Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 11/1 kr. 30-31
  • Ahofama ne Nokwaredi Ho Nhwɛso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahofama ne Nokwaredi Ho Nhwɛso
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Elia Siesie Ne Ho Ma Ne Kɔ
  • Asuade Ahorow a Ɛwom Ma Yɛn
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Elisa Huu Ogya Teaseɛnam​—Wo Nso Ɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ogyinaa Mu Kosii Awiei
    Suasua Wɔn Gyidi
  • So Wubu Mfɛfo Gyidifo a Wɔn Mfe Akɔ Anim no Sɛ Wɔsom Bo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 11/1 kr. 30-31

Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde

Ahofama ne Nokwaredi Ho Nhwɛso

WƆ ABERANTE kuani bi a wɔfrɛ no Elisa fam no, asase fɛtɛw adwuma a ɔyɛ no daa a ofii ase da bi no bɛdanee da soronko wɔ n’asetra mu. Bere a Elisa reyɛ adwuma wɔ afum no, Israel diyifo titiriw Elia, bɛsraa no mpofirim. Ebia Elisa besusuw sɛ ‘Dɛn na ɔhwehwɛ fi me hɔ?’ Na ɛho nhia sɛ ɔtwɛn bere tenten ansa na wanya ho mmuae. Elia too ne nguguso guu Elisa so de kyerɛe sɛ da bi, Elisa na ebedi n’ade. Elisa amfa ɔfrɛ yi anni agoru. Ntɛm ara, ogyaw n’afuw no hɔ bɛyɛɛ Elia somfo.—1 Ahene 19:19-21.

Bɛyɛ mfe asia bi akyi no, bere soe sɛ Elia kɔ. Wɔaka ne kɔ ho asɛm sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu “nsɛm a ɛyɛ nwonwa no mu biako.”

Elia Siesie Ne Ho Ma Ne Kɔ

Elia pɛe sɛ ɔkɔsra Betel, Yeriko, ne Yordan nea etwa to. Ná eyi bɛkyerɛ sɛ ɔbɛnantew akwansin pii, a baabi yɛ mmepɔw a ɛso fa yɛ den. Wɔ akwantu no fã biara mu no, Elia hyɛɛ Elisa nkuran sɛ ɔntra hɔ. Nanso Elisa sii ne bo sɛ ɔbɛka ne wura ho akodu awiei.—2 Ahene 2:1, 2, 4, 6.

Bere a woduu Betel ne Yeriko no, “adiyifo mma” no twiw baa Elisa nkyɛn.a Wobisaa no sɛ: “So wunim sɛ ɛnnɛ [Yehowa, NW] rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn akɔ?” Na obuae sɛ: “Me nso minim; monyɛ komm!”—2 Ahene 2:3, 5.

Afei Elia ne Elisa sii so kɔɔ Yordan Asubɔnten ho. Bere a woduu Yordan ho a na adiyifo mma bɛyɛ 50 gyinagyina baabi rehwɛ wɔn no, Elia yɛɛ anwonwade bi. “Elia faa ne nguguso bobɔw de bɔɔ nsu no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na wɔn baanu no nam asase kesee so twae.”—2 Ahene 2:8.

Bere a wotwae no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Bisa nea menyɛ wo ansa na wɔafa me afi wo nkyɛn akɔ.” Na Elisa bisaa Elia honhom “abupɛn abien”—kyerɛ sɛ, kyɛfa a ɛbɔ ho abien a na wɔtaa de ma ɔbabarima a ɔyɛ abakan no. Nokwarem no, na Elisa adi Elia ni sɛnea na ɔbabarima a ɔyɛ abakan bedi n’agya ni no ara pɛ. Bio nso, wɔsraa no sɛ ommedi Elia ade sɛ Yehowa diyifo wɔ Israel. Enti, na n’abisade no nyɛ pɛsɛmenkominya anaa nea na ɛmfata. Nanso, bere a na onim sɛ Yehowa nkutoo na obetumi de abisade yi ama no, Elia fi ahobrɛase mu buae sɛ: “Woabisa ade a ɛyɛ den.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Nanso sɛ wuhu me sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, ɛbɛyɛ saa ama wo; na sɛ woanhu me de a, ɛrenyɛ.”—2 Ahene 2:9, 10; Deuteronomium 21:17.

Akyinnye biara nni ho sɛ na Elisa asi ne bo sen bere biara sɛ ɔbɛbata ne wura ho. Afei, “ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ” bae. Wɔfaa Elia kɔe wɔ ahum mu bere a na Elisa rehwɛ haa no—de no kɔɔ beae foforo anwonwakwan so.b Elisa faa Elia nguguso no na ɔsan kɔɔ Yordan Asubɔnten no ano. Ɔde bɔɔ nsu no mu kae sɛ: “Ɛhe na [Yehowa, NW], Elia Nyankopɔn no, wɔ?” Nsu no mu paee, na edii adanse pefee sɛ Onyankopɔn pene Elisa so sɛ nea odi Elia ade.—2 Ahene 2:11-14.

Asuade Ahorow a Ɛwom Ma Yɛn

Bere a wɔtoo nsa frɛɛ Elisa sɛ ɔne Elia nkɔyɛ ɔsom adwuma titiriw no, ntɛm ara na ogyaw n’afuw hɔ kɔsom Israel diyifo titiriw no. Ɛda adi sɛ na ne nnwuma no bi ba fam, efisɛ wɔbɛfrɛɛ no nea “ohwiee nsu guu Elia nsa so.”c (2 Ahene 3:11) Nanso, Elisa buu n’adwuma no sɛ hokwan, na ɔde nokwaredi bataa Elia ho.

Onyankopɔn asomfo pii da ahofama honhom a ɛte saa ara adi nnɛ. Ebinom agyaw wɔn “mfuw,” wɔn asetrade, na wɔakɔka asɛmpa no wɔ nsasesin a ɛwɔ akyirikyiri so, anaa wɔakɔsom sɛ Betel abusua mufo. Afoforo atu kwan kɔ amannɔne nsase so akɔyɛ Asafo ti no Adansi adwuma. Nnipa pii agye nnwuma a yebetumi abu no sɛ ɛba fam reyɛ. Nanso, obiara nni hɔ a ɔsom Yehowa a, ɔreyɛ adwuma a ɛho nhia. Yehowa ani sɔ wɔn a wofi wɔn pɛ mu som no no nyinaa, na obehyira wɔn ahofama honhom no so.—Marko 10:29, 30.

Elisa bataa Elia ho koduu awiei. Bere a wɔmaa no hokwan no, wannyae odiyifo a na wɔabɔ akwakoraa no akyi di. Akyinnye biara nni ho sɛ abusuabɔ a na emu yɛ den a na ɔne Elia anya no na ɛmaa nokware dɔ a ɛte saa no yɛɛ anigye. Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu ayɛ den na wɔabɛn wɔn mfɛfo gyidifo. Wobehyira abusuabɔ a biakoyɛ wom a emu yɛ den no so, efisɛ Bible ka fa Yehowa ho sɛ: “Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokwaredi so.”—2 Samuel 22:26, NW.

[Ase hɔ nsɛm]

a Asɛm “adiyifo mma” no betumi akyerɛ akwankyerɛ horow a wɔde ma wɔn a wɔfa wɔn adwuma yi mu, anaa ne tiawa mu no, adiyifo fekuw bi.

b Mfe bi akyi na wɔkyerɛw Elia nsɛm a ɔde kɔmaa Yuda hene Yehoram no.—2 Beresosɛm 21:12-15.

c Ná ɛyɛ amanne sɛ ɔsomfo behwie nsu agu ne wura nsa so na ɔde ahohoro ho, titiriw bere a wadidi awie no. Ná adeyɛ yi te sɛ nan ho hohoro, a na ɛkyerɛ ahɔhoyɛ, obu, ne ahobrɛase wɔ fekuw bi mu.—Genesis 24:31, 32; Yohane 13:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena