Kristo Mmara no a Yɛde Bɛtra Ase
“Munnyigye mo ho ade a ɛyɛ mo duru nsoa, na saa na mode bewie Kristo mmara so di.”—GALATIFO 6:2.
1. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristo mmara no wɔ nkɛntɛnso pa a emu yɛ den nnɛ?
WƆ Rwanda no, Hutu ne Tutsi Yehowa Adansefo de wɔn nkwa too asiane mu de bɔɔ wɔn ho wɔn ho ban wɔ mmusua ntam nnipakum a esii ɔman no mu nnansa yi no mu. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Kobe, Japan, a wɔhweree wɔn abusuafo wɔ asasewosow a ɛyɛɛ hɔ pasaa no mu no tebea yɛɛ basaa esiane nea wɔhweree no nti. Nanso, wɔyɛɛ ade ntɛm de gyee afoforo a na wɔn ho akam no nkwa. Yiw, nhwɛso ahorow a ɛma abotɔyam a efi wiase nyinaa no da no adi sɛ Kristo mmara no reyɛ adwuma nnɛ. Ɛwɔ nkɛntɛnso pa a emu yɛ den.
2. Ɔkwan bɛn so na Kristoman atere Kristo mmara no ho, na ɔkwan bɛn so na yɛfa di saa mmara no so?
2 Bere koro no ara, Bible nkɔmhyɛ bi a ɛfa saa “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi ho renya mmamu. Nnipa pii ‘katere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa’ nanso “wɔpa emu ahoɔden.” (2 Timoteo 3:1, 5) Wɔ Kristoman mu titiriw no, nyamesom taa yɛ guasodeyɛ, na ɛnyɛ komam adeyɛ. Ɛyɛ den dodo sɛ wɔde Kristo mmara no bɛtra ase nti na aba saa anaa? Dabi. Yesu remma yɛn mmara a yentumi nni so. Asɛm no ara ne sɛ Kristoman atere saa mmara no ho. Wɔantie saa nsɛm a efi honhom mu yi: “Munnyigye mo ho ade a ɛyɛ mo duru nsoa, na saa na mode bewie Kristo mmara so di.” (Galatifo 6:2) ‘Yewie Kristo mmara no so di’ denam yɛn ho yɛn ho ade a emu yɛ duru a yebegyigye asoa no so, ɛnyɛ Farisifo no a yebesuasua wɔn na yɛde adesoa no bi aka yɛn nuanom de ho wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so.
3. (a) Kristo mmara no mu ahyɛde ahorow no bi ne dɛn? (b) Dɛn nti na ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo asafo no nya ahyɛde bi ka Kristo mmara pɔtee no ho?
3 Nea ɛka Kristo mmara no ho ne Kristo Yesu ahyɛde nyinaa—sɛ́ yɛreka asɛm no na yɛrekyerɛkyerɛ, yɛrema yɛn ani agyen ahwɛ tee, yɛrebɔ mmɔden ama asomdwoe atra yɛne yɛn yɔnko ntam, anaasɛ yɛreyi afideyɛ afi asafo no mu. (Mateo 5:27-30; 18:15-17; 28:19, 20; Adiyisɛm 2:14-16) Nokwarem no, ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wodi Bible mu mmara a wɔde ama Kristo akyidifo nyinaa no so. Na ɛnyɛ ɛno nko. Ɛsɛ sɛ Yehowa ahyehyɛde no, ne asafo nkorɛnkorɛ nso, yeyɛ ahyɛde ahorow a ɛho hia na wɔkyerɛ ɔkwan a wɔmfa so nyɛ nneɛma, na ama nhyehyɛe pa atra hɔ. (1 Korintofo 14:33, 40) Sɛ Kristofo nni ahyɛde bi a ɛfa bere, beae, ne sɛnea wɔbɛyɛ nhyiam horow ho a, anka wontumi mpo nyɛ nhyiam a ɛtete saa! (Hebrifo 10:24, 25) Akwankyerɛ a ntease wom a wɔn a wɔama wɔn tumi wɔ ahyehyɛde no mu de ma a yɛde bɛyɛ adwuma nso ka Kristo mmara no a yebewie so di no ho.—Hebrifo 13:17.
4. Dɛn ne tumi a ɛkanyan ɔsom kronn?
4 Nanso, nokware Kristofo mma wɔn som mmɛyɛ mmara a ntease nnim a wɔhyehyɛ. Ɛnyɛ ankorankoro anaa ahyehyɛde bi na ɛka kyerɛ wɔn kɛkɛ sɛ wɔnsom Yehowa nti na wɔyɛ saa. Mmom no, tumi a ɛkanyan wɔn ma wɔsom ne ɔdɔ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Kristo dɔ no hyɛ yɛn.” (2 Korintofo 5:14, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnodɔ wɔn ho. (Yohane 15:12, 13) Ɔdɔ a ɛma wɔde wɔn ho bɔ afɔre na Kristo mmara no gyina so, na ɛhyɛ, anaasɛ ɛkanyan nokware Kristofo a wɔwɔ mmaa nyinaa, wɔ abusua no ne asafo no nyinaa mu. Momma yɛnhwɛ sɛnea ɛte.
Wɔ Abusua no Mu
5. (a) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi adi Kristo mmara no so awie wɔ fie? (b) Dɛn na mmofra hia fi wɔn awofo hɔ, na akwanside ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ awofo bi di so na wɔatumi de ama?
5 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.” (Efesofo 5:25) Sɛ okunu suasua Kristo, ne ne yere di wɔ ɔdɔ ne ntease mu a, odi Kristo mmara no fã titiriw bi so. Bio nso, Yesu daa ɔdɔ adi pefee kyerɛɛ mmofra nkumaa, yɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn. (Marko 10:16) Awofo a wodi Kristo mmara no so wie nso da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn mma. Ampa, ɛyɛ awofo bi den sɛ wobesuasua Yesu nhwɛso wɔ eyi mu no. Ɛnyɛ wɔn mu bi awosu sɛ wɔbɛda wɔn nkate adi. Awofo, mommma nneɛma a ɛte saa nsiw mo kwan sɛ mobɛda ɔdɔ a mowɔ ma mo mma adi akyerɛ wɔn! Ɛnnɔɔso sɛ mubehu sɛ modɔ mo mma. Ɛsɛ sɛ wɔn nso wohu. Na sɛ moamfa akwan bi so anna mo dɔ adi a, wɔrenhu.—Fa toto Marko 1:11 ho.
6. (a) So mmofra hia awofo ahyɛde ahorow, na dɛn nti na wubua saa? (b) Ade titiriw bɛn nti na ɛsɛ sɛ wonya fie ahyɛde ahorow a ehia sɛ mmofra te ase? (d) Sɛ wɔma Kristo mmara no di akoten wɔ fie a, asiane ahorow bɛn na wɔkwati?
6 Bere koro no ara, mmofra hia anohyeto ahorow, a ɛkyerɛ sɛ ehia sɛ wɔn awofo ma wɔn ahyɛde ahorow, na ɛtɔ da bi a wɔteɛ wɔn so ma wodi saa ahyɛde ahorow yi so. (Hebrifo 12:7, 9, 11) Ɛno mpo akyi no, ɛsɛ sɛ wɔboa mmofra nkakrankakra ma wohu ade titiriw a saa ahyɛde ahorow yi gyina so: ɔdɔ a wɔn awofo wɔ ma wɔn. Na ɛsɛ sɛ wosua hu sɛ ɔdɔ ne ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ wotie wɔn awofo. (Efesofo 6:1; Kolosefo 3:20; 1 Yohane 5:3) Ɔwofo a ɔwɔ nhumu botae ne sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mmofra ma wɔde wɔn “adwene tumi” adi dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a akyiri yi, wɔn ankasa besisi gyinae pa. (Romafo 12:1, NW; fa toto 1 Korintofo 13:11 ho.) Nanso, ɛnsɛ sɛ ahyɛde ahorow yɛ pii dodo anaasɛ nteɛso mu yɛ den dodo. Paulo ka sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” (Kolosefo 3:21; Efesofo 6:4) Sɛ Kristo mmara no di akoten wɔ fie hɔ a, ɛremma wɔmfa nteɛso a abufuw a ɛtra so wom anaasɛ animka a etumi pira mma. Wɔ fie a ɛte saa mu no, mmofra te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ na wonya denhyɛ, wɔnte nhyɛso anaa abasamtu nka.—Fa toto Dwom 36:7 ho.
7. Akwan bɛn so na Betel afie betumi ayɛ nhwɛso wɔ fie ahyɛde ahorow a wɔyeyɛ mu?
7 Ebinom a wɔakɔsra Betel afie a ɛwɔ wiase nyinaa no ka sɛ ɛhɔ yɛ beae a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ kari a wɔkari pɛ wɔ ahyɛde ahorow a wɔde sisi hɔ ma abusua mu. Ɛwom sɛ mpanyimfo na wɔwɔ atrae a ɛtete saa no de, nanso edi dwuma te sɛ mmusua pɛpɛɛpɛ.a Dwumadi a ɛkɔ so wɔ Betel no dɔɔso, na ehia ahyɛde pii—ɛda adi sɛ ɛdɔɔso sen abusua ankasa de. Nanso, mpanyimfo a wodi anim wɔ Betel afie, office, ne nnwinnan ahorow mu no bɔ mmɔden de Kristo mmara no yɛ adwuma. Wobu no sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ, ɛnyɛ adwuma no nko na wɔbɛyɛ ho nhyehyɛe na mmom wɔbɛma honhom fam nkɔso ne “Yehowa anigye” nso atra wɔn mfɛfo adwumayɛfo mu. (Nehemia 8:10, NW) Enti, wɔyere wɔn ho yɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a ɛhyɛ nkuran so, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wɔwɔ ntease. (Efesofo 4:31, 32) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wonim Betel mmusua sɛ wɔwɔ anigye honhom!
Wɔ Asafo no Mu
8. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae wɔ asafo no mu bere nyinaa? (b) Tebea horow bɛn mu na ebinom aka sɛ wɔmfa ho ahyɛde mma anaa wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛyeyɛ ho ahyɛde?
8 Saa ara na ɛyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho den wɔ ɔdɔ honhom mu wɔ asafo no mu. (1 Tesalonikafo 5:11) Enti ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa hwɛ yiye na wɔamma afoforo adesoa mu anyɛ duru denam wɔn ankasa nsusuwii a wɔde bɛhyɛ wɔn so wɔ nsɛm a ɛsɛ sɛ obiara si n’ankasa gyinae mu so. Ɛtɔ mmere bi a, ebinom kyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ wɔmfa ahyɛde ahorow bi mma wɔ nneɛma bi te sɛ adwene a ɛsɛ sɛ wonya wɔ sini, nhoma, ne agode ahorow pɔtee bi mpo ho mu. Nanso, Asafo ti no nni hokwan sɛ wɔbɛhwehwɛ saa nneɛma no mu de ho ahyɛde bi ama. Mpɛn pii no, eyinom yɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ ankorankoro anaa abusua ti biara si ho gyinae, a egyina ɔdɔ a ɔwɔ ma Bible nnyinasosɛm ahorow so. Afoforo nso tumi dan Asafo ti no nyansahyɛ ne akwankyerɛ ahorow ahyɛde. Sɛ́ nhwɛso no, asɛm bi a ɛyɛ anigye baa March 15, 1996 Ɔwɛn-Aban no mu a ɛhyɛɛ mpanyimfo nkuran sɛ wɔnsrasra asafo no mufo nhwɛ wɔn daa. Ná atirimpɔw no ne sɛ ɛrebɛyɛ ahyɛde ahorow anaa? Dabi. Ɛwom sɛ wɔn a wotumi de nyansahyɛ ahorow no di dwuma no nya mfaso pii de, nanso ɛrentumi nyɛ yiye mma mpanyimfo bi sɛ wɔde bɛyɛ adwuma. Saa ara na “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” mu asɛm a ɛbaa April 1, 1995, Ɔwɛn-Aban mu no bɔɔ kɔkɔ wɔ nidi a ɛwɔ asubɔ mu a wɔbɛma ayera denam nneɛma a wɔbɛyɛ atra so, te sɛ aponto akɛse anaasɛ nkonimdi aperententu, no so. Ebinom de afotu a nyansa wom yi adi dwuma ama atra so ma wɔayɛ ahyɛde bi mpo sɛ krataa a wɔde hyɛ nkuran a wɔde bɛkɔ akɔma obi saa bere yi no yɛ mfomso!
9. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛyɛ katee dodo ne sɛ yebebu yɛn ho yɛn ho ntɛn?
9 Afei nso hwɛ hu sɛ, sɛ “adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no” bedi akoten wɔ yɛn mu a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Kristofo nyinaa ahonim nyɛ pɛ. (Yakobo 1:25) Sɛ nkurɔfo paw nea wɔpɛ sɛ ankorankoro a emmu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm biara so a, ɛsɛ sɛ yɛkasa tia anaa? Dabi. Saa a yɛbɛyɛ no de mpaapaemu bɛba. (1 Korintofo 1:10) Bere a Paulo rebɔ yɛn kɔkɔ wɔ mfɛfo Kristofo a yebebu wɔn ntɛn ho no, ɔkae sɛ: “N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase; nanso obegyina, na Awurade betumi ama wagyina.” (Romafo 14:4) Sɛ yɛkasa tia yɛn ho yɛn ho wɔ nsɛm a ɛsɛ sɛ yegyaw ma ankorankoro de wɔn ahonim yɛ adwuma wɔ ho mu a, Onyankopɔn bo betumi afuw yɛn.—Yakobo 4:10-12.
10. Henanom na wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ asafo no so, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn?
10 Bio nso momma yɛnkae sɛ wɔde ahyɛ mpanyimfo no nsa sɛ wɔnhwɛ Onyankopɔn nguankuw so. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa. Ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛkɔ wɔn hɔ akogye afotu, efisɛ wosua Bible no, na wonim nneɛma a wɔaka ho asɛm wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu no. Sɛ mpanyimfo no hu abrabɔ bi a ebetumi ama obi abu Bible nnyinasosɛm ahorow so a, wɔde afotu a ɛho hia ma wɔ akokoduru so. (Galatifo 6:1) Asafo no mufo di Kristo mmara no so wie denam saa nguanhwɛfo adɔfo a wodi wɔn anim yi a wɔne wɔn yɛ biako no so.—Hebrifo 13:7.
Mpanyimfo De Kristo Mmara no Di Dwuma
11. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo de Kristo mmara no di dwuma wɔ asafo no mu?
11 Mpanyimfo ani gye ho sɛ wobedi Kristo mmara no so awie wɔ asafo no mu. Wodi anim wɔ asɛmpa no ka mu, fi Bible mu kyerɛkyerɛ na ama wɔadu nkurɔfo komam, na sɛ́ nguanhwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ na wodwo no, wɔkasa kyerɛ “wɔn a wɔn koma atu.” (1 Tesalonikafo 5:14) Wɔkwati su horow a ɛmfata Kristofo a ɛwɔ Kristoman asɔre ahorow pii mu no. Ampa, saa wiase yi resɛe ntɛmntɛm, na te sɛ Paulo no, mpanyimfo betumi anya nguankuw no ho dadwen; nanso wɔkari pɛ bere a wodi ahiade a ɛtete saa ho dwuma no.—2 Korintofo 11:28.
12. Sɛ Kristoni bi kɔ ɔpanyin bi hɔ sɛ ɔrekogye mmoa a, ɔkwan bɛn na ɔpanyin no betumi afa so?
12 Sɛ́ nhwɛso no, ebia Kristoni bi bɛpɛ sɛ ɔkohu ɔpanyin bi wɔ asɛnhia bi a Kyerɛwnsɛm mu asɛm biara nkaa ho asɛm tee anaasɛ ɛhwehwɛ sɛ wɔde Kristofo nnyinasosɛm ahorow di dwuma ma ɛkari pɛ ho. Ebia na wɔayɛ sɛ wɔbɛbɔ n’aba so wɔ adwumam ama no akatua pii nanso asɛyɛde kɛse ka ho. Anaasɛ ebia na Kristoni kumaa bi agya a onnye nni hwehwɛ nneɛma bi wɔ ne babarima no hɔ a ebetumi aka ne som adwuma. Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, ɔpanyin no kwati sɛ ɔde n’ankasa nsusuwii bɛma. Mmom no, ebia obebue Bible no na waboa onii no ma wasusuw nnyinasosɛm ahorow a ɛfa ho no ho. Sɛ Watch Tower Publications Index wɔ hɔ a, obetumi de ahwehwɛ nea “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no aka wɔ saa asɛm no ho a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban anaa nhoma foforo mu. (Mateo 24:45) Na sɛ ɛno akyi no, Kristoni no si gyinae bi a ɔpanyin no bu no sɛ nyansa nnim nso ɛ? Sɛ gyinaesi no mmu Bible nnyinasosɛm anaa mmara so tee a, Kristoni no behu sɛ ɔpanyin no gye hokwan a ankorankoro wɔ sɛ osi gyinae a ɛte saa no tom, bere a onim sɛ “obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa” no. Nanso ɛsɛ sɛ Kristoni no kae sɛ, “nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:5, 7.
13. Dɛn nti na mpanyimfo boa afoforo ma wosusuw nsɛm ho sen sɛ wɔbɛma nsɛmmisa ho mmuae tee anaa wɔbɛka wɔn ankasa nsusuwii akyerɛ wɔn?
13 Dɛn nti na ɔpanyin a ne ho akokwaw no bɛyɛ n’ade saa kwan yi so? Anyɛ yiye koraa no, nneɛma abien ntia. Nea edi kan no, Paulo ka kyerɛɛ asafo bi sɛ ‘ɔnhyɛ wɔn gyidi so.’ (2 Korintofo 1:24) Sɛ ɔpanyin no boa ne nua no ma osusuw Kyerɛwnsɛm no ho na n’ankasa fi nimdeɛ a ɔwɔ mu si gyinae a, na ɔresuasua Paulo su no. Ohu sɛ ɛwɔ baabi a ne tumi no kodu, sɛnea Yesu nso hui sɛ ɛwɔ baabi a ne tumi kodu no. (Luka 12:13, 14; Yuda 9) Bere koro no ara, mpanyimfo yɛ ntɛm de Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛboa, na emu yɛ den mpo, ma wɔ baabi a ɛho hia. Nea ɛto so abien no, ɔretete ne yɔnko Kristoni. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin [honhom fam] a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” (Hebrifo 5:14) Enti, sɛ yebenya ahokokwaw pii a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ankasa nkatede di dwuma, a yɛmfa yɛn ho nto onipa foforo so bere nyinaa sɛ ɔnkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Bere a ɔpanyin no rekyerɛ ne yɔnko Kristoni sɛnea wosusuw Kyerɛwnsɛm ho no, na ɔnam saa kwan yi so reboa no ma wanya nkɔanim.
14. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔn ho akokwaw betumi akyerɛ sɛ wɔwɔ Yehowa mu ahotoso?
14 Yebetumi anya gyidi sɛ Yehowa Nyankopɔn nam ne honhom kronkron so bɛkanyan ne nokware asomfo koma. Enti, Kristofo a wɔn ho akokwaw kanyan wɔn nuanom koma, hyɛ wɔn nkuran sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no. (2 Korintofo 8:8; 10:1; Filemon 8, 9) Ná Paulo nim sɛ wɔn a wɔnteɛ titiriw na wohia mmara pii na ama wɔatumi abɔ bra pa, na ɛnyɛ wɔn a wɔteɛ. (1 Timoteo 1:9) Ná ɛnyɛ sɛ ɔwɔ ne nuanom ho adwemmɔne anaasɛ onni wɔn mu ahotoso, na mmom na ɔwɔ wɔn mu gyidi. Ɔkyerɛw kɔmaa asafo bi sɛ: “Yɛwɔ mo mu ahotoso Awurade mu.” (2 Tesalonikafo 3:4, NW) Ɛda adi sɛ Paulo gyidi, n’ahotoso, ne n’awerɛhyem no kanyan saa Kristofo no kɛse. Botae a ɛtete saa ara na mpanyimfo ne ahwɛfo akwantufo wɔ nnɛ. Hwɛ sɛnea saa mmarima anokwafo yi ma abotɔyam, bere a wofi ɔdɔ mu yɛn Onyankopɔn nguankuw no!—Yesaia 32:1, 2; 1 Petro 5:1-3.
Kristo Mmara no a Wɔde Tra Ase
15. Nsɛmmisa bɛn na yebetumi abisa yɛn ho de ahwɛ sɛ yɛde Kristo mmara no redi dwuma wɔ yɛne yɛn nuanom fekubɔ mu anaa?
15 Ɛho hia sɛ daa yɛhwehwɛ yɛn ho mu hwɛ sɛ yɛde Kristo mmara no retra ase, na yɛrehyɛ ho nkuran anaa. (2 Korintofo 13:5) Nokwasɛm ne sɛ, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ yɛn nyinaa bebisa sɛ: ‘Mehyɛ afoforo den anaasɛ meyɛ katee? Mekari pɛ anaasɛ meyɛ ade tra so? Mihu afoforo mmɔbɔ anaasɛ migyina nea migyina?’ Ɛnsɛ sɛ Kristoni bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ ne nua yɛ anaa nea ɛnsɛ sɛ ɔyɛ wɔ nsɛm a Bible nka ho asɛm pɔtee mu.—Romafo 12:1; 1 Korintofo 4:6.
16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn a wonni wɔn ho mu ahotoso no na ama yɛadi Kristo mmara no fã titiriw bi so awie?
16 Wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu no, ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ahyehyɛ yɛn ho nkuran. (Hebrifo 10:24, 25; fa toto Mateo 7:1-5 ho.) Sɛ yɛhwɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a, wɔn su ahorow a eye no nhia yɛn nsen wɔn mmerɛwyɛ ahorow anaa? Yehowa ani so no, obiara ho hia. Nea ɛyɛ awerɛhow no, nnipa nyinaa nte nka saa, wɔ wɔn ankasa mpo ho. Nnipa pii hu nneɛma a wɔn ankasa mmɔ ho mmɔden ne wɔn sintɔ ahorow nkutoo. Nea ɛbɛyɛ na yɛahyɛ saafo no—ne afoforo—nkuran no, so yebetumi abɔ mmɔden sɛ nhyiam biara ase no, yɛne onipa biako anaa nnipa baanu bɛkasa, na yɛama wɔahu nea enti a yɛn ani sɔ ba a wɔbae ne ade pa a wɔde boa wɔ asafo no mu no? Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yɛbɛma wɔn adesoa ayɛ hare wɔ saa kwan yi so, na yɛnam so adi Kristo mmara no so awie!—Galatifo 6:2.
Kristo Mmara no Reyɛ Adwuma!
17. Akwan horow bɛn so na wuhu sɛ Kristo mmara no reyɛ adwuma wɔ mo asafo no mu?
17 Kristo mmara no reyɛ adwuma wɔ Kristofo asafo no mu. Yehu no da biara da—bere a mfɛfo Adansefo de anigye ka asɛmpa no kyerɛ afoforo, bere a wɔkyekye wɔn ho wɔn ho werɛ na wɔhyehyɛ wɔn ho nkuran, bere a wɔyere wɔn ho som Yehowa a ɔhaw a emu yɛn den mmoroso mfa ho, bere a awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtete wɔn mma ma wɔde anigye koma adɔ Yehowa, ne bere a ahwɛfo de ɔdɔ ne anigye kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm, na ɛkanyan nguankuw no ma wonya nnamyɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛsom Yehowa daa no. (Mateo 28:19, 20; 1 Tesalonikafo 5:11, 14) Sɛ yɛde Kristo mmara no yɛ adwuma wɔ yɛn ankasa asetra mu sɛ ankorankoro a, hwɛ sɛnea Yehowa koma ani gye! (Mmebusɛm 23:15) Ɔpɛ sɛ wɔn a wɔdɔ ne mmara a ɛyɛ pɛ no nyinaa tra ase daa. Wɔ Paradise a ɛreba no mu no, yebehu bere a adesamma bɛkɔ pɛyɛ mu, bere a mmaratofo nni hɔ bio, ne bere a yebetumi adi yɛn komam nsusuwii nyinaa so yiye no. Hwɛ akatua a anuonyam wom a Kristo mmara no a yɛde bɛtra ase de bɛba!
[Ase hɔ asɛm]
a Saa afie no nte sɛ Kristoman nkokorafi ahorow. “Abbot ahorow” anaa ‘agyanom’ a wɔte saa nni hɔ. (Mateo 23:9) Wɔkyerɛ obu ma anuanom a wɔde asɛyɛde ahyehyɛ wɔn nsa no, nanso nnyinasosɛm koro no ara a mpanyimfo nyinaa de yɛ adwuma na ɛkyerɛ wɔn kwan.
W’adwene ne Dɛn?
◻ Dɛn nti na Kristoman atere Kristo mmara no ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Kristo mmara no ayɛ adwuma wɔ abusua no mu?
◻ Sɛ yɛde Kristo mmara no bedi dwuma wɔ asafo no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi adi Kristo mmara no so awie wɔ wɔne asafo no nsɛnnii mu?
[Kratafa 23 mfonini]
Wo ba hia ɔdɔ kɛse
[Kratafa 24 mfonini]
Hwɛ sɛnea yɛn ahwɛfo a wɔwɔ dɔ no ma abotɔyam!