Migyaw Nneɛma Pii Hɔ Kɔfaa Biribi A Eye Kyɛn So
SƐNEA JULIUS OWO BELLO KA KYERƐE
Mfe 32 na mede kɔɔ Aladura.a Ná migye di sɛ gyidi ayaresa ne mpaebɔ bedi me haw ahorow nyinaa ho dwuma, na asa yare ahorow nyinaa. Mantɔ nnuru biara da, atipae aduru mpo. Saa mfe no mu no, wɔannye me busuani biara anto ayaresabea da. Bere biara a me mma no mu bi yaree no, mebɔɔ mpae maa wɔn awia ne anadwo kosii sɛ wɔn ho yɛɛ wɔn den. Na migye di sɛ Onyankopɔn bua me mpaebɔ hyira me.
NÁ MEWƆ Egbe Jolly, koroyɛ kuw a agye din sen biara wɔ Akure, kurow bi a ɛwɔ Nigeria atɔe fam no mu. Ná yɛn kurow no mu asikafo ne nnipa a wɔwɔ tumi sen biara no ne me nnamfo. Ná Deji, Akure hene no taa bɛsra me wɔ me fie.
Ná meware ayeredodow, na mewɔ yerenom baasia ne mpenafo bebree nso. M’adwuma tuu mpɔn. Na biribiara rekɔ so yiye ma me. Nanso, te sɛ oguadini a ɔwɔ Yesu bɛ a ɛfa ahene ho mu no, mihuu biribi a ɛsom bo a ɛmaa mede me yerenom baanum, me mpenafo, asɔre, koroyɛ kuw, ne wiase no mu din, sesae.—Mateo 13:45, 46.
Nea Ɛyɛe a Mebɛyɛɛ Aladurani
Midii kan tee Aladurafo ho asɛm wɔ 1936 mu, bere a na madi mfe 13. M’adamfo bi a ne din de Gabriel ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ wokɔ Christ Apostolic Asɔre a, wobɛte Onyankopɔn kasa.”
Mibisaa no sɛ: “Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn kasa?”
Ɔkae sɛ: “Bra, na wubehu.”
Ná me ho pere me sɛ metie Onyankopɔn kasa. Enti me ne Gabriel kɔɔ asɔre saa anadwo no. Ná asɔrefo no ahyɛ ɔdan ketewa no ma. Asafo no fii ase woroo kasa sɛ: “Mommra! Ɛha na Yesu wɔ!”
Bere a wɔreworo kasa yi no, obi teɛɛm sɛ: “Honhom kronkron, bra!” Obi foforo nso wosoo dɔn, na asafo no yɛɛ dinn. Afei, ɔbea bi fii ase kaa kasa foforo ntɛmntɛm. Ɔteɛɛm mpofirim sɛ: “Muntie Onyankopɔn asɛm! Nea Onyankopɔn aka ni: ‘Mommɔ mpae mma abɔmmɔfo na wɔankum nnipa!’” Ɛhɔ yɛɛ gyegyeegye.
Migye dii sɛ Onyankopɔn nam ne so kasae, enti afe a edi hɔ no wɔbɔɔ me asu sɛ Christ Apostolic Asɔre no muni.
Bere a Edi Kan a Mihuu Yehowa Adansefo
Wɔ 1951 mu no, migyee Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no bi fii Yehowa Dansefo bi a ne din de Adedeji Boboye hɔ. M’ani gyee nsɛmma nhoma no ho, enti mekraa bi kenkan no daa. Wɔ 1952 mu no, mekɔɔ Yehowa Adansefo nnanan ɔmantam nhyiam wɔ Ado Ekiti.
Nea mihui wɔ nhyiam no ase no kanyan me. Misusuw ho anibere so sɛ mɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako, nanso miyii ho adwene fii me tirim. Na me haw ne sɛ saa bere no, na mewɔ yerenom baasa ne mpena biako. Na migye di sɛ mintumi ne ɔyere biako ntra da.
Bere a mesan kɔɔ Akure no, meka kyerɛɛ Adedeji sɛ ɔmmma me nkyɛn bio, na mankra Ɔwɛn-Aban no bio. Mebɛyɛɛ hyew yiye wɔ m’asɔre no mu. Mekae sɛ, anyɛ yiye koraa no, efi bere a mede me ho hyɛɛ Christ Apostolic Asɔre no mu no, Onyankopɔn ahyira me. Maware yerenom baasa, na mawo mma pii. Masi m’ankasa me fie. Wonnyee me ntoo ayaresabea da. Esiane sɛ na ɛte sɛ nea Onyankopɔn rebua me mpaebɔ nti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ mesesa m’asɔre?
Edin ne Abasamtu a Mekɔ so Nya
Mifii ase de sika pii boaa asɔre no. Ankyɛ na wɔyɛɛ me asɔre panyin, dibea a ɛma mihuu nea ɛrekɔ so wɔ asɔre no mu yiye. Nea mihui no hawee me. Na ɔsɔfo no ne “adiyifo no” ani bere sika; wɔn adifudepɛ no maa me ho dwiriw me.
Sɛ nhwɛso no, wɔ March 1967 mu no me ne me yerenom woo mma baasa. Na ɛyɛ asɔre no amanne sɛ yɛtow pon wɔ abadinto ho. Enti mede akyɛde ahorow—nsunam, ankaa nsu, ne nsa dɔkɔdɔkɔ a egu ntoa mu—kɔmaa ɔsɔfo no sɛ yɛmfa nto pon no.
Da a yɛreyɛ asɔre no, ɔsɔfo no kae wɔ asɔremma no nyinaa anim sɛ: “Asikafo a wɔwɔ asɔre yi mu ama me ho adwiriw me. Wɔpɛ sɛ wɔto abofra din, nanso nea wɔde ba ara ne nsa dɔkɔdɔkɔ ne nsunam. Mogyanam nka ho! Apɔnkye nka ho! Munsusuw ho nhwɛ! Kain de bayerɛ akɛse kɔbɔɔ afɔre maa Onyankopɔn, nanso Onyankopɔn ani ansɔ saa afɔrebɔ no, esiane sɛ na mogya nnim nti. Onyankopɔn pɛ nneɛma a mogya wom. Habel de aboa bae, na n’afɔre no sɔɔ ani.”
Ɔkaa saa no, mede abufuw sɔre fii adi. Nanso, mekɔɔ so kɔɔ asɔre no. Mekɔɔ so de bere pii ne me kuw no bɔe kɔɔ nhyiam ahorow. Ɛtɔ da bi a na mekɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so, na mekraa Ɔwɛn-Aban no bio. Nanso, na minsiesiee me ho sɛ mɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.
Gyinae a Misii sɛ Mɛsom Yehowa
Meyɛɛ nsakrae titiriw wɔ 1968 mu. Da bi, mifii ase kenkan Ɔwɛn-Aban mu asɛm bi a ɛkaa sɛnea wɔtaa Yehowa Adansefo atirimɔden so wɔ Malawi. Ɛkaa abeawa bi a na wadi mfe 15 a esiane sɛ wannyae ne gyidi mu ansiesie nti, wɔkyekyeree no fam dua ho too no mmonnaa mpɛn nsia ho asɛm. Esiane sɛ me ho dwiriw me kɛse nti, migyaee nsɛmma nhoma no too hɔ, nanso mekɔɔ so dwenee ho. Mihui sɛ abeawa biara nni m’asɔre mu a ɔbɛda gyidi a ɛte saa adi. Akyiri yi wɔ saa anwummere no, mefaa nsɛmma nhoma no kenkan kratafa no bio.
Mifii ase suaa Bible no anibere so. Bere a minyaa nimdeɛ pii no, mifii ase huu sɛnea asɔre no adaadaa yɛn kɛse. Sɛnea na ɛte wɔ tete mmere mu no, na yɛn asɔfo no ‘reyɛ abusude.’ (Hosea 6:9) Na nnipa a wɔte saa ka adiyifo atorofo a Yesu de wɔn ho kɔkɔbɔ mae no ho! (Mateo 24:24) Mannye wɔn anisoadehu ne wɔn anwonwade no anni bio. Misii gyinae sɛ mɛtwe me ho afi atoro som ho na maboa afoforo ma wɔayɛ saa.
Mmɔden a Wɔbɔe sɛ Wɔbɛma Makɔ So Atra Asɔre no Mu
Bere a asɔre mpanyimfo no hui sɛ masi me bo sɛ megyae asɔre no, wotuu abɔfo sɛ wɔmmɛpa me kyɛw. Na wɔmpɛ sɛ wɔhwere beae titiriw a wonya sika fi no. Wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ me Baba Egbe, otitiriw, wɔ Akure Christ Apostolic asɔre ahorow no biako mu.
Mampene, na mekaa nea enti a ɛte saa no kyerɛɛ wɔn. Mekae sɛ: “Asɔre no di atoro kyerɛ yɛn. Wɔka sɛ nnipa papa nyinaa bɛkɔ soro. Nanso makenkan Bible no, na migye di sɛ nnipa 144,000 pɛ na wɔbɛkɔ soro. Atreneefo a aka no bɛtra paradise wɔ asase so.”—Mateo 5:5; Adiyisɛm 14:1, 3.
Asɔre no sɔfo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma me yerenom asɔre atia me. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔremma Yehowa Adansefo mma yɛn fie. Me yerenom mu biako de awuduru guu m’aduan mu. Wɔn mu baanu bɔɔ me kɔkɔ wɔ anisoade bi a wɔahu wɔ asɔre no mu ho. Anisoadehu no kyerɛe sɛ, sɛ migyae asɔre no a, mewu. Eyi nyinaa akyi no, mekɔɔ so dii me yerenom adanse, too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔne me nkɔ asafo nhyiam ahorow no. Mekae sɛ: “Mubenya kununom foforo wɔ hɔ.” Nanso, wɔn mu biara ani annye ho, na wɔkɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ wobebu m’abaw mu.
Awiei koraa, wɔ February 2, 1970 no, bere a mituu kwan kɔɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ mu bae no, na obiara nni fie hɔ. Na me yerenom ne wɔn mma nyinaa aguan kɔ.
Ɔyere Biako a Me ne No Trae
Minyaa adwene sɛ: ‘Metumi asiesie m’awaresɛm seesei.’ Mefrɛɛ me yere panyin Janet sɛ ɔnsan mmra fie. Ɔpenee so. Nanso, n’abusuafo sɔre tiae denneennen. Bere a me yerenom a aka no behui sɛ mafrɛ Janet sɛ ɔnsan mmra no, wɔkɔɔ ne papa fie kɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwe no. Saa bere no n’abusuafo frɛɛ me kɔɔ nhyiam bi ase.
Nnipa bɛyɛ 80 na wobehyiaam. Janet wɔfa a na ɔyɛ abusua panyin no kae sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ woware yɛn babea no a, ɛnde san ma mmea a aka no mmra. Nanso sɛ wopɛ sɛ wokɔ w’asɔre foforo no na wo ne ɔyere biako tra a, ɛnde kɔhwehwɛ ɔbea foforo. Sɛ wosan frɛ Janet a, wo yerenom a aka no bekum no, na yɛmpɛ sɛ yɛn babea no wu.”
Wɔ ɔkasa pii akyi no, abusua no behui sɛ masi me bo sɛ mɛware ɔyere biako pɛ. Awiei koraa no, wogyaee mu. Wɔfa no kae sɛ: “Yɛrennye wo yere mfi wo nsam. Wubetumi de no akɔ.”
Wɔ May 21, 1970 no, me ne Janet waree mmara kwan so. Nna akron akyi no, wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Janet nso bɔɔ asu wɔ saa afe no ara December mu.
Yehowa Nhyira a Yɛanya
Na yɛn kan asɔrefo no ahyɛ nkɔm sɛ, sɛ yɛbɛyɛ Adansefo a, yebewu. Ɛbɛyɛ mfe 30 ni na wɔkaa saa. Na sɛ miwu seesei mpo a, so ɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a mebɛyɛe ntia? Sɛ me yere wu seesei a, so obi betumi aka sɛ esiane sɛ ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako ntia?
Mabɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛ me mma 17 no nokware kwan no. Ɛwom sɛ na wɔn mu pii anyinyin bere a mebɛyɛɛ Ɔdansefo no de, nanso mehyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsua Bible no, na mede wɔn kɔɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse. Ɛyɛ me anigye sɛ wɔn mu baanum ne me resom Yehowa. Obiako ne me som sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu. Ɔfoforo yɛ asafo mu somfo wɔ asafo bi a ɛbɛn yɛn mu. Me mma baanu som sɛ daa akwampaefo.
Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, ayamye mu a Yehowa afi aboa me ma mabɛyɛ ne somfo no yɛ me nwonwa. Hwɛ sɛnea Yesu nsɛm yi yɛ nokware: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no”!—Yohane 6:44.
[Ase hɔ nsɛm]
a Efi Yoruba asɛmfua bi a ɛkyerɛ “nea ɔbɔ mpae” mu. Ɛkyerɛ Afrika asɔre bi a ɛde gyidi ayaresa di dwuma muni a obi bɛyɛ.