“So Wowɔ Me Ho Koma Pa?”
“Wo ne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema [Yehowa, “NW”].”—2 AHENE 10:16.
1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na Israel honhom fam tebea no kɔɔ so sɛee? (b) Wɔ 905 A.Y.B. mu no, nsakrae akɛse bɛn na na ɛrebesisi wɔ Israel?
NÁ 905 A.Y.B. yɛ nsakrae bere kɛse ma Israel. Bɛyɛ mfe 100 ansa na saa afe no redu no, Yehowa maa Israel ahemman a na ɛyɛ biako no mu kyɛe esiane wae a Salomo waee nti. (1 Ahene 11:9-13) Saa bere no, Salomo ba Rehabeam na odii anafo fam ahemman Yuda so, na Efraimni, Ɔhene Yerobeam nso na odii atifi fam ahemman Israel so. Awerɛhosɛm ne sɛ, atifi fam ahemman no nyaa nhyɛase bɔne. Yerobeam ampɛ sɛ ne manfo betu kwan akɔ anafo fam ahemman no mu akɔsom wɔ asɔrefie hɔ, efisɛ na osuro sɛ wobenya adwene sɛ wɔbɛsan ne Dawid fie akɔbom. Enti ɔhyehyɛɛ nantwi ba som wɔ Israel, na ɔnam so de abosonsom sii hɔ, na edii akoten wɔ atifi fam ahemman no abakɔsɛm nyinaa mu.—1 Ahene 12:26-33.
2 Tebea no sɛee kɛse bere a Omri ba Ahab bɛyɛɛ ɔhene no. Ne yere nanani, Isebel, maa Baalsom nyaa nkɔso, na okunkum Yehowa adiyifo. Ɛmfa ho sɛ odiyifo Elia bɔɔ Ahab kɔkɔ pefee no, Ahab anyɛ biribiara amfa ansiw ɔbea no kwan. Nanso, wɔ 905 A.Y.B. mu no, na Ahab awu, na na ne ba Yehoram na ɔredi ade. Afei na na bere adu sɛ wɔtew asase no ho. Elisa a obedii Elia ade no ka kyerɛɛ ɔsahene Yehu sɛ Yehowa resra no sɛ Israel hene a odi hɔ. Adwuma bɛn na na ɔbɛyɛ? Ná obekunkum Ahab fie amumɔyɛfo no na watɔ adiyifo a Isebel kunkum wɔn no mogya so werɛ!—2 Ahene 9:1-10.
3, 4. Ɔkwan bɛn so na Yehonadab kyerɛe sɛ na ɔwɔ ‘Yehu ho koma pa’?
3 Yehu tiee Onyankopɔn ahyɛde, kum omumɔyɛfo Isebel, na ɛno akyi no, ofii ase siesiee Israel denam Ahab fiefo a okunkum wɔn no so. (2 Ahene 9:15–10:14, 17) Afei ohyiaa okyitaafo bi. “Ohuu Rekab ba Yehonadab sɛ ɔreba abehyia no; na okyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘So wowɔ me ho koma pa sɛnea mewɔ wo ho koma pa no?’ Ɛna Yehonadab kae sɛ: ‘Ɛte saa.’ ‘Sɛ ɛte saa a, kyia me.’ Enti okyiaa no. Ɛna ɔma ɔforo kɔɔ ne nkyɛn wɔ teaseɛnam no mu. Afei ɔkae sɛ: ‘Wo ne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema Yehowa.’ Na ɔma ɔtraa ne teaseɛnam no mu.”—2 Ahene 10:15, 16, NW.
4 Ná Yehonadab (anaa, Yonadab) nyɛ Israelni. Nanso, nea ɛne ne din (a ɛkyerɛ “Yehowa Pɛ,” “Yehowa Yɛ Onuonyamfo,” anaa “Yehowa Yam Ye”) no hyia no, na ɔyɛ Yehowa somfo. (Yeremia 35:6) Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔwɔ ɔpɛ soronko sɛ obehu Yehu ‘ninkunu a ɔtwe maa Yehowa’ no. Yɛyɛ dɛn tumi hu? Ɔne nea na wɔasra no sɛ Israel hene no anhyia wɔ kwan mu kɛkɛ. Yehonadab bae sɛ “ɔreba abehyia no,” na eyi sii bere a na Yehu akunkum Isebel ne Ahab fiefo a aka no dedaw no. Bere a Yehonadab penee nsa a Yehu to frɛɛ no sɛ ɔmmɛtra ne teaseɛnam mu so no, na onim nea ɛrekɔ so. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔwɔ Yehu—ne Yehowa—afã wɔ saa atoro som ne nokware som ntam ntawntawdi yi mu.
Nnɛyi Yehu ne Nnɛyi Yehonadab
5. (a) Nsakrae bɛn na adesamma nyinaa behu nnansa yi ara? (b) Hena ne Yehu Ɔkɛseɛ no, na henanom na wogyina n’ananmu wɔ asase so?
5 Ɛnnɛ, ɛrenkyɛ adesamma nyinaa behu nsakrae kɛse te sɛ nea ɛbaa Israel wɔ 905 A.Y.B. mu no. Seesei, bere a Yehowa beyi nneɛma bɔne a Satan nkɛntɛnso de aba nyinaa, a atoro som ka ho, no afi hɔ no, abɛn. Hena na ogyina hɔ ma Yehu nnɛ? Ɛnyɛ obiara sɛ Yesu Kristo a nkɔmhyɛ yi fa ne ho no: “Otumfo, fa w’afoa bɔ w’asen, fa w’anuonyam ne w’ahensɛm bɔ wo ho so. Na fa w’ahensɛm no tew mu kɔ w’anim ma nokware ne trenee a wɔabrɛ no ase.” (Dwom 45:3, 4) “Nyankopɔn Israel,” Kristofo a wɔasra wɔn a “wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no,” na wogyina Yesu ananmu wɔ asase so. (Galatifo 6:16; Adiyisɛm 12:17) Efi 1922 no, Yesu nuanom a wɔasra wɔn yi de Yehowa atemmu a ɛreba no ho kɔkɔbɔ ama akokoduru so.—Yesaia 61:1, 2; Adiyisɛm 8:7–9:21; 16:2-21.
6. Henanom na wofi amanaman no mu besoo Kristofo a wɔasra wɔn no mu, na ɔkwan bɛn so na wɔaforo Yehu Ɔkɛseɛ no teaseɛnam, sɛnea yɛbɛka no no?
6 Ɛnyɛ Kristofo a wɔasra wɔn nkutoo na wɔayɛ saa. Sɛnea Yehonadab behyiaa Yehu no, amanaman no mufo pii aba abeso Yesu, Yehu Ɔkɛseɛ no ne n’asase so ananmusifo no mu, na wɔaba wɔn afã wɔ nokware som mu. (Sakaria 8:23) Wɔ 1932 mu no, wobebuu nnipa a Yesu frɛɛ wɔn “nguan foforo” yi sɛ wogyina hɔ nnɛ ma tete Yehonadab, na wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ ‘wɔmforo mmɛtra’ nnɛyi Yehu no ‘teaseɛnam mu.’ (Yohane 10:16) Ɔkwan bɛn so? Denam ‘Onyankopɔn ahyɛde so a wodi’ ne wɔn a wɔasra wɔn no a wɔne wɔn yɛ “Kristo adanse” adwuma no so. Wɔ nnɛ bere yi mu no, Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ de Yesu ayɛ so Hene no ho asɛmpaka nso ka ho. (Marko 13:10) Wɔ 1935 mu no, wohui sɛ “Yonadabfo” yi ne “nnipakuw kɛse” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9-17 no.
7. Ɔkwan bɛn so na nnɛ Kristofo akyerɛ sɛ ‘wɔda so wɔ Yesu ho koma pa’?
7 Efi 1930 mfe no mu no, nnipakuw kɛse no ne wɔn nuanom a wɔasra wɔn no de akokoduru ataa nokware som akyi. Wɔ nsase bi a ɛwɔ Europa Apuei ne Atɔe fam, Apuei fam Akyirikyiri, ne Afrika so no, wɔn mu pii awu ama wɔn gyidi. (Luka 9:23, 24) Wɔ nsase foforo so no, wɔde wɔn agu afiase, nnipadɔm atow ahyɛ wɔn so ayɛ wɔn basabasa, anaa wɔataa wɔn wɔ akwan foforo so. (2 Timoteo 3:12) Hwɛ gyidi ho nhwɛso ara a wɔayɛ! Na 1997 Ɔsom Afe Amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ ɛda so yɛ wɔn botae sɛ wɔbɛsom Nyankopɔn, a nea ɛbɛba biara mfa ho. Wɔda so ara wɔ Yesu “ho koma pa.” Eyi daa adi wɔ 1997 mu, bere a Ahenni adawurubɔfo 5,599,931, a wɔn mu dodow no ara yɛ “Yonadabfo,” de nnɔnhwerew 1,179,735,841 yɛɛ Yesu ho adansedi adwuma no.
Wɔda So De Nsiyɛ Reka Asɛm No
8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo da nsiyɛ adi wɔ nokware som ho?
8 Wɔhyɛɛ Yehu nsow sɛ na ɔka ne teaseɛnam no denneennen—adanse a na ɛkyerɛ sɛ ɔde nsiyɛ yɛ n’adwuma. (2 Ahene 9:20) Wɔka Yehu Ɔkɛseɛ, Yesu, ho asɛm sɛ mmɔdenbɔ ‘menee no.’ (Dwom 69:9) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nnɛ wɔahyɛ Kristofo nsow sɛ wɔda nsiyɛ adi. Wɔ asafo no mu ne baguam nyinaa, ‘wɔka asɛm no denneennen, ɛbere a eye ne nea enye mu.’ (2 Timoteo 4:2) Wɔn nsiyɛ no daa adi titiriw wɔ 1997 mfiase, bere a Yɛn Ahenni Som mu asɛm bi kamfo kyerɛe sɛ dodow biara a wobetumi mfa wɔn ho nhyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu no. Wɔ ɔman biara mu no, wɔde akwampaefo aboafo dodow a wɔrepɛ sii hɔ. Wogyee ɔfrɛ no so dɛn? Ɛboroo so! Aman pii nya boroo dodow a na wɔrehwehwɛ no. Ecuador de akwampaefo aboafo 4,000 na esii wɔn ani so wɔ March mu, nanso wonyaa 6,936. Sɛ wɔka saa asram abiɛsa no bom a, Japan nyaa nnipa 104,215. Wɔ Zambia a wɔde yɛɛ wɔn botae sɛ wɔpɛ akwampaefo aboafo 6,000 no, wonyaa 6,414 wɔ March mu; 6,532 wɔ April mu; ne 7,695 wɔ May mu. Sɛ wɔka wiase nyinaa akwanpaefo aboafo ne daa akwampaefo bom a, yenyaa dodow a ɛsen biara 1,110,251, a ɛboro 1996 de no so ɔha biara mu nkyem 34.2.
9. Afie afie adwuma no akyi no, akwan foforo bɛn so na Yehowa Adansefo hwehwɛ nkurɔfo ka asɛmpa no kyerɛ wɔn?
9 Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ mpanyimfo a wofi Efeso sɛ: “Mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo gua so ne afi mu.” (Asomafo no Nnwuma 20:20) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo suasua Paulo nhwɛso no, na wɔde nsiyɛ ka asɛmpa no wɔ afie afie. Nanso, ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛto nkurɔfo wɔ wɔn afie mu. Enti “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no hyɛ Ahenni adawurubɔfo sɛ wɔnkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn nnwuma mu, mmɔnten so, mpoano, agodibea ahorow—baabiara a wobenya nnipa. (Mateo 24:45-47) Asow aba kɛse.
10, 11. Ɔkwan bɛn so na adawurubɔfo a wɔwɔ aman abien bi mu fi wɔn pɛ mu ahwehwɛ anigyefo a anka wɔrento wɔn wɔ fie no?
10 Wɔ Copenhagen, Denmark no, adawurubɔfo kuw ketewaa bi di adanse wɔ mmɔnten so baabi a ɛbɛn keteke gyinabea ahorow. Efi January kosi June no, wɔmaa nsɛmma nhoma 4,733, ne nkurɔfo bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye paa, na wɔyɛɛ sankɔhwɛ pii. Saa asase no so adawurubɔfo pii anya nnipa a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa wɔ sotɔɔ ahorow mu. Fida yɛ gua da kɛse wɔ kurow biako mu, na ahɔho mpempem pii ba hɔ. Enti asafo no ayɛ nhyehyɛe a wokodi adanse daa wɔ gua no so. Wɔ beae bi no, wɔboaboa nhoma ahorow a eye ma sukuu akyerɛkyerɛfo titiriw ano, de kɔ sukuu ahorow a ɛwɔ hɔ mu.
11 Wɔ Hawaii nso, wɔabɔ mmɔden sɛ wobenya wɔn a wɔnto wɔn wɔ fie no. Nsasesin soronko no bi ne baabi a nnipa pii wɔ (mmɔnten, agodibea, baabi a wɔde kar sisi, ne bɔs gyinabea), aguadibea akɛse, adetɔnbea ahorow ne wimhyɛn gyinabea ahorow, telefon so adansedi, kar a ɔmamfo fa (bɔs mu adansedi), ne ntoaso sukuu ahorow mu. Wɔhwɛ hu sɛ Adansefo dodow a wɔde asasesin biako hyɛ wɔn nsa no ye, na afei nso wɔatete wɔn a wɔde ahyɛ wɔn nsa no yiye. Wɔde mmɔden a ɛte saa a wɔnam nhyehyɛe pa so bɔ ho amanneɛbɔ ma wɔ nsase pii so. Ɛno nti, wɔrenya anigyefo pii a anka ebia wɔrennya wɔn wɔ afie afie som adwuma no mu da.
Wogyina Pintinn
12, 13. (a) Ɔkwan bɛn na Satan de Yehowa Adansefo faa so wɔ 1997 mu? (b) Ɔkwan bɛn so na atosɛm bi dii nkogu wɔ ɔman bi mu?
12 Wɔ 1997 mu no, nkurɔfo de atoro nsopa a ɛyɛ hu too Yehowa Adansefo so wɔ aman bi so, a ɛda adi sɛ adwene a na ɛwɔ akyiri ne sɛ wɔpɛ sɛ wɔbara wɔn. Nanso ampusuw wɔn! (Dwom 112:7, 8) Wɔkaee odwontofo no mpaebɔ yi: “Ahantanfo atoatoa atoro ato me so, me de, mede me koma nyinaa miso wo nsiesiei mu.” (Dwom 119:69) Baguam nsopa a ɛtete saa no yɛ adanse ara kwa a ɛkyerɛ tan a wɔbɛtan Kristofo sɛnea Yesu hyɛɛ ho nkɔm no. (Mateo 24:9) Na ɛtɔ mmere bi a etumi tew fa so. Ɔbarima bi a ɔwɔ Belgium kenkanee asɛmmɔne bi a wɔkyerɛw faa Yehowa Adansefo ho wɔ atesɛm krataa bi a ɛba da biara da a agye din mu. Esiane sɛ saa nsopa no yɛɛ no ahodwiriw nti, ɔkɔɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa bi so Kwasida a edi hɔ no. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ Adansefo no ne no mmesua Bible, na onyaa nkɔanim ntɛmntɛm. Bere bi a atwam no, na saa ɔbarima yi ka basabasayɛfo kuw bi ho. Ne Bible adesua no boaa no ma osiesiee n’abrabɔ, maa nnipa a wɔbɛn no hui. Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔkyerɛw saa asɛm no anhwɛ kwan sɛ biribi a ɛte saa na ebefi mu aba!
13 Komapafo a wɔwɔ Belgium no bi akasa atia atosɛm no. Wɔn mu biako ne obi a bere bi na ɔyɛ ɔman soafo panyin, a ogye toom sɛ n’ani agye nea Yehowa Adansefo atumi ayɛ no ho paa. Mmarahyɛ baguani bi nso kyerɛwee sɛ: “Nea ɛne nsɛmmɔne a ɛtɔ mmere bi a wɔkeka fa wɔn ho no bɔ abira no, mimmu [Yehowa Adansefo] sɛ nnipa a wɔn ho yɛ hu kakraa bi mpo ma Ɔman asoɛe ahorow no. Wɔyɛ ɔmamfo a wɔpɛ asomdwoe, wɔwɔ ahonim pa, na wobu atumfoɔ.” Nyansa wɔ ɔsomafo Petro nsɛm yi mu ampa sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ‘ɔhwɛ da no.’”—1 Petro 2:12.
Nkaedi Afahyɛ a Ɛda Nsow
14. Nnipa dodow a wɔkɔɔ 1997 Nkaedi no ho amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye bɛn na wonyae?
14 Ɛfata sɛ wɔn a wodi Yesu ho adanse no bu ne wu ho Nkaedi no sɛ ɛyɛ bere titiriw wɔ afe biara mu. Wɔ 1997 no, nnipa 14,322,226 na wɔbaa adeyɛ no ase wɔ March 23. (Luka 22:14-20) Wɔ nsase pii so no, nnipa a wɔkɔɔ Nkaedi no dodow boroo Ahenni adawurubɔfo dodow no so koraa, na ɛkyerɛe sɛ wobetumi anya nkɔso pii daakye. Wɔ Haiti sɛ nhwɛso no, wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 10,621 wɔ 1997 mu, na nnipa 67,259 na wɔkɔɔ Nkaedi no. Wubetumi ahwɛ afe amanneɛbɔ a ɛwɔ kratafa 18 kosi 21 no, ahu aman dodow a sɛ wɔde adawurubɔfo dodow a wɔwɔ no yɛ ntotoho a, wɔn a wɔkɔɔ bi wɔ hɔ no dɔɔso saa ara no.
15. Wɔ aman bi mu no, ɔkwan bɛn so na yɛn nuanom dii nsɛnnennen akɛse so ansa na wɔretumi ayɛ Nkaedi no?
15 Wɔ ebinom fam no, na Nkaedi no kɔ nyɛ mmerɛw. Wɔ Albania no, ɔmanko nti, na wɔahyɛ mmara sɛ ɛbɔ anwummere nnɔn 7:00 a, ɛnsɛ sɛ obiara pue. Nkaedi no fii ase anwummere nnɔn 5:45 wɔ akuw nketewa 115 mu wɔ ɔman no nyinaa mu. Owia kɔtɔe anwummere nnɔn 6:08, na saa bere no na Nisan 14 fii ase. Wɔde adidi ho nsɛnkyerɛnne no faa atiefo anim anwummere bɛyɛ nnɔn 6:15. Wɔ mmeae dodow no ara no, bere a wɔbɔɔ mpae a wɔde repɔn no, na abɔ anwummere nnɔn 6:30, na wɔn a wɔkɔɔ bi no yɛɛ ntɛm kɔɔ fie ansa na bere a ɛnsɛ sɛ obiara pue no asõ. Eyi nyinaa akyi no, nnipa 3,154 na wɔkɔɔ Nkaedi no, bere a na adawurubɔfo dodow a ɛsen biara no yɛ 1,090. Wɔ Afrika ɔman bi mu no, ɔmanko amma wɔantumi ankɔ Ahenni Asa so, enti mpanyimfo baanu yɛe sɛ wɔbɛkɔ ɔpanyin foforo fie akohyiam ayɛ nhyehyɛe ma wɔayɛ afahyɛ no wɔ akuw nketewa mu. Ná ɛsɛ sɛ mpanyimfo baanu no twa suka bi ansa na wɔatumi akɔ fie hɔ. Nanso, na wɔreko wɔ saa beae no, na na atɛwfo tow obiara a ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obetwa saa suka no tuo. Ɔpanyin biako de mmirika twae a biribiara ansi. Bere a nea ɔka ho no retwam no, ɔtee tuo nnyigyei. Ɔtow ne ho hwee fam, weawea kɔɔ baabi a ɛhɔ ye bere a tuo aboba nenam ne tiri so. Mpanyimfo no nhyiam no tumi baa so, na wodii asafo no ahiade ho dwuma.
“Wofi Aman ne Mmusuakuw . . . ne Ɔkasa Nyinaa Mu”
16. Ɔkwan bɛn so na akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ayɛ nhyehyɛe na ama wɔaka asɛmpa no wɔ kasa a nnipa kakraa bi na wɔka mu?
16 Ɔsomafo Yohane kae sɛ nnipakuw kɛse no befi “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:9) Enti, Sodikuw no yɛ nhyehyɛe ma wonya nhoma wɔ kasa pii mu ka ho—a mmusuakuw a wɔwɔ mmeae a atew ne ho ne nkurɔfo a wɔnnɔɔso ka ho. Wɔ Mozambique sɛ nhwɛso no, woyii Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no adi wɔ kasa afoforo anum mu. Wɔ Nicaragua no, wɔyɛɛ Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! nhomawa no wɔ Miskito kasa mu—Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma a edi kan a wɔayɛ wɔ saa kasa no mu. Miskito Indiafo bebree de anigye gyee nhomawa no toom bere a wohui wɔ wɔn ankasa kasa mu no. Wɔ 1997 mu no, Asafo ti no maa hokwan sɛ wontintim nhoma wɔ kasa afoforo 25 mu nka ho, na wotintim nsɛmma nhoma bɛboro ɔpepepem biako.
17. Nnipa a wɔka kasa bɛn na wɔboaa wɔn wɔ Korea, na ɔkwan bɛn so na video ahorow aboa nnipa a wɔte hɔ no kɛse?
17 Wɔ Korea no, wɔboaa nnipa a wɔka kasa foforo nso. Afe 1997 na wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam a edi kan wɔ Korea mum kasa mu. Mum kasa mu asafo ahorow 15 na ɛwɔ Korea na emu adawurubɔfo yɛ 543, nanso nnipa 1,174 na wɔkɔɔ nhyiam no, na wɔbɔɔ nnipa 21 asu. Nea ɛbɛboa asotifo a wontumi nte kasa anaa akyerɛw ase yiye no, wɔreyeyɛ nhoma ahorow wɔ video kasɛt so wɔ mum kasa ahorow 13 mu. Enti, wɔreboa nnipa a wɔyɛ mum ma wɔatumi “akenkan” asɛmpa no, na wɔasua mpo, na asow aba pii. Wɔ United States no, na etumi gye obi a ɔyɛ mum mfe bɛyɛ anum ansa na watumi anya nkɔanim akodu asubɔ ho. Seesei a yɛwɔ video ahorow wɔ Amerika Mum Kasa mu no, ɛso atew aba bɛyɛ afe biako wɔ wɔn a wɔyɛ mum no bi fam.
‘Teaseɛnam no mu a Yɛbɛkɔ So Atra’
18. Bere a ohyiaa Yehonadab no, dɛn na Yehu fii ase yɛe?
18 Wɔ 905 A.Y.B. mu, bere a Yehu nyaa Yehonadab kaa ne ho no, ofii ase tutuu atoro som ase. Ɔtoo nsa frɛɛ Baal asomfo nyinaa sɛ: “Mompae nhyia kronkron mma Baal.” Afei ɔsoma kɔɔ ɔman no nyinaa mu kɔhwɛ hui sɛ wontwaa Baal asomfo no mu biara nnyae. Bere a nnipa pii baa atoro nyame no asɔredan kɛse no mu no, wɔhwɛ hui sɛ Yehowa somfo biara nka wɔn ho wɔ hɔ. Awiei koraa no, Yehu ne n’asraafo dɔm no kunkum Baal asomfo no. “Sɛɛ na Yehu sɛee Baal fii Israel.”—2 Ahene 10:20-28.
19. Esiane nea ɛda hɔ retwɛn adesamma nti, su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi, na adwuma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyem denneennen?
19 Ɛnnɛ, atoro som nyinaa atemmu a etwa to abɛn yiye. Kristofo repae mu ka asɛmpa kyerɛ adesamma nyinaa wɔ abɔfo akwankyerɛ ase, na wɔrehyɛ wɔn nkuran sɛ wonsuro Nyankopɔn na wɔntwe wɔn ho mfi atoro som ho. (Adiyisɛm 14:6-8; 18:2, 4) Wɔhyɛ wɔn a wodwo nkuran sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ Yehowa Hene a ɔde no asi agua so, Yesu Kristo nsam no ase. (Adiyisɛm 12:10) Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn nsiyɛ kɔ fam bere a yegyina nokware som akyi wɔ bere a nsɛm akɛse resisi yi mu no.
20. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ 1998 ɔsom afe no mu?
20 Bere bi a na Ɔhene Dawid ho akyere no paa no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Me koma atim, Onyankopɔn, me koma atim, mɛto dwom na mayi ayɛ. [Yehowa, NW] mɛda wo ase aman mu.” (Dwom 57:7, 9) Ɛmmra sɛ yɛn nso yebetintim. Wɔ 1997 ɔsom afe no mu no, wɔtoo ayeyi nnwom a emu yɛ den de hyɛɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam, ɛmfa ho ɔhaw pii a wohyiae. Ɛmmra sɛ yɛbɛte nteɛm a ɛte saa, anaa nea ɛsen saa mpo wɔ ɔsom afe a yɛawura mu yi mu. Na eyi mmra saa ɛmfa ho nea Satan bɛbɔ mmɔden ayɛ sɛ ɔde rebu yɛn abam anaa ɔde resiw yɛn kwan no. Saayɛ so no, yɛbɛkyerɛ sɛ yɛda so ara wɔ Yehu Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo ho koma pa, na yɛde yɛn kra nyinaa bedi afotu a efi honhom mu yi so: “Treneefo, momma mo ani nnye [Yehowa, NW] ho, na munni ahurusi! Komam teefo nyinaa, momfa anigye nhuro!”—Dwom 32:11.
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Nsakrae bɛn na ɛbaa Israel wɔ 905 A.Y.B. mu?
◻ Henanom na nnɛ wogyina hɔ ma Yehu, na ɔkwan bɛn so na “nnipakuw kɛse” no akyerɛ sɛ wɔwɔ ne “ho koma pa”?
◻ Afe afe amanneɛbɔ no mu akontaabu ahorow bɛn na ɛkyerɛ nsiyɛ a Yehowa Adansefo daa no adi wɔ 1997 ɔsom afe no mu?
◻ Ɛmfa ho nea Satan bɛyɛ atia yɛn biara no, su bɛn na yɛbɛda no adi wɔ 1998 ɔsom afe no mu?
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 18-21]
YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 1997 ƆSOM AFE AKONTAABU
(Hwɛ bound volume)
[Kratafa 15 mfonini]
Dodow a ɛkyɛn so a wɔbaa Nkaedi no kyerɛ sɛ yebetumi anya nkɔanim pii daakye
[Kratafa 16 mfonini]
Sɛnea Yehonadab boaa Yehu no, saa ara na nnɛ “nnipakuw kɛse” no boa Yehu Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, ne ne nuanom a wɔasra wɔn no