Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 1/1 kr. 3-5
  • Nokware no Sakra Asetra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware no Sakra Asetra
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asetra Mu Atirimpɔw
  • Abusua Foforo
  • Me Mmofraase Haw Nyinaa Akyi No, Manya Ahotɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yehowa De Akatua Pa Hyɛ Daniel Bɔ
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • “Meyɛ N’ani Na Ɔno Nso Yɛ M’anan”
    Nyan!—1991
  • “Made Me Ho Afi Aturuturasɛm Ho”
    Bible Tumi Sesa Nnipa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 1/1 kr. 3-5

Nokware no Sakra Asetra

ƐYƐ awerɛhow, nanso ɛyɛ nokwasɛm sɛ asetra yɛ den na ahoyeraw wom ma nnipa pii. So nnipa a wɔtete saa no betumi anya anigye? Ebinom yɛ nsɛmmɔnedifo a wosisi wɔn mfɛfo. So wobetumi abɛyɛ nnipa pa wɔ wɔn manfo mu da bi? Nsɛmmisa abien no nyinaa ho mmuae yɛ yiw. Nkurɔfo betumi asesa. Wobetumi asakra nkurɔfo asetra. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ ɔkwan a wobetumi afa so bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.”—Romafo 12:2.

Ebia “nea Onyankopɔn pɛ a eye” a wɔbɔɔ so no ma yɛkae nea Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo bɛboro mfirihyia 20 ansa na Paulo rekyerɛw atifi hɔ nsɛm no. Yesu kae sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no ama moade mo ho.” (Yohane 8:32, NW) “Nokware no,” a Yesu kaa ho asɛm no kyerɛ nsɛm a efi Onyankopɔn home mu—titiriw nsɛm a ɛfa Onyankopɔn apɛde ho—a wɔakora so wɔ Bible mu ama yɛn no. (Yohane 17:17) So Bible mu nokware ma nkurɔfo nya ahofadi ankasa? Onyankopɔn apɛde a obi de bɛbɔ ne bra no sakra nkurɔfo asetra ankasa? Nokwarem no, ɛyɛ saa. Susuw nhwɛso kakraa bi ho hwɛ.

Asetra Mu Atirimpɔw

Nnansa yi ara, na Moisés a ɔwɔ Gibraltar no nni anigye koraa. Ɔka sɛ: “Ná meyɛ ɔsabofo na na mededa abɔnten. Ná mete nka sɛ masɛe. Anadwo biara na mebɔ Onyankopɔn mpae sɛ onhu me mmɔbɔ na ɔmma ade nkye me. Ná mede sũ bisa Nyankopɔn nea enti a maba wiase bere a me ho nni mfaso biara, minni adwuma, nni abusua ne obiara a ɔbɛboa me. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so tra nkwa mu?” Afei, biribi sii.

Moisés toa so sɛ: “Ná minim sɛ Onyankopɔn atie me mpaebɔ bere a mihyiaa Roberto a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo no. Roberto maa me Bible ne nhoma a wɔde sua Bible a ɛne Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?a Da biara na yɛbom sua Bible wɔ benkyi a na meda so anadwo no so. Ɔsram biako akyi no, Roberto de me kɔɔ nhyiam wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ ha no so. Ankyɛ biara, Bible mu nokware sakraa me nsusuwii koraa. Menna abɔnten bio; saa ara nso na mennom nsa anaa sigaret. M’asetra asakra, na m’ani agye. Mehwɛ kwan sɛ wɔbɛbɔ me asu nnansa yi ara na masom Yehowa sɛ N’adansefo no mu biako.”

Hwɛ nsakrae ara a eyi yɛ! Mpɛn pii no, sɛ nkurɔfo nni anidaso a, na efi nimdeɛ a wonni. Wonni Onyankopɔn anaa n’atirimpɔw ahorow a ɛyɛ anigye no ho nimdeɛ. Wɔ Moisés fam no, bere a onyaa saa nimdeɛ no, ɛmaa no ahoɔden ne akokoduru a ɔde sakraa n’asetra. Moisés nyaa mpae a odwontofo no bɔɔ Nyankopɔn yi ho mmuae: “Ma wo hann ne wo nokware mmegya me, na ɛmfa me nkɔ wo bepɔw kronkron so ne wo trabea.”—Dwom 43:3.

Daniel nyaa suahu bi a na ɛte saa ara wɔ Belize. Ná Daniel nna abɔnten—na ɔwɔ adwuma pa a ɔyɛ. Nanso na ɔde mfe 20 anom nnubɔne ne nsa ma aka ne hɔ a ontumi ntetew ne ho, na na obu bra bɔne. Ɛwom sɛ wɔtetee no sɛ Katolekni de, nanso Daniel anhu asetra mu atirimpɔw biara, na wannye anni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɔkɔɔ asɔre ahorow mu kɔhwehwɛɛ mmoa, nanso ohui sɛ ne nnamfo a ɔne wɔn kɔ asɔre no, ne ne nnamfo asɔfo no binom mpo nom nnubɔne na wɔbow nsa. Ne nyinaa akyi no, na ne yere pɛ sɛ ogyae no.

Daniel de ahoyeraw kɔtraa beae a wɔboa nkurɔfo ma wogyae subammɔne. Nanso na onim sɛ sɛ ofi hɔ ba na sɛ wɔammoa no a, ɔbɛsan afi nnubɔne nom ase bio. Nanso na mmoa bɛn na ohia? Wɔ May 1996 mu, bere a Daniel fii beae a wɔboa nkurɔfo ma wogyae subammɔne hɔ bae akyi nnanu no, ɔkɔɔ Yehowa Ɔdansefo bi nkyɛn de abisade a ɛyɛ nwonwa yi kɔtoo n’anim sɛ, “Mesrɛ wo, wo ne me nsua Bible no.” Ɔdansefo no ne Daniel yɛɛ nhyehyɛe sɛ wobesua Bible no mprenu dapɛn biara, na ankyɛ na Daniel fii ase de Nyankopɔn apɛde dii dwuma wɔ n’asetram, na ɔde Kristofo nnamfo a wɔnnom nnubɔne mmow nsa, na wɔkwati ɔbrasɛe sii ne nnamfo dedaw no ananmu. Enti Daniel behui sɛ nea Bible ka no yɛ nokware sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Ankyɛ na ɔkae sɛ: “Eyi ne bere a edi kan wɔ m’asetram a mahu sɛnea ahonim pa a obi benya no te.” Daniel nso asetra sakrae.

Wɔ Puerto Rico no, ɔbarima bi nso yɛɛ nsakrae titiriw bi. Ná ɔda afiase na na wobu no sɛ obi a ne ho yɛ hu yiye esiane sɛ na wakunkum nnipa pii nti. So Bible mu nokware tumi sakraa no? Yiw. Yehowa Ɔdansefo bi tumi maa no Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi, na ntɛm ara na ɔkae sɛ wɔmma no bi nka ho. Wɔne no fii Bible adesua ase, na bere a Bible mu nokware fii ase kaa ne koma no, nsakrae a ɔyɛe no daa adi ma obiara hui. Nneɛma a edi kan a wɔde hui sɛ wasakra ne ne ti nhwi kusuu a otwitwaa so, ne n’abɔgyesɛ kuhaa a oyii.

Bible ka sɛ Onyankopɔn de adebɔneyɛfo a wonu wɔn ho ankasa na wɔsakra wɔn asetra kwan no bɔne firi wɔn. Paulo kyerɛwee sɛ: “Munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? . . . Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho.” (1 Korintofo 6:9, 11) Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm yi kyekyee ɔbarima yi werɛ, na saa ara nso na Asomafo no Nnwuma 24:15 yɛe: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” Ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ awufo sɔre no to me, na ama matumi apa wɔn a mikunkum wɔn no kyɛw.”

Abusua Foforo

Da bi, wɔde aberante bi a na n’asɛm yɛ awerɛhow kyiaa Luis a ɔyɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo wɔ Argentina. Esiane sɛ n’awofo poo no bere a wɔwoo no nti, wɔtetee no wɔ nteteebea ahorow. Bere a odii bɛyɛ mfe 20 no, ohuu ne maame akyiri kwan na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtra abɛn no. Ɔyɛɛ adwuma denneennen siee sika pii, na otuu kwan kɔɔ kurow a na ne maame te mu no mu. Ne maame maa ɔne no trae kosii sɛ ne sika sae, na afei ɔka kyerɛɛ no sɛ ontu nkɔ. Tu a otuu no yi maa ne kɔn dɔɔ owu.

Nanso, Luis tumi kyerɛkyerɛɛ aberante yi Bible mu nokware. Nokware no mu bi ne awerɛhyem nsɛm yi: “M’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Aberante no behui sɛ ɔwɔ ɔsoro Agya bi a ɔrennyaw no da. Mprempren, n’ani agye sɛ ɔyɛ abusua foforo muni, Yehowa abusua no.

Ɔbarima foforo a ɔno nso wɔ ɔman koro no ara mu ka kyerɛɛ Yehowa Ɔdansefo bi sɛ n’ani gye Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no ho. Adɛn ntia? Efisɛ ɛmaa n’aware gyinae. Ɛbɛyɛ sɛ, da bi a ɔbarima yi fi n’adwumam reba no, ohuu Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma bi a wɔde nkyerɛwde akɛse akyerɛw akyi “Awaregyae” wɔ sumina adaka bi mu. Esiane sɛ na n’aware reyɛ agu, na ɔne ne yere reyɛ nhyehyɛe akɔtetew aware mu wɔ asɛnnibea nti, oyii nsɛmma nhoma no na ofii ase kenkanee. Ɔde kɔɔ fie na ɔne ne yere kenkanee. Awarefo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde nsɛmma nhoma no mu afotu a egyina Bible so no bedi dwuma. (Efesofo 5:21–6:4) Anni nna ahe bi na wɔn ntam yɛɛ yiye. Wogyaee ntetewmu ho nhyehyɛe no akyidi na mprempren wɔresua Bible sɛ okunu ne ɔyere a wɔyɛ biako.

Wɔ Uruguay no, na ɔbarima bi nso a wɔfrɛ no Luis, ani nnye koraa. Nnubɔne a ne nom kaa ne hɔ, ahonhomsɛmdi, ahonisom, asabow—eyinom ne nneɛma bi a ɛmaa n’asetra yɛɛ basaa. Awiei koraa no, Luis a na wahaw koraa no, bɛyɛɛ obi a na onnye Onyankopɔn nni. N’adamfo bi maa no Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?b nhoma. Eyi maa ɔne Yehowa Adansefo dii nkitaho kakra, nanso ankyɛ na Luis dan kɔɔ nnubɔne ne nsa so bio. Bere bi a na ɔwɔ ahoyeraw kɛse mu no, n’ani so tetew no no na ɔte amoa bi a sumina ayɛ mu ma mu, na ɔbɔɔ mpae frɛɛ “Yesu Kristo agya,” esiane sɛ na onnim Onyankopɔn din nti.

Ɔka kyerɛɛ Nyankopɔn sɛ ɔnkyerɛ no ba a ɔbaa wiase no so mfaso. Luis bɔ amanneɛ sɛ, “Ade kyee no, obi a minim no de nhoma bi a ɔmfa nyɛ hwee bio maa me. Ekura asɛmti bɛn? Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!”c Nhoma no boaa no ma onyaa n’asɛmmisa no ho mmuae. Luis bɔɔ mpae bio de hwehwɛɛ mmoa a ɛbɛma wahu ɔsom a ɛbɛkyerɛ no sɛnea ɔnsom Onyankopɔn. Hwɛ anwonwasɛm! Ɔpon ano dɔn no bɔe, na na Yehowa Adansefo baanu na wogyina akyi. Luis fii ase ne wɔn suaa Bible ntɛm ara. Onyaa nkɔso ntɛmntɛm na mprempren ɔte nka sɛ wɔahyira no sɛ ɔyɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu. Ɔbɔ bra pa, na ɔboa afoforo nso ma wonya atirimpɔw wɔ wɔn asetram. Dwom 65:2 hɔ nsɛm no abam ama no sɛ: “Mpaebɔ tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa ba.”

Wɔ Philippines no, na Allan yɛ sukuuni mammɔfo. Ná ɔwɔ ahyehyɛde bi a wɔn atirimpɔw ne sɛ “wobegu aban no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensisi nkyirimma daakye” mu. Nanso da bi, Yehowa Adansefo baa ne nkyɛn na ohuu Nyankopɔn atirimpɔw ma adesamma wɔ Bible no mu. Nea ɛka saa atirimpɔw no ho ne bɔhyɛ a efi honhom mu yi: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:10, 11) Allan kae sɛ: “Ankyɛ na mibehui sɛ, na wɔahyɛ nea na yɛn kuw no repere no ho bɔ wɔ Bible mu fi bere tenteenten. Wɔde nneɛma a na yɛn ani abere rehwehwɛ no nyinaa bɛba wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.” Mprempren Allan gyina Nyankopɔn Ahenni no akyi, na ɔboa afoforo ma wonya Bible mu nokware mu gyidi.

Yiw, sɛ nkurɔfo tie Nyankopɔn Asɛm Bible no mu nokware a, ɛsakra wɔn asetra. Nokwarem no, bere bi reba a, adesamma a wobenya wɔn ti adidi mu nyinaa bɛma wɔn abrabɔ ne Nyankopɔn apɛde ahyia. Hwɛ nsakrae ara a ɛno bɛyɛ! Afei nkɔmhyɛ yi bɛbam: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”—Yesaia 11:9.

[Ase hɔ nsɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

c Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena