So Biakoyɛ Rebɛda “Onyankopɔn Asɔrefi” Ne Abosom Ntam Wɔ Greece?
SAA ahohuru bere mu da yi, owia bɔ abo a ɛhyerɛn no so denneennen. Nanso, ɛte sɛ nea ɔhyew bebrebe no ntumi mmu Greece Ortodɔks akwantufo a wɔrekɔyɛ ɔsom mu nneɛma a wɔasi wɔn bo rekɔ asɔredan a ɛwɔ bepɔw so no abam.
Wuhu aberewa bi a wabotow a ofi ɔman no fã a ɛwɔ akyirikyiri sɛ ɔde animia bɔ mmɔden sɛ ɔbɛnantew. Sɛ wohwɛ atifi fam kakra a, wuhu ɔbarima bi a ɔretew fifire bere a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa nnipadɔm no mu no. Na abeawa bi a ɛda adi sɛ ɔrehu amane na ɔde ahoyeraw anyinyan n’anim no, weawea ne kotodwe a ɛrepram mogya no anim. Dɛn ne wɔn botae? Sɛ́ wobedu bere ano, na wɔabɔ mpae wɔ “ɔhotefo” a wagye din no honi anim, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔde wɔn nsa aka no afew n’ano.
Wɔtaa yɛ nneyɛe a ɛte sɛɛ wɔ mmeae a wɔahyira so ama “ahotefo” som wɔ wiase nyinaa. Ɛda adi sɛ, akwantufo a wɔkɔyɛ ɔsom mu nneɛma yi nyinaa gye di sɛ wɔnam saa kwan yi so di ɔkwan a Onyankopɔn pɛ sɛ wɔfa so ba n’anim no so, na wɔnam saayɛ so da wɔn ahofama ne gyidi adi. Our Orthodox Christian Faith nhoma no ka sɛ: “Yɛkae [“ahotefo” no], na yɛde anuonyam ne nidi ma kronkron a wɔyɛ no . . . , na yɛsrɛ sɛ wɔmmɔ mpae Onyankopɔn anim mma yɛn, na wonni mma yɛn na wɔmmoa yɛn wɔ yɛn asetram ahiade bebrebe no mu. . . . Yɛdan kɔ ahotefo a wɔyɛ anwonwade yi nkyɛn . . . kɔhwehwɛ nneɛma a ehia yɛn honhom fam ne honam fam.” Afei nso, sɛnea Roma Katolek Asɔre no asɔfo bagua kyerɛ no, ɛsɛ sɛ wɔfa “ahotefo” so sɛ ntamgyinafo ma Onyankopɔn, na wɔsom “ahotefo” ahoni nyinaa.
Kristoni amapa ahiade titiriw ne sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Eyi nti, ma yensusuw nokwasɛm ahorow a ɛfa sɛnea wɔde “ahotefo” som bɛhyɛɛ Kristoman som ho nneyɛe ahorow mu ho. Ɛsɛ sɛ nhwehwɛmu a ɛte saa no ma obiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ Onyankopɔn anim wɔ ɔkwan a ɛsɔ N’ani so no nya nimdeɛ.
Sɛnea Wogyee “Ahotefo” Toom
Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no bu tete Kristofo a wɔde Kristo mogya guaree wɔn na woyii wɔn sii hɔ maa Onyankopɔn som sɛ daakye Kristo yɔnko adedifo no sɛ “akronkronfo” anaa “ahotefo.” (Asomafo no Nnwuma 9:32; 2 Korintofo 1:1; 13:13)a Wɔkaa asafo no mu mmarima ne mmea, atitiriw ne wɔn a wɔba fam nyinaa ho asɛm sɛ “akronkronfo,” bere a na wɔda so te ase wɔ asase so ha no. Wɔantwɛn amma wɔanwuwu ansa na wɔregye wɔn atom sɛ “akronkronfo” wɔ Kyerɛwnsɛm mu.
Nanso, wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. akyi, bere a na Kristosom awaefo renya nkɔso no, na adwene no ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ama Kristosom agye din, ɔsom a abosonsomfo ani begye ho na wɔde ahopere begye atom. Ná saa abosonsomfo yi som anyame pii, na na ɔsom foforo no ka Onyankopɔn biako pɛ nkutoo ho asɛm. Enti na wobetumi agyae nsɛm mu asiesie denam “ahotefo” a wɔde wɔn besisi tete anyame, abosom, ne anansesɛm mu aberempɔn ananmu no so. Bere a ɛreka eyi ho asɛm no, Ekklisiastiki Istoria (Asɔre Abakɔsɛm) nhoma no ka sɛ: “Wɔ wɔn a wɔasakra afi abosonsom mu aba Kristosom mu no fam no, na ɛnyɛ den sɛ wɔde mogya adansefo no besisi wɔn aberempɔn a wɔagyaw wɔn no ananmu, na wɔafi ase de nidi a wɔde maa kanfo no ama wɔn. . . . Mpɛn pii no, nidi a ɛte saa a wɔde ma ahotefo no bɛdanee abosonsom ankasa.”
Nhwehwɛmu foforo kyerɛkyerɛ sɛnea wɔde “ahotefo” baa Kristosom mu no mu: “Bere a yɛde nidi ma Greece Ortodɔks Asɔre no ahotefo no, yehu nkɛntɛnso kɛse a na abosonsom wɔ no ho adanse a ɛda adi wom. Seesei wɔde su horow a na Olimpia anyame kura ansa na wɔresakra [nkurɔfo] aba Kristosom mu no ama ahotefo no. . . . Efi ɔsom foforo no mfiase pɛɛ no, yehu sɛ wɔn a wodi akyi no de Odiyifo Elia asi owia-nyame (Phoebus Apollo) ananmu, na wosii asɔredan wɔ saa nyame yi abosomfie amanfo so, anaa wɔ nkyɛn pɛɛ, titiriw wɔ nkoko ne mmepɔw atifi wɔ baabiara a tete Helafo no dii Phoebus Apollo a ɔma hann no ni no. . . . Wɔdaa Ɔbaabun nyamewa Athena adi mpo sɛ Ɔbaabun Maria. Ne saa nti, bere a wobubuu Athena honi no, ɔbosonsomni a wasakra no ante nka sɛ wahwere biribi.”—Neoteron Enkyklopaidikon Lexikon (New Encyclopedic Dictionary), Po 1, nkratafa 270-1.
Sɛ nhwɛso no, susuw tebea a na ɛrekɔ so wɔ Athens wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu tɔnn no ho. Ná kurow no mufo pii da so ara yɛ abosonsomfo. Ná wɔn amanne horow a na wobu no kronkron sen biara no biako ne Eleusiniafo ahintasɛm, afahyɛ ahorow abien,b a wodi no afe biara wɔ February mu wɔ Eleusis kurow a ɛda Athens kusuu fam atɔe kilomita 23 no. Ná ɛsɛ sɛ Athensfo abosonsomfo no fa Ɔkwan Kronkron (Hi·e·raʹ Ho·dosʹ) no so na wɔakɔ ahintasɛm afahyɛ yi bi. Kurow no mu mpanyimfo daa wɔn nhumu adi bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔanya baabi foforo a wɔbɛsom no. Wɔ ɔkwan koro no ara so bɛyɛ kilomita 10 fi Athens no, wosii Daphnifo nkokorafie no na atwetwe abosonsomfo no adwene afi ahintasɛm afahyɛ no so. Wosii nkokorafie asɔre no sii tete asɔredan a wohyiraa so maa Greece nyame, Daphnaios anaa Pythios Apollo no, ananmu.
Abosonsomfo anyame a wɔde bɛhyɛɛ “ahotefo” som mu no ho adanse yɛ nea wotumi hu wɔ Kithira supɔw a ɛwɔ Greece no so nso. Byzantinefo asɔredan abien sisi supɔw no mu mmepɔw biako atifi—a wɔahyira emu biako so ama “Ɔhoteni” George ne foforo so ama Ɔbaabun Maria. Fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma mu daa no adi sɛ na eyi ne baabi a Minoafo bepɔw so abosonnan a na wɔsom wom bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni no si. Afeha a ɛto so asia anaa ason Y.B. no, “Kristofo” no sii wɔn asɔredan maa “Ɔhoteni” George wɔ faako a bepɔw so abosonnan no si no pɛɛ. Ná adeyɛ no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de; ná wofi baabi a na Minoafo som anya nkɔanim kɛse yi hwɛ Aegean Po so kwan so. Wosii asɔredan abien no wɔ hɔ na ama wɔanya Yɛn Awuraa ne “Ɔhoteni” George anim dom, na da a wɔhyɛ “apofofo bammɔfo,” “Ɔhoteni” Nicholas fã no araa na wɔhyɛ “Ɔhoteni” George de no. Bere a atesɛm krataa bi rebɔ eyi ho amanneɛ no, ɛkae sɛ: “Ɛnnɛ [Greece Ortodɔks] sɔfo no foro bepɔw te sɛ nea na Minoafo sɔfo yɛ wɔ tete mmere mu no ara pɛ,” na watumi akɔyɛ asɔre!
Bere a ɔrebɔ sɛnea Hela abosonsom nyaa Kristosom a awae so nkɛntɛnso no mua no, abakɔsɛm mu nhwehwɛmufo bi kae sɛ: “Abosonsom a wɔde hyɛɛ Kristofo som ase no nsesa wɔ emu gyidi atitiriw no mu, na edi kyɛ a atetesɛm tumi kyɛ no ho adanse.”
‘Nea Yenim a Yɛsom’
Yesu ka kyerɛɛ Samariani bea no sɛ: “Yɛsɔre nea yenim. . . . Nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ.” (Yohane 4:22, 23) Hyɛ no nsow sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom wɔ nokwarem! Enti, yɛrentumi nsom Onyankopɔn mma ɛnsɔ ani bere a yenni nokware no ho dɔ ne nokware nimdeɛ. Ɛsɛ sɛ Kristofo som a ɛyɛ nokware no gyina nokware so, ɛnyɛ atetesɛm ne nneyɛe a efi abosonsom mu so. Yenim sɛnea Yehowa te nka bere a nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom no wɔ ɔkwan a ɛnsɔ ani so no. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ tete Hela kurow Korinto mu no sɛ: “Ɔka bɛn na Kristo ne Belial ka? . . . Biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ?” (2 Korintofo 6:15, 16) Onyankopɔn kyiri mmɔden biara a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛka n’asɔrefie ne abosom abom no.
Bio nso, wɔ ɔkwan a emu da hɔ so no, Kyerɛwnsɛm no mma mpae a yɛbɔ ma “ahotefo” sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntamgyinafo no ho kwan. Wɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso mu no, ɔkyerɛe sɛ Agya no nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae, efisɛ ɔkyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Yesu toaa so kae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so. Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me de, mɛyɛ.” Na ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntam gyinafo koro, ɔne onipa Kristo Yesu”—Yohane 14:6, 14; 1 Timoteo 2:5.
Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ ankasa a, ehia sɛ yɛfa ɔkwan a N’asɛm kyerɛ yɛn no so kɔ n’anim. Bere a Paulo resi ɔkwan koro pɛ a ɛfata sɛ yɛfa so kɔ Yehowa anim so dua no, ɔkyerɛwee sɛ: “Kristo Yesu ne nea owui na mpo wanyan, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso odi ma yɛn.” “Enti nso obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.”—Romafo 8:34; Hebrifo 7:25.
‘Honhom ne Nokware mu a Yɛbɛsom’
Kristosom a awae no nni honhom mu tumi anaa Onyankopɔn honhom kronkron a wɔde bɛkanyan abosonsomfo no na ama wɔagyae wɔn atoro som akyi di, na wɔadi Yesu Kristo nokware nkyerɛkyerɛ akyi. Bere a na wɔrepɛ nnipa, tumi, ne din no, wogyee abosonsom nkyerɛkyerɛ ne amanne horow toom. Eyi nti, wɔannya Kristofo a wɔsɔ Onyankopɔn ne Kristo ani, na mmom, agyidifo a wɔyɛ nyaatwom, “wura” a ɛmfata mma Ahenni no.—Mateo 13:24-30.
Nanso, wɔ saa awiei bere yi mu no, wɔ Yehowa akwankyerɛ ase no, nokware som renya nkɔanim. Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa, ɛmfa ho wɔn amammerɛ, asetra mu tebea, anaa ɔsom ko a wofi mu no, bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn asetra ne gyidi horow ne Bible mu nnyinasosɛm ahorow ahyia. Sɛ wopɛ sɛ wusua pii fa sɛnea wɔsom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokwarem” ho a, yɛsrɛ wo, hwehwɛ Yehowa Adansefo wɔ baabi a wote hɔ. Ɛbɛyɛ wɔn anigye dodo sɛ wɔbɛboa wo ma wode ɔsom a ɛsɔ ani a egyina w’adwene tumi ne N’asɛm no mu nokware nimdeɛ so ama Onyankopɔn. Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborɔhunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no. Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” Na ɔka kyerɛɛ Kolosefo no sɛ: “Yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne ɔsrɛ ɛ, sɛ ne pɛ mu hu nyɛ mo ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu, na moanantew sɛnea ɛfata Awurade [Yehowa, NW] na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.”—Romafo 12:1, 2; Kolosefo 1:9, 10.
[Ase hɔ nsɛm]
a Bible nkyerɛase horow bi kyerɛ Hela asɛmfua haʹgi·os ase “ɔkronkroni,” afoforo nso sɛ, “ahotefo.”
b Ná afe biara wodi Eleusinia Kɛse no wɔ September mu wɔ Athens ne Eleusis.
[Kratafa 28 adaka/mfonini]
Dwuma Soronko a Wɔde Parthenon Di
“Kristoni” Ɔhempɔn Theodosius II, nam Athens kurow mu mmara so (438 Y.B.), guu abosonsom amanne ne ahintasɛm ahorow nyinaa, na ɔtoo abosonsomfo asɔrefie no mu. Ɛno akyi no, ná wobetumi asakra wɔn aba Kristofo asɔre horow mu. Ahwehwɛde a ehia na ama wɔatumi asakra abosonnan ne sɛ wɔde mmeamudua besi so de atew ho kɛkɛ!
Asɔrefie a wodii kan sakrae no mu biako ne Parthenon. Wɔsesaa ɔdan no ho nneɛma pii sɛnea ɛbɛma wɔde Parthenon adi dwuma ma afata sɛ “Kristofo” asɔrefie. Efi afe 869 Y.B. reba no, edii dwuma sɛ Athens asɔredan. Mfitiase no, wɔhyɛɛ no anuonyam sɛ “Nyansa Kronkron” asɔredan. Ná eyi betumi ayɛ nokwasɛm a ehia a ɛfa asɔrefie no “wura” ankasa Athena, a na ɔyɛ nyansa nyamewa no ho nkaesɛm. Akyiri yi, wohyiraa so maa “Yɛn Awuraa Athensni.” Bere a Ortodɔksfo de dii dwuma mfeha awotwe akyi no, wɔdanee asɔrefie no yɛɛ no Athens St. Mary Katolek asɔre. Parthenon a wɔnam nyamesom so “dii no adannan” no kɔɔ so kosii bere a Ottoman Turkfo danee no nkramodan wɔ afeha a ɛto so 15 mu.
Ɛnnɛ nsrahwɛfo ɔpepem pii bɛsrasra tete Athena Parthenos (“Ɔbaabun”), Doricfo asɔredan, Parthenon, Greecefo nyansa nyamewa no sɛ, Greecefo adansi ho nimdeɛ ho nhwɛso.
[Kratafa 26 mfonini]
Daphnifo nkokorafie—baabi foforo a na tete Athens abosonsomfo tumi som