Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 1/1 kr. 6-11
  • Momma Yɛn Nyinaa Nhyɛ Yehowa Anuonyam!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momma Yɛn Nyinaa Nhyɛ Yehowa Anuonyam!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Asafo Yehowa’ Kasa
  • Honhom Fam Asɔrefie a Ɛwɔ Anuonyam No
  • “Midi Mo Akyi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Monhyehyɛ Mo Nsa Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Hagai ne Sakaria Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • “Mɛwosow Aman Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 1/1 kr. 6-11

Momma Yɛn Nyinaa Nhyɛ Yehowa Anuonyam!

“Monhyɛ Awurade [Yehowa, “NW”] anuonyam apuei.”—YESAIA 24:15.

1. Yehowa adiyifo no buu ne din dɛn, na nneyɛe a ɛkɔ so wɔ Kristoman mu nnɛ bɛn na ɛne no bɔ abira?

YEHOWA—Onyankopɔn anuonyam din no! Hwɛ sɛnea tete adiyifo anokwafo no de ahurusi kasae wɔ saa din no mu! Wɔde ahurusi hyɛɛ wɔn Amansan Hene, Yehowa, a ne din da no adi sɛ Atirimpɔw Wura no, anuonyam. (Yesaia 40:5; Yeremia 10:6, 10; Hesekiel 36:23) Wɔn a na wɔfrɛ wɔn adiyifo nkumaa no mpo kasaa akokoduru so hyɛɛ Yehowa anuonyam. Ná eyinom mu biako ne Hagai. Wɔde Onyankopɔn din di dwuma mpɛn 35 wɔ Hagai nhoma a esi nkyekyem 38 pɛ no mu. Saa nkɔmhyɛ no bɛyɛ nea tumi nnim bere a wɔde abodin “Awurade” si din a ɛsom bo Yehowa ananmu, sɛnea Kristoman atoro asomafo no yɛ wɔ wɔn Bible nkyerɛase ahorow mu no.—Fa toto 2 Korintofo 11:5 ho.

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛda nsow bi a ɛfa Israel sanba ho no nyaa mmamu? (b) Anigye bɛn na Yudafo nkaefo no ne wɔn ahokafo nyaa mu kyɛfa?

2 Wɔ Yesaia 12:2, NW no, wɔde din no ahorow abien na edi dwuma.a Odiyifo no ka sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ne me nkwagye. Menya ahotoso, na minsuro; na m’ahoɔden ne me tumi ne Yah Yehowa, na ɔbɛyɛɛ me nkwagye.” (Hwɛ Yesaia 26:4, NW nso.) Enti bɛyɛ mfe 200 ansa na wɔreyi Israel afi Babilon nnommumfa mu no, na Yah Yehowa nam ne diyifo Yesaia so de awerɛhyem rema sɛ ɔne wɔn Nkwagyefo kɛse. Ná saa nnommumfa no befi ase 607 kosi 537 A.Y.B. mu. Yesaia san kyerɛwee sɛ: “Me, Awurade [Yehowa, NW], mene nea ɔyɛ ade nyinaa, . . . Nea ɔka Kores ho sɛ: Me guanhwɛfo ni, na ɔbɛma nea ɛsɔ m’ani nyinaa aba mu, na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔnkyekye! na asɔrefi nso: Wɔ́nhyɛ ase!” Ná hena ne saa Kores yi? Anigye so no, ɔbɛyɛɛ Persia Hene Kores a odii Babilon so nkonim wɔ 539 A.Y.B. mu no.—Yesaia 44:24, 28.

3 Nea ɛne Yehowa nsɛm a Yesaia yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no hyia no, Kores de ahyɛde maa Israel nnommum no sɛ: “Mo man muni biara a ɔwɔ mo mu ha no, ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na onkosi Awurade [Yehowa, NW] Israel Nyankopɔn fi no. Ɔno ne [nokware, NW] Nyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem.” Yudafo nkaefo no ne Netinimfo a na wɔnyɛ Israelfo ne Salomo nkoa mma no de anigye mmoroso san kɔɔ Yerusalem. Woduu hɔ bere ano kodii Asese Afahyɛ no wɔ 537 A.Y.B. mu bɔɔ afɔre maa Yehowa wɔ n’afɔremuka no so. Afe a edi hɔ no ɔsram a etia abien mu no, wɔtoo asɔrefie a etia abien no nhyɛase, na wɔde osebɔ kɛse yii Yehowa ayɛ.—Esra 1:1-4; 2:1, 2, 43, 55; 3:1-6, 8, 10-13.

4. Ɔkwan bɛn so na Yesaia atiri 35 ne 55 nyaa mmamu?

4 Ná ɛsɛ sɛ Yehowa afisiesie ho nkɔmhyɛ no nya anuonyam mmamu wɔ Israel: “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren; . . . wobehu Awurade [Yehowa, NW] anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no.” “Anigye na mode befi akɔ, na wɔde asomdwoe agya mo kwan; mo nti mmepɔw ne nkoko bɛto anigye dwom, . . . na ɛbɛyɛ din ama Awurade [Yehowa, NW] ne daa sɛnkyerɛnne a wɔrentwa nkyene.”—Yesaia 35:1, 2; 55:12, 13.

5. Dɛn nti na anigye a Israel nyae no ankyɛ?

5 Nanso, saa anigye no ankyɛ. Nkurɔfo a na wɔbemmɛn wɔn no hwehwɛe sɛ wɔde wɔn gyidi bɛfrafra wɔn de no asi asɔrefie no. Yudafo no ampene so mfiase no, na wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ mo ne yɛn de, sɛ yebesi ɔdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara besi ama Awurade [Yehowa, NW] Israel Nyankopɔn no, sɛnea Persia hene Kores hyɛɛ yɛn no.” Afei saa nkurɔfo a wɔbemmɛn wɔn no bɛyɛɛ wɔn atamfo kɛse. Wɔmaa “Yuda man no nsam gowee, na wotuu wɔn bo abanto no ho.” Wɔsan kaa tebea no ho nsɛm a ennim kyerɛɛ nea obedii Kores ade, Artasasta, na ɔma wogyaee asɔrefie no si. (Esra 4:1-24) Adwuma no gyaee mfe 17. Awerɛhosɛm ne sɛ, Yudafo no kodii honam fam ade dodowpɛ akyi saa bere no.

‘Asafo Yehowa’ Kasa

6. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa dii tebea a na ɛwɔ Israel no ho dwuma? (b) Dɛn nti na nea ɛda adi sɛ ɛyɛ Hagai din no asekyerɛ no fata?

6 Ɛbaa saa mpo no, Yehowa daa ‘n’ahoɔden ne ne tumi’ adi maa Israelfo no denam soma a ɔsomaa adiyifo, titiriw Hagai ne Sakaria, ma wɔkɔkanyan Yudafo no sɛ wɔnyɛ wɔn adwuma no so. Hagai din no fa afahyɛ ho, efisɛ ɛte sɛ nea ɛkyerɛ “Nea Wɔwoo no Afahyɛ Da.” Ɔkwan a ɛfata so no, ofii ase hyɛɛ nkɔm wɔ Asese Afahyɛ ɔsram no da a edi kan, a na ɛyɛ bere a wɔhwehwɛ sɛ Yudafo no ‘ani begye ara.’ (Deuteronomium 16:15) Yehowa nam Hagai so kaa nsɛm anan wɔ nnafua 112 mu.—Hagai 1:1; 2:1, 10, 20.

7. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Hagai nnianim nsɛm no hyɛ yɛn nkuran?

7 Bere a Hagai refi ne nkɔmhyɛ no ase no, ɔkae sɛ: “Sɛ asafo Awurade [Yehowa, NW] se ni.” (Hagai 1:2a) Henanom ne saa “asafo” yi? Wɔne Yehowa abɔfo dɔm a ɛtɔ mmere bi a, wɔfrɛ wɔn asraafo dɔm wɔ Bible mu no. (Hiob 1:6; 2:1; Dwom 103:20, 21; Mateo 26:53) So ɛnhyɛ yɛn nkuran nnɛ sɛ Amansan Hene Yehowa no ankasa de ɔsoro dɔm yi a obiara ntumi wɔn yi kyerɛ yɛn adwuma a ɛne sɛ yɛresan de nokware som asi asase so no kwan?—Fa toto 2 Ahene 6:15-17 ho.

8. Adwene bɛn na Israel nyae, na dɛn na efi mu bae?

8 Nsɛm bɛn na ɛwɔ Hagai asɛm a edi kan no mu? Ná nkurɔfo no aka sɛ: “Ɛnyɛ́ bere a wɔba, bere a wɔde besi Awurade [Yehowa, NW] fi no ni.” Ná asɔrefie si a egyina hɔ ma Onyankopɔn som a wɔbɛsan de asi hɔ no nni kan wɔ wɔn asetram bio. Na wɔadan akosisi wɔn ankasa adan akɛseakɛse. Na honam fam nneɛma akyidi ama anigye a wɔwɔ ma Yehowa som no so ahuan. Enti, na wayi ne nhyira afi wɔn so. Ná wɔn nsase nsow aba bio, na na wonnya ntama mfura wɔ awɔw bere a ano yɛ den mu. Na sika a wonya sua, na na ɛte sɛ nea wɔde sika regu bɔtɔ a wɔafiti ɛto mu.—Hagai 1:2b-6.

9. Afotu a emu yɛ den a ɛma denhyɛ bɛn na Yehowa de mae?

9 Mprenu na Yehowa de afotu a emu yɛ den yi maa wɔn: “Monhwɛ mo akwan yiye.” Ɛda adi sɛ, Serubabel, Yerusalem amrado no, ne ɔsɔfo panyin Yosuab brɛɛ wɔn aso ase, na wɔde akokoduru hyɛɛ nnipa no nyinaa nkuran sɛ ‘wontie Yehowa wɔn Nyankopɔn ne odiyifo Hagai nsɛm, sɛnea Yehowa wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroe Yehowa anim.’ Bio nso, “Hagai, Awurade [Yehowa, NW] bɔfo no, bɔɔ Awurade [Yehowa, NW] kaseɛ kyerɛɛ ɔman no sɛ: Midi mo akyi, Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni.”—Hagai 1:5, 7-14.

10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne tumi dii dwuma maa Israel?

10 Ɛbɛyɛ sɛ mpanyimfo bi a na wɔwɔ Yerusalem susuwii sɛ sɛ wɔde asɔrefie a wɔbɛsan asi no anuonyam toto kan de no ho a, “ɛnyɛ hwee.” Nanso, bɛyɛ nnafua 51 akyi no, Yehowa kanyan Hagai ma ɔkaa asɛm a ɛto so abien. Ɔkae sɛ: “Hyɛ wo ho den, Serubabel, Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni, na hyɛ wo ho den, Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfopanyin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni, na monyɛ. Na midi mo akyi, asafo Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni . . . Munnsuro.” Yehowa a bere a ɛsɛ mu no, ɔde ade nyinaa so tumi a ɔwɔ no ‘bɛwosow ɔsoro ne asase’ no hwɛ hui sɛ wɔadi ɔsɔretia nyinaa, ɔhene no anohyeto mpo, so. Wɔ mfe anum mu no, wowiee asɔrefie no si koraa.—Hagai 2:3-6.

11. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn maa ‘anuonyam kɛse’ hyɛɛ asɔrefie a etia abien no ma?

11 Afei bɔhyɛ a ɛyɛ anigye bi nyaa mmamu: “Amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma, asafo Awurade [Yehowa, NW] na ose.” (Hagai 2:7) Ná “ade a wɔpɛ” no ne wɔn a wɔnyɛ Israelfo a wɔbɛsom wɔ saa asɔrefie no mu, bere a ɛdaa anuonyam a ɛkyerɛe sɛ ɔwɔ hɔ sɛ obi a ɔkorɔn no adi no. Ɔkwan bɛn so na sɛ wɔde asɔrefie a wɔsan sii yi toto nea wosii no Salomo bere so no ho a, ɛte? Onyankopɔn diyifo no kae sɛ: “Ɔsõ na ɔdan yi anuonyam bɛsõ, akyiri de no bɛsen kan de no, asafo Awurade [Yehowa, NW] na ose.” (Hagai 2:9) Wɔ nkɔmhyɛ no mmamu a edi kan mu no, asɔredan a wɔsan sii no kyɛ sen ofie a edi kan no. Bere a Mesia no bae wɔ 29 Y.B. mu no, na ɛda so si hɔ. Bio nso, Mesia no ankasa hyɛɛ no anuonyam bere a ɔkaa nokware no ho asɛm wɔ hɔ ansa na n’atamfo awaefo no ma wokum no 33 Y.B. mu no.

12. Atirimpɔw bɛn na asɔrefie abien a edi kan no dii ho dwuma?

12 Asɔrefie a edi kan ne nea etia abien a na ɛwɔ Yerusalem no dii dwuma titiriw, yɛɛ Mesia asɔfodwuma ne Yehowa som kronn a wɔbɛma akɔ so wɔ asase so kosi sɛ Mesia no bɛba ankasa no ho nsɛm a ehia sunsuma.—Hebrifo 10:1.

Honhom Fam Asɔrefie a Ɛwɔ Anuonyam No

13. (a) Honhom fam asɔrefie no ho nsɛm bɛn na esii fi 29 kosi 33 Y.B. mu? (b) Dwuma titiriw bɛn na Yesu agyede afɔrebɔ no dii wɔ saa nsɛm yi mu?

13 So Hagai afisiesie ho nkɔmhyɛ no wɔ nkyerɛase titiriw bi ma akyiri mmere yi? Yiw, ɛte saa! Asɔrefie a wɔsan sii wɔ Yerusalem no bɛyɛɛ nokware som nyinaa ti wɔ asase so. Nanso ɛyɛɛ honhom fam asɔrefie bi a ɛwɔ anuonyam sen ɛno koraa ho mfonini. Eyi fii ase dii dwuma 29 Y.B. mu, bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ Yordan Asubɔnten mu na Yehowa sraa Yesu sɛ Ɔsɔfo Panyin maa honhom kronkron sian baa ne so sɛ aborɔnoma no. (Mateo 3:16) Bere a Yesu wuu afɔrebɔ wu de wiee n’asase so som adwuma akyi no, wonyan no kɔɔ soro a asɔrefie no Kronkron mu Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no, na ɛhɔ na ɔde n’afɔrebɔ no so mfaso kɔmaa Yehowa. Eyi dii dwuma sɛ agyede, ɛkataa n’asuafo no bɔne so, na ebuee kwan ma ɔsraa wɔn sɛ asɔfo nkumaa wɔ Yehowa honhom fam asɔrefie no mu wɔ Pentekoste da, 33 Y.B. mu. Ná nokwaredi a wɔde yɛɛ som adwuma kosii owu mu wɔ asɔrefie no adiwo hɔ a ɛne asase so no bɛkɔ akowie daakye wusɔre a ɛkɔ ɔsoro mu ma wɔakɔtoa asɔfodwuma no so.

14. (a) Anigye bɛn na efii nsi a tete Kristofo asafo no de yɛɛ adwuma no mu bae? (b) Dɛn nti na saa anigye yi ankyɛ?

14 Yudafo mpempem pii a wɔsakrae—ne akyiri yi, Amanaman mufo—sen yuu baa saa Kristofo asafo no mu, na wonyaa kyɛfa wɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛrebedi asase so no ho asɛmpaka no mu. Bɛyɛ mfe 30 akyi no, na ɔsomafo Paulo betumi aka sɛ wɔaka asɛmpa no wɔ “wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23) Nanso wɔ asomafo no wu akyi no, ɔwae kɛse fii ase, na nokware hann no fii ase dumii. Kristoman mpaapaemu a egyina abosonsom nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ so no kɛntɛn nokware Kristosom so.—Asomafo no Nnwuma 20:29, 30.

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ bi nyaa mmamu 1914 mu? (b) Anoboaboa bɛn na ɛkɔɔ so wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei ne afeha a ɛto so 20 no mfiase?

15 Mfehaha pii twaam. Afei wɔ 1870 mfe no mu no, Kristofo kuw bi a wɔwɔ komapa fii ase yɛɛ Bible mu nhwehwɛmu bi a ɛkɔ akyiri. Wotumi fi Kyerɛwnsɛm mu twee adwene sii afe 1914 so sɛ ɛbɛyɛ “amanaman no bere” no awiei. Saa bere no na sɛnkyerɛnne kwan so “mmere” nson (mfirihyia 2,520 a nnipa nniso a ɛte sɛ aboa no bɛtra hɔ) no baa awiei na wɔde Kristo Yesu—Onii a “atemmu wɔ no” sɛ asase so Mesia Hene no—sii agua so wɔ soro. (Luka 21:24; Daniel 4:25; Hesekiel 21:26, 27) Efi 1919 titiriw reba no, saa Bible Asuafo yi a wonim wɔn nnɛ sɛ Yehowa Adansefo no de wɔn ho ahyɛ Ahenni a ɛreba no ho asɛmpa a wɔbɛtrɛw mu wɔ asase so nyinaa no mu denneennen. Afe 1919 mu na eyinom mu mpem kakraa bi gyee ɔfrɛ a ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ biribi a wɔde mae wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A., nhyiam bi ase no so. Wɔn dodow nyaa nkɔanim besi afe 1935 mu a 56,153 de asɛnka adwuma ho amanneɛbɔ bae no. Saa afe no mu no, nnipa 52,465 na wodii afe afe Yesu wu Nkaedi abodoo nom bobesa no bi, na wɔnam saayɛ so yɛɛ wɔn anidaso a ɛne sɛ wɔne Kristo Yesu bɛyɛ asɔfo wɔ Yehowa honhom fam asɔrefi kɛse no fã a ɛwɔ soro no mu ho sɛnkyerɛnne. Wɔne no bɛsom nso sɛ mfɛfo ahene wɔ ne Mesia Ahenni no mu.—Luka 22:29, 30; Romafo 8:15-17.

16 Nanso, Adiyisɛm 7:4-8 ne 14:1-4 no kyerɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn yi nyinaa dodow si 144,000 pɛ, na wɔboaboaa wɔn mu pii ano wɔ afeha a edi kan no mu ansa na ɔwae kɛse no refi ase. Efi afeha a ɛto so 19 no awiei de kosi afeha a ɛto so 20 no mu no, Yehowa boaboaa kuw yi a wɔde N’asɛm mu nsu no atew wɔn ho no fii amanaman no mu ano wiei, buu wɔn atreneefo esiane Yesu mpata afɔre no mu gyidi a wɔkyerɛe nti, na awiei koraa no, wɔsɔɔ wɔn ano sɛ Kristofo a wɔasra wɔn ma wonyaa 144,000 no nyinaa.

17. (a) Anoboaboa bɛn na akɔ so fi 1930 mfe no mu? (b) Dɛn nti na Yohane 3:30 ho hia wɔ ha? (Hwɛ Luka 7:28 nso.)

17 Dɛn na ebedi akyi bere a wɔapaw wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa awie no? Wɔ nhyiam soronko bi a wɔyɛe wɔ Washington, D.C., U.S.A., wɔ 1935 mu ase no, wɔma ɛdaa adi sɛ “nnipakuw kɛse” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9-17 no yɛ kuw bi a wobehu wɔn wɔ 144,000 no “akyi,” na wɔn anidaso ne daa nkwa wɔ paradise asase so. Bere a ɔdaa Yesu a wɔasra no no adi pefee akyi no, Yohane Suboni a obenya asase so wusɔre sɛ “nguan foforo” no mu biako no ka faa Mesia no ho sɛ: “Ɔno de, etwa sɛ ɔdɔre, na me de, me so huan.” (Yohane 1:29; 3:30; 10:16; Mateo 11:11) Ná Yohane Suboni adwuma a ɛne sɛ obesiesie asuafo ama Mesia no reba awiei bere a Yesu fii ase paw nnipa a wɔdɔɔso a wɔbɛka 144,000 no ho saa bere no. Wɔ 1930 mfe no mu no, nea ɛne eyi bɔ abira na ɛbae. Nnipa kakraa bi na ‘wɔfrɛɛ wɔn paw wɔn’ bɛkaa 144,000 no ho, na “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no dodow fii ase nyaa nkɔanim kɛse. Saa nnipakuw kɛse yi kɔ so dɔɔso, bere a wiase no nhyehyɛe bɔne no bɛn n’awiei wɔ Harmagedon no.—Adiyisɛm 17:14b.

18. (a) Dɛn nti na yebetumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ “ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ no renwu da”? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde nsi tie Hagai 2:4?

18 Wɔ 1920 mfe no mfiase mu no, wɔtoo baguam ɔkasa bi a Yehowa Adansefo mae din “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da.” Ebetumi aba sɛ eyi ma wonyaa awerɛhyem boroo so saa bere no. Nanso ɛnnɛ, yebetumi de ahotoso a edi mu koraa aka saa asɛm no. Bible nkɔmhyɛ a emu reda hɔ ne basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ wiase a ɛretwam yi mu no di adanse pefee sɛ Satan nneɛma nhyehyɛe awiei no abɛn yiye! Afe 1996 Nkaedi ho amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ nnipa 12,921,933 na wɔkɔe, na wɔn mu 8,757 (ɔha biara mu .068) na wodii abodoo nom bobesa no bi de kyerɛɛ sɛ wɔwɔ ɔsoro anidaso. Wɔreyɛ awie nokware som a wɔsan de asi hɔ no. Nanso mommma yɛn nsam nngow da wɔ saa adwuma no mu. Yiw, Hagai 2:4 ka sɛ: “Monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni, na monyɛ. Na midi mo akyi, asafo Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni.” Ɛmmra sɛ yebesi yɛn bo na honam fam ade dodowpɛ su anaa wiase nneyɛe ammrɛ nsi a yɛwɔ ma Yehowa adwuma no ase da!—1 Yohane 2:15-17.

19. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Hagai 2:6, 7 mmamu mu kyɛfa?

19 Yɛn ani gye sɛ yɛrenya kyɛfa wɔ mmamu a Hagai 2:6, 7 renya nnɛyi no mu: “Sɛ asafo Awurade [Yehowa, NW] se ni: Pɛnkoro bio: Aka kumaa na mawosow ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase kesee, na mɛ[w]osow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma, asafo Awurade [Yehowa, NW] na ose.” Adifudepɛ, dwowtwa, ne ɔtan abu so wɔ wiase wɔ afeha a ɛto so 20 yi nyinaa mu. Nokwarem no, ne nna a edi akyiri ni, na Yehowa afi ase ‘rewosow’ no dedaw denam N’adansefo a ɔma ‘wɔpaem ka n’awerɛdi da no’ so. (Yesaia 61:2) Saa ɔwosow a edi kan yi bɛba awiei bere a wɔsɛe wiase wɔ Harmagedon no, nanso ansa na saa bere no bɛba no, Yehowa reboaboa “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ”—asase so nnipa a wodwo na wɔte sɛ nguan—no ano ama ne som adwuma. (Yohane 6:44) Saa “nnipakuw kɛse” yi ‘som’ wɔ n’asɔrefie no adiwo a ɛne asase so.—Adiyisɛm 7:9, 15.

20. Ɛhe na yebenya ademude a ɛsom bo sen biara no?

20 Som a wɔsom wɔ Yehowa honhom fam asɔrefie hɔ no de mfaso a ɛsom bo sen honam fam nneɛma biara ba. (Mmebusɛm 2:1-6; 3:13, 14; Mateo 6:19-21) Bio nso, Hagai 2:9 ka sɛ: “Ɔsõ na ɔdan yi anuonyam bɛsõ, akyiri de no bɛsen kan de no, asafo Awurade [Yehowa, NW] na ose, na ɛha na mɛma asomdwoe, asafo Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni.” Dɛn na saa nsɛm yi kyerɛ ma yɛn nnɛ? Yɛn asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔde asɛm “Yah Yehowa” no di dwuma de si edin no so dua kɛse. Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 1, kratafa 1248.

b Yesua na ɛwɔ Esra ne Bible nhoma afoforo mu.

Ntimu Nsɛmmisa

◻ Adiyifo no nhwɛso a ɛfa Yehowa din ho bɛn na ɛsɛ sɛ yedi akyi?

◻ Nkuranhyɛ bɛn na yenya fi Yehowa asɛm a tumi wom a ɔka kyerɛɛ Israel a wɔsan kyekyeree no mu?

◻ Honhom fam asɔrefie a ɛwɔ anuonyam bɛn na edi dwuma nnɛ?

◻ Anoboaboa bɛn na akɔ so nnidiso nnidiso wɔ mfeha a ɛto so 19 ne 20 yi mu, na anidaso bɛn na ɛwom?

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

Yehowa soro dɔm no kyerɛ N’adansefo a wɔwɔ asase so kwan wowaw wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena