Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 8/1 kr. 4-6
  • Sɛnea Wobɛtete W’ahonim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wobɛtete W’ahonim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwene no, Koma no, ne W’ahonim
  • Bere a Yɛyɛ Nea Ɛnteɛ
  • ‘Nya Ahonim Pa’
  • Wobɛyɛ Dɛn Akura Ahonim Pa Mu?
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • So Woatete W’ahonim Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • W’ahonim Tumi Kyerɛ Wo Kwan Yie?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Mɛyɛ Dɛn Atete M’ahonim Anaa Me Tiboa?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 8/1 kr. 4-6

Sɛnea Wobɛtete W’ahonim

“SUMII a eye sen biara ne ahonim pa.” Tete abebusɛm yi si nokwasɛm titiriw bi so dua: Sɛ yetie yɛn ahonim a, yenya abotɔyam ne asomdwoe.

Nanso, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ saa. Adolf Hitler tuu ne ho sii hɔ sɛ obegye onipa afi nsusuwii hunu anaa nnaadaasɛm a wɔfrɛ no ahonim no ho. N’atirimɔden nniso no ma yehu sɛnea nnipa tirim betumi ayɛ den ma ayɛ ahodwiriw, bere a ɔmfa n’ahonim nyɛ adwuma no. Saa ara nso na nsɛmmɔnedifo pii te nnɛ—wɔn a wɔto mmonnaa na wodi awu a wonnu wɔn ho no. Nsɛmmɔnedifo a wɔn dodow renya nkɔanim yi mu pii yɛ mmofra koraa. Ne saa nti, nhoma bi a ɛyɛ asɛm yi mu nhwehwɛmu no kura asɛmti ketewaa bi a ɛne Children Without a Conscience.

Bere a nnipa dodow no ara nsusuw ho da sɛ wɔbɛyɛ amumɔyɛde bi no, wɔn mu pii ahonim nhaw wɔn sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ nna mu ɔbrasɛe, atorodi, anaa nsisi mu. Ɔbrasu resɛe wɔ wiase nyinaa. Bere a ɔsomafo Paulo reka nokware som mu ɔwae kɛse ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ Kristofo binom begyaa wɔn ho mu ama wiase no nkɛntɛnso ama ‘ɔhyehyew ano atwã aba wɔn ankasa ahonim mu.’ (1 Timoteo 4:2) Ɔbrasɛe ho asiane ayɛ kɛse mpo wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Timoteo 3:1) Enti ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn ahonim ho ban. Yebetumi ayɛ eyi denam tete a yɛbɛtete no na yɛama anyin so.

Adwene no, Koma no, ne W’ahonim

Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Meka no nokware Kristo mu, minni atoro, na m’ahonim nso redi me adanse Honhom Kronkron mu.” (Romafo 9:1) Enti ahonim betumi adi adanse. Ebetumi apɛɛpɛɛ nneyɛe bi mu na apene so anaa abu no fɔ. Yɛn Bɔfo no de nea ɛma yehu papa ne bɔne mu dodow no ara adua yɛn mu. Ne nyinaa akyi no, yebetumi asiesie yɛn ahonim atete no. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ a yebenya so. Ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” (Romafo 12:2) Bere a wode Onyankopɔn nsusuwii ne n’apɛde dua w’adwenem no, w’ahonim fi ase yɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so.

Yehowa Adansefo aboa nnipa ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa ma ‘wɔanya Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ.’ (Yohane 17:3) Ɛdenam ofie Bible adesua a wonnye hwee nhyehyɛe so no, wɔkyerɛkyerɛ nnipa komapafo Yehowa Nyankopɔn gyinapɛn ahorow wɔ ɔbea ne ɔbarima nna, mmosa, aware, aguadi mu nsɛm, ne nneɛma foforo pii ho.a (Mmebusɛm 11:1; Marko 10:6-12; 1 Korintofo 6:9, 10 Efesofo 5:28-33) ‘Nokware nimdeɛ’ yi a wubenya no yɛ ɔkwan titiriw a wonam so benya ahonim pa. (Filipifo 1:9) Ɛwom, bere a Kristoni bi anya Bible mu ntease a edi mũ akyi no, sɛ n’ahonim bɛkɔ so ayɛ papa a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ so de Onyankopɔn Asɛm yɛn n’adwene daa.—Dwom 1:1-3.

Afei nso Bible de ahonim bata sɛnkyerɛnne kwan so koma a yɛn nsusuwii ne yɛn nkate horow ka ho no ho. (Romafo 2:15) Sɛ yɛn ahonim betumi ayɛ adwuma yiye a, ɛsɛ sɛ adwene ne koma no bom de biakoyɛ yɛ adwuma. Ɛno kyerɛ pii sen sɛ wode nsɛm bɛhyɛ wo tirim kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wusiesie wo koma—wo nsusuwii, akɔnnɔ, ne nneɛma horow a wo koma di akyi nso. Ne saa nti, Mmebusɛm nhoma no de nsɛm te sɛ ‘kom wo koma,’ ‘fa wo koma si so,’ ne ‘fa wo koma to so,’ di dwuma. (Mmebusɛm 2:2; 23:19, NW; 27:23) Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wubesusuw Kyerɛwnsɛm no ho adwennwen ho. Dwom 77:12 ka sɛ: “Masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.” Nsusuwho boa yɛn ma yehu sɛnea yɛte nka wɔ yɛn mu tɔnn ne adwenhorow a yekura.

Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wukura suban a ɛho ntew te sɛ tawanom a aka wo hɔ. Te sɛ nnipa pii no, akyinnye biara nni ho sɛ wunim akwahosan mu asiane horow a ɛwom no. Nanso ɛmfa ho nkuranhyɛ a nnamfo ne abusuafo de ma wo no, ɛyɛ den ma wo sɛ wubegyae. Ɔkwan bɛn so na Bible mu nsɛm a wubesusuw ho no bɛhyɛ w’ahonim den wɔ eyi mu?

Sɛ nhwɛso no, bɔ mmɔden susuw ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 7:1 no ho: “Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.” Nya nsɛm yi mu ntease. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn koraa ne “saa bɔhyɛ yi” a Paulo reka ho asɛm no?’ Ɛdenam nsɛm a ɛfa ho a wobɛkenkan so no, wubehu sɛ nkyekyem a edi anim no ka sɛ: “Mumfi wɔn mu na montew mo ho, sɛnea [Yehowa NW] se ne no, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo, na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmabanin ne mmabea, sɛnea [Yehowa NW] tumfoɔ se ne no.”—2 Korintofo 6:17, 18.

Paulo ahyɛde a ɛne sɛ ‘yɛnhohoro yɛn ho mfi efĩ ho’ no wɔ tumi kɛse nnɛ! Sɛ ade a ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayɛ saa no, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ‘obegye yɛn,’ kyerɛ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘So me ne no benya abusuabɔ a emu yɛ den—te sɛ nea ɛda agya bi ne ne babarima anaa ne babea ntam no?’ So adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ na onim nyansa no ‘begye’ yɛn anaa ɔbɛdɔ yɛn no nhyɛ nkuran? Sɛ saa nsusuwii no yɛ wo ade foforo a, susuw ɔkwan a agyanom fa so da ɔdɔ ne tema adi kyerɛ wɔn mma no ho hwɛ. Afei fa no sɛ abusuabɔ a ɛte saa wɔ wo ne Yehowa ntam! Bere dodow a wususuw ho no, dodow no ara na abusuabɔ a ɛte saa a wubenya no ho akɔnnɔ yɛ kɛse.

Nanso hyɛ no nsow: Gye sɛ ‘wotwe wo ho fi afide ho’ ansa na woatumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den. Bisa wo ho sɛ: ‘So tawa a ne nom ka obi hɔ no nka ‘afide’ a Onyankopɔn kasa tia no ho? So nom a mɛnom no bɛyɛ ɔhonam ho fĩ a migu, a ɛbɛma mede me ho ato akwahosan ho asiane ahorow mu? Esiane sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ne ho tew anaa ɔyɛ “kronkron” nti, so n’ani bɛsɔ hyɛ a mɛhyɛ da agu me ho fĩ wɔ saa kwan yi so anaa?’ (1 Petro 1:15, 16) Hyɛ no nsow sɛ Paulo bɔ ‘obi ho fĩ a obegu wɔ honhom mu,’ anaa nea n’adwene tɔ kɔ so ho kɔkɔ. Bisa wo ho sɛ: ‘So su a aka me hɔ yi gye m’adwene? So meyɛ nea metumi nyinaa de dwudwo m’akɔnnɔ ano, bere a ebia mede m’akwahosan, m’abusua, anaasɛ me gyinabea wɔ Onyankopɔn anim reto asiane mu no? Ɛhe na mama tawanom a aka me hɔ no kwan ma asɛe m’asetra akodu?’ Ebia nsɛmmisa a ɛhaw adwene yi a wubesusuw ho no bɛma woanya akokoduru a wode begyae!

Ɛwom, ebia wubehia mmoa ne akwankyerɛ na ama woatumi adi tawanom a aka wo hɔ no so. Nanso, Bible no a wubesusuw ho no bɛboa wo pii ma woatete w’ahonim ahyɛ no den sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛde wo ho afi su a ɛka obi hɔ no ho.

Bere a Yɛyɛ Nea Ɛnteɛ

Ɛmfa ho mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ adetrenee no, ɛtɔ da bi a yɛn sintɔ di yɛn so ma yɛfom. Afei yɛn ahonim bɛhaw yɛn, nanso ebia yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yebebu yɛn ani agu so. Anaasɛ ebia yɛn abam bebu araa ma yɛbɛpɛ sɛ yegyae mmɔden biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn no. Nanso, kae Ɔhene Dawid asɛm no. Bere a ɔne Bat-Seba sɛee aware akyi no, n’ahonim haw no. Ɔka amane a ohui no ho asɛm sɛ: “Awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru, me mu nsu twee, na mikisae sɛ awia bere mu.” (Dwom 32:4) So ɛyɛ yaw? Ɛte saa! Nanso awerɛhow a efi komam yi kaa Dawid ma ɔsakrae ma ɔne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ bio. (Fa toto 2 Korintofo 7:10 ho.) Dawid fafiri ho adesrɛde a emu yɛ den yi de n’ahonu a efi komam ho adanse a ɛdɔɔso ma. Esiane sɛ otiee n’ahonim nti, Dawid tumi sakrae, na akyiri yi n’ani gyei bio.—Dwom 51.

Ade a ɛte saa betumi asi nnɛ. Bere bi a atwam no, ebinom ne Yehowa Adansefo suaa Bible, nanso bere a wohui sɛ wɔn asetra ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no nhyia no, wogyaee. Ebia wɔne obi a ɛsono ne bɔbeasu a wɔnwaree no na na ɛte anaasɛ na wɔde wɔn ho ahyɛ su ahorow bi a ɛho ntew mu. Wɔn ahonim maa wodii yaw!

Sɛ wowɔ tebea a ɛte saa mu a, susuw ɔsomafo Petro nsɛm a ɔkae Pentekoste da no ho. Bere a ɔpaa ne nuanom Yudafo bɔne ho ntama no, “ɛwowɔɔ wɔn koma.” Sɛ anka wɔbɛpa apaw no, wotiee Petro afotu a ɛne sɛ wɔnsakra no, na wonyaa Onyankopɔn anim dom bio. (Asomafo no Nnwuma 2:37-41) Wubetumi ayɛ saa ara! Sɛ anka wubegyae nokware no esiane sɛ w’ahonim haw wo nti no, ma w’ahonim nka wo na ‘sakra w’adwene, na dan wo ho.’ (Asomafo no Nnwuma 3:19) Ɛdenam wo bo a wubesi ne mmɔden a wobɛbɔ so no, wubetumi ayɛ nsakrae ahorow a ehia na ama woanya Onyankopɔn anim dom.

‘Nya Ahonim Pa’

Sɛ ebia afei koraa na woafi ase resua Yehowa akwan anaasɛ woanya osuahu sɛ Kristoni a ne ho akokwaw wɔ mfe pii mu no, Petro afotu yi fata: “Munnya ahonim pa.” (1 Petro 3:16) Ɛyɛ mfasode, ɛnyɛ adesoa. Fa nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no hyɛ w’adwene ne wo komam fa tete no. Sɛ w’ahonim bɔ wo kɔkɔ a, tie. Nya asomdwoe a etumi fi tie a obi tie n’ahonim mu ba no mu anigye.

Nokwarem no, w’ahonim a wobɛtete no na woasiesie no no nna fam. Nanso wubetumi abɔ Yehowa Nyankopɔn mpae ma waboa wo. Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, wubetumi afi “ahonim pa ne gyidi a nkontompo nnim mu” asom no.—1 Timoteo 1:5.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ w’ani begye ofie Bible adesua a wontua ho hwee ho a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛkɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛbɛn faako a wote, anaasɛ wobɛkyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi no.

[Kratafa 6 mfonini]

Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan na yɛadwennwen ho no boa yɛn ma yɛtete yɛn ahonim

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena