werɛ, na ɛmaa n’adwenemhaw no brɛɛ ase. Yɛn nso yebetumi anya ahotoso sɛ ‘Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi yɛn adwuma ne yɛn dɔ mmɔden a yɛbɔ ne din ho, sɛ yɛsom ahotefo na yɛda so som wɔn.’—Hebrifo 6:10.
[Kratafa 29 adaka]
Akwantu no mu Amanehunu
Nnansa yi, sɛ obi tu kwan fi Europa kuropɔn titiriw biako mu kɔ foforo mu te sɛ nea Epafrodito yɛe no a, ebia ɔremmrɛ pii. Obetumi de wimhyɛn atwa kwan no wɔ dɔnhwerew biako anaa abien mu a ɔmmrɛ. Ná kwan a ɛte saa a obi betu wɔ afeha a edi kan no mu no nte saa koraa. Saa bere no, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛkɔ mmeaemmeae. Ná ɔkwantuni a ɔnam fam betumi atwa kilomita 30 kosi 35 da koro, na ɛmma onnya ahobammɔ wɔ wim tebea a ano yɛ den ne asiane ahorow, a “adwowtwafo” ka ho, mu.—2 Korintofo 11:26.
Na mmeae a obetumi asoɛ hɔ anadwo ne nneɛma a obehia a ɔbɛfa nso ɛ?
Abakɔsɛm kyerɛwfo Michelangelo Cagiano de Azevedo da no adi sɛ wɔ Romafo akwan so no, “na wɔwɔ mansione ahorow, ahɔhodan ankasa a adekoradan, apɔnkɔ dan, ne wɔn adwumayɛfo atrae ahorow wom; mansione abien biara ntam no, na wɔwɔ mutatione, anaa gyinabea dodow bi, faako a na obi betumi asesa ne pɔnkɔ anaa n’afiri, na wanya ahiade ahorow.” Ná saa ahɔhodan ahorow yi agye din bɔne esiane sɛ na nnipa a wɔn asetram gyinabea ba fam sen biara na wɔtaa kɔ hɔ nti. Wia a na ahɔhodan so ahwɛfo wia akwantufo no akyi no, na wɔtaa nya tuutuufo hɔ sika ka wɔn akatua ho. Abrabɔ bɔne ho anwensɛm kyerɛwfo a ɔka Latin kasa Juvenal kae sɛ obiara a tebea no bɛhyɛ no ma watra saa ahɔhodan a ɛte saa mu no betumi “akɔda otirimɔdenfo bi nkyɛn pɛɛ, ɔne hyɛn mu somfo, awifo, ne nkoa a wɔaguan abɔ fekuw, wada abrafo ne wɔn a wɔyɛ funnaka nkyɛn . . . Kuruwa biako na obiara nom ano; obiara nna mpa biako so, na saa ara na ne nkutoo rennya ɔpon biako.” Tete akyerɛwfo foforo bɔɔ nsu fĩ ne adan no a na nnipa akyere so wom, emu yɛ fĩ, emu afɔw, na sonkronsuo wom no ho abubuw.
[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 27]
Roma
[Mfonini]
Romafo bere so ɔkwantuni bi
[Nsɛm Fibea]
Asase mfonini: Mountain High Maps® Copyright © 1995 Digital Wisdom, Inc.; Ɔkwantuni: Da originale del Museo della Civiltà Romana, Roma