Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 10/15 kr. 3-4
  • Anigye—Ɛho Ayɛ Na Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye—Ɛho Ayɛ Na Yiye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛde Awerɛhow Ba
  • Botae a Ɛho Du Yɛ Den
  • Anigye a Wɔrehwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • So Ahonyade Betumi Ama Wo Anigye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Akwahosan Ne Anigye​—Wobɛyɛ Dɛn Na Woatumi Anya?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɛhe na Wobetumi Anya Nokware Anigye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 10/15 kr. 3-4

Anigye—Ɛho Ayɛ Na Yiye

ABUFUW, dadwen, ne adwenemhaw yɛ nneɛma a nyansahufo fi bere tenten ahwehwɛ mu. Nanso, wɔ nnansa yi mfe mu no, nyansahufo a wɔagye din de wɔn adwene asi onipa asetram ade a ɛhyɛ nkuran na ɔpɛ—anigye—so reyɛ mu nhwehwɛmu.

Dɛn na ebetumi ama nnipa ani agye? Sɛ́ wɔyɛ mmerante ne mmabaa, adefo, wɔwɔ akwahosan pa, wɔyɛ atenten, anaa nteanteaa? Dɛn na ɛde nokware anigye ba? Ɛyɛ nnipa dodow no ara den sɛ wobebua saa asɛmmisa yi, sɛ wobetumi abua mpo a. Sɛ yesusuw sɛnea nnipa adi nkogu kɛse wɔ anigye a wɔhwehwɛ no ho a, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama ebinom sɛ wɔbɛkyerɛ nneɛma a ɛmfa anigye mma.

Efi bere tenten na adwene ne nneyɛe ho animdefo a wɔagye din nam nyansapɛ so akamfo ahopɛ akyerɛ sɛ ɛne ade a ɛde anigye ba. Wɔhyɛɛ nnipa a wonni anigye sɛ wonni wɔn ankasa ahiade nkutoo ho dwuma. Adwenem ne asetra mu haw ho ayaresafo de nsɛm a ɛyɛ dɛ te sɛ “dwen wo ho,” “bu wo ho,” ne “hwehwɛ wo ho mu” adi dwuma. Nanso, abenfo a wɔhyɛɛ saa adwene yi ho nkuran no mu bi gye tom seesei sɛ ahopɛ su a ɛte saa mfa asomdwoe a ɛtra hɔ daa mma. Ahopɛ su de ɛyawdi ne awerɛhow bɛba ɔkwan biara so. Pɛsɛmenkominya mfa asomdwoe mma.

Nea Ɛde Awerɛhow Ba

Wɔn a wɔnam anigyede akyidi so hwehwɛ anigye no de wɔn ani akyerɛ baabi a ɛmfata. Susuw Ɔhene Salomo nyansafo a ofi tete Israel no nhwɛso ho hwɛ. Ɔkyerɛkyerɛ mu wɔ Bible nhoma a ɛne Ɔsɛnkafo no mu sɛ: “Biribiara a m’aniwa hwehwɛe no, mankame no; mansiw me koma anigye biara ho kwan, na me koma ani gyei me brɛ no nyinaa mu, na eyi yɛɛ me brɛ no nyinaa mu kyɛfa.” (Ɔsɛnkafo 2:10) Salomo sisii adan fae, yeyɛɛ bobe nturo, na ɔyɛɛ nhwiren nturo, agoprama, ne nsu atare fae. (Ɔsɛnkafo 2:4-6) Obisae bere bi sɛ: “Hena na odidi, na hena na onya biribi sen me?” (Ɔsɛnkafo 2:25) Nnwontofo papa na wogyee n’ani, na asase no so mmea a wɔn ho yɛ fɛ sen biara na ɔne wɔn bɔe.—Ɔsɛnkafo 2:8.

Asɛm no ne sɛ, Salomo ansiw n’anigye ho kwan. Bere a ogyee n’ani wɔ asetram pii akyi no, dɛn na ɔkae? Ɔkae sɛ: “Ɛnna medan m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛe no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛe no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu, na mfaso bi nni mu owia ase.”—Ɔsɛnkafo 2:11.

Nneɛma a ɔhene nyansafo yi hui no da so ara yɛ nokware de besi nnɛ. Fa ɔman bi a ɛwɔ ahonyade te sɛ United States sɛ nhwɛso. Wɔ mfe 30 a atwam ni mu no, ɛkame ayɛ sɛ Amerikafo ama wɔn honam fam nneɛma te sɛ kar ne television dodow a wɔwɔ abu abɔ ho. Nanso, sɛnea adwenemyare ho abenfo kyerɛ no, Amerikafo nni anigye ahe biara. Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, “bere koro no ara mu no, adwenemhaw akɔ soro. Mmofra a wɔadu mpanyin afe so ahokum abu abɔ ho abiɛsa. Awaregyae dodow abu abɔ ho abien.” Nhwehwɛmufo aka nsɛm a ɛte saa ara nnɛ bere a wɔyɛɛ abusuabɔ a ɛwɔ sika ne anigye ntam mu nhwehwɛmu wɔ aman bɛyɛ 50 mu no. Sɛ yɛbɛka no tiawa a, wuntumi ntɔ anigye.

Mmom no, yebetumi afrɛ sika akyidi sɛ ade a ɛde awerɛhow ba ma afata. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”—1 Timoteo 6:9, 10.

Sika, akwahosan pa, mmeranteyɛ ne mmabaayɛ, ahoɔfɛ, tumi, anaa eyinom mu biara a ɛka bom ntumi mfa anigye a ɛtra hɔ daa mma. Dɛn ntia? Efisɛ yenni tumi a yebetumi de asiw nneɛma bɔne a esisi no kwan. Ɔhene Salomo ka maa ɛfatae sɛ: “Nso onipa nnim ne bere: sɛ mpataa a woyi wɔn asawu bɔne mu ne nnomaa a woyi wɔn afiri mu no, saa ara na woyi nnipa mma bere bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.”—Ɔsɛnkafo 9:12.

Botae a Ɛho Du Yɛ Den

Nyansahu mu nhwehwɛmu biara nni hɔ a ebetumi ama yɛanya ɔkwan a yebetumi afa so anya anigye. Salomo kae nso sɛ: “Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne [asiane, NW] to wɔn nyinaa.”—Ɔsɛnkafo 9:11.

Nnipa pii a wogye atifi hɔ nsɛm no tom aka sɛ asetra a anigye ankasa wom yɛ nea wontumi nnya. Nhomanimfo bi a wagye din kae sɛ “anigye yɛ nsusuwii hunu.” Afoforo gye di sɛ ade a ɛde anigye ba yɛ ahintasɛm a wontumi nte ase, ɛne sɛ ebia nnipa kakraa bi a wɔwɔ nyansa soronko a wotumi hu ahintasɛm mu na wobetumi ahwehwɛ mu ate ase.

Nanso, nnipa kɔ so sɔ asetra akwan ahorow hwɛ wɔ anigye a wɔhwehwɛ no mu. Ɛmfa ho nkogu a wɔn a wodi wɔn anim adi no, nnipa pii da so ara hwehwɛ sika, tumi, akwahosan pa, anaa ahosɛpɛw sɛ wɔn awerɛhow ano aduru. Nnipa dodow no ara kɔ so hwehwɛ efisɛ wɔn mu tɔnn no, wogye di sɛ anigye a enni awiei nyɛ nsusuwii hunu kɛkɛ. Wogye di sɛ anigye nyɛ anidaso a ɛmmam. Ɛnde ebia wubebisa sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn atumi anya?’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena