Dɛn Na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
“Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.”—1 YOHANE 5:3.
1, 2. Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn wɔ ahwehwɛde ahorow ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ ani so no?
“ME SOM ye ma me!” So ɛnyɛ saa na nkurɔfo taa ka? Nanso, nokwasɛm ni, ɛsɛ sɛ wobisa sɛ, “So me som sɔ Onyankopɔn ani?” Yiw, Onyankopɔn wɔ ahwehwɛde ahorow ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Ɛsɛ sɛ ɛno yɛ yɛn nwonwa anaa? Dabi. Fa no sɛ wowɔ fie fɛfɛ bi, a woabɔ ho ka kɛse asiesie no nnansa yi ara. So wobɛma obiara kɛkɛ abɛtra mu? Dabida! Ɛsɛ sɛ obiara a obetumi abɛtra hɔ no du w’ahwehwɛde ahorow ho.
2 Saa ara nso na Yehowa Nyankopɔn de asase fie yi ama adesamma abusua no. Ɛrenkyɛ ‘obesiesie’ asase—ma adan paradise a ɛyɛ fɛ—wɔ N’ahenni mu. Yehowa bɛyɛ eyi. Ɛyɛɛ adehwere kɛse maa no bere a ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae na ama watumi ayɛ saa no. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn hwehwɛ nneɛma bi fi wɔn a wɔbɛtra mu no hɔ!—Dwom 115:16; Mateo 6:9, 10; Yohane 3:16.
3. Ɔkwan bɛn so na Salomo bɔɔ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ no mua?
3 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow no? Yehowa de honhom kaa Ɔhene Salomo onyansafo no ma ɔbɔɔ nea Ɔno hwehwɛ fi yɛn hɔ no mua. Bere a Salomo susuw nneɛma a odii akyi nyinaa—te sɛ ahode, adansi nnwuma, nnwom, ne ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ—ho wiei no, obehuu eyi: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
“N’ahyɛde no Nyɛ Den”
4-6. (a) Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “den” no kyerɛ dɛn ankasa? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn ahyɛde ahorow nyɛ den?
4 “Di ne mmara nsɛm so.” Ne tiaatwa mu no, ɛno ne nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ. So ɛno a ɔhwehwɛ no dɔɔso dodo? Dabida. Ɔsomafo Yohane ka biribi a ɛma awerɛhyem kɛse wɔ Onyankopɔn ahyɛde, anaa n’ahwehwɛde ahorow ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.”—1 Yohane 5:3; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
5 Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “den” no kyerɛ ankasa ne sɛ biribi mu yɛ “duru.” Ebetumi akyerɛ biribi a ɛyɛ den sɛ obi bedu ho anaa ɔbɛyɛ. Wɔ Mateo 23:4 no, wɔde ka “nnesoa duruduru,” nnipa ahyɛde ne atetesɛm ahorow, a kyerɛwfo ne Farisifo no de soaa nkurɔfo no ho asɛm. (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Wote nea ɔsomafo Yohane a ne mfe akɔ anim no repɛ akyerɛ yi ase? Onyankopɔn ahyɛde ahorow nyɛ adesoa duruduru, na ɛnyɛ den dodo nso sɛ yebedi so. (Fa toto Deuteronomium 30:11 ho.) Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, n’ahwehwɛde ahorow a yedi so no ma yɛn ani gye. Ɛma yenya hokwan a ɛsom bo a yɛde kyerɛ yɛn dɔ ma Yehowa.
6 Sɛ yɛbɛkyerɛ yɛn dɔ ama Onyankopɔn a, ehia sɛ yehu nneɛma pɔtee a ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ. Afei momma yensusuw Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow no mu anum ho. Bere a yɛyɛ saa no, ma nea Yohane kyerɛwee no ntra w’adwene mu: ‘Onyankopɔn ahyɛde nyɛ den.’
Nya Onyankopɔn Ho Nimdeɛ
7. Yɛn nkwagye gyina dɛn so?
7 Ahwehwɛde a edi kan a yebesusuw ho ne Onyankopɔn ho nimdeɛ a yebenya. Susuw Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Yohane ti 17 no ho. Ná bere no yɛ anadwo a etwa to wɔ Yesu asetra sɛ ɔdesani no mu. Ná Yesu de anwummere no fã kɛse no ara asiesie n’asomafo no ama ne kɔ. Ná odwen wɔn daakye, wɔn daakye a enni awiei ho. Ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro bɔɔ mpae maa wɔn. Yɛkenkan wɔ nkyekyem 3 wɔ New World Translation mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, no ho nimdeɛ.” Yiw, na wɔn nkwagye gyina Onyankopɔn ne Kristo nyinaa ‘ho nimdeɛ a wobenya’ so. Ɛfa yɛn nso yɛn ho. Sɛ yebenya nkwagye a, ɛsɛ sɛ yenya nimdeɛ a ɛte saa.
8. Dɛn na Onyankopɔn ho ‘nimdeɛ a yebenya’ no kyerɛ?
8 Onyankopɔn ho ‘nimdeɛ a yebenya’ no kyerɛ dɛn? Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ ‘wobenya nimdeɛ’ no kyerɛ “sɛ wobehu, wobegye atom,” anaa “wɔbɛte ase koraa.” Hyɛ no nsow nso sɛ, nkyerɛase a ɛne sɛ ‘wobenya nimdeɛ’ no kyerɛ sɛ ɛyɛ ade a obi kɔ so yɛ. Enti Onyankopɔn ho nimdeɛ a yebenya no kyerɛ sɛ yebehu no yiye paa na ɛnyɛ bi ne bi, yɛne no benya adamfofa a egyina ntease so. Abusuabɔ a ɛkɔ so tra yɛne Onyankopɔn ntam no ma yɛkɔ so nya ne ho nimdeɛ pii bere nyinaa. Yebetumi akɔ so ayɛ saa daa, efisɛ yɛrensua Yehowa ho biribiara nwie da.—Romafo 11:33.
9. Dɛn na yebetumi asua afa Yehowa ho wɔ adebɔ ho nhoma mu?
9 Ɔkwan bɛn na yɛfa so nya Onyankopɔn ho nimdeɛ? Nhoma abien na ebetumi aboa yɛn. Biako ne adebɔ ho nhoma no. Nneɛma a Yehowa abɔ—nea nkwa wom ne nea nkwa nnim nyinaa—ma yehu onipa ko a ɔyɛ no ho biribi. (Romafo 1:20) Susuw nhwɛso ahorow bi ho. Aworoeɛ kɛse a ɛworo so hoo, asorɔkye nnyigyei bere a ahum atu, ɔsoro a nsoromma ayɛ hɔ ma a yehu no anadwo bi a wim atew—so nneɛma a ɛtete saa no nkyerɛ yɛn sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ “tumi dodow”? (Yesaia 40:26) Abofra a ɔserew bere a ɔhwɛ ɔkraman ba a otu mmirika di ne dua akyi anaa agyinamoa ba a odi asaawa kurukuruwa ho agoru—so eyinom nkyerɛ sɛ Yehowa, “anigye Nyankopɔn” no, ani gye aseresɛm ho? (1 Timoteo 1:11, NW) Aduan bi a ɛyɛ dɛ, sare so nhwiren a ɛyɛ huam, afofantɔ a ne kɔla ahorow yɛ fɛ, nnomaa su a egyigye wɔ fefɛw bere mu, wo dɔfo bi a woyɛ no atuu anigye so—so nneɛma a ɛtete saa no mma yenhu sɛ yɛn Bɔfo no yɛ ɔdɔ Nyankopɔn, a ɔpɛ sɛ yenya anigye wɔ asetra mu?—1 Yohane 4:8.
10, 11. (a) Yehowa ne n’atirimpɔw ho nneɛma bɛn na yentumi nsua mfi adebɔ ho nhoma no mu? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛho mmuae wɔ Bible mu nkutoo?
10 Nanso, yentumi nhu Yehowa ho biribiara mfi adebɔ ho nhoma no mu. Sɛ yɛbɛyɛ ho mfatoho a: Onyankopɔn din de dɛn? Dɛn nti na ɔbɔɔ asase de adesamma guu so? Dɛn nti na Onyankopɔn ma nsɛmmɔnedi ho kwan? Daakye bɛn na ɛwɔ hɔ ma yɛn? Sɛ yebenya nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yɛkenkan nhoma a ɛka ho a ɛde Onyankopɔn ho nimdeɛ ma no—Bible no. Yehowa ka ne ho nsɛm, a ne din, ne nipasu, ne n’atirimpɔw ahorow, ka ho wɔ mu—nsɛm a yentumi nhu mfi baabi foforo biara.—Exodus 34:6, 7; Dwom 83:18; Amos 3:7.
11 Yehowa san de nnipa foforo a ehia sɛ yehu wɔn no ho nimdeɛ a ɛho hia ma wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ́ nhwɛso no, hena ne Yesu Kristo, na dɛn na ɔyɛ wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow ho dwumadi mu? (Asomafo no Nnwuma 4:12) Hena ne Satan Ɔbonsam? Akwan bɛn na ɔfa so daadaa nkurɔfo? Dɛn na yebetumi ayɛ na wannaadaa yɛn? (1 Petro 5:8) Yehu nsɛmmisa yi ho mmuae a egye nkwa wɔ Bible nkutoo mu.
12. Ɔkwan bɛn so na wubetumi akyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a yebenya no nyɛ adesoa mu?
12 So ɛyɛ adesoa sɛ yebenya Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a ɛte saa? Dabida! Wubetumi akae sɛnea wotee nka bere a edi kan a wubehui sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa, N’ahenni de Paradise bɛsan aba asase yi so, ɔde ne Dɔba mae sɛ yɛn bɔne ho agyede, na wusuaa nokware afoforo a ɛsom bo no? So na ɛnte sɛ nea wɔayi nkataanim bi a na ama wunhu hwee, na ama woafi ase rehu nneɛma fann? Onyankopɔn ho nimdeɛ a yebenya no nyɛ adesoa. Ɛyɛ anigye!—Dwom 1:1-3; 119:97.
Onyankopɔn Ahwehwɛde Ahorow Ho a Yebedu
13, 14. (a) Sɛ yesua Onyankopɔn ho ade a, nsakrae bɛn na ehia sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetra mu? (b) Nneyɛe a ɛho ntew bɛn na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho?
13 Sɛ yenya Onyankopɔn ho nimdeɛ a, yebehu sɛ ehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn asetra mu. Eyi de yɛn ba ahwehwɛde a ɛto so abien no so. Ɛsɛ sɛ yedu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ma ɔbra pa no ho, na yegye ne nokware no tom. Dɛn ne nokware? So nea yegye di ne nea yɛyɛ ho hia Onyankopɔn ankasa? Ɛda adi sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii nsusuw saa. Amanneɛbɔ bi a Anglikan Asɔre tintimii wɔ 1995 mu no kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wobu mpena aware sɛ ɛyɛ bɔne. Asɔre sɔfo panyin bi kae sɛ: “Asɛm ‘mpena aware’ no ma wobu no adebɔne na ɛmmoa.”
14 Enti, “mpena aware” nyɛ bɔne bio anaa? Yehowa ka sɛnea ɔte nka wɔ abrabɔ a ɛte saa ho no kyerɛ yɛn pefee. N’asɛm Bible ka sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (Hebrifo 13:4) Ebia asɔfo ne asɔrekɔfo a wɔma biribiara ho kwan no bebu nna a edi aware anim sɛ ɛnyɛ bɔne, nanso ɛyɛ bɔne a anibere wom wɔ Onyankopɔn ani so! Saa ara na obu awaresɛe, mogyafra, ne nnipa a wokura bɔbeasu koro ntam nna. (Leviticus 18:6; 1 Korintofo 6:9, 10) Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneyɛe a ɛtete saa a obu no sɛ ɛho ntew no ho.
15. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow no fa sɛnea yɛne afoforo di ne nea yegye di nso ho?
15 Nanso, ɛnnɔɔso sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi nneyɛe a Onyankopɔn bu no sɛ ɛyɛ bɔne no ho. Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow nso fa sɛnea yɛne afoforo di no ho. Wɔ abusua no mu no, ɔhwɛ kwan sɛ okunu ne ɔyere benya ɔdɔ ne obu ama wɔn ho. Onyankopɔn hwehwɛ sɛ awofo de wɔn mma honam, honhom, ne nkate fam ahiade bɛma wɔn. Ɔka kyerɛ mmofra sɛ wontie wɔn awofo. (Mmebusɛm 22:6; Kolosefo 3:18-21) Na yɛn gyidi horow nso ɛ? Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ yɛkwati gyidi ne amanne ahorow a efi atoro som mu anaa ɛne nokwasɛm ahorow a emu da hɔ pefee a Bible kyerɛkyerɛ no nhyia no.—Deuteronomium 18:9-13; 2 Korintofo 6:14-17.
16. Kyerɛkyerɛ nea enti a ɛnyɛ adesoa sɛ yebedu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ma ɔbra pa no ho, na yɛagye ne nokware atom no mu.
16 So ɛyɛ adesoa sɛ yebedu Onyankopɔn gyinapɛn a ɛfa ɔbra pa ho na yɛagye ne nokware atom? Ɛnte saa, sɛ yesusuw ɛso mfaso horow no ho a—aware a okunu ne ɔyere dɔ wɔn ho gye wɔn ho di, a ɛnte sɛ aware a nokware a wonni ama asɛe no; afie a emu mmofra te nka sɛ wɔn awofo dɔ wɔn na wodwen wɔn ho, a ɛnte sɛ mmusua a emu mmofra te nka sɛ wɔnnɔ wɔn, wɔato wɔn asaworam na wonnwen wɔn ho; ahonim pa ne akwahosan pa, a ɛnte sɛ afobu nkate ne nipadua a AIDS anaa ɔyare foforo bi a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu ayɛ no pasaa no. Ɛda adi sɛ Yehowa ahwehwɛde ahorow mfa nea yehia na ama yɛanya asetra mu anigye no biara nkame yɛn!—Deuteronomium 10:12, 13.
Kyerɛ Obu Ma Nkwa ne Mogya
17. Yehowa bu nkwa ne mogya dɛn?
17 Bere a woma w’asetra ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow hyia no, wubehu sɛnea asetra som bo ankasa. Afei momma yensusuw Onyankopɔn ahwehwɛde a ɛto so abiɛsa ho. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma nkwa ne mogya. Nkwa yɛ kronkron ma Yehowa. Saa na ɛsɛ sɛ ɛba, efisɛ ɔne Nkwamafo. (Dwom 36:9) Hwɛ, abofra a wɔnwoo no a ɔhyɛ ne na yam mpo nkwa som bo ma Yehowa! (Exodus 21:22, 23) Mogya gyina hɔ ma nkwa. Enti, mogya nso yɛ kronkron wɔ Onyankopɔn ani so. (Leviticus 17:14) Ɛnde, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yebenya adwene a okura wɔ nkwa ne mogya ho no bi.
18. Dɛn na Yehowa adwene wɔ nkwa ne mogya ho no hwehwɛ wɔ yɛn ho?
18 Dɛn na obu a yɛbɛkyerɛ ama nkwa ne mogya no hwehwɛ fi yɛn hɔ? Sɛ́ Kristofo no, yɛmfa yɛn nkwa nto asiane mu sɛnea ɛnsɛ mfa nnyigye yɛn ani kɛkɛ. Yɛhwɛ yiye wɔ nneɛma a ebetumi de asiane aba ho, ma enti yɛhwɛ hu sɛ yɛn kar ne yɛn afie mfa nkurɔfo nto asiane mu. (Deuteronomium 22:8) Yɛmfa tawa nni dwuma, yɛnwe betel aba, anaasɛ yɛnnom nnuru a ne nom ka nkurɔfo hɔ anaa nea ɛkɛntɛn adwene so mfa nnyigye yɛn ani. (2 Korintofo 7:1) Esiane sɛ yetie Onyankopɔn asɛm a ɛne sɛ ‘yenyi yɛn ho mfi mogya ho’ no nti, yɛmma wɔntwe mogya nkɔ yɛn nipadua mu. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Ɛwom sɛ yɛpɛ nkwa de, nanso yemmu Onyankopɔn mmara so mfa mmɔ mmɔden sɛ yɛbɛkora nkwa a yɛwɔ mprempren no so na ama yɛasɛe daa nkwa ho anidaso a yɛwɔ no!—Mateo 16:25.
19. Kyerɛ mfaso a yenya fi obu a yɛkyerɛ ma nkwa ne mogya no mu.
19 So ɛyɛ adesoa sɛ yebebu nkwa ne mogya sɛ akronkronne? Dabida! Susuw ho hwɛ. Ɛyɛ adesoa sɛ yɛbɛde yɛn ho afi ahurututu mu kokoram a tawanom de ba ho? So ɛyɛ adesoa sɛ yɛbɛkwati nnubɔne a egye obi adwene na ontumi nnyae nom no? Ɛyɛ adesoa sɛ yɛbɛkwati nya a yebenya AIDS, mmerɛbo mu yare, anaa ɔyare foforo biara afi mogya a wɔde ma mu? Ɛda adi pefee sɛ yɛn yiyedi nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati suban ne nneyɛe a ɛnteɛ.—Yesaia 48:17.
20. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn adwene wɔ nkwa ho a abusua bi nyae no so baa wɔn mfaso?
20 Susuw osuahu yi ho. Mfe bi a atwam no, mogya fii ase tuu ɔbea Dansefo bi a na ɔyem bɛyɛ asram abiɛsa ne fã anwummere bi, na wɔde no kɔɔ ayaresabea ntɛm ara. Bere a oduruyɛfo bi hwɛɛ no wiei no, oduruyɛfo no ka kyerɛɛ ayarehwɛfo no biako ma etwaa n’asom sɛ ɛsɛ sɛ woyi nyinsɛn no gu. Esiane sɛ ɔbea no nim sɛnea Yehowa bu abofra a wɔyem no nkwa nti, wampene so koraa sɛ wobetu nyinsɛn no agu, na ɔka kyerɛɛ oduruyɛfo no sɛ: “Sɛ onwui a, ma no nwɔ hɔ!” Mogya kɔɔ so tuu no bere ne bere mu, nanso asram bi akyi no, n’awo annu na ɔwoo abarimaa bi a ɔwɔ ahoɔden a mprempren wadi mfe 17. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛkaa eyi nyinaa kyerɛɛ yɛn ba no, na ɔkae sɛ ɛyɛ no anigye sɛ yɛanyi no angu. Onim sɛ ɛnyɛ Yehowa a yɛsom no a, anka ɔnte nkwa mu mpo.” Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn adwene wɔ nkwa ho a na abusua yi wɔ no anyɛ adesoa amma wɔn!
Yehowa Nkurɔfo a Wɔwɔ Nhyehyɛe a Yɛne Wɔn Bɛsom
21, 22. (a) Henanom na Yehowa pɛ sɛ yɛne wɔn bom som no? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ nhyehyɛe no?
21 Ɛnyɛ yɛn nkutoo na yɛyɛ nsakrae a ɛho hia na ama yɛn asetra ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ahyia no. Yehowa wɔ nkurɔfo wɔ asase yi so, na ɔhwɛ kwan sɛ yɛne wɔn bɛsom no. Eyi de yɛn ba ahwehwɛde a ɛto so anan no so. Ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa ahyehyɛde a honhom kyerɛ no kwan no bom som no.
22 Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ nhyehyɛe no? Sɛnea gyinapɛn ahorow a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛ no, wɔwɔ ɔdɔ ankasa ma wɔn ho, wɔwɔ obu a emu dɔ ma Bible no, wodi Onyankopɔn din ni, wɔka N’ahenni ho asɛm, na wɔnyɛ wiase bɔne yi fã. (Mateo 6:9; 24:14; Yohane 13:34, 35; 17:16, 17) Nyamesom ahyehyɛde biako pɛ na ɛwɔ asase yi so a ɛwɔ nokware Kristosom agyiraehyɛde yi nyinaa—Yehowa Adansefo!
23, 24. Mfatoho bɛn na yebetumi ama de akyerɛ sɛ ɛnyɛ adesoa sɛ yɛne Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ nhyehyɛe no bɛsom no?
23 So ɛyɛ adesoa sɛ yɛne Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ nhyehyɛe no bɛsom no? Dabida! Mmom no, ɛyɛ hokwan a ɛsom bo sɛ Kristofo anuanom mmarima ne mmea abusua a ɛwɔ wiase nyinaa no bɛdɔ yɛn na wɔaboa yɛn. (1 Petro 2:17) Fa no sɛ wunyaa nkwa bere a po so hyɛn bi bɔe no, na wowɔ nsu no mu a worebɔ mmɔden na nsu no amfa wo. Bere a wote nka sɛ wuntumi nyɛ ho hwee bio no, obi fi ahyɛmma a wɔde gye nkwa mu so wo mu. Yiw, afoforo nyaa nkwa kaa wo ho! Wɔ ahyɛmma no mu no, wo ne afoforo hare no nnidiso nnidiso kɔ mpoano, na mofa afoforo a wɔanya nkwa no wɔ kwan so.
24 So yenni tebea a ɛte saa ara mu? Wɔayi yɛn afi wiase bɔne yi “nsu” a ɛyɛ hu mu akɔ Yehowa asase so ahyehyɛde no “ahyɛmma a wɔde gye nkwa” no mu. Yɛbom som wom bere a yɛde yɛn ani kyerɛ “mpoano” a ɛne wiase foforo a trenee wom no. Sɛ asetra mu nhyɛso horow ma yɛbrɛ wɔ kwan so a, hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ mmoa ne awerɛkyekye a nokware Kristofo fekubɔ de ma no!—Mmebusɛm 17:17.
25. (a) Asɛde bɛn na yɛwɔ wɔ wɔn a wɔda so wɔ wiase bɔne yi “nsu” no mu ho? (b) Onyankopɔn ahwehwɛde bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
25 Na afoforo nso ɛ—komapafo a wɔda so wɔ “nsu” no mu no? Yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛboa wɔn ma wɔba Yehowa ahyehyɛde no mu, ɛnte saa? (1 Timoteo 2:3, 4) Wohia mmoa na ama wɔasua nea Onyankopɔn hwehwɛ. Eyi de yɛn ba Onyankopɔn ahwehwɛde a ɛto so anum no so. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Ahenni ho adawurubɔfo anokwafo. Yebesusuw nea eyi hwehwɛ no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
Wokae?
◻ Dɛn nti na Onyankopɔn ahyɛde ahorow nyɛ adesoa?
◻ Yɛyɛ dɛn nya Onyankopɔn ho nimdeɛ?
◻ Dɛn nti na ɛnyɛ adesoa sɛ yebedu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ma ɔbra pa ho na yɛagye ne nokware atom?
◻ Dɛn na Onyankopɔn adwene wɔ nkwa ne mogya ho no hwehwɛ wɔ yɛn ho?
◻ Henanom na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛne wɔn bom som no, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu wɔn?
[Kratafa 18 mfonini ahorow]
Yesua Yehowa ho ade fi adebɔ ho nhoma no ne Bible mu
[Nsɛm Fibea]
Dɛnkyɛm: Australian International Public Relations na wɔmaa ho kwan; osisi: Safari-Zoo of Ramat-Gan, Tel Aviv