Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 6/15 kr. 4-8
  • Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Ma Wɔkyerɛw Bible No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Ma Wɔkyerɛw Bible No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Egye Ahwɛyiye ne Mmɔdenbɔ
  • Afotu a Mfaso Wɔ So—Efi Hena Hɔ?
  • Nnipa Akyerɛwfo—Dɛn Ntia?
  • “Honhom Kronkron Kaa Wɔn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nyansa Wɔ “Onyankopɔn Asɛm” Mu
    Bɛn Yehowa
  • Bible​—‘Efi Onyankopɔn Honhom Mu’ Ampa?
    Nyan!—2017
  • Krataa a Efi Onyankopɔn a Ɔwɔ Dɔ Hɔ
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 6/15 kr. 4-8

Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Ma Wɔkyerɛw Bible No?

NKITAHODI yɛ anigye nnɛ sen abakɔsɛm mu bere biara. Telefon, fax, kɔmputa—mfe bi a atwam no, na hena na obetumi asusuw sɛ bere bi bɛba a wobetumi de nkra akɔ wiase baabiara amonom hɔ ara?

Nanso nkitahodi a ɛyɛ anigye sen biara ne nea onipa ntumi nsuasua—nea efi Onyankopɔn home mu. Yehowa de honhom kaa nnipa bɛyɛ 40 ma wɔkyerɛw N’asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible, no. Sɛnea nnipa wɔ akwan pii a wɔfa so di nkitaho ho no, saa ara na Yehowa nso nam nkitahodi akwan pii so de honhom kaa nkurɔfo ma wɔkyerɛw Kyerɛwnsɛm no.

Nsɛm a Wɔka Ma Obi Kyerɛw. Onyankopɔn de nsɛm pɔtee maa nnipa ma akyiri yi wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu.a Sɛ nhwɛso no, susuw ahyɛde horow a ɛka bom yɛ Mmara apam no ho. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kyerɛw nsɛm yi fa, efisɛ nsɛm yi so na migyina me ne wo ne Israelfo no [yɛ] apam.” (Exodus 34:27) Mose na ɔkyerɛw saa “nsɛm” a “abɔfo hyɛe no,” na seesei yebetumi ahu wɔ Bible nhoma a ɛne Exodus, Leviticus, Numeri, ne Deuteronomium mu.—Asomafo no Nnwuma 7:53.

Adiyifo foforo pii, a na Yesaia, Yeremia, Hesekiel, Amos, Nahum, ne Mika ka ho, nyaa nsɛm pɔtee fii Onyankopɔn nkyɛn denam abɔfo so. Ɛtɔ mmere bi a, na saa mmarima yi de nsɛm: “Sɛ Awurade [Yehowa, NW] se ni” na efi wɔn nsɛm ase. (Yesaia 37:6; Yeremia 2:2; Hesekiel 11:5; Amos 1:3; Mika 2:3; Nahum 1:12) Ɛno akyi no, na wɔakyerɛw nea Onyankopɔn aka no.

Anisoadehu, Adaeso, ne Adetɔso Ahorow. Anisoadehu yɛ mfonini, ahwɛde, anaa asɛm bi a mpɛn pii no wɔnam anwonwakwan so de hyɛ obi adwene mu bere a ɔnnae. Sɛ nhwɛso no, Petro, Yakobo, ne Yohane nyaa Yesu ahosakra no ho anisoadehu ‘bere a na wɔn ani gu so.’ (Luka 9:28-36; 2 Petro 1:16-21) Wɔ tebea horow bi mu no, wɔnam adaeso, anaa anadwo anisoadehu so de nsɛm mae, a na wɔde hyɛ ɔdaesofo no adwene mu bere a n’ani nni ne ho so. Enti Daniel kyerɛw ‘anisoade a onyae wɔ ne mpa so’ ho asɛm—anaasɛ sɛnea nsɛm asekyerɛfo Ronald A. Knox de ba no, “bere a mehwɛe wɔ me dae mu.”—Daniel 4:10.

Ɛda adi sɛ na Yehowa ma obi a wama ade atɔ ne so no kɔ tebea bi a ɔde n’adwene nyinaa si biribi so bere a ɔnhyɛɛ da nnaae mu. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 10:9-16 ho.) Wɔ Bible mu no, Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “adetɔso” (ekʹsta·sis) no kyerɛ ‘biribi a woyi fi beae bi anaa wɔsesa nea ɛda.’ Adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ wobeyi adwene no afi tebea a ɛwom no mu. Enti onipa a ade atɔ ne so no bɛyɛ obi a n’adwene nni nneɛma a atwa ne ho ahyia so bere a ɔrenya anisoadehu fann no. Ɛda adi sɛ na ɔsomafo Paulo wɔ adetɔso a ɛte saa mu bere a “wohwim no kɔɔ Paradise, na ɔtee nsɛm a wɔnka a onipa nni ho kwan sɛ ɔka” no.—2 Korintofo 12:2-4.

Nea ɛne wɔn a Onyankopɔn kaa nsɛm ma wɔkyerɛwee no de bɔ abira no, na Bible akyerɛwfo a wonyaa anisoadehu anaa adaeso anaasɛ ade tɔɔ wɔn so no taa nya hokwan de wɔn ankasa nsɛm ka nea wohui no ho asɛm. Wɔka kyerɛɛ Habakuk sɛ: “Kyerɛw adehu no, na kyerɛkyerɛ mu gu abopon so, na wɔanya no akanye ahoɔhare so.”—Habakuk 2:2.

So eyi kyerɛ sɛ saa Bible afã ahorow yi mfi home mu te sɛ nsɛm a wɔka ma wɔkyerɛwee no? Ɛnte saa koraa. Yehowa nam ne honhom so de n’asɛm hyɛɛ ɔkyerɛwfo biara adwene mu pefee, ma enti Onyankopɔn nsusuwii na wɔkyerɛwee, na ɛnyɛ nnipa de. Bere a na Yehowa ma ɔkyerɛwfo no paw nsɛm a ɛfata no, na ɔkyerɛ ɔkyerɛwfo no adwene ne ne koma kwan sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenyi asɛnhia biara mfi mu, na ama awiei koraa no wɔabu nsɛm no sɛ Onyankopɔn nsɛm ma afata.—1 Tesalonikafo 2:13.

Adiyisɛm a Efi Soro. Nkɔmhyɛ—abakɔsɛm a woyii no adi na wɔkyerɛw too hɔ—a ɛboro nnipa tumi ara kwa so koraa na ɛwɔ Bible no mu. Nhwɛso biako ne “Hela hene,” Alexander Ɔkɛseɛ, sɔre ne n’asehwe, a wodii kan hyɛɛ ho nkɔm bɛyɛ mfe 200 no! (Daniel 8:1-8, 20-22) Bible no da nsɛm a esisii a nnipa amfa wɔn ani anhu nso adi. Nhwɛso biako ne ɔsoro ne asase a wɔbɔe no. (Genesis 1:1-27; 2:7, 8) Afei nso nkɔmmɔbɔ ahorow bi kɔɔ so wɔ soro, te sɛ nea wɔbɔ ho amanneɛ wɔ Hiob nhoma no mu no.—Hiob 1:6-12; 2:1-6.

Sɛ Onyankopɔn anyi nsɛm a ɛte saa no adi tẽẽ ankyerɛ ɔkyerɛwfo no a, na Onyankopɔn da no adi kyerɛ obi, ma eyi bɛyɛ abakɔsɛm a wɔde ano aka anaasɛ wɔakyerɛw no fã, a na awo ntoatoaso biako de ma nea edi hɔ kosi sɛ ɛbɛba abɛyɛ Bible kyerɛwtohɔ no fã. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 7 no.) Sɛnea ɛte biara no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ne nsɛm a ɛtete saa nyinaa Fibea, na ɔno na ɔkyerɛɛ akyerɛwfo no kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn kyerɛwtohɔ no renyɛ nea nsɛm a enni mũ, nea wɔabɔ wɔn tirim aka, anaasɛ nea ɛyɛ anansesɛm asɛe no. Petro kyerɛw faa nkɔmhyɛ ho sɛ: “Onyankopɔn nnipa kronkron no, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no na wɔkasae.”b—2 Petro 1:21.

Ná Egye Ahwɛyiye ne Mmɔdenbɔ

Ɛwom sɛ ‘honhom kronkron na ɛde’ Bible akyerɛwfo no ‘dii dwuma’ de, nanso na ehia sɛ wɔn ankasa susuw nsɛm ho yiye. Sɛ nhwɛso no, Salomo ‘karii na opee mu, na obubuu mmɛ bebree. Ɔhwehwɛe sɛ obehu nsɛm a ɛyɛ dɛ, ne nea wɔakyerɛw no trenee ne nokware mu.’—Ɔsɛnkafo 12:9, 10.

Ná ɛsɛ sɛ Bible akyerɛwfo bi yɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri de foa wɔn nsɛm so. Sɛ nhwɛso no, Luka kyerɛw faa N’asɛmpa no ho sɛ: “Mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fi mfiase no, mekyerɛw no mmiako mmiako.” Nokwarem no, Onyankopɔn honhom hyiraa Luka mmɔdenbɔ no so, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛkanyan no ma onyaa abakɔsɛm mu nhoma a ɛyɛ nokware na obisabisaa wɔn a wɔde wɔn aniwa huu bi a wotumi de ho to wɔn so, te sɛ asuafo a na wɔte ase saa bere no, ne ebia Yesu maame, Maria, nsɛm. Enti na Onyankopɔn honhom bɛkyerɛ Luka kwan ma wɔayɛ nsɛm no ho kyerɛwtohɔ pɛpɛɛpɛ.—Luka 1:1-4.

Nea ɛne Luka Asɛmpa no bɔ abira no, na Yohane de no yɛ asɛm a n’ankasa huu bi, a ɔkyerɛw no Yesu wu akyi bɛyɛ mfe 65. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa honhom maa Yohane kaee nsɛm no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a bere a agu mu no remma ɔmfrafra mu. Ná eyi ne nea Yesu de hyɛɛ n’akyidifo bɔ no hyia sɛ: “Okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m’agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.”—Yohane 14:26.

Tebea horow bi mu no, Bible akyerɛwfo no de nsɛm a tete abakɔsɛm akyerɛwfo a wɔde wɔn ani huu nsɛm no bi kyerɛwee, a ɛnyɛ ne nyinaa na efi honhom mu, kaa wɔn nsɛm ho. Yeremia kyerɛw Ahene Nhoma a Edi Kan ne nea Ɛto so Abien no fã kɛse no ara wɔ saa kwan yi so. (2 Ahene 1:18) Anyɛ yiye koraa no, Esra nyaa nsɛm fii nhoma 14 a emfi honhom mu mu de boaboaa nsɛm a ɔde kyerɛw Beresosɛm Nhoma a Edi Kan ne nea Ɛto so Abien no ano, a na “ɔhene Dawid beresosɛm nhoma no” ne “Yuda ne Israel ahene nhoma no” nso ka ho. (1 Beresosɛm 27:24; 2 Beresosɛm 16:11) Mose mpo faa nsɛm fii “Awurade [Yehowa, NW] akodi nhoma no” mu—a ɛda adi sɛ na ɛyɛ ako a Onyankopɔn nkurɔfo dii ho kyerɛwtohɔ a edi mũ.—Numeri 21:14, 15.

Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, na honhom kronkron no ho wom yiye, na ɛkanyan Bible akyerɛwfo no ma wɔpaw nsɛm a edi mũ nkutoo a afei ɛbɛyɛɛ Bible kyerɛwtohɔ a efi honhom mu fã no.

Afotu a Mfaso Wɔ So—Efi Hena Hɔ?

Bible no kura afotu pii a mfaso wɔ so a egyina ankorankoro suahu a emu dɔ so. Sɛ nhwɛso no, Salomo kyerɛwee sɛ: “Biribi pa bi nna hɔ mma onipa sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa ne brɛ no mu; eyi nso mahu sɛ Onyankopɔn nsam na efi.” (Ɔsɛnkafo 2:24) Paulo kae sɛ na n’afotu a ɛfa aware ho no yɛ ‘sɛnea n’ankasa susuw,’ ɛwom sɛ ɔde kaa ho sɛ: “Ɛyɛ me sɛ me nso mewɔ Onyankopɔn honhom” de. (1 Korintofo 7:25, 39, 40) Akyinnye biara nni ho sɛ na Paulo wɔ Onyankopɔn honhom, efisɛ sɛnea ɔsomafo Petro kae no, Paulo “de ne nyansa a wɔde ama no” no na ɛkyerɛw nea ɔkyerɛwee no. (2 Petro 3:15, 16; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Enti bere a Onyankopɔn honhom kyerɛɛ no kwan no, na ɔreka n’adwene.

Bere a Bible akyerɛwfo rekyerɛw wɔn ankasa nsɛm a ɛte saa no, wɔde kyerɛw nsɛm a na ɛwɔ hɔ a wɔasua na wɔde di dwuma na ɛyɛɛ saa. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ nsɛm a wɔkyerɛwee no ne Onyankopɔn nsusuwii hyia. Nea wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ no bɛyɛɛ Onyankopɔn Asɛm no fã.

Nokwarem no, ebinom a na wɔn nsusuwii nteɛ nso nsɛm wɔ Bible no mu. (Fa Hiob 15:15 toto 42:7 ho.) Nea ɛwom nso ne nsɛm a Onyankopɔn asomfo kae a ɛkyerɛ ahoyeraw, ɛwom sɛ na ɛnkyerɛ dekode pɔtee a ɛma wɔtee nka saa de.c Bere a na akyerɛwfo no rekyerɛw wɔn ankasa nsɛm no, Onyankopɔn honhom kɔɔ so ara kyerɛɛ wɔn kwan na ama wɔayɛ kyerɛwtohɔ a edi mũ, enti na ɛmaa wohuu adwene a ɛnteɛ, paa atoro nsusuwii ho ntama. Bio nso, wɔ tebea biara mu no, asɛm a ɛka ho no ma nneɛma mu da hɔ ma ɔkenkanfo biara a ɔwɔ ntease, sɛ́ ebia ɔkyerɛwfo no kura nsusuwii a edi mu anaa enni mu no.

Ne tiaatwa mu no, yebetumi anya ahotoso sɛ Bible mũ no nyinaa yɛ Onyankopɔn asɛm. Nokwarem no, Yehowa hwɛ hui sɛ biribiara a ɛwom no di n’atirimpɔw ho dwuma, na ɛde nkyerɛkyerɛ a ɛho hia ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no.—Romafo 15:4.

Nnipa Akyerɛwfo—Dɛn Ntia?

Nnipa a Yehowa de wɔn dii dwuma ma wɔkyerɛw Bible no ma ne nyansa da adi kɛse. Susuw eyi ho hwɛ: Sɛ Onyankopɔn de adwene no maa abɔfo a, anka Bible no bɛkanyan anigye sɛnea ɛte no anaa? Nokwarem no, anka yɛn ani begye sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn su horow ne ne nsɛnni ho nsɛm a abɔfo aka no. Nanso sɛ wamfa nnipa nsɛm amma mu koraa a, anka ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛte Bible mu nsɛm no ase.

Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Anka Bible no betumi abɔ amanneɛ kɛkɛ sɛ Ɔhene Dawid sɛee aware, dii awu, na ɛno akyi no, ɔsakrae. Nanso hwɛ ye a eye sɛ yebenya nsɛm a Dawid ankasa kae bere a ɔdaa komam yaw adi wɔ ne nneyɛe no ho, na ɔsrɛɛ Yehowa fafiri no! Ɔkyerɛwee sɛ: “Me bɔne wɔ m’anim daa yi. . . . Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.” (Dwom 51:3, 17) Enti Bible no kura nsɛm a ɛyɛ anika, a egu ahorow, na ɛyɛ anigye, a nnipa ho a ɛwom nti na ɛte saa.

Yiw, Yehowa paw ɔkwan a eye sen biara faa so de N’asɛm maa yɛn. Ɛwom mpo sɛ nnipa a wɔwɔ sintɔ ne mmerɛwyɛ ahorow na ɔde wɔn dii dwuma de, nanso honhom kronkron no na ɛde wɔn dii dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a mfomso bi remma nsɛm a wɔkyerɛwee no mu. Enti, Bible no som bo kɛse. N’afotu yɛ nea edi mũ, na ne nkɔmhyɛ a ɛfa daakye Paradise wɔ asase so ho no yɛ nea wotumi de ho to so.—Dwom 119:105; 2 Petro 3:13.

Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no fã bi da biara da? Petro kyerɛwee sɛ: “Mompɛ asɛm no nufusu kronkron, . . . na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu.” (1 Petro 2:2) Esiane sɛ Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu nti, wubehu sɛ “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17.

[Ase hɔ nsɛm]

a Anyɛ yiye koraa no, wɔ nsɛm no mu biako, a ɛne Mmara Nsɛm Du, no fam no, wɔde “Nyankopɔn nsateaa” na ɛkyerɛw nsɛm no tẽẽ. Enti Mose kyerɛw saa nsɛm no wɔ nhoma mmobɔe ne nneɛma foforo so ara kwa.—Exodus 31:18; Deuteronomium 10:1-5.

b Wɔde Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “de wɔn rekɔ,” pheʹro, di dwuma ɔkwan foforo so wɔ Asomafo no Nnwuma 27:15, 17 de ka po so hyɛn a mframa de no redi akɔneaba ho asɛm. Enti honhom kronkron na ‘ɛkyerɛɛ’ Bible akyerɛwfo no ‘kwan.’ Ɛkanyan wɔn ma wɔpoo atosɛm biara na wɔkyerɛw nea ɛyɛ nokware nkutoo.

c Sɛ nhwɛso no, fa 1 Ahene 19:4 toto nkyekyem 14 ne 18; Hiob 10:1-3; Dwom 73:12, 13, 21; Yona 4:1-3, 9; Habakuk 1:1-4, 13 ho.

[Kratafa 7 adaka/mfonini]

Ɛhe na Mose Nyaa Ne Nsɛm no Fii?

MOSE na ɔkyerɛw Bible mu nhoma a ɛne Genesis no, nanso biribiara a ɔkyerɛwee no sii bere tenten ansa na wɔrewo no. Ɛnde, ɛhe na onyaa nsɛm a ɛte saa no fii? Ebetumi aba sɛ Onyankopɔn na oyi kyerɛɛ no tẽẽ, anaasɛ ebia na awo ntoatoaso biara ka nsɛm a esisii no kyerɛ nea edi hɔ. Esiane sɛ na nnipa nkwa nna ware wɔ tete mmere mu nti, ebetumi aba sɛ Mose nyaa nea ɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Genesis no fii Adam hɔ denam nnipa baanum a na wɔwɔ wɔn ntam a obiara bɛtoo obi​—Metusala, Sem, Isak, Lewi, ne Amram​—no so.

Bio nso, ebetumi aba sɛ Mose hwehwɛɛ kyerɛwtohɔ ahorow mu. Wɔ eyi mu no, ɛyɛ nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Mose taa ka sɛ “eyi ne,” bɔ nea ɔreka ne ho asɛm no din, na ɔde toa so sɛ “abakɔsɛm.” (Genesis 6:9; 10:1; 11:10, 27; 25:12, 19; 36:​1, 9; 37:2, NW) Nhomanimfo bi ka sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ ha “abakɔsɛm,” toh·le·dhohthʹ, no kyerɛ abakɔsɛm nhoma a na ɛwɔ hɔ dedaw a Mose de dii dwuma sɛ baabi a onyaa ne nsɛm fii no. Nokwarem no, yɛrentumi nka sɛ eyi te saa pɛpɛɛpɛ.

Ebetumi aba sɛ ɔnam akwan abiɛsa a yɛasusuw ho​—ebi nam adiyi tẽẽ so, ebi nam nsɛm a wɔka kyerɛe so, na ebi nso nam kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ so​—no nyinaa so na enyaa nsɛm a ɛwɔ Genesis nhoma no mu no. Asɛntitiriw no ne sɛ Yehowa honhom na ɛkaa Mose. Enti, wobu nea ɔkyerɛwee no sɛ Onyankopɔn asɛm ma ɛfata.

[Kratafa 4 mfonini]

Onyankopɔn nam akwan pii so de honhom kaa nnipa ma wɔkyerɛw Bible no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena