Ɔsom a Egyina Tetefo Adwene So a Ɛretrɛw
ƆSOM a Egyina Tetefo Adwene So—mfe kakra a atwam no, na eyi yɛ kuw ketewaa bi a ɛwɔ Protestantsom mu. Hwɛ sɛnea nneɛma asesa! Bruce B. Lawrence a ɔyɛ nyamesom ho sɛnkyerɛwfo kyerɛwee sɛ mfe 30 a atwam mu no, nnipa kakraa bi pɛ na wohu siei sɛ ɔsom a egyina tetefo adwene soa bɛyɛ asɛm a ɛho behia nsɛm amanneɛbɔfo ma wɔaka ho asɛm atra so mpo na sukuupɔn ayɛ mu nhwehwɛmu wɔ afeha a ɛto so 20 yi awiei.
Nanso, saa na aba. Atesɛm krataa amanneɛbɔ a ɛfa ɔyɛkyerɛ ahorow a basabasayɛ wom, awudi, akuw a wɔkasa tia nyinsɛn a wotu gu, nyamesom mu akuw a wɔkasa tia amammui nhyehyɛe ahorow bi, ne nhoma ahorow a wobu no sɛ ɛka abususɛm a wɔhyew no baguam ho, no yɛ ade a ɛkɔ so kae yɛn nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho nneyɛe mu. Italy sikasɛm ho atesɛm krataa a ɛba dapɛn dapɛn, Mondo Economico, kae sɛ, ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho “di wɔn akakabensɛm no wɔ Onyankopɔn din mu” wɔ baabiara.
Wɔtaa ka sɛ nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho yɛ nkurɔfo a wɔyɛ ade ma ɛtra so ne wɔn a wɔyɛ katee, nnebɔne farebaefo a wɔyɛ amumɔyɛde. Akuw te sɛ Comunione e Liberazione a ɛwɔ Roma Katoleksom mu, Gush Emunim a ɛwɔ Yudasom mu, ne Protestant Kristofo a Wokura Tete Adwene a wɔwɔ Amerika Kusuu fam a wɔredɔɔso no abɔ nkurɔfo hu. Dɛn nti na ɔsom a egyina tetefo adwene so retrɛw saa? Dɛn na ɛkanyan no? Ebia ɛyɛ “Onyankopɔn aweredi,” sɛnea Franseni a ɔyɛ nnipa asetram nsɛm ho nimdefo, Gilles Kepel kyerɛ no?
[Ase hɔ asɛm]
a Onipa a okura tetefo adwene wɔ ɔsom ho yɛ obi a okura tete nyamesom mu gyinapɛn mu katee. Yɛbɛka nea “ɔsom a egyina tetefo adwene so” kyerɛ ankasa ho asɛm kɛse wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Nina Berman/Sipa Press