Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 8/1 kr. 3-4
  • Ahonim—Adesoa Anaa Mfasode?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahonim—Adesoa Anaa Mfasode?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahonim—Bible no Adwene
  • So Woatete W’ahonim Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Wobɛyɛ Dɛn Akura Ahonim Pa Mu?
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Tie W’ahonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Mɛyɛ Dɛn Atete M’ahonim Anaa Me Tiboa?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 8/1 kr. 3-4

Ahonim—Adesoa Anaa Mfasode?

‘M’AHONIM rehaw me!’ Ɛkame ayɛ sɛ yɛn nyinaa ahonim bu yɛn fɔ bere ne bere mu. Nkate a ɛtete saa no betumi ayɛ nea efi adwenem basaayɛ kɛkɛ so kosi yawdi a emu yɛ den so. Obi ahonim a ɛhaw no betumi ama wanya adwenemhaw anaasɛ wate nka kɛse sɛ wadi nkogu mpo.

Sɛ yesusuw ho wɔ saa kwan yi so a, ɛnde, so ahonim nyɛ adesoa? Ebia ebinom besusuw sɛ ɛte saa. Awo ntoatoaso a abɛsen kɔ no mufo pii a wosusuw nsɛm ho buu ahonim sɛ biribi a ɛwɔ onipa mu, awosu. Nnipa pii susuwii sɛ ɛyɛ abrabɔ ho akwankyerɛ a Onyankopɔn ankasa de mae. Ne saa nti wɔafrɛ ahonim “Onyankopɔn a ɔte onipa mu,” “yɛn nipasu ankasa,” ne “Onyankopɔn nne,” mpo.

Nanso, nnansa yi mfe mu no, abɛyɛ nea wɔtaa ka sɛ ahonim yɛ nimdeɛ bi a wonya ankasa—ade a wonya fi awofo hɔ ne ɔmamfo nkɛntɛnso mu. Sɛ nhwɛso no, adwene ne nneyɛe ho animdefo bi ka sɛ asotwe ho hu nti na abofra twe ne ho fi ade bɔne ho, bere a osusuw sɛ ade a yɛfrɛ no ahonim no yɛ yɛn awofo su ne wɔn gyidi ahorow a yenya kɛkɛ. Afoforo twe adwene si su ne gyinapɛn ahorow a ɔmamfo ma nkurɔfo nya so. Afoforo bu yɛn ahonim a ebu yɛn fɔ no sɛ ɛyɛ apereperedi a nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɔmamfo a wɔyɛ nhyɛso no pɛ sɛ yɛyɛ no de ba kɛkɛ!

Ɛmfa ho ɛho nkyerɛkyerɛ ahorow no, nkurɔfo taa gyina pintinn wɔ wɔn afã wɔ nsɛm a awofo, mmusua, ne ɔmamfo ka ho mu, esiane sɛ wɔn ahonim kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa nti. Ebinom anya ɔpɛ mpo sɛ ahonim nti, wɔde wɔn nkwa bɛbɔ afɔre! Na ɛmfa ho nsonsonoe kɛse a ɛda wiase amammerɛ ahorow mu no, wobu nneyɛe te sɛ awudi, korɔnbɔ, awaresɛe, atorodi, ne mogyafra sɛ mfomso. So eyi nkyerɛ sɛ ahonim yɛ biribi a ɛwɔ onipa mu, awosu?

Ahonim—Bible no Adwene

Nea ɔwɔ asɛm yi so tumi ankasa ne Yehowa Nyankopɔn. Anyɛ yiye koraa no, “ɔno [Nyankopɔn] na ɔyɛɛ yɛn, na ɔno na yɛwɔ no.” (Dwom 100:3) Ɔte yɛn su ase yiye. Onyankopɔn Asɛm, Bible, kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn “suban” so. (Genesis 1:26) Wɔbɔɔ onipa a na onim nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ; na ahonim yɛ su a onipa nya fii awo mu fi mfiase pɛɛ.—Fa toto Genesis 2:16, 17 ho.

Ɔsomafo Paulo sii eyi so dua wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu sɛ: “Na amanaman mufo a wonni [Nyankopɔn] mmara no de wɔn awosu yɛ mmara no mu nneɛma a, eyinom a wonni mmara no yɛ mmara ma wɔn ho. Wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔn komam, na wɔn ahonim nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso eyiyi wɔn ho ano.” (Romafo 2:14, 15) Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ ɔmanfo nhyɛso, na mmom wɔn a wɔamfa ɔsoro Mmara a wɔde maa Yudafo no antete wɔn no fi “awosu” mu dii Onyankopɔn mmara mu nnyinasosɛm ahorow bi akyi!

Enti sɛ anka ɛbɛyɛ adesoa no, ahonim yɛ akyɛde a efi soro, ɛyɛ mfasode. Ɛwom, ebetumi ama yɛadi yaw. Nanso sɛ yetie no yiye a, ebetumi ama yɛanya abotɔyam ne asomdwoe sɛ akatua. Ebetumi akyerɛ yɛn kwan, abɔ yɛn ho ban, na akanyan yɛn. The Interpreter’s Bible ka sɛ: “Bere a obi bɔ mmɔden sɛ ɔremma nsonsonoe nna nea ɔyɛ ne nea ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ mu nkutoo na obetumi akora n’adwene ne ne nkate fam akwahosan so.” Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ayi nsonsonoe a ɛte saa afi hɔ? So yebetumi asiesie yɛn ahonim na yɛatete no? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena