Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 2/1 kr. 29-31
  • Ɛyɛ Ayeyi Anaa Adɛfɛdɛfɛsɛm?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛyɛ Ayeyi Anaa Adɛfɛdɛfɛsɛm?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayeyi ne Adɛfɛdɛfɛsɛm Ho Nkyerɛkyerɛmu
  • Kyerɛwnsɛm no Adwene
  • Adɛfɛdɛfɛ—Ɛyɛ Afiri
  • Adɛfɛdɛfɛsɛm Ho Ahwɛyiye
  • Yi Ayɛ Wɔ Bere a Ɛfata Mu
  • Kamfo Yehowa, Yɛn Nyankopɔn No!
    To Dwom Ma Yehowa
  • Kamfo Yɛn Nyankopɔn Yehowa!
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
  • Sɛnea Wode Nkamfoɔ a Ɛfata Bɛma Mmofra
    Nyan!—2015
  • Mmofra, Munyi Yehowa Ayɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 2/1 kr. 29-31

Ɛyɛ Ayeyi Anaa Adɛfɛdɛfɛsɛm?

OBI ka kyerɛ wo sɛ, “Wo ti yi fata wo paa!” So ɛyɛ ayeyi anaa adɛfɛdɛfɛsɛm? “Atade no fata wo paa!” Ɛyɛ ayeyi anaa adɛfɛdɛfɛsɛm? “Aduan yi yɛ dɛ sen aduan biara a madi pɛn!” So ɛyɛ ayeyi anaa adɛfɛdɛfɛsɛm? Sɛ wɔkamfo yɛn saa a, ebia yɛrentumi nhu sɛ efi komam, na ɛyɛ nokware, anaasɛ ɛyɛ nea onii no reka ama yɛn ani agye kwa.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ ebia nea obi ka kyerɛ yɛn no yɛ ayeyi anaa adɛfɛdɛfɛsɛm? So ɛho hia? So yɛrentumi mfa nea obi kae no saa ara mma yɛn tirim nyɛ yɛn dɛ? Na sɛ yeyi afoforo ayɛ nso ɛ? Yɛapɛɛpɛɛ yɛn adwene a yekura mu ahwɛ pɛn? Nsɛmmisa yi a yebesusuw ho no betumi aboa yɛn ma yɛada nhumu adi na yɛde yɛn tɛkrɛma adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛde ayeyi brɛ Yehowa Nyankopɔn so.

Ayeyi ne Adɛfɛdɛfɛsɛm Ho Nkyerɛkyerɛmu

Webster’s Dictionary kyerɛ ayeyi ase sɛ anisɔ ne nkamfo a wɔda no adi, na asɛmfua no betumi akyerɛ ɔsom anaa anuonyamhyɛ nso. Ɛda adi pefee sɛ ntease abien a etwa to no fa ayeyi a wɔde ma Yehowa Nyankopɔn no nkutoo ho. Eyi yɛ nokware som fã titiriw, sɛnea odwontofo a honhom kaa no no tu fo no: “Eye . . . , na ɛyɛ dɛ, ayeyi fata.” “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ.”—Dwom 147:1; 150:6.

Nanso, eyi nkyerɛ sɛ yentumi nyi nnipa ayɛ. Yebetumi ayɛ saa denam nkamfo, anisɔ, anaa bem a yebebu obi so. Wɔ ɛbɛ bi a Yesu bui mu no, owura bi ka kyerɛ n’akoa sɛ: “Mo, akoa pa ne nokwafo!”—Mateo 25:21.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔkyerɛ adɛfɛdɛfɛsɛm ase sɛ nkɔnkɔnsa ayeyi a emfi komam anaa ɛtra so, na mpɛn pii no, nea ɔka adɛfɛdɛfɛsɛm no kura pɛsɛmenkominya adwene. Wɔde anifere kwan so nkamfo anaa ahoahoa ma ɔfoforo de pɛ n’anim dom anaa honam fam mfaso bi, anaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi ma nea ɔka adɛfɛdɛfɛsɛm no. Enti pɛsɛmenkominya na ɛkanyan wɔn a wɔdɛfɛdɛfɛ afoforo no. Sɛnea Yuda 16 ka no, “mfaso nti [na] wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.”

Kyerɛwnsɛm no Adwene

Dɛn ne Kyerɛwnsɛm no adwene wɔ yɛn mfɛfo nnipa a yebeyi wɔn ayɛ no ho? Yehowa de nhwɛso a yebetumi adi akyi ma yɛn. Wɔka kyerɛ yɛn wɔ Bible no mu sɛ sɛ yɛyɛ Yehowa apɛde a, wobeyi yɛn ayɛ. Ɔsomafo Paulo ka sɛ “Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.” Petro ka kyerɛ yɛn sɛ yɛn gyidi a wɔasɔ ahwɛ no bɛfata “ama ayeyi.” Enti nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa beyi nnipa ayɛ no kyerɛ yɛn sɛ, ayeyi a efi komam a yɛde bɛma no yɛ ayamye, ɔdɔ, ne adeyɛ a mfaso wɔ so a yentumi mmu yɛn ani ngu so.—1 Korintofo 4:5; 1 Petro 1:7.

Sɛnea Bible kyerɛ no, baabi foforo a yebetumi anya ayeyi afi ne aban atumfoɔ a wɔhwɛ yɛn nneyɛe pa na wofi komam kamfo yɛn no. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ “yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyi.” (Romafo 13:3) Yebetumi nso anya ayeyi afi nnipa a wofi komam gye nea wɔka di na wonni adwemmɔne biara wɔ ayeyi a wɔde ma yɛn no mu hɔ. Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ka wɔ Mmebusɛm 27:2 sɛ: “Ma obi nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ano.” Eyi kyerɛ sɛ gye a yebegye nnipa ayeyi atom no fata.

Ɛnte saa wɔ afoforo a yɛbɛdɛfɛdɛfɛ wɔn anaa wɔbɛdɛfɛdɛfɛ yɛn no ho. Dɛn nti na Yehowa ani nnye adɛfɛdɛfɛsɛm ho? Ade biako ne sɛ ɛnyɛ adwempa, na Yehowa kasa tia adwemmɔne. (Fa toto Mmebusɛm 23:6, 7 ho.) Bio nso, ɛnyɛ nokware. Bere a odwontofo no reka wɔn a Onyankopɔn ani rensɔ wɔn ho asɛm no, ɔka sɛ: “Nkontompo nko na wotwitwa kyerɛ wɔn ho, ano a ɛdɛfɛdɛfɛ ne koma nta na wɔde kasa. Ma Yahweh ntwa ano a ɛdɛfɛdɛfɛ nyinaa nkyene.”—Dwom 12:2, 3, The Jerusalem Bible.

Nea ɛsen ne nyinaa no, adɛfɛdɛfɛ nkyerɛ ɔdɔ. Pɛsɛmenkominya na ɛde ba. Bere a ɔkaa wɔn a wɔdɛfɛdɛfɛ no ho asɛm wiei no, odwontofo Dawid fa wɔn asɛm ka sɛ: “Yɛn tɛkrɛma na yɛde di abaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hena na obedi yɛn so?” Yehowa ka pɛsɛmenkominyafo a wɔte saa ho asɛm sɛ ‘wɔn a wɔsɛe abrɛfo.’ Wɔmfa wɔn tɛkrɛma a ɛdɛfɛdɛfɛ no nhyɛ afoforo den, na mmom wɔde sɛe wɔn anaa wɔde haw wɔn.—Dwom 12:4, 5.

Adɛfɛdɛfɛ—Ɛyɛ Afiri

“Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, osum n’anammɔn afiri.” Saa na onyansafo Ɔhene Salomo kae, na ɛyɛ nokware dɛn ara! (Mmebusɛm 29:5) Farisifo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔnam adɛfɛdɛfɛ so besum Yesu afiri. Wɔkae sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wokyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim.” Hwɛ sɛnea eyi betumi ama obi ti ada! Nanso wɔn tɛkrɛmakyene no annya Yesu. Ná onim sɛ wonnye ne nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nokware no nni, na mmom na wɔpɛ sɛ wosum no afiri wɔ ne kasa mu wɔ asɛm a ɛfa tow a wotua ma Kaesare ho no mu.—Mateo 22:15-22.

Nea ɔne Yesu bɔ abira koraa ne Ɔhene Herode a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan mu no. Bere a ɔmaa ɔkasa wɔ baguam wɔ Kaesarea kurom no, ɔman no bɔ gyee so sɛ: “Onyame bi nne ni, na ɛnyɛ onipa de.” Sɛ́ anka ɔbɛka ɔman no anim wɔ ayeyi hunu a ɛnyɛ nokware yi ho no, Herode gyee adɛfɛdɛfɛsɛm no toom. Yehowa bɔfo de ɛho asotwe bae ntɛm ara denam dɔ a ɔmaa Herode dɔɔ mmoaa ma owui no so.—Asomafo no Nnwuma 12:21-23.

Kristoni a ne ho akokwaw bɛma n’ani ada hɔ na watumi ahu adɛfɛdɛfɛsɛm. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo titiriw hwɛ yiye bere a obi a wɔredi n’asɛm no ka adɛfɛdɛfɛsɛm pii kodu baabi mpo a ebia ɔde ɔpanyin bi bɛtoto ɔfoforo ho na waka akyerɛ obiako sɛ ɔwɔ ayamye ne tema paa sen ɔfoforo no.

Bible no da asiane foforo a adɛfɛdɛfɛ betumi de aba adi pefee bere a ɛka ɔkwan a ɔbea guamanfo bi faa so too aberante bi brada ho asɛm no. (Mmebusɛm 7:5, 21) Kɔkɔbɔ yi yɛ nea ɛfata nnɛ tebea yi. Wɔn a wotu wɔn fi Kristofo asafo no mu afe biara no mu dodow no ara fi ɔbrasɛe. So ebetumi aba sɛ bɔne a anibere wom yi nam adɛfɛdɛfɛsɛm so na ɛbae? Esiane sɛ nnipa pɛ nkamfo na wɔpɛ sɛ wɔka wɔn ho asɛmpa nti, ano a ɛka adɔkɔdɔkɔsɛm betumi abrɛ Kristoni bi ahoɔden a ɔde gyina ɔbrasɛe ano ase. Sɛ wɔanhwɛ yiye wɔ ho a, ebetumi akowie ɔhaw kɛse mu.

Adɛfɛdɛfɛsɛm Ho Ahwɛyiye

Adɛfɛdɛfɛsɛm ma nea wɔdɛfɛdɛfɛ no no tirim yɛ no dɛ na ɛhoahoa no. Ɛma obi bu ne ho kɛse, na ɛma osusuw sɛ ɔkorɔn sen afoforo wɔ ɔkwan bi so. Nyansapɛfo François de La Rochefoucauld de adɛfɛdɛfɛ totoo sika bɔne “a ɛnyɛ mma hwee sɛ nnaadaa” no ho. Enti ɔkwan a obi bɛfa so abɔ ne ho ban ne sɛ obetie ɔsomafo Paulo afotu a emu da hɔ yi: “Meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no.”—Romafo 12:3.

Ɛwom sɛ yefi awosu mu wɔ ɔpɛ sɛ yɛte nsɛm a ɛyɛ dɛ de, nanso mpɛn pii no, nea yehia ankasa ne afotu ne nteɛso a egyina Bible so. (Mmebusɛm 16:25) Ná Ɔhene Ahab pɛ sɛ ɔte nsɛm a ɛyɛ n’asom dɛ nkutoo; n’asomfo mpo ka kyerɛɛ odiyifo Mikaia sɛ ɔmma ne nsɛm nyɛ ‘sɛ wɔn mu biako [Ahab adiyifo a wɔka adɛfɛdɛfɛsɛm no], na ɔnka nea eye.’ (1 Ahene 22:13) Sɛ Ahab nyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ aso ama nsɛm a wɔkaa no penpen no, na wasesa n’atuatew akwan a, anka obetumi akwati nkogudi ahorow a Israel dii ne nankasa wu nso. Yɛn ankasa honhom fam yiyedi nti, ɛsɛ sɛ yetie Kristofo mpanyimfo a wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn ma yɛtra nokware kwan a ɛteɛ no mu no afotu a ɛyɛ pintinn nanso efi ɔdɔ mu no, sen sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ nkurɔfo a nkamfo ne adɛfɛdɛfɛsɛm nko ara na wɔka gu yɛn asom bere nyinaa no!—Fa toto 2 Timoteo 4:3 ho.

Ntease biara nnim sɛ Kristofo de wɔn ho bɛhyɛ adɛfɛdɛfɛsɛm mu. Te sɛ ɔnokwafo Elihu no, wɔde ahotoso bɔ mpae sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim, na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa; na minnim m’ano adɛfɛdɛfɛ, anka ebia ɛbɛka ketewaa sɛɛ, na me yɛfo afa me akɔ.” Afei te sɛ Paulo no, wobetumi aka sɛ: “Yɛanka adɛfɛdɛfɛsɛm da, . . . nso yɛamfa nsɛm anyɛ anibere nkataso.”—Hiob 32:21, 22; 1 Tesalonikafo 2:5, 6.

Yi Ayɛ Wɔ Bere a Ɛfata Mu

Ɛbɛ a efi honhom mu no kyerɛ sɛ ayeyi betumi adi dwuma sɛ twerɛbo a wɔde sɔ nneɛma hwɛ bere a ɛka sɛ: “Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika kɔkɔɔ, na ayeyi na wɔde hu suban.” (Mmebusɛm 27:21, The New English Bible) Yiw, ayeyi betumi ama obi ate nka sɛ ɔkorɔn anaa wayɛ ahantan ama wahwe ase. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ ogye tom sɛ Yehowa na ɔma otumi yɛɛ biribiara a ɛde ayeyi brɛɛ no no a, ebetumi ada no adi sɛ odwo, na ɔbrɛ ne ho ase.

Nneyɛe pa anaa botae bi a obi tumi du ho ho ayeyi a efi komam hyɛ nea ɔde ma ne nea woyi no ayɛ no nyinaa nkuran. Ɛboa ma wɔde ɔdɔ kyerɛ wɔn ho wɔn ho anisɔ. Ɛhyɛ nkuran ma wodi botae a ɛfata ayeyi akyi. Ayeyi a ɛfata a wɔde ma mmofra betumi ama wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho mmɔden kɛse. Bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedu gyinapɛn a wɔhwehwɛ sɛ wodu ho ho no, ebetumi aboa ma wɔanya suban pa.

Enti, momma yɛnkwati adɛfɛdɛfɛsɛm—sɛ ebia efi yɛn anaa afoforo hɔ no. Sɛ woyi yɛn ayɛ a, momma yɛmfa ahobrɛase nnye. Na momma yemfi ayamye ne koma nyinaa mu mfa ayeyi mma—yɛmfa mma Yehowa bere nyinaa, wɔ yɛn som mu, na yemfi koma mu nkamfo yɛn nuanom na yɛnkyerɛ wɔn ho anisɔ, bere a yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ “asɛm a wɔka ne bere mu, eye dɛn ara!” no.—Mmebusɛm 15:23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena