Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 3/1 kr. 25-28
  • Wusuro Sɛ Wubenya Afoforo Mu Ahotoso?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wusuro Sɛ Wubenya Afoforo Mu Ahotoso?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Te a Wobɛte Nea Enti a Wosuro no Ase
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugyae Nsɛm Mu?
  • Nya W’abusua mu Ahotoso
  • Nya Asafo no mu Ahotoso
  • Sɛnea Wonya Abusuabɔ a Ahotoso Wom
  • Wubetumi Agye Anuanom Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Mpanyimfo​—Mommɔ Nea Wɔde Ahyɛ Mo Nsa No Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Ahotoso Ho Hia Ma Asetra a Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Yɛ Nea Ɛbɛma Afoforo Atumi Agye Wo Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 3/1 kr. 25-28

Wusuro Sɛ Wubenya Afoforo Mu Ahotoso?

‘OBIARA nni hɔ a metumi ne no adi nkɔmmɔ. Nkurɔfo rente m’ase. Wɔn ankasa redi wɔn haw ahorow ho dwuma a wonni adagyew koraa. Wonni me ho adagyew.’ Saa na nnipa pii te nka, enti wɔnka wɔn nsɛm nkyerɛ obiara. Sɛ afoforo bisa wɔn sɛnea wɔn ho te a, mpɛn pii no, ɛyɛ a na wɔpɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn, nanso wɔnka. Wontumi nna nsɛm adi.

Ɛyɛ ampa sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔmpɛ afoforo mmoa. Nanso, nnipa pii pɛ mmoa denneennen, nanso wosuro sɛ wɔbɛda wɔn kokoam nsɛm, nkate, ne osuahu ahorow adi. Woyɛ wɔn mu biako? So obiara nni hɔ a wubetumi anya ne mu ahotoso ankasa?

Te a Wobɛte Nea Enti a Wosuro no Ase

Wɔ ɛnnɛ wiase mu no, tebea a ɛwɔ hɔ ne afoforo mu ahotoso a wonni. Mmofra nka wɔn nsɛm nkyerɛ wɔn awofo. Awofo ntumi nka wɔn nsɛm nkyerɛ wɔn ho wɔn ho. Nnipa kakraa bi pɛ na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne wɔn a wɔwɔ tumi bɛkasa. Esiane sɛ ebinom ntumi nka wɔn nsɛm nkyerɛ afoforo nti, wɔdan kɔ asanom, nnubɔnenom, anaa ɔbra bɔne so de bɔ mmɔden sɛ wobeguan afi wɔn haw ahorow no ho.—Mmebusɛm 23:29-35; Yesaia 56:12.

Nnipa a wɔwɔ tumi, te sɛ asɔfo, nnuruyɛfo, ne akyerɛkyerɛfo de nokware a wɔnka ne ɔbrasɛe asɛe wɔn mu ahotoso a nkurɔfo wɔ no. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe ka sɛ asɔfo bɛboro ɔha biara mu 10 na wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. Nhomakyerɛwfo bi ka sɛ, saa “nkurɔfo a wɔsɛe ahotoso” yi “ma mpaapaem kɛse ba nnipa abusuabɔ mu.” Eyi ka wɔn asafo mma no dɛn? Ɛsɛe ahotoso.

Abrabɔ a asɛe wɔ wiase nyinaa no nso de abusua mu nsɛnnennen na aba, na ɛkame ayɛ sɛ mmusua a ɔhaw wom ne nea ɛrekɔ so titiriw. Bere bi no, na ofie yɛ baabi a wɔde ntetee ma. Ɛnnɛ ɛhɔ te sɛ adidi bere wɔ baabi a wɔtɔn pɛtro bere nyinaa. Sɛ abofra bi nyin wɔ abusua a “wonni dɔ” mu a, nea ɛtaa de ba ne afoforo a wɔanyin mu ahotoso a onnya.—2 Timoteo 3:3.

Bio nso, bere a wiase tebea kɔ so sɛe no, yebetumi ahyia osuahu ahorow a ɛyɛ yaw daa. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, odiyifo Mika kyerɛwee sɛ: “Mommfa mo ho nnto ɔyɔnko so.” (Mika 7:5) Ebia wobɛte nka saa ara bere a obi adi wo huammɔ kakra, wɔayi wo ama, anaa woahyia asɛm kɛse bi a ɛde nkwa to asiane mu no. Ɛbɛyɛ wo den sɛ wubenya afoforo mu ahotoso bio, na wobɛkɔ so aka w’ano atom, na woahaw wɔ nkate fam da biara. (Fa toto Dwom 102:1-7 ho.) Nokwarem no, ebia nneyɛe a ɛte saa no bɛboa wo ma woayɛ nneɛma sɛnea ɛsɛ de, nanso wo “komam awerɛhow” no betumi ama woahwere asetram anigye biara. (Mmebusɛm 15:13) Nokwasɛm no ne sɛ, sɛ wubenya honhom, nkate, adwene, ne honam fam akwahosan a, ɛsɛ sɛ wugyae nsɛm mu na wusua sɛnea wubenya nnipa mu ahotoso. So ɛno betumi ayɛ yie? Yiw.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugyae Nsɛm Mu?

Nsɛm a wɔka kyerɛ afoforo no ma koma a ahaw ani gye. Hana nyaa saa osuahu yi. Ná ɔwɔ aware pa, ofie a emu dwo, nanso na wahaw yiye. Ɛwom sɛ ne “kra werɛ howee” de, nanso ofi nyansam ‘bɔɔ Yehowa mpae’ anibere so ma n’ano popowee. Yiw, ɔkaa ne nsɛm kyerɛɛ Yehowa. Afei obuee ne komam maa Onyankopɔn nanmusifo Eli. Dɛn na efi mu bae? “[Hana] siim kɔe kodidii, na n’anim nte sɛ kan no bio.”—1 Samuel 1:1-18.

Aman dodow no ara ahu mfaso a ɛwɔ agyinatu mu. Sɛ nhwɛso no, yɛn nsusuwii ne suahu ahorow a yɛbɛka ho asɛm akyerɛ wɔn a wɔakɔ tebea a ɛte saa mu pɛn no betumi ayɛ nea mfaso wɔ so. Nhwehwɛmufo ka sɛ: “Nkate fam ankonamyɛ de yare ba—ehia sɛ yɛka yɛn nsɛm kyerɛ na ama yɛn adwene mu ada hɔ.” Nhwehwɛmu pii a nyansahufo ayɛ no si nokware a abɛbusɛm a ese: “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi” no yɛ so dua.—Mmebusɛm 18:1.

Sɛ woanka wo nsɛm ankyerɛ afoforo a, wɔbɛyɛ dɛn aboa wo? Bere a Yehowa Nyankopɔn hu komam no, wo komam nsɛm ne wo nkate yɛ nea abusuafo ne nnamfo nnim—gye sɛ woka kyerɛ wɔn. (1 Beresosɛm 28:9) Sɛ ɔhaw no fa Onyankopɔn mmara so bu ho na sɛ woanka a, ɛbɛma nneɛma asɛe koraa.—Mmebusɛm 28:13.

Nokwarem no, mfaso a ɛwɔ ɔhaw a wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo mu no boro asiane a ɛne sɛ wobepira wo no so koraa. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛka yɛn komam nsɛm kyerɛ obiara. (Fa toto Atemmufo 16:18; Yeremia 9:4; Luka 21:16 ho.) Mmebusɛm 18:24 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔfa nnamfo pii no de sɛe n’ankasa ne ho,” nanso ɛde ka ho sɛ: “Adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua.” Ɛhe na wubetumi anya saa adamfo no?

Nya W’abusua mu Ahotoso

Sɛ wuhyia ɔhaw bi a, wobɔ mmɔden sɛ wo ne w’aware mu hokafo anaa w’awofo besusuw ho? Ɔfotufo bi a ne ho akokwaw ka sɛ: “Wɔ ɔhaw pii ho no, ɛho nkɔmmɔ a wo ne obi bedi no fefeefe no ara ne ade a ehia.” (Mmebusɛm 27:9) Kristofo okununom a ‘wɔdɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ho,’ ne ɔyerenom a ‘wɔbrɛ wɔn ho ase ma wɔn kununom,’ ne awofo a wobu asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ ‘wɔnyɛn wɔn mma Yehowa nyansakyerɛ mu’ anibere no bɛbɔ mmɔden ayɛ atiefo a wɔwɔ tema ne afotufo a wɔyɛ mmoa. (Efesofo 5:22, 33; 6:4) Ɛwom sɛ wɔ honam fam no, Yesu anware anwo de, nanso hwɛ nhwɛso a ɛyɛ anigye a ɔyɛe wɔ eyi mu!—Marko 10:13-16; Efesofo 5:25-27.

Na sɛ ɔhaw no boro nea abusua no betumi adi ho dwuma nso ɛ? Wɔ Kristofo asafo no mu no, enhia sɛ yɛyɛ ankonam. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Hena na ɔyɛ mmerɛw, na menyɛ mmerɛw bi?” (2 Korintofo 11:29) Otuu fo sɛ: “Munnyigye mo ho ade a ɛyɛ mo duru nsoa.” (Galatifo 6:2; Romafo 15:1) Wɔ yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea mu no, akyinnye biara nni ho sɛ, yebetumi anya aboro “onua” biako a “wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17.

Nya Asafo no mu Ahotoso

Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 80,000 a ɛwɔ asase so nyinaa mu no, mmarima ahobrɛasefo a wɔsom sɛ ‘w’anigye ho yɔnko adwumayɛfo’ wɔ hɔ. (2 Korintofo 1:24) Eyinom ne mpanyimfo no. Yesaia ka sɛ: “Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” Saa na mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ.—Yesaia 32:2; 50:4; 1 Tesalonikafo 5:14.

Mpanyimfo no du Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow ho ansa na ‘honhom kronkron no apaw’ wɔn. Eyi a wubehu no bɛma wɔn mu ahotoso a wowɔ no mu ayɛ den. (Asomafo no Nnwuma 20:28; 1 Timoteo 3:2-7; Tito 1:5-9) Sɛ wususuw biribi ho kyerɛ ɔpanyin bi a, ɔrenka nkyerɛ obiara da. Sɛ́ ɔbɛyɛ obi a wotumi de ho to ne so no yɛ nneɛma a wɔhwehwɛ fi ne hɔ no mu biako.—Fa toto Exodus 18:21; Nehemia 7:2 ho.

Mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no ‘rewɛn wo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa.’ (Hebrifo 13:17) So eyi nka wo mma wunnya saa mmarima yi mu ahotoso? Nokwarem no, ɛnyɛ mpanyimfo no nyinaa na wɔbɔ mmɔden wɔ su koro no ara ho. Ebinom betumi ayɛ nea wobetumi abɛn wɔn kɛse, wɔn yam ye, anaa wɔwɔ ntease sen afoforo. (2 Korintofo 12:15; 1 Tesalonikafo 2:7, 8, 11) Dɛn nti na wonka wo kokoam nsɛm nkyerɛ ɔpanyin bi a ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛbɛn no?

Saa mmarima yi nnye akatua wɔ adwuma a wɔyɛ no ho. Mmom no, wɔyɛ ‘nnipa mu akyɛde’ a Yehowa de ama sɛ wɔmmoa wo. (Efesofo 4:8, 11-13; Galatifo 6:1) Ɔkwan bɛn so? Wɔnam Bible no a wɔde di dwuma ahokokwaw mu no so de n’ayaresa tumi no bedi w’ankasa wo tebea no ho dwuma. (Dwom 107:20; Mmebusɛm 12:18; Hebrifo 4:12, 13) Wɔne wo bɛbɔ mpae, na wɔabɔ bi ama wo. (Filipifo 1:9; Yakobo 5:13-18) Mmoa a efi afotufo a wɔwɔ dɔ saa hɔ no betumi ayɛ pii asa honhom a ahaw yare na ama woanya asomdwoe.

Sɛnea Wonya Abusuabɔ a Ahotoso Wom

Mmoa, afotu, anaa obi a obetie wo a wobɛhwehwɛ no nkyerɛ mmerɛwyɛ anaa nkogudi. Ɛyɛ gye a yegye tom ankasa sɛ yɛnyɛ pɛ na obiara nni hɔ a ɔwɔ asɛm biara ho mmuae. Nokwarem no, ɔfotufo a ɔsen biara a yebetumi anya ne mu ahotoso a yɛwɔ ne yɛn soro Agya, Yehowa Nyankopɔn. Yɛne odwontofo no a ɔkyerɛwee nea edi so yi no yɛ adwene: “Awurade [Yehowa, NW] ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede me koma mato no so, na waboa me.” (Dwom 28:7) Yebetumi ‘ayi yɛn yam’ akyerɛ no koraa bere nyinaa wɔ mpaebɔ mu, a yɛwɔ ahotoso sɛ otie yɛn na odwen yɛn ho.—Dwom 62:7, 8; 1 Petro 5:7.

Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi asua sɛnea wonya mpanyimfo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu mu ahotoso? Nea edi kan no, hwehwɛ w’ankasa wo ho mu. So wo suro no gyina ntease pa bi so? W’adwene nteɛ wo wɔ nea afoforo yɛ ho? (1 Korintofo 13:4, 7) Ɔkwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so atew osuro a wowɔ sɛ wobetumi apira wo no so anaa? Yiw. Ɔkwan bɛn so? Bɔ mmɔden sɛ wubehu afoforo su ankasa wɔ honhom fam. Wo ne wɔn nkasa wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Wo ne wɔn mmom nyɛ afie afie adwuma no. Te sɛ obu no, ahotoso yɛ ade a ɛsɛ sɛ yenya. Enti si abotare. Sɛ nhwɛso no, bere a wubehu honhom mu guanhwɛfo no, ne mu ahotoso a wowɔ no bɛyɛ kɛse. Fa w’ahiade to n’anim nkakrankakra. Sɛ otie wo ɔkwampa, mmɔborohunu, ne anifere kwan so a, afei wubetumi aka pii akyerɛ no.

Mfɛfo Yehowa asomfo, titiriw Kristofo mpanyimfo, bɔ mmɔden suasua Onyankopɔn su horow a ɔdɔ wom no wɔ wɔne afoforo abusuabɔ mu. (Mateo 5:48) Eyi kowie tebea a obiara nya ne yɔnko mu ahotoso mu wɔ asafo no mu. Ɔpanyin bi a ɔde mfe pii asom ka sɛ: “Ade biako a ɛsɛ sɛ anuanom hu ne sɛ: Ɛmfa ho nea obi yɛ biara no, ɔpanyin no nyae sɛ obeyi ne Kristofo dɔ adi akyerɛ no. Ebia ɔrempɛ nea ne nua no yɛe no de, nanso ɔda so ara dɔ no, na ɔpɛ sɛ ɔboa no.”

Enti ɛho nhia sɛ wo nkutoo soa ɔhaw bi. Ka ho asɛm kyerɛ obi a ‘ne ho akokwaw honhom mu’ a obetumi aboa wo ma woasoa w’adesoa. (Galatifo 6:1) Kae sɛ “onipa komam awerɛhow botow no,” nanso “nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan.”—Mmebusɛm 12:25; 16:24.

[Kratafa 26 adaka]

Wobetumi afrɛ Kristoni biara sɛ ɔmmoa obusuani, adamfo, anaa honhom fam onua bi wɔ ne kokoam haw bi ho. Wunim ɔkwan a wobɛfa so aboa?

Ɔfotufo Pa

yɛ obi a wotumi bɛn no: Mateo 11:28, 29; 1 Petro 1:22; 5:2, 3

paw ɔkwampa: Marko 9:33-37

hwehwɛ sɛ ɔbɛte ɔhaw no ase: Luka 8:18; Yakobo 1:19

nyɛ ade mmoro so: Kolosefo 3:12-14

boa obi ma ogyina ahohia mu: 1 Tesalonikafo 5:14; 1 Petro 3:8

nim n’ankasa sintɔ ahorow: Galatifo 6:3; 1 Petro 5:5

de afotu pɔtee ma: Dwom 19:7-9; Mmebusɛm 24:26

kora kokoam nsɛm so: Mmebusɛm 10:19; 25:9

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena