Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 9/1 kr. 30-31
  • Agya a Wayɛ Krado sɛ Ɔde Bɔne Befiri

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agya a Wayɛ Krado sɛ Ɔde Bɔne Befiri
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔyerae na Wohuu No
  • Nea Yesua Fi Mu
  • Ɔba a Ɔyerae no San Bae
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Bere a Wohuu Ɔba a Ɔyerae no
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Akwaaba a Ɛyɛ Anigye Ma Wɔn a Wɔsan Ba
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • “Yehowa, Onyankopɔn Mmɔborohunufo Ne Ɔdomfoɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 9/1 kr. 30-31

Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde

Agya a Wayɛ Krado sɛ Ɔde Bɔne Befiri

WƆAFRƐ no asɛntiaa a ɛsen biara a wɔakyerɛw pɛn—na ntease pa bi nti na ɛte saa. Yesu bɛ a ɛfa agya bi dɔ ma ne babarima a ɔyerae ho no te sɛ mfɛnsere a yɛhwɛ mu hu Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛyɛ nwonwa a ɔwɔ ma abɔnefo a wɔanu wɔn ho no.

Ɔyerae na Wohuu No

Na onipa bi wɔ mmabarima baanu. Akumaa no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Fa ahode a ɛbɛyɛ me dea no ma me seesei, sen sɛ mɛtwɛn ma woawu ansa.’ Agya no penee so, na ebia ɔde nea ɔwɔ nyinaa mu abupɛn abien maa no—abarimaa a ɔtɔ so abien kyɛfa. (Deuteronomium 21:17) Aberante no boaboaa nea ɔwɔ ano ntɛmntɛm na otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi sɛee n’ahode nyinaa wɔ hɔ.—Luka 15:11-13.

Afei ɔkɔm kɛse bi bae. Bere a na aberante no nhu nea ɔnyɛ ne ho no, ɔkɔhwɛɛ mprako so—adwuma a ɛmfata koraa sɛ Yudani yɛ. (Leviticus 11:7, 8) Aduan ho yɛɛ nã ara ma ne kɔn dɔe sɛ odi asɛhono a mprako no di no bi! Awiei koraa no aberante no ani baa ne ho so. Ɔkae wɔ ne tirim sɛ: ‘M’agya nkoa nya aduan bebree di sen me. Mɛsan akɔ fie akɔka me bɔne, na mase m’agya sɛ ɔmfa me nyɛ n’apaafo no mu biako.’a—Luka 15:14-19.

Aberante no nantew bosaa twaa kwan tenten no san kɔɔ fie. Akyinnye biara nni ho sɛ na wasesa koraa. Nanso, bere a “ɔda so wɔ akyirikyiri no,” n’agya huu no. Ne yam hyehyee no, na otuu mmirika kɔɔ ne ba no nkyɛn kɔyɛɛ no atuu, na “ofew n’ano.”—Luka 15:20.

Sɛnea ogyee no fɛw so yi amma anyɛ den amma aberante no sɛ obegyae adwennwen. Ɔkae sɛ: “Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne. Mensɛ sɛ wofrɛ me wo ba bio. Fa me yɛ w’apaafo no mu biako.” Agya no frɛɛ ne nkoa. “Momfa atade a eye no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan; na momfa nantwi ba a wadɔ srade no mmra mmekum no, na yenni, na yɛn ani nnye. Na me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae, na wɔahu no.”—Luka 15:21-24, NW.

Wɔtow pon kɛse, a nnwom ne asaw ka ho. Ɔba panyin no tee gyegyeegye no bere a na ofi afum reba no. Bere a ohui sɛ ne nua no aba fie na eyi nti na apontow no rekɔ so no, ne bo fuwii. Onwiinwii kyerɛɛ n’agya sɛ: ‘Mfirihyia dodow yi a mede masom wo yi, memfom wo da, nanso wommaa me apapowa bi sɛ me ne me nnamfo mfa nkogye yɛn ani da. Na wo ba yi a wasɛe w’ahode no bae ara pɛ de, w’atow pon ama no.’ Agya no de odwo buaa sɛ: ‘Wowɔ me nkyɛn daa, na nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea. Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan. Ɔyerae na wɔahu no.’—Luka 15:25-32.

Nea Yesua Fi Mu

Agya a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no gyina hɔ ma yɛn Nyankopɔn Yehowa mmɔborɔhunufo no. Te sɛ ɔba a ɔyerae no, ɛtɔ bere bi a nnipa bi fi Onyankopɔn fie a ahobammɔ wɔ no, nanso akyiri yi wɔsan ba. Yehowa bu saafo yi dɛn? Wɔn a wɔde nokware ahonu san ba Yehowa nkyɛn no betumi anya awerɛhyem sɛ ‘ɔrenhwehwɛ wɔn ho mfomso daa na ɔrennya wɔn ho menasepɔw nkosi daa.’ (Dwom 103:9) Wɔ bɛ no mu no, agya no tutuu mmirika kɔmaa ne ba no akwaaba. Saa nso na ɛnyɛ ɔpɛ nko na Yehowa wɔ sɛ obegye abɔnefo a wɔanya ahonu, na mmom ɔde ahopere yɛ saa. Wayɛ “krado sɛ ɔde befiri,” na ɔyɛ saa “wɔ ɔkwan a ɛsõ so.”—Dwom 86:5; Yesaia 55:7 NW; Sakaria 1:3.

Wɔ Yesu bɛ no mu no, agya no dɔ a efi koma mu no ma ɛyɛɛ mmerɛw ma ɔba no nyaa akokoduru san bae. Nanso susuw ho hwɛ: Sɛ anka agya no poo ɔba no anaa ɔde abufuw teɛteɛɛm sɛ ɔnnsan mmma hɔ bio a, anka dɛn na ebesi? Anka su a ɛte saa no remma abofra no mma hɔ bio da.—Fa toto 2 Korintofo 2:6, 7 ho.

Wɔ ɔkwan bi so no, agya no bɔɔ kwan maa ne ba no sanba bere a ofii fie no. Ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no yi abɔnefo a wonnu wɔn ho no fi asafo no mu. (1 Korintofo 5:11, 13) Sɛ wɔreyɛ saa a, wobetumi afi ase abɔ kwan ato hɔ ama ɔdebɔnefo no bere a wofi ɔdɔ mu kyerɛ nea obetumi ayɛ na wɔasan agye no daakye no. Asɛm a efi koma mu a wɔde to wɔn a wɔayera wɔ honhom mu anim no akae wɔn mu pii akyiri yi ma wɔasan aba Onyankopɔn fie.—2 Timoteo 4:2.

Agya no nso daa ayamhyehye adi bere a ne ba no san bae no. Ankyɛ na ohuu ne ba no ahonu a efi koma mu no. Na afei sɛ anka ɔbɛkɔ so aka sɛ ne ba no nka bɔne biara a wayɛ no, ogyee ne ba no baa fie, na ɔde anigye kɛse na ɛyɛɛ saa. Kristofo betumi asuasua nhwɛso yi. Ɛsɛ sɛ wɔn ani gye sɛ wɔahu nea ɔyerae no.—Luka 15:10.

Agya no nneyɛe no kyerɛ pefee sɛ na wahwɛ ba a ne ba no bɛsan aba no kwan akyɛ. Nokware mu no, ɛno yɛ sɛnea Yehowa te nka ma wɔn a wɔafi ne fie no ho nhwɛso. ‘Ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.’ (2 Petro 3:9) Wɔn a wonu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho no betumi anya awerɛhyem sɛ “ahodwo nna . . . befi Yehowa hɔ aba.”—Asomafo no Nnwuma 3:19, NW.

[Ase hɔ asɛm]

a Bere a na wobu akoa sɛ abusua no muni no, na ɔpaani yɛ obi a ɔyɛ da koro adwuma gye akatua, a wobetumi ayi no adi bere biara. Aberante no nyaa adwene sɛ ɔbɛpene dibea a ɛba fam koraa wɔ n’agya fie no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena