Ayeforohyia a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam
Wodii kan kyerɛw asɛm a edi so a ɛfa Kristofo ayeforohyia ahorow ho yi wɔ Ethiopia na ɛde akwankyerɛ a ɛfata ama nnipa pii a wɔka Amharic kasa wɔ saa asase no so a wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo nnansa yi no. Ɛka ɛhɔnom amammerɛ ne nneyɛe bi a ebia ɛbɛyɛ soronko wɔ nea ɛwɔ baabi a wote de ho. Ɛda adi sɛ w’ani begye nsonsonoe a ɛwom no ho yiye. Bere koro no ara no, asɛm no de Bible mu afotu a ɛkari pɛ a wubehu sɛ mfaso wɔ so ma, bere a ayeforohyia ho amammerɛ a ɛwɔ baabi a wote no yɛ soronko mpo no.
NÁ “KRISTOFO Ayeforohyia Ahorow a Ɛde Anigye Ba” ne October 1, 1984 Ɔwɛn-Aban no mu adesua bi a ɛyɛ anigye asɛmti. Ná asɛm a edi hɔ wɔ nsɛmma nhoma no mu no asɛmti ne “Nya Anigye a Ɛkari Pɛ wɔ Ayeforohyia Apontow Ahorow Ase.” (Afotu foforo a nyansa wom wɔ nhoma a ɛne Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye, ti 2, ne Your Youth—Getting the Best Out Of It, atiri 19 ne 20 ma obiara a ɔresusuw aware ho.)a Efi bere a saa nsɛm no bae no, nnipa pii na abɛyɛ Yehowa Adansefo, enti yɛpɛ sɛ yɛsan susuw nsɛm bi a yɛde di dwuma wɔ baabi a yɛte, ne nsɛm foforo a ɛfata a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ ayeforohyia ahorow a ɛhyɛ Yehowa, aware Hyehyɛfo no, anuonyam ho.
Asɛmmisa a yebedi kan asusuw ho ne, Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yehyia ayeforo? So ɛsɛ sɛ nna a baabi a yɛte amammerɛ kyerɛ sɛ wohyia ayeforo no na yedi akyi? Baabi a yɛte hɔfo gye di sɛ ayeforo biara a wobehyia no afe no mu da hunu biara no renyɛ yiye. Eyi yɛ gyidihunu a enni nnyinaso, efisɛ awarefo pii a wɔde anigye ne biakoyɛ resom Yehowa no anware amammerɛ bere no mu. Yennye akraye ne ti bɔne nni. (Yesaia 65:11; Kolosefo 2:8) Sɛ yɛde yɛn ayeforohyia hyɛ da bi sɛnea yɛn abusuafo a wonnye nni gyidi hunu ahorow kyerɛ a, yɛremmoa wɔn mma wonhu nsonsonoe a ɛda nokware ne atoro ntam. Nokwasɛm ne sɛ, Kristofo betumi aware ɔsram biara mu.
Sɛ wɔyɛ ayeforohyia kasa ho nhyehyɛe bere a wɔayɛ aban mu de awie a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔremma nna pii mmɛda dwumadi no abien ntam. Sɛ awarefo no bɛpɛ sɛ wɔma ayeforohyia kasa wɔ Ahenni Asa so a, ɛsɛ sɛ wokohu mpanyimfo no ntɛm kɔsrɛ asa a wɔde bedi dwuma no. Ɛhɔ mpanyimfo no bɛfoa guasodeyɛ no ho nhyehyɛe no so sɛ ɛbɛma wɔanya ahonim pa a. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ bere no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne asafo dwumadi biara renhyia. Onua a wɔapaw no sɛ ɔmma ayeforohyia kasa no bedi kan ahyia ayeforokunu ne ayeforo a wɔrebɛware no na wama wɔn afotu a ɛfata, na wahwɛ ahu sɛ abrabɔ anaa mmara kwan so haw ahorow biara nni aware no ho, na afei nso ɔpene nhyehyɛe a wayɛ ama apontow biara a ebedi akyiri no so. Ɛsɛ sɛ ayeforohyia kasa no tenten yɛ bɛyɛ simma aduasa, na wɔma no wɔ ɔkwan a nidi wom so si honhom fam nneɛma so dua. Ɛda adi sɛ ayeforohyia kasa no ho hia kɛse sen apontow biara a ebedi akyiri.
Kristofo ayeforohyia yɛ hokwan papa a yɛde da yɛn ho adi sɛ yɛnyɛ “wiase no fã.” (Yohane 17:14, NW; Yakobo 1:27) Ɛsɛ sɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔano wɔano no da nsow. Eyi bɛkyerɛ sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade bere ano sen sɛ yɛbɛma nkurɔfo atwɛn, a ebia ebetumi atwitware asafo no dwumadi ahorow ananmu. Eyi yɛ ade a ɛsɛ sɛ ayeforo no titiriw hyɛ no nso, esiane sɛ ebia n’abusuafo a wɔyɛ wiasefo no bɛhyɛ no nkuran sɛ ɔnka akyi—te sɛ nea ɔde bɛkyerɛ sɛnea ɔsom bo fa. Sɛ Kristoni bea a ne ho akokwaw yɛ ade bere ano a, obetumi ada no adi sɛ honhom fam su ahorow te sɛ ahobrɛase ne tema, ho hia no! Afei nso, sɛ yɛto nsa frɛ mfoninitwafo sɛ ommetwa mfonini a, ɛho hia sɛ ɔyɛ ade wɔano wɔano. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛma mfoninitwafo no ahyɛ atade soro ne fam abɔ abɔkɔn, na ɔnyɛ ade mfa ntwitware ɔkasa no mu bere a ɔretwa mfonini no. Ɛnsɛ sɛ otwa mfonini biara bere a wɔrebɔ mpae no. Ade a yɛbɛyɛ no wɔano wɔano no bɛhyɛ Yehowa anuonyam, na adi adanse pa. Ɛho nhia sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ yɛn ade ma ɛne wiasefo de ahyia, na abunkam adwene ankasa a ɛwɔ adeyɛ no mu no so.
Apontow nyɛ ahwehwɛde a ɛma ayeforohyia di mu, nanso Kyerɛwnsɛm mu asɛm biara nni hɔ a etia anigye bere a ɛte saa no. Nanso, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo apontow a ɛte saa no yɛ soronko wɔ wiasefo apontow a wɔyɛ no kyenkyerenn, nom nsa pii, didi tra so, bɔ nnwom denneennen, saw asabɔne, na wɔko ntɔkwaw mpo wɔ ase no ho. Bible de “agobɔne” ka ɔhonam nnwuma ho. (Galatifo 5:21) Sɛ apontow no nyɛ kɛse pii a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetumi ahwɛ so yiye. Ɛho nhia sɛ wɔbɔ apata ma ɛne amammerɛ a agye din hyia. Esiane trabea anaa ewim tebea nti sɛ ebinom si gyinae sɛ wɔbɛbɔ apata a, eyi yɛ ankorankoro asɛm.
Osuahu ada no adi sɛ ɔkwampa a wɔfa so ma ahɔho a wɔba nnɔɔso pii ne sɛ wɔde nkrataa pɔtee bɛto nsa afrɛ wɔn. Nyansa wom sɛ yɛbɛto nsa afrɛ ankorankoro sen sɛ yɛbɛto nsa afrɛ asafo ahorow nyinaa, na sɛ́ Kristofo a yɛyɛ yɛn ade wɔano wɔano no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu wɔ yɛn ade a yɛbɛyɛ no korokorowa saa no ho. Nkrataa a wɔde to nsa frɛ nso boa ma yɛkwati sɛ obi a wɔatu no bɛba apontow no ase, efisɛ ɛba saa a, ebia anuanom mmarima ne mmea pii betumi afi hɔ. (1 Korintofo 5:9-11) Sɛ awarefo no to nsa frɛ abusuafo anaa amannifo a wonnye nni a, akyinnye biara nni ho sɛ eyinom bɛyɛ kakraa bi, na wɔasusuw “wɔn a wɔyɛ gyidi fifo” no ho yiye. (Galatifo 6:10) Ebinom apaw sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn amannifo a wɔyɛ wiasefo anaa abusuafo a wonnye nni akɔ ayeforohyia no ɔkasa no ase mmom sen sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn akɔ apontow no ase. Dɛn ntia? Wiɛ, mmere ahorow bi wɔ hɔ a, abusuafo a wɔyɛ wiasefo ayɛ animguasede bi wɔ ayeforohyia apontow ase a ɛmaa anuanom mmarima ne mmea pii tee nka sɛ wontumi nkɔ so ntra hɔ. Awarefo binom ayɛ nhyehyɛe ne abusuafo a wɔbɛn wɔn pɛɛ ne Kristofo nnamfo nkutoo ato nsa adidi.
Nea ɛne Yohane 2:8, 9 hyia no, ɛyɛ papa sɛ wɔpaw “adidiihwɛfo.” Ayeforokunu no bɛpɛ sɛ ɔpaw Kristoni bi a ɔwɔ ne mu ahotoso a ɔbɛhwɛ ma biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ ahotew mu. Baabi a nnamfo de akyɛde ahorow ba no, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ eyi “ahohoahoa” so. (1 Yohane 2:16) Sɛ nnwom a wɔbɔ yɛ nea asɛm biara nni emu nsɛm ho, ano nyɛ den pii, anaa ɛnyɛ dede pii a, ebetumi ayɛ anigye. Nnipa pii ahu sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔbɛma ɔpanyin bi adi kan atie nnwom a wɔbɛbɔ no ansa. Asaw betumi de asiane ahorow aba, esiane sɛ amammerɛ asaw pii twe adwene si nna so na ɛkanyan akɔnnɔ a ɛmfata nti. Mmere bi wɔ hɔ a “keeki ne champagne bere” yɛ sɛnkyerɛnne a ɛma wiasefo yɛ basabasa. Nokwarem no, Kristofo awarefo pii asi gyinae sɛ wɔremfa mmosa biara mma wɔn ayeforohyia apontow ase, na ɛma wɔkwati ɔhaw ahorow.
Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Yehowa anuonyam nti, yɛbɛkwati ahohoahoa a ɛbɛtwetwe adwene aba yɛn so sɛnea ɛnsɛ. Wiasefo nhoma ahorow mpo akasa atia adeyɛ a ɛtaa da adi a ɛne akɛsesɛm. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ awarefo bi bɛbɔ ka esiane ayeforohyia mu akɛsesɛm nti, na afei wɔakɔ ahokyere mu mfe pii na ama wɔatumi atua saa da koro no ho ka ahorow no! Nokwarem no, ɛsɛ sɛ atade biara a wɔbɛhyɛ no saa da no yɛ nea ɛnyɛ kyenkyerɛnn na ɛyɛ fɛ, a ɛfata onipa a ɔkyerɛ sɛ osuro Nyankopɔn. (1 Timoteo 2:9, 10) Asɛm a ɛne “Ɛsɛ sɛ Kristofo Ayeforohyia Ahorow Da Ntease Adi” (January 15, 1969 Engiresi Ɔwɛn-Aban no) kaa ntade ho asɛm a ɛyɛ anigye yi:
“Obi ayeforohyia da yɛ ade titiriw ma no, enti mpɛn pii no wɔde adwene si n’ani a ebegye, ne ne ho a ɛbɛyɛ fɛ so. Nanso eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi hyɛ atade soronko bi. Ɛyɛ papa sɛ obi besusuw sɛnea wɔpam ntade wɔ baabi a ɔte, ɛho ka, ne nea n’ankasa ani gye ho no ho. . . . Nanso, ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ wɔbɛtɔ atade bi a ne bo yɛ den a ɛde sika fam ahokyere bɛba wɔne afoforo so? . . . Ayeforo binom ahyɛ wɔn nnamfo paa anaa abusuafo bi ntade. Afoforo ani agye ho kɛse sɛ wɔn ankasa bɛpam wɔn ayeforohyia ntade, ma enti wotumi nyaa atade bi a wobetumi ahyɛ wɔ apontow afoforo ase daakye. Na ɛyɛ papa koraa sɛ awarefo de wɔn ankasa ntade a ɛyɛ fɛ paa behyia wɔn ayeforo . . . Ebia afoforo a anka wobetumi ahyia ayeforo akɛse bɛpɛ sɛ ‘wohyia ayeforo a ɛnyɛ kyenkyerɛnn’ esiane mmere a emu yɛ den a yɛwom yi nti.”
Saa ara na ɛho nhia sɛ wɔn a wɔka awarefo no ho (ayeforokunu no nnamfo ne ayeforo no mfɛfo) dɔɔso. Ɛnsɛ sɛ wɔn nso twe adwene si wɔn so sɛnea ɛnsɛ denam wɔn ntade ne wɔn nneyɛe ahorow so. Bere a wobetumi ama obi a wɔatu no abetie ɔkasa no wɔ Ahenni Asa so no, October 1, 1984, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ wɔbɛma nnipa a wɔatu wɔn anaasɛ wɔn abrabɔ ne Bible nnyinasosɛm ahorow bɔ abira kɛse aka ayeforohyia-kuw no ho.”
Ɛwom sɛ Yesu kɔɔ ayeforohyia ase de, nanso yentumi nka sɛ na n’ani begye amanne a agye din a ɛne sɛ wɔbɛto kar santen de dede pii afa kurom no ho; polisifo mpo abɔ ahyɛnkafo ka sɛ wɔbɔɔ abɛn wɔ ayeforohyia santen mu. (Hwɛ Mateo 22:21.) Ne tiaatwa mu no, sɛ anka Kristofo besuasua amanaman no ahohoahoa anaa wɔn nneyɛe no, ɛsɛ sɛ wɔda nyansa a ɛne ahobrɛasefo te adi.—Mmebusɛm 11:2.
Na afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, anaa abusuafo a wɔmmɛn yɛn pii, ne amannifo ayeforohyia ase a yɛbɛkɔ nso ɛ? Ɛsɛ sɛ Kristoni biara ankasa si eyi ho gyinae. Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛma atra yɛn adwenem sɛ yɛn bere som bo, efisɛ yehia bere de ayɛ yɛn som adwuma, kokoam adesua, ne abusua ne asafo mu nnwuma foforo. (Efesofo 5:15, 16) Dapɛn awiei biara no, yɛwɔ asafo nhyiam ahorow ne asɛnka adwuma a yɛmpɛ sɛ ɛpa yɛn ti so. (Hebrifo 10:24, 25) Bere a wɔde ayeforohyia ahorow pii hyɛ no ne nhyiam ahorow anaa dwumadi titiriw a ɛfa Awurade Anwummeduan ho hyia. Ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma nneɛma twetwe yɛn adwene a yentumi mmɔ mmɔden titiriw koro no ara a yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa rebɔ sɛ wɔbɛkɔ Awurade Anwummeduan ase no bi. Ansa na yɛrehu nokware no, yɛne wiasefo bɔe pii, ebia wɔ tebea horow a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam mu. (1 Petro 4:3, 4) Seesei ɛsono yɛn botae ahorow. Yebetumi ama wiasefo awarefo awaresɔ bere biara denam mo-ne-yɔ krataa a yɛde bɛkɔ akɔma wɔn anaasɛ kɔ a yɛbɛkɔ akɔsra wɔn da foforo no so. Ebinom adi adanse wɔ mmere a ɛte saa no, ne awarefo foforo no asusuw kyerɛw nsɛm bi a ɛfata wɔn ho.
Ayeforohyia a honhom fam nneɛma bunkam wiase akwan so wɔ ase no bɛhyɛ Yehowa anuonyam nokware mu. Sɛ Kristofo hwɛ twe wɔn ho fi wiase no ne ne gyidihunu ne ne nneyɛe a ɛtra so no ho, na wɔamma antwitware teokrase dwumadi ahorow mu, na wɔda ahobrɛase adi mmom sen ahohoahoa a, wɔn ani begye adeyɛ no ho. Afei nso, wobetumi de ahonim pa ne anigye akaakae adeyɛ no. Ɛmmra sɛ yɛde nyansa ne ntease bedi dwuma ma yɛn Kristofo ayeforohyia ahorow nyinaa adi nnipa komapafo a wɔbɛhwɛ no adanse.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]
Kristofo nni baabi a wɔte ayeforohyia ho amammerɛ biara akyi sɛ nkoa