Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 6/15 kr. 20-25
  • Munni Onyankopɔn Asomdwoe Akyi Wɔ Abusua Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munni Onyankopɔn Asomdwoe Akyi Wɔ Abusua Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusua Asetra Ho Aba Asɛm
  • Dɛn Nti na Nsɛnnennen Aba Abusua Mu?
  • Nnyinasosɛm Anan a Ɛho Hia
  • Monkɔ so Nni Onyankopɔn Asomdwoe Akyi
  • Nya Daakye a Enni Awiei Ma W’abusua
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Biribi Wɔ Hɔ a Ɛde Abusua mu Anigye Ba?
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • So Wo Fi Yɛ Baabi A Ahotɔ Ne Asomdwoe Wɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nya Abusua Asetra Mu Anigye
    Nya Abusua Asetra Mu Anigye
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 6/15 kr. 20-25

Munni Onyankopɔn Asomdwoe Akyi Wɔ Abusua Mu

“Aman mmusuakuw, momfa mma Awurade [Yehowa, “NW”] momfa anuonyam ne tumi mma Awurade [Yehowa, “NW”].”—DWOM 96:7.

1. Mfiase bɛn na Yehowa maa abusua asetra nyae?

YEHOWA maa abusua asetra fii ase wɔ asomdwoe ne anigye mu bere a ɔkaa ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no boom sɛ awarefo no. Nokwarem no, Adam ani gyei araa ma ɔde anwensɛm a edi kan a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ daa n’anigye adi sɛ: “Afei me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni. Oyi na wɔbɛfrɛ no ɔbea, efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.”—Genesis 2:23.

2. Dɛn na na ɛwɔ Onyankopɔn adwenem wɔ aware ho ka anigye a na ne mma a wɔyɛ nnipa benya no ho?

2 Bere a Onyankopɔn hyehyɛɛ aware ne abusua no, na ɔwɔ nneɛma pii wɔ n’adwenem sen anigye a ɔbɛma ne mma a wɔyɛ nnipa no anya kɛkɛ. Na ɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde. Onyankopɔn ka kyerɛɛ awarefo a wodi kan no sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28) Adwuma a mfaso wɔ so ankasa. Sɛ Adam ne Hawa de osetie yɛɛ Yehowa apɛde a, hwɛ anigye a anka awarefo a wodi kan yi ne wɔn mma a wɔbɛwo wɔn daakye no benya!

3. Dɛn na ɛho hia na ama mmusua de onyamesom pa atra ase?

3 Nanso, ɛnnɛ mpo, mmusua ani gye paa bere a wɔbom yɛ Onyankopɔn apɛde no. Na hwɛ anidaso papa bi a mmusua a wɔyɛ asoɔmmerɛw saa no wɔ! Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.” (1 Timoteo 4:8) Mmusua a ɛde onyamesom pa ankasa tra ase no di nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Yehowa Asɛm mu no so, na wɔyɛ n’apɛde. Wɔhwehwɛ Onyankopɔn asomdwoe ma enti wonya anigye wɔ “nkwa a ɛwɔ hɔ yi” mu.

Abusua Asetra Ho Aba Asɛm

4, 5. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ abusua asetra ho aba asɛm nnɛ wɔ wiase nyinaa?

4 Nokwarem no, ɛnyɛ abusua biara na asomdwoe ne anigye wom. Bere a The New York Times refa nhwehwɛmu bi a asuae bi a wɔfrɛ no Aman mu Nnipa Dodow Ho Bagua yɛe aka asɛm no, ɛkae sɛ: “Abusua asetra resakra kɛse wɔ aman a edi yiye ne nea edi hia nyinaa mu.” Wɔkyerɛ sɛ nhoma kyerɛwfo bi a ɔka ho na wɔyɛɛ nhwehwɛmu yi kae sɛ: “Adwene a wokura sɛ abusua no yɛ ahyehyɛde a asomdwoe ne biakoyɛ wom a agya no na ɔde asetrade ma, na ɛna no na ɔhwɛ wɔn wɔ nkate fam no nyɛ nokware. Nokwasɛm no ne sɛ, nneɛma te sɛ ɛnanom a wonni kununom, awaregu a ɛredɔɔso, [ne] mmusua nketewa rekɔ so wɔ . . . wiase nyinaa.” Esiane nneɛma a ɛtete saa nti, mmusua ɔpepem pii nni nnyinaso, asomdwoe, ne anigye, na pii mu repaapae. Wɔ Spain no, awaregu akɔ anim ma aware 8 biara mu 1 gu wɔ afeha a ɛto so 20 yi awiei—nkɔanim kɛse efisɛ bɛyɛ mfe 25 pɛ ni, na 100 biara mu 1 na egu. Wɔkyerɛ sɛ England yɛ aman a awaregu dɔɔso wom paa wɔ Europa no mu biako—aware 10 biara mu 4 gu. Ɔwofo-biako mmusua nso adɔɔso wɔ saa ɔman no mu.

5 Ɛte sɛ nea nnipa bi ho pere wɔn sɛ wobegyae aware. Nnipa pii kɔ “Asɔrefi a Wotwa Abusuabɔ Mu Wɔ Hɔ” a ɛbɛn Tokyo, Japan, no. Wɔpene awaregu a wobisa ne abusuabɔ foforo a wɔmpɛ a wotwam no so wɔ saa Shintofo asɔrefie no mu. Ɔsomfo biara kyerɛw n’adesrɛ gu dua tratraa bi so de sɛn asɔrefie no baabi, na ɔbɔ mpae hwehwɛ mmuae. Tokyo atesɛm krataa bi ka sɛ bere a wosii asɔrefie no bɛyɛ mfe ɔha ni no, na “kurom hɔ aguadifo adefo yerenom kyerɛw mpaebɔ de bisa sɛ wɔn kununom nnyae wɔn mpenafo nsan mmra wɔn nkyɛn.” Nanso, ɛnnɛ wɔde adesrɛ no mu dodow no bisa awaregu, na nyɛ nkabom. Akyinnye biara nni ho sɛ, abusua asetra ho aba asɛm wɔ wiase nyinaa. So ɛsɛ sɛ eyi yɛ Kristofo nwonwa? Dabi, esiane sɛ Bible no kyerɛ yɛn nea enti a ɔhaw aba abusua mu nnɛ no nti.

Dɛn Nti na Nsɛnnennen Aba Abusua Mu?

6. Abusuabɔ bɛn na 1 Yohane 5:19 ne nsɛnnennen a ɛwɔ abusua mu nnɛ no wɔ?

6 Ade biako nti a nsɛnnennen aba abusua mu ne sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɔne no, Satan Ɔbonsam, bɛyɛ? Ɔyɛ ɔbɔnefo, ɔtorofo a ne bra asɛe. (Yohane 8:44) Ɛnyɛ nwonwa sɛ ne wiase no de ne ho hyɛ nnaadaasɛm ne ɔbrasɛe a ɛsɛe abusua asetra kɛse no mu! Wɔ wɔn a wonni Onyankopɔn ahyehyɛde no mu fam no, Satan nkɛntɛnso reyɛ asɛe Yehowa nhyehyɛe a ɛne aware no, na ɛde abusua asetra a asomdwoe wom aba awiei.

7. Ɔkwan bɛn so na su ahorow a nnipa pii da no adi wɔ nna a edi akyiri yi mu no betumi aka mmusua?

7 Wɔakyerɛ ade foforo nti a abusua mu nsɛnnennen abu so wɔ adesamma mu nnɛ no wɔ 2 Timoteo 3:1-5. Paulo nkɔmhyɛ nsɛm a wɔakyerɛw wɔ hɔ no kyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu. Sɛ mmusua mufo yɛ “ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, [na] wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden” a, wontumi nnya asomdwoe ne anigye. Sɛ abusua bi muni biako pɛ mpo nni dɔ anaa ɔnyɛ ɔnokwafo a, wontumi nnya anigye ankasa. Sɛ abusua bi muni yɛ onuɔdenfo ne apamsɛefo a, ɛbɛyɛ dɛn na asomdwoe atumi atra wɔn abusua mu? Nea enye koraa no, sɛ abusua bi mufo dɔ anigyede sen Onyankopɔn a, wɔbɛyɛ dɛn atumi anya asomdwoe ne anigye? Eyi ne su horow a wiase a Satan di so yi mu nnipa wɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ abusua mu anigye ho ayɛ na wɔ nna a edi akyiri yi mu!

8, 9. Nkɛntɛnso bɛn na mmofra nneyɛe betumi anya wɔ abusua anigye so?

8 Ade foforo nso nti a mmusua pii nni asomdwoe ne anigye ne abusua no mu mmofra nneyɛe bɔne. Bere a Paulo kaa nna a edi akyiri no mu tebea horow ho asɛm siei no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ mmofra pii bɛyɛ awofo asɛm ho asoɔdenfo. Sɛ woyɛ abofra a, so wo su boa ma asomdwoe ne anigye tra w’abusua mu?

9 Mmofra bi mmu bra pa. Sɛ nhwɛso no, abarimaa bi kyerɛw saa krataa a ɛmfata koraa yi kɔmaa ne papa: “Sɛ woamfa me ankɔ Alexandria a, merenkyerɛw wo, na me ne wo nkasa, na memma wo nantew yiye, na sɛ wokɔ Alexandria a, menso wo nsam na minkyia wo bio da. Sɛ woamfa me ankɔ a, nea ebesi ne no . . . Nanso mesrɛ wo mena me [sanku]. Sɛ woamfa amena me a, minnidi, mennom. Nea maka no, mɛyɛ!” So ɛte sɛ nea wɔkaa asɛm yi wɔ yɛn bere yi mu? Wiɛ, wɔkyerɛw krataa yi a abarimaa bi de kɔmaa ne papa no wɔ tete Misraim bɛboro mfe 2,000 ni.

10. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi aboa wɔn mmusua ma wɔadi Onyankopɔn asomdwoe akyi?

10 Saa Misrini abofra no nneyɛe amfa abusua mu asomdwoe amma. Nokwarem no, aniberesɛm a ɛsen saa kɔ so wɔ mmusua mu wɔ nna a edi akyiri yi mu. Nanso, mo mmofra, mubetumi aboa mo mmusua ma moadi Onyankopɔn asomdwoe akyi. Ɔkwan bɛn so? Denam Bible afotu yi a mubedi so no so: “Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.”—Kolosefo 3:20.

11. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo a wodi nokware?

11 Na mo awofo nso ɛ? Mumfi ɔdɔ mu mmoa mo mma mma wɔmmɛyɛ Yehowa asomfo anokwafo. Mmebusɛm 22:6 ka sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” Esiane Kyerɛwnsɛm no nkyerɛkyerɛ ne awofo nhwɛso pa nti, mmarimaa ne mmeawa pii mman mfi ɔkwampa no so bere a wonyin no. Nanso, egyina sɛnea Bible ntetee no te ne faako a ekodu ne abofra no koma so kɛse.

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo fie yɛ baabi a asomdwoe wɔ?

12 Sɛ yɛn abusua no mufo nyinaa rebɔ mmɔden ayɛ Yehowa apɛde a, ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn asomdwoe. Ɛsɛ sɛ ‘asomdwoe nnamfo’ hyɛ Kristofo fie ma. Luka 10:1-6 kyerɛ sɛ na nnipa a wɔte saa no ho asɛm na ɛwɔ Yesu adwenem bere a ɔsomaa asuafo 70 sɛ asomfo na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Na ofi biara a mobɛkɔ mu no, munse kan sɛ: Asomdwoe mmra ofie ha yi! Na sɛ asomdwoe ba [adamfo, NW] wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛtra no so” no. Bere a Yehowa asomfo de “asomdwoe ho asɛmpa” kɔ afie afie wɔ asomdwoe mu no, wɔhwehwɛ asomdwoe nnamfo. (Asomafo no Nnwuma 10:34-36; Efesofo 2:13-18) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo fiefo a wɔyɛ asomdwoe nnamfo no yɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoe.

13, 14. (a) Dɛn na Naomi pɛe sɛ Rut ne Orpa nya? (b) Ɛsɛ sɛ Kristofo fie yɛ homebea bɛn?

13 Ɛsɛ sɛ ofie yɛ baabi a asomdwoe ne ahotɔ wɔ. Aberewa kunafo Naomi hwɛɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛma ne nsenom nkumaa, Rut ne Orpa, a na wɔyɛ akunafo no anya ɔhome ne awerɛkyekye a okunu ne ofie pa ma obi nya no bi. Naomi kae sɛ: “Yehowa nkyɛ mo ade, na mo mu biara nnya atraye wɔ ne kunu fie.” (Rut 1:9, NW) Ɛdefa nea na Naomi pɛ no ho no, nhomanimfo bi kyerɛw ho asɛm sɛ wɔ ofie a ɛte saa mu no, na Rut ne Orpa “benya ahotɔ ne asomdwoe. Wobenya ɔhome. Ɛbɛyɛ baabi a wobetumi atra, a wɔn nkate ne wɔn apɛde a ɛfata paa no bɛma wɔanya abotɔyam ne asomdwoe. Nsɛm a ɛne no di nsɛ a ɛwɔ [Yesaia 32:17, 18] da tumi a ɛwɔ Hebri kasa . . . no mu no adi yiye.”

14 Yɛsrɛ sɛ hyɛ asɛm a wɔka wɔ Yesaia 32:17, 18 yi nsow. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ kommyɛ ne ahotoso akosi daa; na me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.” Ɛsɛ sɛ Kristoni fie yɛ homebea a trenee, kommyɛ, ahotɔ, ne Onyankopɔn asomdwoe wɔ. Nanso sɛ sɔhwɛ ahorow, nsɛmnsɛm, anaa ɔhaw ahorow ba mu nso ɛ? Saa bere no titiriw na ehia sɛ yehu nea ɛde abusua mu anigye ba.

Nnyinasosɛm Anan a Ɛho Hia

15. Wobɛkyerɛkyerɛ nea ɛde abusua mu anigye ba no mu dɛn?

15 Abusua biara a ɛwɔ asase so nya ne din fi Yehowa Nyankopɔn, mmusua Hyehyɛfo, no hɔ. (Efesofo 3:14, 15) Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ abusua mu anigye hwehwɛ n’akwankyerɛ na wɔhyɛ no anuonyam, sɛnea odwontofo no yɛe no: “Aman mmusuakuw, momfa mma Awurade [Yehowa, NW] momfa anuonyam ne tumi mma Awurade [Yehowa, NW].” (Dwom 96:7) Onyankopɔn Asɛm Bible mu nnyinasosɛm a wɔde di dwuma na ɛde anigye ba. Abusua a ɛde nnyinasosɛm ahorow yi bedi dwuma no benya anigye ne Onyankopɔn asomdwoe. Enti ma yɛnhwɛ nnyinasosɛm atitiriw yi mu anan.

16. Dwuma bɛn na ɛsɛ sɛ ahosodi di wɔ abusua asetra mu?

16 Nnyinasosɛm yi mu biako gyina eyi so: Ahosodi ho hia na ama yɛanya Onyankopɔn asomdwoe wɔ abusua asetra mu. Ɔhene Salomo kae sɛ: “Ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.” (Mmebusɛm 25:28) Sɛ yɛpɛ sɛ yenya abusua a asomdwoe ne anigye wom a, ɛho hia sɛ yesianka yɛn honhom—yɛda ahosodi adi. Ɛwom sɛ yɛnyɛ pɛ de, nanso ehia sɛ yɛda ahosodi a ɛyɛ Onyankopɔn honhom kronkron aba no adi. (Romafo 7:21, 22; Galatifo 5:22, 23) Sɛ yɛbɔ mpae srɛ ahosodi, de Bible afotu a ɛfa ho di dwuma, na yɛne afoforo a wɔda no adi bɔ fekuw a, honhom no bɛma yɛanya saa su yi. Adeyɛ yi bɛboa yɛn ma ‘yɛaguan aguamammɔ.’ (1 Korintofo 6:18) Ahosodi bɛboa nso ma yɛapo basabasayɛ, akwati anaa yɛadi sadweam so, na yɛde boasetɔ adi tebea horow a emu yɛ den ho dwuma.

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na 1 Korintofo 11:3 fa Kristofo abusua asetra ho? (b) Ɔkwan bɛn so na tiyɛ a wogye tom ma Onyankopɔn asomdwoe kɔ so wɔ abusua mu?

17 Yebetumi aka nnyinasosɛm titiriw foforo ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: Tiyɛ a yebegye atom bɛboa ma yɛadi Onyankopɔn asomdwoe akyi wɔ yɛn mmusua mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.” (1 Korintofo 11:3) Eyi kyerɛ sɛ ɔbarima di abusua no anim, ne yere de nokwaredi boa no, na mmofra yɛ osetie. (Efesofo 5:22-25, 28-33; 6:1-4) Adeyɛ a ɛte saa no bɛma Onyankopɔn asomdwoe akɔ so wɔ abusua asetra mu.

18 Ehia sɛ okunu Kristoni kae sɛ tiyɛ a Kyerɛwnsɛm no ka ho asɛm no nyɛ kankabi. Ɛsɛ sɛ osuasua Yesu a ɔyɛ ne Ti no. Ɛwom sɛ na ɔbɛyɛ “ade nyinaa so ti” de, nanso Yesu “amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee.” (Efesofo 1:22; Mateo 20:28) Saa ara na Kristoni barima de ɔdɔ di ne tiyɛ ho dwuma ma otumi di n’abusua ahiade ho dwuma yiye. Na akyinnye biara nni ho sɛ ɔyere Kristoni pɛ sɛ ɔboa ne kunu. Sɛ́ ne “boafo” ne ne ‘hokafo’ no, ɔwɔ su horow a ne kunu nni bi na ɔnam saayɛ so de mmoa a ohia ma no. (Genesis 2:20; Mmebusɛm 31:10-31) Tiyɛ a wodi ho dwuma yiye boa okununom ne ɔyerenom ma wonya obu ma wɔn ho wɔn ho, na ɛma mmofra yɛ osetie. Yiw, tiyɛ a wogye tom ma Onyankopɔn asomdwoe kɔ so wɔ abusua asetra mu.

19. Dɛn nti na nkɔmmɔbɔ pa ho hia ma abusua asomdwoe ne anigye?

19 Yebetumi de nsɛm yi ada nnyinasosɛm titiriw a ɛto so abiɛsa no adi: Nkɔmmɔbɔ pa ho hia na ama yɛanya asomdwoe ne anigye wɔ abusua mu. Yakobo 1:19 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw.” Ɛho hia sɛ abusua mufo tie na wɔne wɔn ho wɔn ho bɔ nkɔmmɔ efisɛ abusua nkɔmmɔbɔ nyɛ obiakofo adeyɛ. Nanso, sɛ nea yɛka no yɛ nokware mpo, na sɛ yɛka ma ɛyɛ yaw wɔ ahomaso mu anaa ɔkwan a tema nnim so a, ebetumi apira asen sɛ ɛbɛboa. Ɛsɛ sɛ yɛn kasa yɛ dɛ a “nkyene wom.” (Kolosefo 4:6) Mmusua a wodi Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow so na wɔbɔ nkɔmmɔ yiye no redi Onyankopɔn asomdwoe akyi.

20. Dɛn nti na wobɛka sɛ ɔdɔ ho hia ma abusua asomdwoe?

20 Nnyinasosɛm a ɛto so anan ne sɛ: Ɔdɔ ho hia na ama abusua no anya asomdwoe ne anigye. Ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ wɔ afã titiriw bi wɔ aware mu, na abusua mufo betumi anya ɔdɔ a emu yɛ den wɔ wɔn mu. Nanso, nea ɛho hia sen saa mpo ne ɔdɔ a wɔde Hela asɛmfua a·gaʹpe gyina hɔ ma no. Eyi ne ɔdɔ a yenya ma Yehowa, Yesu, ne yɛn yɔnko. (Mateo 22:37-39) Onyankopɔn yii saa dɔ yi adi kyerɛɛ adesamma denam ‘ne Ba a ɔwoo no koro a ɔde no mae na obiara a ogye no di no anyera, na mmom wanya daa nkwa’ no so. (Yohane 3:16) Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yebetumi ayi saa ɔdɔ koro yi ara bi adi akyerɛ yɛn abusuafo! Ɔdɔ a ɛkorɔn yi yɛ “pɛyɛ hama.” (Kolosefo 3:14) Ɛka awarefo bom na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ nea eye paa ma wɔn ho ne wɔn mma. Sɛ tebea a emu yɛ den sɔre a, ɔdɔ boa wɔn ma wɔde biakoyɛ di nsɛm ho dwuma. Yebetumi agye eyi adi efisɛ ‘ɔdɔ nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de. Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.’ (1 Korintofo 13:4-8) Nokwarem no, mmusua a ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho no gyina Yehowa ho dɔ so no wɔ anigye!

Monkɔ so Nni Onyankopɔn Asomdwoe Akyi

21. Dɛn na ɛda adi sɛ ɛbɛma w’abusua asomdwoe ne anigye ayɛ kɛse?

21 Nnyinasosɛm ahorow a yɛaka ho asɛm ne afoforo a wɔafa afi Bible mu no wɔ nhoma ahorow a Yehowa fi ayamye mu nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ama no mu. (Mateo 24:45) Sɛ nhwɛso no, yehu nsɛm a ɛte saa wɔ nhoma a ekura nkratafa 192 a wɔato din sɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba a woyii no adi wɔ Yehowa Adansefo “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛe wɔ wiase nyinaa wɔ 1996/97 mu no mu. Nhoma a ɛte saa a yɛde bɛka Kyerɛwnsɛm no ho ayɛ kokoam ne abusua adesua no bɛma yɛanya mfaso pii. (Yesaia 48:17, 18) Yiw, ɛda adi sɛ Kyerɛwnsɛm mu afotu a wode bedi dwuma no bɛma w’abusua mu asomdwoe ne anigye ayɛ kɛse.

22. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn abusua mu ade titiriw?

22 Yehowa wɔ nneɛma a ɛyɛ anigye ma mmusua a wɔreyɛ n’apɛde, na ɔfata yɛn nkamfo ne yɛn som. (Adiyisɛm 21:1-4) Enti ɛmmra sɛ w’abusua de nokware Nyankopɔn som bɛyɛ wɔn asetram ade titiriw. Na ɛmmra sɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ, Yehowa, bɛma mo anigye bere a mokɔ so di Onyankopɔn asomdwoe akyi wɔ mo abusua mu no!

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn na ɛho hia na ama mmusua de onyamesom pa atra ase?

◻ Dɛn nti na abusua mu nsɛnnennen wɔ hɔ nnɛ?

◻ Dɛn na ɛde abusua mu anigye ba?

◻ Nnyinasosɛm ahorow a ɛbɛboa yɛn ma asomdwoe ne anigye akɔ so wɔ abusua asetram mu no bi ne dɛn?

[Kratafa 24 mfonini]

Nkɔmmɔbɔ pa boa yɛn ma yedi Onyankopɔn asomdwoe akyi wɔ abusua asetra mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena