Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 1/15 kr. 5-9
  • Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo Hyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo Hyiam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Nea Ɔka Asomdwoesɛm Anan Yɛ Fɛ Dɛn Ara’
  • ‘Onyankopɔn Asomdwoe Tra Adwene Nyinaa So’
  • ‘Momfa Asomdwoe Hama Nkura Biakoyɛ Mu’
  • Worempɛ sɛ Ɛbɛpa Wo Ti So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Wobɛkɔ Bi?
    Nyan!—1996
  • “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” De Anigye Hyiam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo a Yɛbɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 1/15 kr. 5-9

Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo Hyiam

KRISTONI panyin bi a ɔwɔ United States ka sɛ: “Ɔmantam nhyiam biara a yɛkɔ no hyɛ yɛn den. Nanso afe yi de no yɛ nea yɛrentumi nka ho asɛm. Da biara a yebefi hɔ no, na yesusuw sɛnea da a edi hɔ no bɛboro yɛn akwanhwɛ so ho, na wɔanni yɛn huammɔ!”

Sɛ wokɔɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam no bi a, akyinnye biara nni ho sɛ wo ne ɔbarima a ɔkɔɔ bi a n’ani gyei yi bɛyɛ adwene. Wɔtwee adwene sii dwuma a Yehowa Adansefo di sɛ Onyankopɔn asomafo no fã foforo so da biara. Ma yensusuw nnansa dwumadi no ho.

‘Nea Ɔka Asomdwoesɛm Anan Yɛ Fɛ Dɛn Ara’

Ná eyi ne nhyiam da a edi kan no asɛmti. Wɔde gyinaa Yesaia 52:7 so. Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, nnipa pii resom Yehowa wɔ tebea dennen mu. Nea na ɛka ɔkasa a ɛne “Asomdwoe Ho Adawurubɔfo Nsiyɛfo a Yebetie Wɔn” no ho ne saa anokwafo yi bi a wobisabisaa wɔn nsɛm. Wɔn ankasa nsɛm a yɛtee no hyɛɛ nkuran ankasa, na ɛmaa nhyiamfo no nyaa awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ahyɛ wɔn nso den, na wama wɔn “tumi a ɛboro so” a ɛbɛboa wɔn ma wɔagyina mu mpo.—2 Korintofo 4:7.

Yehowa ahyɛde ahorow nyɛ den. (1 Yohane 5:3) Wɔmaa eyi daa adi pefee wɔ ɔkasa a etwa to wɔ anɔpa dwumadi no mu, na woyii nhomawa a ekura nkratafa 32 a wɔato din Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? adi de pee so. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa nhomawa foforo a wɔde sua ade, a emu mfonini ahorow yɛ fɛ yi bedi dwuma titiriw aboa nnipa foforo pii ma wɔasua Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho ade. Asɛm a ɛfa sɛnea wɔde nhomawa foforo yi bedi dwuma ho, wɔ saa nsɛmma nhoma yi adesua asɛm a etwa to no mu wɔ nkratafa 16 ne 17.

Ɔkasa a ɛne “Adwuma Pa a Yɛbɛkɔ So Ayɛ” no sii so dua sɛ Yehowa nim yɛn sɔhwɛ ahorow yiye. Gyina a yebegyina mu no kyerɛ sɛ yebegyina pintinn a yɛmpa abaw. Yehowa de N’asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde no ama yɛn sɛ ɛmmoa yɛn. Egye boasetɔ na yɛatumi aka asɛm no, nanso asɛnka boa yɛn ma yegyina mu efisɛ ɛma yɛn gyidi yɛ den. Bere a yɛabɛn awiei no pɛɛ yi, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn haw ahorow brɛ nsi a yɛwɔ no ase, efisɛ wɔn a wobegyina mu akodu awiei no na wobegye wɔn.—Mateo 24:13.

Nhyiam asɛmti ho ɔkasa a ɛne, “Yɛn Asɛyɛde sɛ Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” no twee adwene sii Yudafo a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon a wogyaee wɔn ne ɔsom kronn a wɔsan de sii Yerusalem wɔ 537 A.Y.B. mu no so. Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ saa adeyɛ yi yɛɛ nea ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ wɔ wiase nyinaa no ho mfonini kɛkɛ. (Dwom 72:7; Yesaia 9:7) Yɛn mprempren dwumadi ne sɛ yɛbɛka saa Ahenni yi ho asɛmpa no na yɛatra ase ma ɛne saa asɛm no ahyia. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko no ka yɛn ma yɛkɔ so yɛ saa adwuma yi a yennyae.—Asomafo no Nnwuma 5:42.

Fida dwumadi no mu ade titiriw bi ne ɔkasa a wɔakyekyem a wɔato din “Hwɛ Yiye Wɔ Anigyede mu Mfiri a Ahintaw Ho.” Nnwom, sini, video, television so dwumadi, video so agodie, nhoma, nsɛmma nhoma, ne aseresɛm nhoma ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ nea mpɛn pii no ɛda adaemone nsusuwii adi. Enti, ehia sɛ ‘yekyi bɔne’ na ‘yɛbata papa ho.’ (Romafo 12:9) Yiw, ɛsɛ sɛ yebu anigyede a aporɔw sɛ akyide koraa na yɛtwe yɛn ho fi ho, bere a yedwen nneɛma a ɛho tew, ɛkyerɛ ɔbra pa, na ɛfata nkamfo ho no. (Filipifo 4:8) Nhoma ne nnwinnade ahorow a wɔde yɛ nhwehwɛmu a Yehowa ahyehyɛde no de ma no de nsɛm a ɛma denhyɛ na esiesie yɛn ma yehu papa ne bɔne kanyan yɛn adwene. (Hebrifo 5:14) Ɛsɛ sɛ yɛfam saa nsiesiei yi ho sɛnea yɛbɛyɛ wɔ bonto so wɔ po a ahum retu wɔ so mu no.

Nea edii hɔ ne ɔkasa a ɛne “Siw Ɔbonsam Kwan—Da Ahofama a Edi Mu Adi.” Aka bere tiaa bi na Israelfo no adu Bɔhyɛ Asase so no, wɔde ɔbrasɛe sum wɔn mu mpempem pii afiri. Pinehas daa ahofama a edi mu adi wɔ nokware som ho. Osii ne bo yɛɛ ade tiaa abɔnefo, na ne som kronn no sɔɔ Yehowa ani. (Numeri 25:1-13) Satan botae ne sɛ ɔmma yɛn mu biara mfata sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Enti, te sɛ Pinehas no, ɛsɛ sɛ yesiw Ɔbonsam kwan wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ obegu yɛn ho fĩ no ho. Sɛ́ yɛyɛ awarefo anaa ahokwafo no, ɛsɛ sɛ ‘yeguan aguamammɔ.’—1 Korintofo 6:18.

Ɔkasa a wɔde wiee nhyiam no da a edi kan ne “Kura Nokware a Onyankopɔn Asɛm Yɛ Mu Pintinn.” Nsɛm asekyerɛfo pii yɛ nsakrae wɔ Kyerɛwnsɛm no afã bi anaa woyi nsɛm bi fi mu. Sɛ nhwɛso no, nea ɛbɛyɛ na wɔapata mmea ahofadi akyitaafo no, wɔn a wɔkyerɛɛ The New Testament and Psalms: An Inclusive Version ase no nka Onyankopɔn ho asɛm sɛ Agya, na mmom Agya-Ɛna, na wɔnka Yesu ho asɛm sɛ “onipa ba,” na mmom “Onipa No.” Nea ɛne no bɔ abira no, New World Translation no de nokwaredi di mfitiase nkyerɛwee no akyi pɛpɛɛpɛ araa ma asiesie yɛn nsusuwii wɔ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm pii ho. Sɛ nhwɛso no, ɔkasafo no kae sɛ: “Nsɛm a wɔakyerɛ ase pɛpɛɛpɛ wɔ New World Translation mu no na ɛma yenyaa nnyinaso hyehyɛɛ asafo ahorow no foforo, paw mpanyimfo akuw ma ɛne nhwɛso a wɔyɛe wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo mu no hyiae pɛpɛɛpɛ.” Yɛda yɛn nokwaredi adi ma Onyankopɔn Asɛm denam kenkan a yɛkenkan no daa na yɛde emu afotu di dwuma no so. Ɔkasafo no kae nso sɛ: “Yɛda no adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ho adawurubɔfo denam nsi a yɛde bɛka ho asɛm akyerɛ afoforo ne dwuma a yɛde bedi yiye bere a yɛkyerɛkyerɛ afoforo, a yɛmmɔ mmɔden da sɛ yebekyinkyim nea ɛka anaa yɛbɛtrɛw mu ma ɛne yɛn nsusuwii ahyia no so.”

‘Onyankopɔn Asomdwoe Tra Adwene Nyinaa So’

Saa asɛmti yi a egyina Filipifo 4:7 so no na ɛbɔɔ kwan maa nhyiam no da a ɛto so abien no. Ná nsɛm a wɔkae no fã kɛse no ara fa adwene a ɛfata a obi benya wɔ ne som adwuma, abusua, ahosohyira, ne da biara da asetra mu nneɛma foforo ho.

Bere a wosusuw daa asɛm ho wiei no, wɔmaa ɔkasa bi a wɔakyekyem a wɔato din “Asomafo a Wɔde Asomdwoe Ho Asɛmpa Ba.” Yɛn asɛm no yɛ asomdwoesɛm, na ɛsɛ sɛ yɛde ma wɔ asomdwoe mu. (Efesofo 6:15) Yɛn botae ne sɛ yebenya komapafo, ɛnyɛ sɛ yebegye akyinnye adi nkonim. Ntetee ne nhoma ahorow a yenya fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ no boa yɛn ma yɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛma anibiannaso ne anigye a nkurɔfo nkyerɛ bu yɛn abam. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ‘yɛ nea yebetumi nyinaa,’ a yɛwɔ nhyehyɛe a edi mu ma kokoam adesua, asafo nhyiamkɔ, ne asɛnka adwuma no yɛ. (2 Timoteo 2:15, NW) Ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne afoforo a yɛbɛyɛ wɔn papa, titiriw wɔn a wɔyɛ gyidi fifo no. (Galatifo 6:10) Nokwarem no, nea yebetumi nyinaa a yɛbɛyɛ no nkyerɛ sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho dodo. Yehowa ani sɔ nea obiara ahoɔden ne ne tebea bɛma no kwan ma wayɛ no.

Onyankopɔn nkurɔfo de wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn nneɛma ma de ma Ahenni nneɛma nya nkɔso. Ɔkasa a ɛne “Ɔma a Efi Animtew Mu Wɔ Yehowa Ahyehyɛde Mu” no daa no adi sɛ bere a nnipa a wɔte sɛ nguan pii gye Ahenni asɛm no, ɛho abehia sɛ wonya nnwinnade, nhyiambea ahorow, ne baa dwumadibea afoforo. Yɛn ntoboa ahorow boa ahyehyɛde no ma enya nea ehia biara na wɔde ayɛ wiase nyinaa asɛnka adwuma no. Ɔma a efi ayamye mu nso hyɛ Yehowa anuonyam, na ɛde anigye brɛ ɔdemafo no. Enti, sɛ́ Kristofo no, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu yɛn som no fã titiriw yi so.—2 Korintofo 8:1-7.

Nea wɔde wiee anɔpa dwumadi no ne asubɔ kasa no—ade titiriw wɔ Yehowa Adansefo nhyiam akɛse ase bere nyinaa. Hwɛ anigye a ɛyɛe sɛ yehui sɛ afoforo a wɔahyira wɔn ho so di Yesu anammɔn akyi denam pene a wɔpenee ma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nsu mu no so! (Mateo 3:13-17) Wɔn a wɔpaw saa kwan yi nyinaa yɛ nea wɔakyerɛkyerɛ wɔn afi nyansa a ɛsen biara fibea—Bible—no mu. Bio nso, wɔanya asetram atirimpɔw ankasa, na wɔde asomdwoe a efi nim a wonim sɛ wɔreyɛ nea ɛteɛ mu ba no ahyira wɔn.—Ɔsɛnkafo 12:13.

Wɔde afotu pa mae wɔ ɔkasa a ɛne “Ma Nhumu Mmɔ Wo Ho Ban” no mu. Nhumu ho hia yiye wɔ adwuma ho nsɛm mu. Ɛnsɛ sɛ yɛtɔn yɛn ankasa nneɛma wɔ Ahenni Asa so, na saa ara na ɛnsɛ sɛ yesisi yɛn mfɛfo Kristofo de hwehwɛ sika fam mfaso. (Fa toto Yohane 2:15, 16 ho.) Nhumu ho hia nso bere a wode sika rehyɛ adwuma bi mu anaa bere a woregye bosea anaa worebɔ obi bosea no. Ɔkasafo no kae sɛ: “Kristofo nnwuma bi a ɛsɛe no de huammɔdi aba, na ama ebinom a wɔyɛɛ ntɛm de wɔn ho hyɛɛ nnwuma a asiane wom a ɛbɛma wɔanya sika mu no ahwere wɔn honhom mu yiyedi.” Ɛwom sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ Kristofo ne wɔn ho wɔn ho bɛyɛ adwuma de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ nyansa wom sɛ wɔbɛyɛ ahwɛyiye. Na sɛ afanu bi yɛ adwuma ho nhyehyɛe a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ so krataa bere nyinaa.

Wosusuw Onyankopɔn gyinapɛn ma mmarima ne mmea no ho wɔ ɔkasa a ɛne “Ɔbarima ne Ɔbea na Ɔbɔɔ Wɔn” no mu. Nnipa anya mmarima ne mmea su ho adwene a ɛmfata wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Ɔkasafo no kae sɛ: “Nnipa pii di mfomso susuw sɛ mmarima su kyerɛ nhyɛso katee, anuɔden, anaa akakabensɛm. Wɔ aman bi mu no, ɛyɛ den, na ɛyɛ aniwu mpo sɛ ɔbarima besu wɔ baguam anaa kokoam mpo. Nanso, Yohane 11:35 ka sɛ ‘Yesu sui’ bere a na ɔwɔ nnipadɔm mu wɔ Lasaro ɔboda ho.” Mmea nso ɛ? Mpɛn pii no, wosusuw sɛ mmea su kyerɛ honam fam ahoɔfɛ. Nanso ɔkasafo no bisae sɛ: “Sɛ ɔbea bi ho yɛ fɛ nanso onnim nyansa, ɔpɛ ntɔkwaw, n’ano yɛ yaw, anaa ɔyɛ ahantan a, so obetumi ayɛ obi a ne ho yɛ fɛ, ɔbea ankasa?” (Fa toto Mmebusɛm 11:22; 31:26 ho.) Kristofo mmarima ne mmea bɔ mmɔden di Bible gyinapɛn ahorow akyi wɔ wɔn kasa, wɔn abrabɔ ne wɔn ahosiesie mu. Ɔkasafo no kae sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobebu ɔbarima a ɔda honhom aba adi, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛdɔ ɔbea a ɔyɛ saa no.”—Galatifo 5:22, 23.

Ɔkasa a wɔakyekyem a wɔato din “Asomdwoe Nyankopɔn no Dwen Wo Ho” na edii ɛno akyi. Kristofo pii wɔ sikasɛm mu dadwen. Nanso, Yehowa hyɛ bɔ sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” (Hebrifo 13:5) Sikasɛm mu ahokyere nyinaa akyi no, ebinom anya saa bɔhyɛ yi mu ahotoso denam akwampae boafo anaa daa akwampae adwuma no a wɔde wɔn ho hyem no so. Afoforo a wontumi nyɛ akwampae adwuma seesei no de Ahenni nneɛma di kan denam hokwan biara a wobenya a wɔde di adanse no so. (Mateo 6:33) Ɛsɛ sɛ yɛkamfo mmɔdenbɔ a ɛte saa nyinaa! Yehowa ahyehyɛde no de nhoma pii ama na aboa yɛn wɔ yɛn som adwuma no mu, na aboa yɛn ma yɛagyina yɛn haw ahorow ano. Sɛ yɛkyerɛ Yehowa honhom fam nsiesiei ho anisɔ a, ɔde asomdwoe behyira yɛn wɔ sikasɛm mu ahokyere mmere yi mu.—Dwom 29:11.

Bere a wɔde da no ɔkasa a etwa to a ɛne “Ma Onyankopɔn Asomdwoe Ntra W’abusua Mu” no reba awiei no, nhyiamfo no ani gyei sɛ wɔn nsa kaa nhoma foforo a ɛne Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba no. Ɔkasafo no hyɛɛ nkuran sɛ: “Momfa nsi nsua nhoma yi sɛ ankorankoro ne mmusua. Mommɔ mmɔden denneennen mfa afotu a egyina Bible so no nni dwuma, na akyinnye biara nni ho sɛ asomdwoe ne anigye a ɛwɔ mo abusua mu no bɛyɛ kɛse.”

‘Momfa Asomdwoe Hama Nkura Biakoyɛ Mu’

Ná saa asɛmti a egyina Efesofo 4:3 so yi fata ma nhyiam no da a etwa to no. Yehowa Adansefo, a woyiyii wɔn fii wiase aman nyinaa mu no yɛ nea Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Enti, wɔdɔ asomdwoe. Wodi Yesu nhwɛso akyi, na wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔde asomdwoe hama bekura honhom biakoyɛ mu.’

Wosii asomdwoe a ɛwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no so dua wɔ ɔkasa a wɔakyekyem a ɛne “Nokware Asomafo a Wobehu Wɔn” no mu. Ná atoro adiyifo wɔ tete Israel. Nanso, Onyankopɔn nokware asomafo—adiyifo te sɛ Yesaia, Hesekiel, ne Yeremia—kaa Yerusalem asehwe, otukɔ mmere, ne awiei koraa ogye a Onyankopɔn nkurɔfo benya ho asɛm siei pɛpɛɛpɛ. Tebea a ɛte saa ara wɔ hɔ nnɛ. Atoro asomafo abu so wɔ amammuisɛm ne atoro som ahemman mu. Nanso, Yehowa apaw N’adansefo sɛ wɔnka n’atirimpɔw a ɛfa nneɛma nhyehyɛe yi ho no ho asɛm. Efi 1919 titiriw no, wɔde Yehowa asomfo adi dwuma ma wɔaka Onyankopɔn asɛm. Hwɛ sɛnea wɔyɛ soronko wɔ Kristoman atoro asomafo no ho! Momma yɛmfa nsi nni ɔfã a yɛwɔ wɔ saa adwuma yi mu ho dwuma kosi sɛ Yehowa bɛka sɛ eye.

Ɔkasa a ɛne “Tie na Di Onyankopɔn Asɛm So” no sii so dua sɛ Kyerɛwnsɛm no ne beae a ɛsen biara a yebenya akwankyerɛ, awerɛkyekye, ne anidaso. (Yesaia 30:20, 21; Romafo 15:4) Ɛnnɛ wiase no yɛ nea ɛma nneɛma ho kwan kɛse. Enti ehia sɛ yetie afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu ne n’ahyehyɛde hɔ no sen bere biara. Yehowa nim yɛn mmerɛwyɛ, na wɔ N’asɛm mu no, wada ɔkwan a ɛbɛboa yɛn adi pefee. Nim a yenim sɛ Yehowa reboa yɛn no ma yɛde ahotoso kɔ yɛn anim wɔ biribiara a ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ no mu.

Eyi bɔɔ kwan maa drama a wɔhyɛ tete ntade wom a edii akyi no. Wɔtoo din “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wunya Obu Ma Teokrase Nhyehyɛe?” Saa ɔyɛkyerɛ yi a wɔde gyinaa Bible mu asɛm a ɛfa Gideon ho so no sii asuade a tumi wom bi so dua—ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn akwankyerɛ akyi na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ankasa nsusuwii si ananmu anaa yɛbɔ mmɔden bu yɛn ani gu teokrase afotu so.

Ná baguam ɔkasa no gyina asɛmti a ɛne “Nokware Asomdwoe Anya Aba!—Efi He?” no so. Asomdwoe a Onyankopɔn hyɛ ho bɔ no kɔ akyiri sen biribiara a saa wiase yi betumi asusuw ho. Ɔkasafo no kae sɛ: “Nokware asomdwoe kyerɛ asomdwoe a ɛtra hɔ da biara da. Nyankopɔn asomdwoe kyerɛ wiase a yare, ɛyaw, awerɛhow, ne owu nni mu.” Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa ‘ma akodi gyae kosi asase ano.’ (Dwom 46:9) Ɔkwan bɛn so na ɔbɛyɛ eyi? Ɛdenam nea ɔma ɔko ba, Satan Ɔbonsam, a obeyi no hɔ no so. (Adiyisɛm 20:1-3) Eyi bebue kwan ma ahobrɛasefo ‘anya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’—Dwom 37:11.

Wɔ dapɛn no mu Ɔwɛn-Aban adesua asɛm no a wɔbɔɔ no mua akyi no, wɔmaa nhyiam no kasa a etwa to no. Ɔkasa a emu yɛ hyew a wɔtoo din “Yɛn Anim a Yɛbɛkɔ sɛ Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” yi sii so dua sɛ yɛn asɛnka adwuma no da nsow na egye ntɛmpɛ nso. Ɛnyɛ mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ yegye yɛn ahome, yɛtwentwɛn yɛn nan ase, anaa yɛsan dan kɔ nsusuwii a ɛnteɛ ho. Wɔde nea yehia asiesie yɛn—Onyankopɔn asɛm, ne honhom kronkron, ɛne nsiesiei pii a efi ne teokrase ahyehyɛde a ɛwɔ ɔdɔ hɔ no. Enti sɛ Yehowa asomfo no, momma yɛnkɔ yɛn anim daa sɛ Onyankopɔn asomdwoe ho asomafo!

[Kratafa 9 adaka/mfonini]

Nsiesiei a Ɔdɔ Wom Ma Mmusua

Wɔn a na wɔwɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam no ase da a ɛto so abien no ani gyei sɛ wɔn nsa kaa nhoma foforo a wɔato din Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba no. Saa nhoma yi kura nsɛm a egyina Kyerɛwnsɛm so a ɛso bɛba mmusua a wɔdɔ Nyankopɔn nyinaa so mfaso.

Ɔpanyin bi a ofi Connecticut, U.S.A., ka sɛ: “Wɔ June 15 no, yɛn nsa kaa Abusua Anigye nhoma no bi. Eduu June 16 no, na makenkan fã. Ɛda a ɛto so 17 no, yɛyɛɛ yɛn abusua adesua wom nea edi kan, na ɛhyɛɛ yɛn nkuran yiye! Saa da no ara, miwiee nhoma no kenkan. Akyinnye biara nni ho sɛ saa nhoma fɛfɛ yi bɛsom bo ama wɔn a wɔkenkan nyinaa. Ka a nhoma no ka nokware na emu nsɛm ne nnɛ bere yi mu nsɛm hyia no de adanse foforo ma sɛ ‘akoa nokwafo ne ɔbadwemma’ no de ‘aduan rema bere a ɛsɛ mu,’ na onim nea yehia wɔ sɔhwɛ mmere yi mu no yiye.”​—Mateo 24:45-47.

[Kratafa 7 mfonini]

Mmofra ne mpanyin nyinaa pɛ sɛ wohu nea Onyankopɔn hwehwɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena