Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 4/15 kr. 3
  • So Amanehunufo Benya Asomdwoe Da Bi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Amanehunufo Benya Asomdwoe Da Bi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Asomdwoe Nyankopɔn” no Dwen Amanehunufo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɛnkaa Akyi Dodo sɛ Wobɛsom Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Yɛahwehwɛ Ahenni no Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Awerɛkyekye Ma Amanehunufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 4/15 kr. 3

So Amanehunufo Benya Asomdwoe Da Bi?

W’ANI begye ho sɛ w’amanehunu ne adesamma nyinaa de to betwa anaa? Susuw nhwɛso horow yi ho:

Sonia ahyia amanehunu pii.a Nea edi kan no, obehui sɛ ne kunu ne ɔbea foforo atra asɛe aware mfe du. Afei ne babarima kumaa benyaa HIV na AIDS kum no. Mfe abien akyi no, ne babarima a aka no bɛyaree, na ankyɛ na AIDS kum ɔno nso. Sonia ka sɛ: “Ne yare no mu yɛɛ den kyɛe yiye ansa na ɔrewu. Onyaa adwenemhaw kɛse, ne ti nhwi tutui, na na onhu ade yiye. Ná ɛyɛ awerɛhow yiye.”

Ná wiase asetra mu ntɛnkyea haw Fabiana a ɔyɛ osuani wɔ Brazil sukuupɔn bi mu no. Afei asɛm too n’ankasa. Ne nuabarima a na ɔwɔ adwenemhaw no kum ne ho. Bere a Fabiana adwuma fii ne nsa no, n’adamfo bi hyɛɛ no nyansa sɛ ɔnkɔ pai-de-santo (ɔdebisafo) bi hɔ, efisɛ na osusuw sɛ obi na ato Fabiana aduru nti na atoyerɛnkyɛm a ɛte saa ato no no! Nanso, pai-de-santo no amma ne ho antɔ no. Mmom no, Fabiana amanehunu no maa ɔteetee a na ontumi nna.

Ana amanehunu fii ase bere a na osua koraa no. Ɔka sɛ: “Bere a midii afe no, me maame poo me, enti me nanabea na ɔhwɛɛ me.” Afei bere a na Ana adi mfe abiɛsa pɛ no, ne nana no wui. Wɔde Ana kɔɔ baabi a wɔhwɛ nnyanka wɔ Rio de Janeiro, baabi a ɔtrae kosii sɛ odii mfe 13. Ɔka sɛ: “Wɔanhwɛ yɛn yiye koraa wɔ hɔ, enti mebɛyɛɛ otuatewfo. Bere a merenyin no, ɛkame ayɛ sɛ mesɔre tiaa biribiara.”

Ɛte sɛ nea amanehunu ka onipa biara wɔ ɔkwan bi so. Nokwarem no, yɛte awerɛhosɛm a ɛfa nnipa ho da biara da—bere biara a yɛhwɛ, yɛkenkan, anaa yetie nsɛm ho amanneɛbɔ no. Ɔbenfo Mary Sykes Wylie kyerɛw sɛ: “Yɛn bere yi a nkitahodi mu atrɛw no . . . na ayɛ den kɛse sɛ yɛbɛkwati amanneɛbɔ a enye a ɛba ntoatoaso no. Akodi, asiane a emfi nnipa, mfiridwuma mu asiane horow, kar akwanhyia a ɛyɛ hu, nsɛmmɔnedi, amumɔyɛsɛm, nna mu ɔbrasɛe, mmonnaato, ofie basabasayɛ—ne nyinaa ma awerɛhosɛm bɛyɛ da biara da adeyɛ a ɛyɛ hu wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu.” Kristoni somafo Paulo bɔɔ adesamma suahu yi mua ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.”—Romafo 8:22.

Wo nso ɛ? Worehu amane? Ahotɔ bɛn na wubetumi ahwɛ kwan? Wubenya nokware asomdwoe da bi? Sonia, Fabiana, ne Ana nyaa awerɛkyekye a edi mũ ne asomdwoe ankasa kosii baabi! Wubetumi akenkan ɛho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa din ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena