Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 12/1 kr. 10-14
  • Yehowa, Onyankopɔn a ‘Wayɛ Krado Sɛ Ɔde Bɔne Befiri’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa, Onyankopɔn a ‘Wayɛ Krado Sɛ Ɔde Bɔne Befiri’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Yehowa ‘Ayɛ Krado sɛ Ɔde Bɔne Befiri’?
  • Ɔkwan Bɛn so na Yehowa De Firi Koraa?
  • “Wɔn Bɔne Nso, Merenkae Bio”
  • Nea Efi Mu Ba no Nso Ɛ?
  • Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’
    Bɛn Yehowa
  • Gye Tom Sɛ Yehowa De Wo Bɔne Akyɛ Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Bɔne a Wɔde Firi na Wɔnkae Bio—Ɛbɛyɛ Dɛn Ayɛ Yiye?
    Nyan!—1995
  • Yehowa Bɔnefakyɛ De, Ɛso Bi Nni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 12/1 kr. 10-14

Yehowa, Onyankopɔn a ‘Wayɛ Krado Sɛ Ɔde Bɔne Befiri’

“O, wo Yehowa, wuye, na woayɛ krado sɛ wode bɔne befiri.”—DWOM 86:5, NW.

1. Adesoa duruduru bɛn na na ɛsõ Ɔhene Dawid, na ɔyɛɛ dɛn nyaa awerɛkyekye maa ne koma a na abubu no?

ƆHENE DAWID a ofi tete Israel no huu sɛnea obi ahonim a ebu no fɔ betumi ayɛ adesoa a emu yɛ duru ama no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me mfomso aboro me ti so, ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduru. Mahodwow, na mabubu pasaa, me koma apinisi nti misu dennen.” (Dwom 38:4, 8) Nanso, Dawid nyaa awerɛkyekye maa ne koma a na abubu no. Ná onim sɛ ɛwom sɛ Yehowa kyi bɔne de, nanso onkyi ɔbɔnefo no—sɛ onii no nu ne ho na ofi n’akwammɔne so a. (Dwom 32:5; 103:3) Esiane sɛ na Dawid gye di koraa sɛ Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ obehu nnipa a wɔanu wɔn ho mmɔbɔ no nti, ɔkae sɛ: “O, wo Yehowa, wuye, na woayɛ krado sɛ wode bɔne befiri.”—Dwom 86:5, NW.

2, 3. (a) Sɛ yɛyɛ bɔne a, adesoa bɛn na ebetumi abɛtɔ yɛn so, na dɛn nti na eyi fata? (b) Asiane bɛn na ɛwom sɛ yɛbɛma afobu ‘amene’ yɛn? (d) Awerɛhyem bɛn na Bible de ma yɛn wɔ ɔpɛ a Yehowa wɔ sɛ ɔde befiri no ho?

2 Sɛ yɛn nso yɛyɛ bɔne a, ebetumi ama yɛn ahonim ahaw yɛn ma ayɛ adesoa ama yɛn. Saa afobu nkate yi yɛ nea asɛm biara nni ho, na mfaso wɔ so mpo. Ebetumi ama yɛafa akwampa so asiesie yɛn mfomso. Nanso, afobu adɛn Kristofo binom. Wɔn koma a ebu wɔn fɔ no betumi ama wɔate nka daa sɛ, sɛ wonu wɔn ho sɛ dɛn ara a, Onyankopɔn remfa mfiri wɔn korakora. Bere a na onuawa bi reka mfomso bi a odii ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛ́ wubenya adwene sɛ anhwɛ a Yehowa rennɔ wo bio no yɛ nkate a ɛyɛ hu.” Bere a onuu ne ho na ogyee afotu a mpanyimfo de boaa no toom akyi mpo no, ɔkɔɔ so tee nka sɛ ɔmfata sɛ onya Onyankopɔn fafiri. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Da koro koraa ntwam a mensrɛ Yehowa fafiri.” Sɛ afobu ‘mene’ yɛn a, Satan betumi ama yɛapa abaw, na yɛate nka sɛ yɛmfata sɛ yɛsom Yehowa.—2 Korintofo 2:5-7, 11.

3 Nanso ɛnyɛ saa na Yehowa bu nsɛm koraa! N’asɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yefi komam nu yɛn ho ampa a, Yehowa wɔ ɔpɛ, na wayɛ krado nso sɛ ɔde befiri yɛn. (Mmebusɛm 28:13) Enti sɛ woate nka pɛn sɛ ɛnyɛ ade a wubetumi anya Onyankopɔn hɔ fafiri a, ebia nea wuhia ne sɛ wobɛte nea enti a ɔde bɔne firi ne ɔkwan a ɔfa so yɛ saa no ase yiye.

Dɛn Nti na Yehowa ‘Ayɛ Krado sɛ Ɔde Bɔne Befiri’?

4. Dɛn na Yehowa kae wɔ yɛn su ho, na eyi ka ɔkwan a ɔfa so ne yɛn di no dɛn?

4 Yɛkenkan sɛ: “Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ [Yehowa, NW] yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no.” Dɛn nti na Yehowa ayɛ krado sɛ obehu yɛn mmɔbɔ? Nkyekyem a edi hɔ no bua sɛ: “Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:12-14) Yiw, Yehowa mma ne werɛ mfi sɛ yɛyɛ dɔte, a esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yɛwɔ mmerɛwyɛ anaa sintɔ ahorow. Asɛm onim “yɛn su” no kae yɛn sɛ Bible de Yehowa toto ɔnwemfo ho, na ɛde yɛn toto anwenne a ɔyɛ no ho.a (Yeremia 18:2-6) Sɛ ɔnwemfo bi kura n’anwenne a, oso mu yiye nanso ɔyɛ ahwɛyiye, na ɔma sɛnea ne su te no tra n’adwenem bere nyinaa. Saa ara na Yehowa, Ɔnwemfo Kɛse no, ne yɛn di no bɔkɔɔ sɛnea yɛn bɔne su ne emu mmerɛwyɛ te no.—Fa toto 2 Korintofo 4:7 ho.

5. Ɔkwan bɛn so na Romafo nhoma no kyerɛ sɛnea bɔne akɛntɛn yɛn honam a ɛyɛ mmerɛw no so denneennen?

5 Yehowa nim sɛnea bɔne wɔ tumi no. Kyerɛwnsɛm no ka bɔne ho asɛm sɛ tumi bi a ano yɛ den a ɛkɛntɛn onipa so de no kɔ owu mu. Bɔne nkɛntɛnso mu yɛ den dɛn? Wɔ Romafo nhoma no mu no, ɔsomafo Paulo a wɔde honhom kaa no no kyerɛkyerɛ eyi mu pefee sɛ: Yɛhyɛ “bɔne ase” sɛnea asraafo hyɛ wɔn sahene ase no (Romafo 3:9); ‘adi’ adesamma so sɛ ɔhene (Romafo 5:21); “ɛte” yɛn mu (Romafo 7:17, 20); ne “mmara” yɛ adwuma wɔ yɛn mu bere nyinaa, na sɛnea yɛbɛka no no, ɛrepere adi yɛn nneyɛe so. (Romafo 7:23, 25) Hwɛ ɔko kɛse ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛko atia nkɛntɛnso a emu yɛ den a bɔne wɔ wɔ yɛn honam a ɛyɛ mmerɛw so no!—Romafo 7:21, 24.

6. Yehowa bu wɔn a wɔde komam ahonu hwehwɛ ne mmɔborohunu no dɛn?

6 Enti yɛn Nyankopɔn mmɔborohunufo no nim sɛ yɛrentumi mfa osetie a ɛyɛ pɛ mma no, ɛmfa ho sɛ yɛwɔ komam ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ saa no. (1 Ahene 8:46) Ofi ɔdɔ mu ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yɛde komam ahonu srɛ ne mmɔborohunu sɛ agya a, ɔde befiri yɛn. Odwontofo Dawid kae sɛ: “Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.” (Dwom 51:17) Yehowa rempo koma a afobu ama abubu na apɛtɛw, na ɔremmu n’ani nso ngu so da. Hwɛ sɛnea ɛkyerɛkyerɛ krado a Yehowa ayɛ sɛ ɔde befiri no mu ma ɛyɛ fɛ!

7. Dɛn nti na yentumi mfa Onyankopɔn mmɔborohunu nyɛ nea yɛpɛ?

7 Nanso, eyi kyerɛ sɛ yebetumi de Onyankopɔn mmɔborohunu ayɛ nea yɛpɛ, na yɛde yɛn bɔne su ayɛ anoyi ayɛ bɔne anaa? Ɛnte saa koraa! Yehowa nnyina nkate kɛkɛ so nyɛ ade. Ɛwɔ baabi a ne mmɔborohunu ano pem. Biribiara nni hɔ a ɛbɛma ɔde wɔn a wɔsen wɔn kɔn yɛ bɔne a anibere wom na wonnu wɔn ho bɔne afiri wɔn. (Hebrifo 10:26-31) Nanso sɛ ohu “koma a abubu na apɛtɛw” a, ‘wayɛ krado sɛ ɔde bɔne befiri.’ (Mmebusɛm 17:3) Momma yensusuw nsɛmfua a ɛkɔ akyiri a wɔde di dwuma wɔ Bible mu de kyerɛ sɛnea Onyankopɔn fafiri di mũ no bi ho.

Ɔkwan Bɛn so na Yehowa De Firi Koraa?

8. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, dɛn na ɔyɛ, sɛnea yɛbɛka no no, na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn dɛn?

8 Ɔhene Dawid a onuu ne ho no kae sɛ: “Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ [Yehowa, NW]. Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.” (Dwom 32:5; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Wɔkyerɛɛ asɛmfua “wuyii” no ase fii Hebri asɛmfua bi a nea ɛkyerɛ titiriw ne “ma so,” “kura, anaa soa” mu. Sɛnea wɔde adi dwuma wɔ ha no kyerɛ ‘sɛ wobeyi afodi, bɔne, anaa mmarato akɔ.’ Enti Yehowa maa Dawid bɔne so de kɔe sɛnea yɛbɛka no no. (Fa toto Leviticus 16:20-22 ho.) Akyinnye biara nni ho sɛ, eyi maa afobu a na ɛsõ Dawid no brɛɛ ase. (Fa toto Dwom 32:3 ho.) Yɛn nso yebetumi anya Onyankopɔn a ɔde wɔn a wogyina Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no mu gyidi a wɔwɔ so srɛ ne hɔ fafiri no bɔne kyɛ wɔn no mu ahotoso koraa. (Mateo 20:28; fa toto Yesaia 53:12 ho.) Ɛho nhia sɛ wɔn a Yehowa nam saa kwan no so ma wɔn bɔne so kɔ no kɔ so ma bɔne a wɔayɛ atwam no ho afobu yɛ adesoa ma wɔn.

9. Yesu nsɛm a ese: “Fa yɛn aka firi yɛn” no kyerɛ dɛn?

9 Yesu de abusuabɔ a ɛda nnipa a wɔde sika fɛm ne akafo ntam no kyerɛkyerɛɛ sɛnea Yehowa de firi mu. Sɛ́ nhwɛso no, Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “Fa yɛn aka firi yɛn.” (Mateo 6:12) Enti Yesu de “bɔne” totoo “aka” ho. (Luka 11:4) Sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛma yɛbɛde Yehowa ‘ka.’ Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘fa firi’ no betumi akyerɛ “ɛka a wɔnam bisa a wommisa bio so gyae ma ɛka, anaa wɔde kyɛ.” Ntease bi mu no, sɛ Yehowa de bɔne firi a, otwa ka a anka ɛsɛ sɛ yetua ma no no mu. Enti abɔnefo a wonu wɔn ho no betumi anya awerɛkyekye. Yehowa nnan obi ka a watwa mu no da!—Dwom 32:1, 2; fa toto Mateo 18:23-35 ho.

10, 11. (a) Adwene bɛn na asɛm “wɔapopa” a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 3:19 no da no adi? (b) Dɛn na yebetumi de ayɛ sɛnea Yehowa fafiri di mũ fa no ho mfatoho?

10 Bible no de kasa a emu dɔ foforo ka Onyankopɔn fafiri ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 3:19 sɛ: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne.” Wɔkyerɛɛ asɛm “wɔapopa” no ase fii Hela adeyɛ asɛm bi a sɛ wɔde di dwuma kasakoa kwan so a, etumi kyerɛ “popa fi hɔ, tu ase, twa mu anaa sɛe no” mu. Sɛnea nhomanimfo binom kyerɛ no, adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ wɔrepopa nsaano nkyerɛwee bi. Ná ɛno bɛyɛ dɛn atumi ayɛ yiye? Adubiri a na wɔtaa de di dwuma wɔ tete mmere mu ne nea na wɔde pupuawisi, aneneduru, ne nsu fra yɛ no. Sɛ obi de adubiri a ɛte saa yɛ adwuma a, bere tiaa bi akyi no, na obetumi de sapɔw a nsu wom apopa nkyerɛwee no.

11 Ɛno ma yehu sɛnea Yehowa fafiri no di mũ koraa no. Sɛ ɔde yɛn bɔne firi yɛn a, ɛte sɛ nea ɔde sapɔw apopa afi hɔ. Ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ ɔde bɔne a ɛte saa no bɛdan yɛn ka daakye, efisɛ Bible no da biribi foforo adi wɔ Yehowa mmɔborohunu ho a ɛda nsow ankasa: Sɛ ɔde firi a, ne werɛ fi!

“Wɔn Bɔne Nso, Merenkae Bio”

12. Sɛ Bible ka sɛ Yehowa nkae yɛn bɔne a, so ɛkyerɛ sɛ ɔnkae koraa, na dɛn nti na wubua saa?

12 Yehowa nam odiyifo Yeremia so hyɛɛ wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu bɔ sɛ: “Mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.” (Yeremia 31:34) So eyi kyerɛ sɛ sɛ Yehowa de bɔne firi a, ɔnkae koraa? Entumi mma saa. Bible ka bɔne a nnipa pii yɛe a Yehowa de firii wɔn, a Dawid de ka ho, ho asɛm kyerɛ yɛn. (2 Samuel 11:1-17; 12:1-13) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa da so kae wɔn mfomso no, na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkae. Wɔakora bɔne a wɔyɛe ne ahonu a wɔkyerɛ maa Onyankopɔn de firii wɔn no ho kyerɛwtohɔ so na aboa yɛn. (Romafo 15:4) Ɛnde, sɛ Bible no ka sɛ Yehowa ‘nkae’ wɔn a ɔde firi wɔn no bɔne a, dɛn na ɛkyerɛ?

13. (a) Ntease bɛn na Hebri adeyɛ asɛm a ɛkyerɛ ‘kae’ no kura? (b) Sɛ Yehowa ka sɛ, “Wɔn bɔne nso, merenkae bio” a, na awerɛhyem bɛn na ɔde rema yɛn?

13 Hebri adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase ‘kae’ no kɔ akyiri sen biribi a atwam a wɔkae kɛkɛ. Sɛnea Theological Wordbook of the Old Testament kyerɛ no, nea ɛkyerɛ bio ne “adwene foforo a ɛbata ho a ɛne sɛ wɔyɛ nea ɛfata wɔ ho.” Enti wɔ saa ntease yi mu no, bɔne a ‘wɔkae’ kyerɛ biribi a wɔyɛ tia abɔnefo no. Bere a odiyifo Hosea kae wɔ Israelfo a na wɔafom kwan no ho sɛ, “[Yehowa bɛkae] wɔn amumɔyɛ” no, na odiyifo no kyerɛ sɛ Yehowa bɛyɛ ade atia wɔn esiane sɛ wɔannu wɔn ho nti. Enti, nkyekyem no nkae de ka ho sɛ: “Ɔbɛtwe wɔn bɔne so asõ.” (Hosea 9:9) Nanso, sɛ Yehowa ka sɛ, “Wɔn bɔne nso, merenkae bio” a, na ɔrema yɛn awerɛhyem sɛ sɛ onya de ɔbɔnefo a wanu ne ho no bɔne firi no a, ɔrentwe n’asõ wɔ saa bɔne no ho daakye. (Hesekiel 18:21, 22) Enti ne werɛ a efi no kyerɛ sɛ ɔntwe yɛn adwene nsi yɛn bɔne so mpɛn pii, mfa mmɔ yɛn sobo anaa ɔmfa ntwe yɛn asõ mpɛn pii. Yehowa nam saayɛ so yɛ nhwɛso fɛfɛ a ɛsɛ sɛ yesuasua wɔ yɛne afoforo nsɛnnii mu. Sɛ wontwiwontwi bi ba wo ne afoforo ntam a, eye sɛ wonsan nkɔfa mfomso bi a atwam a wotee ase sɛ wode befiri no mma.

Nea Efi Mu Ba no Nso Ɛ?

14. Dɛn nti na fafiri nkyerɛ sɛ ɔbɔnefo a onu ne ho no fa ne ho di wɔ nea ebefi ne bɔne no mu aba biara ho?

14 So krado a Yehowa ayɛ sɛ ɔde befiri no kyerɛ sɛ ɔbɔnefo a onu ne ho no bɛfa ne ho adi wɔ nea ebefi ne bɔne no mu aba biara ho? Dabida. Yentumi nyɛ bɔne mfa yɛn ho nni. Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Yɛn nneyɛe anaa yɛn nsɛnnennen betumi de ɔhaw bi aba yɛn so, nanso sɛ Yehowa de firi yɛn a, ɔmfa amanehunu mma yɛn so. Sɛ ɔhaw sɔre a, ɛnsɛ sɛ Kristoni te nka sɛ, ‘Gyama Yehowa retwe m’aso wɔ bɔne a mayɛ atwam ho.’ (Fa toto Yakobo 1:13 ho.) Nanso, Yehowa mmɔ yɛn ho ban mfi nea efi yɛn nnebɔne mu ba nyinaa ho. Awaregu, nyinsɛn a wɔmpɛ, ɔyare a wonya fi nna mu, ahotoso anaa obu a obi hwere—eyinom nyinaa betumi ayɛ bɔne so aba a ɛyɛ awerɛhow, na Yehowa remmɔ yɛn ho ban mfi ho. Kae sɛ ɛmfa ho sɛ Yehowa de bɔne a Dawid yɛe a na ɛfa Bat-Seba ne Uria ho no firii no no, wammɔ Dawid ho ban amfi nea efii mu bae a na ɛyɛ awerɛhow no ho.—2 Samuel 12:9-14.

15, 16. Ɔkwan bɛn so na mmara a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Leviticus 6:1-7 no boaa nea wɔafom no ne ɔbɔnefo no nyinaa?

15 Yɛn bɔne betumi de ɔhaw afoforo nso aba. Sɛ nhwɛso no, susuw asɛm a ɛwɔ Leviticus ti 6 no ho. Tebea a Mose Mmara no ka ho asɛm wɔ ha ne sɛ obi ayɛ bɔne a anibere wom, bere a owia ne yɔnko Israelni nneɛma, osisi no anaa ɔbɔ no apoo gye no. Ɔbɔnefo no gye kyim sɛ onni fɔ, na opirim ne koma araa ma atoro ntanka mpo ba mu. Adansefo biara nni asɛm no mu. Nanso, akyiri yi, ɔbɔnefo no ahonim bu no fɔ, na ɔka ne bɔne. Sɛ obenya Onyankopɔn fafiri a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nneɛma abiɛsa ka ho: ɔhyɛ nea owiae no ananmu, tua dekode no ho ka ɔha biara mu nkyem 20, na ɔde odwennini ma sɛ bɔne afɔre. Afei, mmara no ka sɛ: “Na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ [Yehowa, NW] anim, na wɔde ade biara a wayɛ a odi ho sõ no befiri no.”—Leviticus 6:1-7; fa toto Mateo 5:23, 24 ho.

16 Ná saa mmara yi yɛ mmɔborohunu nsiesiei a efi Nyankopɔn hɔ. Ná ɛboa nea wɔayɛ no bɔne no bere a wɔsan de n’agyapade ma no no, na akyinnye biara nni ho sɛ na ne ho tɔ no kɛse sɛ afei de ɔbɔnefo no agye ne bɔne atom. Bere koro no ara, na mmara no boa nea afei de n’ahonim aka no ma wagye ne bɔne atom asiesie ne mfomso no. Nokwarem no, sɛ wanyɛ saa a, na Onyankopɔn remfa mfiri no.

17. Sɛ yɛn nnebɔne haw afoforo a, dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ?

17 Ɛwom sɛ yɛnhyɛ Mose Mmara ase de, nanso ɛma yenya Yehowa nsusuwii ho ntease a etu mpɔn, a n’adwene wɔ bɔne fafiri ho nso ka ho. (Kolosefo 2:13, 14) Sɛ yɛyɛ bɔne de haw afoforo anaa yesisi wɔn a, Yehowa ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi de ‘asiesie mfomso no.’ (2 Korintofo 7:11, NW) Eyi hwehwɛ sɛ yebehu yɛn mfomso, yebegye atom sɛ yedi fɔ, na yɛapa nea yɛafom no no kyɛw mpo. Afei yebetumi agyina Yesu afɔrebɔ no so asrɛ Yehowa, na yɛanya ahotɔ a efi ahonim pa mu ba no ne awerɛhyem a ɛne sɛ Onyankopɔn de afiri yɛn.—Hebrifo 10:21, 22.

18. Nteɛso bɛn na ebetumi abata Yehowa fafiri ho?

18 Te sɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ biara no, ebia Yehowa de befiri yɛn asan ateɛ yɛn so. (Mmebusɛm 3:11, 12) Ebia ɛbɛhwehwɛ sɛ Kristoni a wanu ne ho no de hokwan a ɔde som sɛ ɔpanyin, asafo mu ɔsomfo, anaa ɔkwampaefo no to hɔ. Ɛbɛyɛ no yaw sɛ ɔbɛhwere hokwan ahorow a na ɛsom bo ma no no kosi sɛ bere bi betwam. Nanso, nteɛso a ɛte saa no nkyerɛ sɛ wahwere Yehowa anim dom anaa Yehowa amfa amfiri no. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ nteɛso a efi Yehowa hɔ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Gye a yebegye atom de adi dwuma no ye ma yɛn yiyedi paa, na ebetumi akowie daa nkwa mu.—Hebrifo 12:5-11.

19, 20. (a) Sɛ woayeyɛ bɔne bi a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wote nka sɛ Yehowa renhu wo mmɔbɔ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Hwɛ abotɔyam a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ yɛsom Onyankopɔn a ‘wayɛ krado sɛ ɔde bɔne befiri’! Yehowa hwɛ tra yɛn bɔne ne yɛn mfomso. (Dwom 130:3, 4) Onim nea ɛwɔ yɛn koma mu. Sɛ wote nka sɛ bɔne bi a woayɛ atwam ama wo koma abubu na apɛtɛw a, ɛnsɛ sɛ woka sɛ Yehowa renhu wo mmɔbɔ. Ɛmfa ho mfomso biara a woadi no, sɛ woanu wo ho ampa, abɔ mmɔden asiesie mfomso no, na woabɔ Yehowa mpae denneennen asrɛ fafiri wɔ Yesu mogya a ohwie gui no mu a, wubetumi anya ahotoso a edi mũ sɛ nsɛm a ɛwɔ 1 Yohane 1:9 no fa wo ho: “Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.”

20 Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua Yehowa fafiri wɔ yɛne afoforo nsɛnnii mu. Nanso, ɛhe na wobetumi ahwɛ kwan sɛ yebetumi de afiri afoforo a wɔfom yɛn no ma yɛn werɛ afi akodu? Yɛbɛka eyi ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Nea yebetumi ahyɛ no nsow nso ne sɛ, wɔde Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “yɛn su” no di dwuma ma anwenne a ɔnwemfo de dɔte anwene.—Yesaia 29:16.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na Yehowa ‘ayɛ krado sɛ ɔde bɔne befiri’?

◻ Bible ka sɛnea Yehowa fafiri di mũ no ho asɛm dɛn?

◻ Sɛ Yehowa de firi a, ɔkwan bɛn so na ɔnkae?

◻ Sɛ yɛn nnebɔne haw afoforo a, dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ?

[Kratafa 12 mfonini]

Sɛ yɛn nnebɔne haw afoforo a, Yehowa hwɛ kwan sɛ yebesiesie asɛm no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena