Ɔsom Nyinaa Sɔ Onyankopɔn Ani?
Wote nka sɛ ɔsom ahorow nyinaa sɔ Onyankopɔn ani? Ebia anyɛ yiye koraa no, ɔsom biara a wunim no hyɛ abrabɔ pa ho nkuran kodu baabi. Nanso ɛno ara dɔɔso sɛ ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani anaa?
EBINOM ka sɛ, ‘Ɛno ara ne sɛ wubedi nokware wɔ wo som mu, Onyankopɔn ani begye ho. Ɔsom nyinaa ye.’ Sɛ́ nhwɛso no, Bahai Som no agye saa adwene yi atom araa akodu sɛ afa wiase no som atitiriw akron no mu nneɛma afrafra ɔsom no gyidi ahorow mu. Saa nyamesom kuw yi gye di sɛ eyinom nyinaa fi Onyankopɔn hɔ, na ɛyɛ nokware koro no afã horow. Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi ayɛ yiye?
Afei nso, ɛfata sɛ wubebisa sɛnea ɔsom bi betumi asɔ Onyankopɔn ani bere a ɛsoma emufo ma wɔde mframa bɔne kohintaw mmeae a nnipa wɔ, a ebetumi akunkum nnipa pii no. Wɔabɔ nyamesom kuw bi sobo saa wɔ Japan. Anaasɛ Onyankopɔn ani gye ɔsom a ɛma emufo di wɔn ho dɔm ho? Mfe kakraa bi a atwam ni no, ɛno na ɛtoo nyamesom kannifo Jim Jones akyidifo no.
Sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ tete mmere mu a, yebetumi abisa ma afata sɛ, Ɔsom ahorow betumi asɔ Onyankopɔn ani bere a ɛhyɛ akodi ho nkuran, sɛnea ɛyɛe wɔ Mfirihyia Aduasa Akodi a ɛkɔɔ so fi 1618 kosi 1648 no? Sɛnea The Universal History of the World kyerɛ no, na saa nyamesom ko a ɛkɔɔ so wɔ Katolekfo ne Protestantfo ntam no yɛ “Europa abakɔsɛm mu akodi a ɛyɛ hu sen biara no mu biako.”
Nyamesom Mmeamudua ho akodi a ɛkɔɔ so fi afeha a ɛto so 11 kosi 13 no nso de mogyahwiegu a ɛyɛ hu bae. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Mmeamudua ho akodi a edi kan no mu no, wɔn a na wose wɔyɛ Kristofo mmeamudua ho akofo no kunkum Nkramofo ne Yudafo a na wɔtete Yerusalem no atirimɔden so.
Afei nso, susuw nea ɛbae wɔ Atirimɔden Asɛnni, a efii ase wɔ afeha a ɛto so 13 no mu na edii bɛyɛ mfe 600 no ho. Nyamesom akannifo hyɛe ma wɔyɛɛ nnipa mpempem pii ayayade, na wɔhyew wɔn kunkum wɔn. Peter De Rosa ka wɔ ne nhoma Vicars of Christ—The Dark Side of the Papacy mu sɛ: “Pope no din mu na [atirimɔden asennifo no] yɛɛ nnipa aninyanne a ɛsen biara wɔ [nnipa] abakɔsɛm mu.” De Rosa ka wɔ Dominic kyidini atirimɔden ɔsɛnnifo Torquemada a ofi Spain ho sɛ: “Wɔpaw no 1483 mu, na odii ade atirimɔden so mfe dunnum. Okunkum nnipa bɛboro 114,000, na ɔhyew wɔn mu 10,220.”
Nokwarem no, ɛnyɛ Kristoman mu asɔre ahorow nkutoo na wodi mogya ho fɔ. Franseni nyansapɛfo Blaise Pascal kae wɔ ne nhoma Pensées mu sɛ: “Nnipa ntumi mfa anigye nni bɔne nkɔ akyiri saa da, gye sɛ nyamesom gyidi piapia wɔn.”
Wɔn Aba na Wɔde Hu Wɔn
Onyankopɔn ani so no, sɛ ɔsom bi bɛsɔ ani a ennyina ade biako pɛ so. Sɛ ɔsom bi bɛsɔ n’ani a, ɛsɛ sɛ ne nkyerɛkyerɛ ne ne dwumadi ahorow ne N’asɛm a wɔakyerɛw a ɛyɛ nokware, Bible, no hyia. (Dwom 119:160; Yohane 17:17) Ɛsɛ sɛ ɔsom a Onyankopɔn pene so no sow aba a ɛne Yehowa Nyankopɔn gyinapɛn ahorow hyia.
Yesu Kristo kyerɛe wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ adiyifo bi betwa nkontompo aka sɛ wɔkasa wɔ Onyankopɔn din mu. Yesu kae sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo. Wɔn aba na mode behu wɔn. Wɔtetew obobe nsɔe so, anaasɛ wɔtetew borɔdɔma akraate so? Saa ara na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne. Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa. Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu. Enti wɔn aba na mode behu wɔn.” (Mateo 7:15-20) Saa nsɛm yi kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ honhom mu. Yebetumi asusuw sɛ nyamesom kannifo bi anaa kuw bi sɔ Onyankopɔn ne Kristo ani, nanso ebia na yɛredi mfomso.
Ahwɛyiye Ho Hia
Ɛmfa ho sɛ ɔsom bi kyerɛ sɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani na n’asɔfo kenkan nsɛm fi Bible mu no, ɛno nkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Ebi mpo a n’akannifo yeyɛ anwonwade bi a ɛma ɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn de wɔn redi dwuma. Nanso, ɔsom no betumi ayɛ atoro som, a ɛnsow aba a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Mose bere so Misraim Akɔmfo no tumi yɛɛ anwonwade, nanso akyinnye biara nni ho sɛ na Onyankopɔn mpene wɔn so.—Exodus 7:8-22.
Sɛnea na ɛte wɔ tete mmere mu no, ɛnnɛ ɔsom ahorow pii kyerɛkyerɛ nnipa nsusuwii ne nyansapɛ ahorow sen sɛ anka wɔbɛbata nea Onyankopɔn ka sɛ ɛyɛ nokware ho no. Enti nea ɛfata titiriw ne Bible kɔkɔbɔ a ese: “Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum.”—Kolosefo 2:8.
Bere a Yesu kaa aba pa ne aba bɔne ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no. Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!”—Mateo 7:21-23.
Hwehwɛ Aba no Mu
Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, ɛho hia sɛ yɛhwɛ aba a ɔsom bi sow ansa na yɛaka sɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani. Sɛ́ nhwɛso no, ɔsom no nya amammuisɛm mu kyɛfa anaa? Ɛnde hyɛ nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Yakobo 4:4 yi nsow: “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” Bio nso, Yesu ka faa ne nokware akyidifo ho sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:16) Ɔsom a eye wɔ Onyankopɔn ani so no mfa ne ho nhyehyɛ wiase a ‘ɛda ɔbɔnefo no,’ honhom abɔde a aniwa nhu no Satan Ɔbonsam, ‘tumi mu’ no amammuisɛm mu. (1 Yohane 5:19) Mmom no, ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani no de nokwaredi gyina N’ahenni a Yesu Kristo di so no akyi, na ɛka asɛmpa a ɛfa saa ɔsoro nniso no ho no.—Marko 13:10.
Sɛ ɔsom bi hyɛ asoɔden a wɔyɛ tia atumfoɔ ho nkuran a, ɛsɔ Onyankopɔn ani? Mmuae no da adi bere a yetie ɔsomafo Paulo afotu yi no: “Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara adwuma pa.” (Tito 3:1) Nokwarem no, Yesu kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ n’akyidifo ‘de Kaesare de ma Kaesare, na wɔde Onyankopɔn de ma Onyankopɔn.’—Marko 12:17.
Fa no sɛ ɔsom bi hyɛ amanaman akodi mu kyɛfa a wobenya ho nkuran. Petro nhoma a edi kan 3:11 hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnyɛ papa’ na ‘yɛnhwehwɛ asomdwoe nni akyi.’ Ɛbɛyɛ dɛn na ɔsom bi atumi asɔ Onyankopɔn ani bere a emufo wɔ ɔpɛ sɛ wobekunkum wɔn mfɛfo asomfo a wɔwɔ ɔman foforo mu wɔ ɔko mu no? Ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani no mufo da ne su titiriw no adi—ɔdɔ. Na Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Saa ɔdɔ no ne ɔtan a emu yɛ den a amanaman no akodi ahorow no de ba no nni twaka biara.
Nokware som ma ntɔkwapɛfo sesa bɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe. Wɔhyɛɛ eyi ho nkɔm wɔ saa nsɛm yi mu: “Wɔde wɔn nkrante [bɛbobɔ] nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” (Yesaia 2:4) Sɛ́ anka wɔn a wɔde nokware som bɔ wɔn bra no bɛka nsɛm a ɛda ɔtan adi no, wodi ahyɛde yi so mmom: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”—Mateo 22:39.
Wɔn a wɔde nokware som bɔ wɔn bra no yere wɔn ho de Yehowa Nyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no tra ase, a wɔmfa ɔbrasɛe asetra akwan so. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no. Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.”—1 Korintofo 6:9-11.
Bere a Ɛsɛ sɛ Woyɛ Biribi
Ɛho hia sɛ wuhu nsonsonoe a ɛda atoro som ne nokware som ntam no. Wɔ Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm mu no, wɔda wiase atoro som ahemman no adi sɛ “Babilon kɛse no,” sɛnkyerɛnne kwan so aguaman a “wiase ahene ne no abɔ aguaman.” Odi mogya ho fɔ, na okura sika kuruwa a “akyide ne n’aguamammɔ fĩ ayɛ no ma.” (Adiyisɛm 17:1-6) Ne ho biribiara nni hɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.
Eyi yɛ bere a ɛsɛ sɛ woyɛ biribi. Yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no de ɔfrɛ yi ma nnipa komapafo a wɔda so wɔ Babilon Kɛse mu sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.”—Adiyisɛm 18:4.
Sɛ wopɛ sɛ wode ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani bɔ wo bra a, dɛn nti na wommɛn Yehowa Adansefo na woahu wɔn yiye? Nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛka ho no bobɔ nneɛma a wogye di no bi din, na ɛde Kyerɛwnsɛm a eyinom gyina so ma. Hwehwɛ wo Bible no mu hwɛ sɛ nea Adansefo no gye di no ne Onyankopɔn Asɛm hyia anaa. Hwehwɛ mu hwɛ sɛ ebia wɔn som no sow aba a wobɛhwɛ kwan sɛ nokware som bɛsow no anaa. Sɛ wuhu sɛ ɛte saa a, ɛnde na woahu ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani.
[Kratafa 5 adaka]
NEA YEHOWA ADANSEFO GYE DI
NEA WOGYE DI BIBLE NNYINASO
Onyankopɔn din ne Yehowa Exodus 6:3; Dwom 83:18
Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm Yohane 17:17; 2 Timoteo 3:16, 17
Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba Mateo 3:16, 17; Yohane 14:28
Adesamma mfi adannandi mu,
na mmom wɔbɔɔ wɔn Genesis 1:27; 2:7
Onipa a odi kan no bɔne nti
na nnipa wu Romafo 5:12
Wɔ owu mu no, ɔkra no
ntra ase bio Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4
Hell yɛ adesamma nyinaa damoa Hiob 14:13; Adiyisɛm 20:13,
King James Version
Anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo Yohane 5:28, 29; 11:25;
ne owusɔre Asomafo no Nnwuma 24:15
Kristo de ne nkwa wɔ asase Mateo 20:28; 1 Petro 2:24; 1
so mae sɛ agyede maa nnipa Yohane 2:1, 2
asoɔmmerɛfo
Nea ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae nkutoo Mateo 6:9; Yohane 14:6, 13, 14
ne Yehowa denam Kristo so
Ɛsɛ sɛ wodi Bible no abrabɔ 1 Korintofo 6:9, 10
ho mmara so
Ɛnsɛ sɛ wɔde ahoni di dwuma wɔ Exodus 20:4-6; 1 Korintofo 10:14
ɔsom mu
Ɛsɛ sɛ wɔkwati ahonhomsɛmdi Deuteronomium 18:10-12;
Ɛnsɛ sɛ obi de mogya kɔ ne
nipadua mu Genesis 9:3, 4;
Yesu nokware akyidifo twe wɔn Yohane 15:19; 17:16; ho fi wiase no ho Yakobo 1:27; 4:4
Kristofo di adanse, ka asɛmpa Yesaia 43:10-12;
no kyerɛ Mateo 24:14; 28:19, 20
Asubɔ a wɔde obi nu nsu mu Marko 1:9, 10; Yohane 3:22;
koraa no yɛ ahosohyira
a ɔyɛ ma Onyankopɔn no
ho sɛnkyerɛnne Asomafo no Nnwuma 19:4, 5
Nyamesom mu abodin ahorow Hiob 32:21, 22; Mateo 23:8-12
nnyina Kyerɛwnsɛm so
Yɛte “awiei bere no” mu Daniel 12:4; Mateo 24:3-14; 2
Timoteo 3:1-5
Ba a Kristo aba no yɛ nea Mateo 24:3; Yohane 14:19;
aniwa nhu Satan ne wiase yi 1 Petro 3:18
sodifo a aniwa nhu no Yohane 12:31; 1 Yohane 5:19
Onyankopɔn bɛsɛe mprempren
nneɛma nhyehyɛe bɔne yi Daniel 2:44; Adiyisɛm 16:14, 16;
18:1-8
Onyankopɔn Ahenni a Kristo
di so no bedi asase so Yesaia 9:6, 7;
wɔ trenee mu Daniel 7:13, 14; Mateo 6:10
“Kuw ketewa” bi ne Kristo bedi
hene wɔ soro Luka 12:32; Adiyisɛm 14:1-4; 20:4
Afoforo a Onyankopɔn pene wɔn
so benya daa nkwa Luka 23:43; Yohane 3:16;
wɔ paradise asase so Adiyisɛm 21:1-4
[Kratafa 4 mfonini]
Wokunkum nnipa ɔpepem pii wɔ Atirimɔden Asɛnni no mu
[Kratafa 6 mfonini]
Mmeamudua ho akodi ahorow no de mogyahwiegu a ɛyɛ hu bae
[Kratafa 7 mfonini]
Nea wɔde hu nokware som ne aba pa a ɛsow
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Cover: Garo Nalbandian