Constantine Ɔkɛseɛ—Obi a Ɔtaa Kristosom Akyi?
Roma Ɔhempɔn Constantine ka nnipa kakraa bi a abakɔsɛm de asɛmfua “Ɔkɛseɛ” hyɛ wɔn din anuonyam no ho. Kristoman de nsɛmfua “ɔhotefo,” “ɔsomafo a ɔto so dumiɛnsa,” “nea ɔyɛ kronkron te sɛ asomafo no ara pɛ,” ne ‘nea wɔnam Onyankopɔn Akwankyerɛ so paw no sɛ ɔmmɛyɛ nsakrae a ɛsen biara wɔ wiase nyinaa.’ Ebinom nso ka Constantine ho asɛm sɛ “owudifo a nnebɔne pii sɛee ne din, na nnaadaa ayɛ no ma, . . . otirimɔdenfo kɛse a odii nsɛmmɔne a ɛyɛ hu.”
WƆAKYERƐKYERƐ nnipa pii a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo sɛ na Constantine Ɔkɛseɛ ka atitiriw a wɔboaa Kristosom yiye no ho. Wɔkamfo no sɛ ogyee Kristofo fii awerɛhow a efi ɔtaa a Romafo de baa wɔn so no mu na ɔma wonyaa ɔsom mu ahofadi. Afei nso, nnipa pii gye di sɛ ɔyɛ Yesu Kristo kyidifo nokwafo a na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛma Kristosom anya nkɔso. Eastern Orthodoks Asɔre ne Coptic Asɔre ayɛ Constantine ne ne maame Helena nyinaa “ahotefo.” Wodi wɔn afahyɛ June 3, anaa sɛnea asɔre no kalenda kyerɛ no, May 21.
Na hena ankasa ne Constantine Ɔkɛseɛ no? Dɛn na ɔyɛe wɔ asomafo no akyi Kristosom mu? Sɛ yɛma abakɔsɛm ne nhomanimfo ma nsɛmmisa yi ho mmuae a, yɛbɛte ase paa.
Abakɔsɛm mu Nipa Constantine
Wɔwoo Constantius Chlorus ba Constantine wɔ Naissus a ɛwɔ Serbia no wɔ afe 275 Y.B. mu. Bere a ne papa bɛyɛɛ ɔhempɔn wɔ Roma atɔe fam amansin mu wɔ 293 Y.B. mu no, na Ɔhempɔn Galerius ama ɔreko wɔ Danube asuo no ho. Constantine kɔɔ ne papa a na ɔrewu no nkyɛn wɔ Britania wɔ afe 306 Y.B. mu. Constantine papa wu akyi pɛɛ no, asraafo no yɛɛ no ɔhempɔn.
Saa bere no, nnipa foforo baanum nso kae sɛ wɔyɛ Augusti (Ahempɔn). Wɔ 306 ne 324 Y.B. ntam, a ɛno akyi Constantine nkutoo bɛyɛɛ ɔhempɔn no, ɔmanko kɔɔ so bere nyinaa. Ɔsa abien a Constantine dii mu nkonim no ma onyaa dibea wɔ Romafo abakɔsɛm mu na ɛmaa ne nkutoo bɛyɛɛ Roma Ahemman no sodifo.
Constantine dii ne tamfo Maxentius so nkonim wɔ 312 Y.B. wɔ Milvian Bridge ɔko no mu wɔ Roma akyi. Kristosom akyigyinafo kyerɛ sɛ wɔ saa ɔko no mu no, wohuu mmeamudua bi a ɛredɛw a Latin nsɛm In hoc signo vinces a asekyerɛ ne “Di nkonim wɔ sɛnkyerɛnne yi mu” wɔ ho. Wɔka nso sɛ wɔka kyerɛɛ Constantine wɔ dae mu sɛ ɔnkyerɛw Kristo din nkyerɛwde abien a edi kan wɔ Hela kasa mu no wɔ n’asraafo kyɛm so. Nanso, mfomso pii wɔ asɛm yi ho. Nhoma A History of Christianity ka sɛ: “Abirabɔ wɔ adanse a wɔde ma wɔ bere pɔtee, beae ne dae yi ho nsɛm mu.” Bere a wɔrema Constantine akwaaba aba Roma no, abosonsom Mmarahyɛ Bagua no frɛɛ no ɔhene Augustus ne Pontifex Maximus, kyerɛ sɛ, ɔyɛ ahemman no abosonsom sɔfopanyin.
Wɔ 313 Y.B. mu no, Constantine ne Ɔhempɔn Licinius, apuei fam amansin no sodifo, yɛɛ biako. Wɔnam Milan Mmara no so maa ɔsom ahorow nyinaa nyaa ɔsom mu ahofadi ne hokwan ahorow a nsonsonoe nni mu. Nanso, abakɔsɛm akyerɛwfo pii bu krataa yi adewa, ka sɛ ɛyɛ aban krataa kɛkɛ na ɛnyɛ ɔhempɔn krataa titiriw bi a ɛkyerɛ sɛ wɔasakra adwene a wokura wɔ Kristosom ho.
Wɔ mfe du a edi hɔ no mu no, Constantine dii ne tamfo a otwa to, Licinius so nkonim, na ɔbɛyɛɛ Roma ahemman no sodifo koraa. Wɔ 325 Y.B. mu, bere a na wonnya mmɔɔ no asu no, ɔyɛɛ otitrani wɔ “Kristofo” asɔre nkabom bagua kɛse a edi kan a ɛkasa tiaa Arius nkyerɛkyerɛ na ɛkyerɛw gyidi atitiriw a ɛne Nicene Gyidikasɛm no so.
Owuyare bɔɔ Constantine wɔ afe 337 Y.B. mu. Wɔ ne nkwa nna a etwa to yi mu no, wɔbɔɔ no asu ansa na ɔrewu. Bere a owui no, Mmarahyɛ Bagua no de no kaa Roma anyame ho.
Sɛnea Ɔsom Daa Adi Wɔ Constantine Nhyehyɛe Mu
Nhoma Istoria tou Ellinikou Ethnous (Hela Man Abakɔsɛm) ka su a na Roma ahempɔn a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abiɛsa ne anan mu kura wɔ ɔsom ho no ho asɛm sɛ: “Wɔn a wɔtraa ahemman no ahengua so a na wɔmpɛ nyamesom kɛse mpo a wogyee adwene a ɛwɔ hɔ saa bere no toom no hui sɛ ɛho hia sɛ wɔma nyamesom yɛ ade titiriw wɔ wɔn amammui nhyehyɛe mu, na anyɛ yiye koraa no wɔde nyamesom bata wɔn nneyɛe ho.”
Nokwarem no, Constantine yɛ obi a na onim ne bere so nsɛm. Wɔ n’ahenni mfiase no, na ohia “ɔsoro” mmoa, na Roma anyame a na wɔn tumi rebrɛ ase no antumi amfa amma. Na ahemman no ne ne som ne ahyehyɛde afoforo regu, na na ehia biribi foforo a ɛbɛma ayɛ den na agyina pintinn. Nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm a wɔfrɛ no Hidria ka sɛ: “Na Constantine ani gye Kristosom ho titiriw efisɛ ɛnyɛ ne nkonimdi nko na ɛboae, na mmom n’ahemman a ɔhyehyɛɛ no foforo no nso. Kristofo asɔre ahorow a na ɛwɔ mmaa nyinaa no gyinaa n’amammui akyi. . . . Ɔde saa bere no mu asɔre mpanyin atitiriw twaa ne ho hyiae. . . , na ɔsrɛɛ sɛ wɔmmma wɔn biakoyɛ nnsɛe.”
Constantine hui sɛ obetumi de “Kristosom”—a na awae na aporɔw kɛse saa bere no—adi dwuma yiye sɛ tumi a ɛbɛhyɛ ne nhyehyɛe kɛse a ɛbɛma wadi ahemman no so mu den na ayɛ biako. Bere a ɔpaw Kristosom a awae no fapem na ama wanya mmoa a ɛbɛma n’amammui nhyehyɛe anya nkɔso no, osii gyinae sɛ ɔbɛka nkurɔfo no abom wɔ “katolek,” anaa wiase nyinaa ɔsom biako mu. Wɔde “Kristosom” mu din too abosonsomfo amanne ne afahyɛ ahorow so. Na wɔde dibea, akatua, ne abosonsomfo asɔfo tumi maa “Kristofo” asɔfo.
Esiane sɛ na ɔhwehwɛ ɔsom mu biakoyɛ de adi amammuisɛm ho dwuma nti, Constantine gyinaa nea na nnipa dodow no ara gye tom so brɛɛ obiara a ɔne no anyɛ adwene ase ntɛm ara, na ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ mu nokware na ɔde yɛɛ saa. Nkyerɛkyerɛ soronko pii a na ɛwɔ “Kristofo” asɔre a emu apaapae kɛse no mu no ma onyaa hokwan de ne ho gyee nsɛm mu sɛ ntamgyinafo a “Onyankopɔn asoma” no. Ɔnam Donatfo a na wɔwɔ Afrika Kusuu fam ne Arius akyidifo a na wɔwɔ ahemman no apuei fam a ɔne wɔn dii no so hui ntɛm ara sɛ bradato nkutoo ntumi mma wonnya ɔsom a ɛyɛ den a biakoyɛ wom.a Ɛyɛ bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesiesie Arius nkyerɛkyerɛ ho akyinnyegye no mu na ɔyɛɛ asɔre nkabom bagua nhyiam a edi kan wɔ asɔre no abakɔsɛm mu no.—Hwɛ adaka mu asɛm “Constantine ne Nicaea Bagua no.”
Abakɔsɛm kyerɛwfo Paul Johnson ka Constantine ho asɛm sɛ: “Ebia ade titiriw biako nti a wansɔre antia Kristosom ne sɛ ebuee kwan maa ɔne Ɔman no nyaa Asɔre no nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe so tumi.”
So Ɔbɛyɛɛ Kristoni Bere Bi?
Johnson ka sɛ: “Constantine annyae owia som da na ɔkɔɔ so maa owia honi traa ne sika so.” Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Constantine kyerɛɛ ɔsom abien no nyinaa ho anigye. Sɛ ɔsɔfopɔn no, ɔhwɛɛ abosonsom so bɔɔ hokwan ahorow a ɛwɔ ho ban.” Nhoma Hidria ka sɛ: “Constantine ammɛyɛ Kristoni da,” na ɛde kaa ho sɛ: “Eusebius a ofi Kaesarea a ɔkyerɛw ne nkwa nna mu nsɛm no ka sɛ ɔbɛyɛɛ Kristoni wɔ n’asetra nna a etwa to mu. Eyi nyɛ nokware, efisɛ bere a aka da koro ma wɔabɔ [Constantine] asu no, ɔbɔɔ afɔre maa Seus efisɛ na ɔno nso kura abodin Pontifex Maximus.”
Ɛde besi bere a Constantine wui wɔ 337 Y.B. mu no, na ɔda so kura abosonsomfo abodin Pontifex Maximus, nyamesom nsɛm mu panyin. Ɛdefa n’asubɔ ho no, ɛfata sɛ yebebisa sɛ, Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, so ofii koma mu nyaa adwensakra? (Asomafo no Nnwuma 2:38, 40, 41) So ɛyɛ nsu mu asubɔ koraa a na ɛyɛ Constantine ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn ho nsɛnkyerɛnne?—Fa toto Asomafo no Nnwuma 8:36-39 ho.
Na Ɔyɛ “Ɔhotefo”?
Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Na ɛfata sɛ wɔfrɛ Constantine Ɔkɛseɛ esiane nea ɔyɛe nti na ɛnyɛ onipa ko a ɔyɛ nti. Nokwarem no, sɛ yɛhwɛ ne suban a, ɔka wɔn a wɔde edin [Ɔkɛseɛ] no maa wɔn wɔ tete ne nnɛ nyinaa a wɔba fam koraa no ho.” Na nhoma A History of Christianity ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na wɔadi kan aka n’abufuhyew ne atirimɔden ho asɛm. . . . Na onni obu mma nnipa nkwa . . . N’asetra bɛyɛɛ hu paa bere a na ɔrebɔ akwakoraa no.”
Ɛda adi sɛ na Constantine wɔ nipasu a enye koraa. Abakɔsɛm mu nhwehwɛmufo ka sɛ “n’abufufa na na ɛtaa ma odi nsɛmmɔne no.” (Hwɛ adaka mu asɛm “Adehye a Wokunkum Wɔn” no.) Abakɔsɛm kyerɛwfo H. Fisher ka wɔ ne History of Europe mu sɛ Constantine nyɛ “Kristoni.” Nokwasɛm no nna no adi sɛ Kristoni a na wahyɛ “nipasu foforo” a wobetumi ahu Onyankopɔn honhom aba—ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne anidahɔ wɔ ne ho.—Kolosefo 3:9, 10, NW; Galatifo 5:22, 23.
Nea Efi Ne Mmɔdenbɔ Mu Bae
Sɛ ɔbosonsonni Pontifex Maximus—ne Roma Ahemman no som so panyin—no, Constantine bɔɔ mmɔden sɛ obenya asɔre a awae no asɔfo mpanyin aba n’afa. Ɔmaa wɔn dibea, anuonyam, ne ahode sɛ Roman Ɔman som no mpanyimfo. Catholic Encyclopedia no gye tom sɛ: “Asɔfo mpanyin bi a na ahemfie hɔ anuonyam afura wɔn ani kamfoo ɔhempɔn no mpo sɛ Onyankopɔn bɔfo ne ɔhotefo, na wɔhyɛɛ nkɔm sɛ obedi hene wɔ soro te sɛ Onyankopɔn Ba no.”
Bere a Kristosom a awae no nyaa amammui aban no anim dom no, ɛbɛyɛɛ wiase yi, nneɛma nhyehyɛe yi, fã kɛse, na ɛtwee ne ho fii Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ho. (Yohane 15:19; 17:14, 16; Adiyisɛm 17:1, 2) Nea efi mu bae ne sɛ wɔde atoro nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe—Baasakoro, ɔkra a enwu da, hellgya, ahodwiragya, awufo mpae, rosary a wɔde di dwuma, ahoni, ne nea ɛtete saa frafraa “Kristosom” mu.—Fa toto 2 Korintofo 6:14-18 ho.
Asɔre no nyaa kankabi su fii Constantine hɔ. Nhomanimfo Henderson ne Buck ka sɛ: “Wɔmaa Asɛmpa no asete yɛɛ den, wɔde amanne ne guasodeyɛ akɛseakɛse bae, wɔde wiase nidi ne akatua maa Kristosom akyerɛkyerɛfo, na wɔdan Kristo Ahenni no titiriw yɛɛ no wiase ahenni.”
Ehe Na Nokware Kristosom Wɔ?
Abakɔsɛm mu nokware da nokwasɛm a ɛmaa Constantine bɛyɛɛ “ɔkɛseɛ” no adi. Nea ɛma wɔtew Kristoman no fã bi fi amammui mu mfaso ne ɔhempɔn bosonsonni no anifere akwan na ɛnyɛ Yesu Kristo, Kristofo asafo no Ti no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Paul Johnson bisa no yiye sɛ: “So ahemman no gyaa ne ho mu maa Kristosom, anaasɛ Kristosom na ɛde ne ho maa ahemman no?”
Wobetumi aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wodi nokware Kristosom akyi ankasa no nyinaa ma wɔahu nokware Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ na wɔne wɔn abɔ. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛboa nnipa komapafo ma wɔahu nokware Kristosom na wɔasom Nyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.—Yohane 4:23, 24.
[Ase hɔ asɛm]
a Na Donatsom yɛ “Kristosom” kuw bi a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anan ne anum Y.B. mu. Na emufo gye di sɛ ɔsomfo no abrabɔ na ɛma adommenade no yɛ nea ɛfata, na ɛsɛ sɛ asɔre no tu obiara a ɔyɛ bɔne a anibere wom no. Na Ariussom yɛ “Kristosom” kuw bi a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anan no mu a na wonnye ntom sɛ Yesu Kristo yɛ onyame. Arius kyerɛkyerɛe sɛ wɔanwo Onyankopɔn na onni mfiase. Na esiane sɛ wɔwoo Ɔba no nti, ontumi nyɛ Onyankopɔn te sɛ Agya no. Ɔba no nyɛ obi a onni mfiase, na mmom Agya no pɛ nti na ɔbɔɔ no na ɔte ase.
[Kratafa 28 adaka]
Constantine Ne Nicaea Nhyiam No
Dɛn na Ɔhempɔn Constantine a na wɔmmɔɔ no asu no yɛe wɔ Nicaea Nhyiam no ase? Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Constantine ankasa yɛɛ oguamtrani, dii nsɛm a wosusuw ho no anim . . . Ɔhempɔn no ho hu a ɛkaa asɔfo mpanyin no ma wɔn nyinaa de wɔn nsa hyɛɛ gyidikasɛm no ase, gye wɔn mu baanu pɛ, na wɔn mu pii yɛɛ saa bere a na wɔmpene so.”
Bere a wɔde abufuw gyee ɔsom mu akyinnye asram abien akyi no, ɔmammuifo bosonsonni yi de ne ho gyee asɛm no mu na ogyinaa wɔn a wɔkae sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn no akyi. Dɛn ntia? A Short History of Christian Doctrine ka sɛ: “Na Constantine nte nsɛm a wobisae wɔ Hela nyamekyerɛ ho no ase koraa.” Nea na onim ne sɛ ɔsom mu mpaapaemu betumi ama n’ahemman no agu, na na wasi ne bo sɛ ɔbɛma n’ahemman no ase atim pintinn.
Istoria tou Ellinikou Ethnous (Hela Man Abakɔsɛm) kaa krataa a etwa to a Constantine hwɛ ma wɔkyerɛwee wɔ Nicaea no ho asɛm sɛ: “Ɛda anibiannaso a [Constantine] yɛ wɔ nkyerɛkyerɛ ho, . . . pirim a opirim ne koma sɛ ɔbɛbɔ mmɔden ama biakoyɛ asan aba asɔre no mu ɔkwan biara so, na nea etwa to koraa no, gyidi a na ɔwɔ sɛ sɛ ‘wɔn a wonni asɔre no mu sɔfo panyin no,’ ɔno na ɛsɛ sɛ osi gyinae a etwa to wɔ ɔsom ho nsɛm biara ho” no adi. So ebetumi aba sɛ Onyankopɔn honhom na ɛma wosii gyinae ahorow a wosisii wɔ nhyiam no ase no?—Fa toto Asomafo no Nnwuma 15:28, 29 ho.
[Kratafa 29 adaka]
Adehye A Wokunkum Wɔn
Nhoma Istoria tou Ellinikou Ethnous (Hela Man Abakɔsɛm) ka nea ɛfrɛ no “abusua mu nsɛmmɔne a ɛyɛ abofono a Constantine dii” ho asɛm wɔ asɛmti yi ase. Bere a ɔhyehyɛɛ n’adehye abusua no wiei ara pɛ no, ne werɛ fii sɛnea obenya nea na watumi ayɛ mpofirim no mu anigye, na ohuu asiane ahorow a ɔwom no. Esiane sɛ na ɔyɛ obi a onni afoforo ho adwempa na nnipa a wodidi ne ho hyɛɛ no mpamden nti, odii kan nyaa ne wɔfase Licinianus—ne yɔnko Augustus (Ɔhempɔn) a na wakum no dedaw babarima—ho adwene a ɛnteɛ sɛ obi a obetumi ne no apere tumidi ho. Wokum no wiei no, wokum Constantine ankasa abakan Crispus, a efi Constantine yere Fausta, efisɛ na ɛte sɛ nea ɔbɛyɛ akwanside ama tumi koraa a ɔbea no ankasa ba benya no.
Nea Fausta yɛe yi na ɛmaa awiei koraa no n’ankasa wuu owu yaya no. Ɛda adi sɛ Augusta Helena a na ɔwɔ ne ba Constantine so tumi no ka ho na wodii awu yi. Haw a na Constantine koma taa haw no a na ntease nni mu no nso ka ho bi na okunkum ne nnamfo ne n’ahokafo pii no. Nhoma History of the Middle Ages de ba awiei sɛ: “N’ankasa ba ne ne yere a okum wɔn—yɛnka sɛ ɛyɛ awudi—da no adi sɛ na Kristosom mu honhom mu nkɛntɛnso biara nkanyan no.”
[Kratafa 30 mfonini]
Wɔde nkaedum a ɛwɔ Roma yi ahyɛ Constantine anuonyam
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]
Musée du Louvre, Paris