Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 3/1 kr. 4-7
  • Dɛn Nti na Wɔrepa Kyɛw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Wɔrepa Kyɛw?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɔre Nkabom ne Abrabɔ Gyinapɛn
  • Ɛnyɛ Obiara na Ɔpene So
  • Ɔsoro Atemmu
  • Asɔre Horow no Ka Wɔn Bɔne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Paapa Ho Akwantu Ahorow—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?
    Nyan!—1984
  • Nea John Paul II Reyɛ—So Obetumi Aka N’asɔre A Emu Apaapae No Abom?
    Nyan!—1980
  • So ‘Nokware Asɔre’ Biako Pɛ na Ɛwɔ Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 3/1 kr. 4-7

Dɛn Nti na Wɔrepa Kyɛw?

ADWENE a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ asɔre horow no sakra wɔn adwene fi wɔn mfomso ahorow ho na wɔyɛ nsiesie wɔ wɔn mu no nyɛ ade foforo. Nyamesom ho nsɛm asekyerɛ nhoma Religioni e miti (Nyamesom ne Anansesɛm), ka sɛ nkurɔfo ani gyee nea na wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ tete asɔre no nokwaredi no ho wɔ Mfinimfini Mmere no mu, na ɛmaa nnipa pii kasaa mu sɛ wɔnyɛ nsiesie.

Bere a Martin Luther ne Roma tetew mu wɔ 1523 mu akyi no, Pope Adrian VI bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka wɔn abom denam nkra yi a ɔde kɔmaa Nuremberg Atitiriw no so: “Yenim paa sɛ wɔama kwan ma nneɛma a anka ɛmfata agye ntini mfe pii wɔ Pope Tumidi no ho . . . Yɛbɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛyɛ nsiesie wɔ Roma Asafo no a ebia nnebɔne yi nyinaa fi bae no mu.” Nanso gye a wogye toom no antumi anyi mpaapaemu anaa ɔporɔw a ɛwɔ pope Asafo no mu no.

Nnansa yi ara, wɔakasa atia ka a asɔre no anka Okunkɛse no ho asɛm biara no. Afei nso, wɔabɔ wɔn sobo wɔ gyae a wɔmma wɔn asɔrefo nnyae akodi no ho. Wɔ 1941 mu, bere a na Wiase Ko II rekɔ so no, ɔsɔfo bi a wɔfrɛ no Primo Mazzolari bisae sɛ: “Dɛn nti na Roma nkasa ntiaa Katolek nkyerɛkyerɛ a wɔresɛe no no denneennen sɛnea na anka wɔyɛ, na wɔda so yɛ wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛnyɛ hu pii ho no?” Nkyerɛkyerɛ a ɛnyɛ hu nsen dɛn? Ná ɔsɔfo no reka ɔmampɛ honhom a ɛde akodi ba a saa bere no na ɛresɛe anibue no ho asɛm.

Nanso nokwasɛm no ne sɛ, ɛnyɛ nnansa yi a, anka ɛyɛ den paa sɛ asɔre begye ne mfomso atom. Bere a Gregory XVI reyi wɔn a wɔhyɛɛ Katolek Asɔre no nkuran sɛ ‘ɛnsakra ne ho’ no ano wɔ 1832 mu no, ɔkae sɛ: “Ɛda adi sɛ ntease nnim, na asiane wom sɛ wɔbɛka sɛ [asɔre no] ahobammɔ ne ne nkɔso nti, ‘wɔnsesɛw no nyɛ mu nsakrae’ te sɛ nea etumi di mfomso.” Sintɔ ahorow a na wontumi mmu ani ngu so no nso ɛ? Wɔfaa akwan horow so yiyii wɔn ho ano wɔ ho. Sɛ nhwɛso no, nyamekyerɛfo bi asi wɔn bo aka sɛ asɔre no yɛ kronkron na bɔne nso wom. Wɔka sɛ ahyehyɛde no ankasa yɛ kronkron—a Onyankopɔn abɔ ho ban afi mfomso ho. Nanso, emufo yɛ abɔnefo. Enti sɛ wodi nsɛmmɔne wɔ asɔre din mu a, nkurɔfo a wɔwɔ mu no na ɛsɛ sɛ wonunu wɔn, na ɛnyɛ ahyehyɛde no. So ntease wɔ ɛno mu? Ɛnte saa wɔ Katolekni nyamekyerɛfo Hans Küng a ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ nokware sɛ Asɔre a sintɔ nnim wɔ adesamma wiase no mu,” no fam. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Asɔre a enni mfomso biara nni hɔ.”

Asɔre Nkabom ne Abrabɔ Gyinapɛn

Ebia w’adwene mu bɛyɛ wo nãã wɔ nea ama asɔre ahorow repa kyɛw no ho. Mfitiase no, Protestant ne Ortodoksfo gyee “mpaapaemu a kan no ɛbaa” asɔre horow no mu no ho asodi toom. Wɔyɛɛ eyi wɔ “Gyidi ne Nhyehyɛe Pa” asɔre nkabom nhyiam, a wɔyɛe wɔ Lausanne, Switzerland, wɔ 1927 mu no ase. Awiei koraa no, Roma Katolek Asɔre no yɛɛ saa ara. Efi Vatican IIa so titiriw na asɔre mpanyimfo paa, a popenom ka ho, akɔ so asrɛ bɔne fafiri wɔ mpaapaemu a ɛwɔ Kristoman mu no ho. Atirimpɔw bɛn ntia? Ɛda adi sɛ wɔpɛ sɛ biakoyɛ ba Kristoman mu kɛse. Katolek abakɔsɛm kyerɛwfo Nicolino Sarale kae sɛ John Paul II “‘afodi a wogye tom’ adwuma no kura botae bi, na ɛno ne asɔre nkabom.”

Nanso, ɛkyerɛ pii sen asɔre nkabom ara kwa. Ɛnnɛ, wonim Kristoman abakɔsɛm a agye dimmɔne no wɔ mmeae pii. Nyamekyerɛfo Hans Urs von Balthasar ka sɛ: “Katolekfo ntumi mmu wɔn ani ngu abakɔsɛm yi nyinaa so. N’ankasa Asɔre ayɛ nneɛma anaa ama kwan ma wɔayɛ nneɛma bi a akyinnye biara nni ho sɛ yɛrennye ntom nnansa yi.” Ne saa nti, pope atu nkurɔfo sɛ “wɔnkyerɛkyerɛ asɔre no abakɔsɛm a enye no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a . . . wobetumi asrɛ bɔne fafiri.” Enti ade foforo nti a asɔre no pɛ sɛ wobu wɔn ho fɔ no ne sɛ wɔpɛ sɛ wonya obu a na wɔwɔ wɔ abrabɔ gyinapɛn ho no bio.

Saa ara na bere a abakɔsɛm kyerɛwfo Alberto Melloni reka bɔne fafiri a asɔre no resrɛ ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nokwarem no, nea mpɛn pii wɔsrɛ ara ne sɛ wobebu wɔn ani agu asodi no so kakra.” Yiw, ɛte sɛ nea Katolek Asɔre no rebɔ mmɔden sɛ wobepia bɔne a wɔyɛe bere bi a atwam no ho asodi ato nkyɛn na ama anya ɔmamfo anim dom bio. Nanso nokwarem no, yebetumi aka sɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔne wiase ntam a wobesiesie no hia wɔn sen wɔne Nyankopɔn ntam.

Suban a ɛte saa ma yɛkae Saul, Israel hene a odi kan no. (1 Samuel 15:1-12) Ɔyɛɛ bɔne a anibere wom, nanso bere a ɛbɛdaa adi no, odii kan bɔɔ mmɔden sɛ obebu ne ho bem—obeyi ne ho ano—akyerɛ Onyankopɔn diyifo nokwafo, Samuel. (1 Samuel 15:13-21) Akyiri yi, ɔhene no gye toom wɔ Samuel anim sɛ: “Mayɛ bɔne sɛ mafom [Yehowa, NW] anom asɛm . . . so.” (1 Samuel 15:24, 25) Yiw, ogyee ne mfomso toom. Nanso ne nsɛm a edi so a ɔka kyerɛɛ Samuel no maa nea na ehia no kɛse wɔ n’adwenem no daa adi: “Mayɛ bɔne de, nanso afei di me nĩ me man mpanyin ne Israel anim.” (1 Samuel 15:30) Ɛda adi sɛ na Saul dibea wɔ Israel no ho hia no sen sɛ obesiesie ɔne Onyankopɔn ntam. Saa su yi amma Onyankopɔn amfa Saul mfomso amfiri no. So wususuw sɛ sɛ asɔre ahorow no da su a ɛte saa adi a, Onyankopɔn de wɔn bɔne befiri wɔn?

Ɛnyɛ Obiara na Ɔpene So

Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔpene so sɛ asɔre no nsrɛ bɔne fafiri wɔ baguam. Sɛ nhwɛso no, Roma Katolekfo pii ani nnye, bere a wɔn pope no srɛ nkoasom ho bɔne fafiri anaasɛ wobu “ɔsom mu awaefo” te sɛ Hus ne Calvin, bem no. Sɛnea nsɛm bi a efi Vatican kyerɛ no, asɔfopɔn a na wɔahyiam reyɛ asɔre mpanyimfo nhyiam bi wɔ June 1994 mu no kasa tiaa krataa a wɔde kɔmaa asɔfopɔn a na ɛreka “atemmu mu nhwehwɛmu” a wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔ Katoleksom no mfirihyia apem a atwam mu no ho asɛm no. Nanso bere a pope no pɛe sɛ ɔde mfaso a ɛwɔ saa nyansahyɛ no mu hyɛ krataa bi a ɔde kɔmaa asɔfopɔn mu no, Italy sɔfopɔn Giacomo Biffi kae wɔ asɔfo krataa bi a ɔkyerɛwee no mu sɛ: “Asɔre no nyɛɛ bɔne biara.” Nanso ogye toom sɛ: “Asɔre nhyehyɛe mu mfomso a wɔayɛ wɔ mfehaha a atwam no a wɔsrɛ ho bɔne fafiri no . . . betumi ama wɔanya yɛn ho adwempa.”

Vatican sɛnkyerɛwfo Luigi Accattoli ka sɛ: “Bɔneka yɛ nsɛm a ɛho asɛm yɛ ka na a ɛsen biara no mu biako wɔ Katolek Asɔre no mu. Sɛ pope gye asɛmpatrɛwfo no mfomso horow tom a, asɛmpatrɛwfo bi nso wɔ hɔ a wofi nokwaredi mu kyi saa.” Afei nso, Roma Katolek sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Sɛ pope wɔ Asɔre ho abakɔsɛm ho adwene a enye koraa saa ampa a, ɛnde ɛyɛ den sɛ yebetumi ate nea enti a afei de ɔka sɛ Asɔre koro yi ara so na ‘hokwan a nnipa wɔ’ no gyina titiriw, ‘ɛna ne ɔkyerɛkyerɛfo’ a ne nkutoo na obetumi adi adesamma anim akɔ mfirihyia apem a ɛto so abiɛsa a anigye wom mu daakye no ase.”

Bible no bɔ kɔkɔ wɔ adwensakra a bɔne ho aniwu na ɛkanyan obi ma ɔda no adi ho. Adwensakra a ɛte saa ntaa mma nea ɔkyerɛ ahonu no nyɛ nsakrae a ɛtra hɔ kyɛ. (Fa toto 2 Korintofo 7:8-11 ho.) “Aba a ɛsɛ adwensakra” ne nea ɛsom bo wɔ Onyankopɔn ani so—kyerɛ sɛ adanse a ɛkyerɛ nokware ahonu.—Luka 3:8.

Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ nea onu ne ho na ɔka ne bɔne no fi bɔne no ho, ogyae yɛ. (Mmebusɛm 28:13) Wɔayɛ eyi? Wiɛ, wɔ Roma Katolek Asɔre no ne asɔre afoforo no bɔneka nyinaa akyi no, dɛn na esii nnansa yi ara wɔ amanko a ɛkɔɔ so wɔ Afrika mfinimfini fam ne Europa Apuei fam bere a “Kristofo” pii nyaa mu kyɛfa no? So asɔre horow no hyɛɛ asomdwoe ho nkuran? So wɔn mpanyimfo no nyinaa de biakoyɛ kasa tiaa nsɛmmɔne a na wɔn asɔremma no redi no? Dabi. Hwɛ, nyamesom akannifo bi mpo nyaa nipakum no mu kyɛfa!

Ɔsoro Atemmu

Bere a Ɔsɔfopɔn Biffi reka afodi a wogye tom a na pope taa ka ho asɛm no ho biribi no, obisae sɛ: “Wɔ bɔne a wɔayɛ atwam ho no, so ɛrenyɛ papa sɛ yɛn nyinaa bɛtwɛn amansan atemmu?” Wiɛ, adesamma nyinaa atemmu abɛn. Yehowa Nyankopɔn nim bɔne a nyamesom adi wɔ abakɔsɛm mu no nyinaa yiye. Ɛrenkyɛ biara, obebu wɔn a wodi ho fɔ nyinaa atɛn. (Adiyisɛm 18:4-8) Ansa na saa bere no bɛba no, so yebetumi ahu ɔsom a enni mogyahwiegu, atirimɔdenne, ne nsɛmmɔnedi afoforo a Kristoman asɔre horow no repa ho kyɛw no ho fɔ? Yiw.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Denam nnyinasosɛm a Yesu Kristo kaa ho asɛm yi a yɛde bedi dwuma no so: “Wɔn aba na mode behu wɔn.” Ɛnyɛ wɔn a Yesu frɛɛ wɔn “atoro adiyifo” no nkutoo na abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ a nyamesom ahorow bi mpɛ sɛ wɔbɔ so no boa yɛn ma yehu, na mmom wɔn a wɔasow “aba pa” no nso. (Mateo 7:15-20) Ɛyɛ henanom? Yɛto nsa frɛ wo sɛ wo ne Yehowa Adansefo nhwehwɛ Bible no mu na wankasa hu. Hwehwɛ wɔn a ɛnnɛ wɔrebɔ mmɔden ankasa sɛ wobedi Onyankopɔn Asɛm so sen sɛ wobenya dibea a nidi wom wɔ wiase no.—Asomafo no Nnwuma 17:11.

[Ase hɔ asɛm]

a Asɔre nkabom bagua a ɛto so 21 a wohyiaam mpɛn anan wɔ Roma fi 1962 kosi 1965 no.

[Kratafa 5 mfonini]

Asɔre horow no repa kyɛw wɔ nsɛmmɔnedi a ɛte sɛɛ ho

[Asɛm Fibea]

The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena