Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 4/15 kr. 14-19
  • Yehowa Di Bɔ Ahorow A Ɔhyɛ Anokwafo No So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Di Bɔ Ahorow A Ɔhyɛ Anokwafo No So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete Mmere no Mu Nokware Gyidi
  • Nea Efi Gyidi a Wɔnkyerɛ Mu Ba
  • Gyidi a Wɔada no Adi Wɔ Yɛn Bere Yi Mu
  • Daakye a Ɛyɛ Anigye a Anokwafo Benya
  • Daakye a Ɛyɛ Anigye Bɛba Ɔkwan Biara So
  • Nya Yehowa Mu Ahotoso sɛ N’atirimpɔw Bɛbam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • ‘Yɛnam Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Yehu Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Adansefo Mununkum Kɛse!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • “Monhyɛ Mo Koma Den”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 4/15 kr. 14-19

Yehowa Di Bɔ Ahorow A Ɔhyɛ Anokwafo No So

“Ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no.”—HEBRIFO 10:23.

1, 2. Dɛn nti na yebetumi anya Yehowa bɔhyɛ ahorow mu ahotoso koraa?

YEHOWA hwehwɛ sɛ n’asomfo nya ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi na wokura mu pintinn. Sɛ obi wɔ gyidi a ɛte saa a, obetumi anya Yehowa mu ahotoso koraa sɛ ɔbɛyɛ nea wahyɛ ho bɔ no. N’asɛm a efi Honhom mu no ka sɛ: “Asafo [Yehowa, NW] aka ntam sɛ: Ampa ara, sɛnea misusuwii no, saa na ɛbɛba mu, na sɛnea mabɔ me tirim no, ebegyina.”—Yesaia 14:24.

2 Asɛm “Asafo [Yehowa, NW] aka ntam” no kyerɛ sɛ ɔka ntam de gyina ne bɔhyɛ akyi sɛ ɛbɛbam. Ɛno nti na N’asɛm tumi ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:5, 6) Sɛ yenya Yehowa mu ahotoso na yɛma kwan ma ne nyansa kyerɛ yɛn kwan a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn akwan de yɛn bɛkɔ daa nkwa mu, efisɛ Onyankopɔn nyansa yɛ “nkwa dua ma wɔn a woso no mu.”—Mmebusɛm 3:18; Yohane 17:3.

Tete Mmere no Mu Nokware Gyidi

3. Ɔkwan bɛn so na Noa daa Yehowa mu gyidi adi?

3 Nea Yehowa ayɛ ama wɔn a wɔwɔ nokware gyidi no da no adi sɛ yebetumi de yɛn ho ato ne so. Sɛ nhwɛso no, bɛboro mfe 4,400 ni no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ wiase nyinaa Nsuyiri bi rebɛsɛe ne bere so wiase no. Ɔka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmpam adaka kɛse bi mfa nkora nnipa ne mmoa nkwa so. Dɛn na Noa yɛe? Hebrifo 11:7 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Gyidi na nea wonnya nhui ho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye.” Dɛn nti na Noa nyaa biribi a na ensii da, biribi a “wonnya nhui” mu gyidi? Efisɛ na nsɛm pii a onim fa sɛnea na Onyankopɔn ne adesamma adi nsɛm dedaw ho no ama wahu sɛ nea Onyankopɔn ka biara bam. Enti na Noa wɔ ahotoso sɛ Nsuyiri no nso bɛba.—Genesis 6:9-22.

4, 5. Dɛn nti na Abraham nyaa Yehowa mu gyidi kosii ase?

4 Nokware gyidi ho nhwɛso foforo ne Abraham. Bɛyɛ mfe 3,900 ni no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne ba Isak a ɔne ne yere Sara di no ba koro no mmɔ afɔre. (Genesis 22:1-10) Abraham yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho? Hebrifo 11:17 ka sɛ: “Gyidi nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛe no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔre.” Nanso, awiei koraa no, Yehowa bɔfo siw Abraham kwan. (Genesis 22:11, 12) Nanso, dɛn nti koraa na Abraham nyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ade a ɛte saa? Efisɛ, sɛnea Hebrifo 11:19 ka no, “osusuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan [Isak] afi awufo mu po.” Nanso ɛyɛɛ dɛn na Abraham tumi nyaa owusɔre mu gyidi bere a na onhuu bi da, na wɔnyɛɛ ebi ho kyerɛwtohɔ nso?

5 Kae sɛ na Sara adi mfe 89 bere a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ sɛ wɔbɛwo ɔbabarima no. Ná Sara atwa awo—sɛnea yɛbɛka no no, na n’awotwaa awu. (Genesis 18:9-14) Onyankopɔn nyanee Sara awotwaa no ma ɔwoo Isak. (Genesis 21:1-3) Ná Abraham nim sɛ, sɛ Onyankopɔn tumi nyanee Sara awotwaa a na awu no a, ɛnde sɛ ɛho behia a obetumi anyan Isak nso. Romafo 4:20, 21 ka Abraham ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn bɔhyɛ no ho de, wamfa ogye a wonnye nni annye kyim, na mmom onyaa gyidi mu ahoɔden hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na onim ampa sɛ, nea wahyɛ ho bɔ no, obetumi ayɛ nso.”

6. Ɔkwan bɛn so na Yosua daa Yehowa mu ahotoso adi?

6 Bɛboro mfe 3,400 ni, bere a na Yosua adi boro mfirihyia ɔha a na wahu wɔ n’asetram sɛ Onyankopɔn yɛ nokwafo no, ɔkaa eyi de kyerɛɛ nea enti a ɔwɔ ahotoso no: “Munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.”—Yosua 23:14.

7, 8. Ogye ho ade bɛn na nokware Kristofo yɛe wɔ afeha a edi kan no mu, na dɛn ntia?

7 Bɛyɛ mfe 1,900 a atwam ni no, ahobrɛasefo pii daa nokware gyidi adi. Wohu fii Bible nkɔmhyɛ mmamu mu sɛ Yesu ne Mesia no, na wogyee ne nkyerɛkyerɛ toom. Bere a wonyaa nokwasɛm ahorow no ne Hebri Kyerɛwnsɛm no mu gyidi a ɛyɛ den no, wonyaa nea Yesu kyerɛkyerɛe no mu gyidi. Enti, bere a Yesu kae sɛ esiane nokware a Yerusalem anni nti Onyankopɔn atemmu reba Yudea so no, wogyee no dii. Na bere a ɔkaa nea ehia sɛ wɔyɛ na wɔanya wɔn ti adidi mu no, wɔyɛe.

8 Yesu ka kyerɛɛ agyidifo sɛ sɛ asraafo twa Yerusalem ho hyia a, wonguan. Wɔ afe 66 Y.B. mu no, Roma asraafo bɛtow hyɛɛ Yerusalem so ampa. Nanso Romafo no san wɔn akyi a obiara ante ase. Na ɛno yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo no fi kurow no mu, efisɛ na Yesu aka sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraase no, mommma wɔnnkɔ mu.” (Luka 21:20, 21) Wɔn a na wɔwɔ nokware gyidi no fii Yerusalem ne ne mpɔtam guan kɔɔ baabi a ahobammɔ wɔ.

Nea Efi Gyidi a Wɔnkyerɛ Mu Ba

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na nyamesom akannifo no daa gyidi a na wonni wɔ Yesu mu no adi? (b) Dɛn na efii gyidi a na wonni no mu bae?

9 Dɛn na wɔn a na wonni nokware gyidi no yɛe? Bere a wonyaa hokwan no, wɔanguan. Wosusuwii sɛ wɔn akannifo no betumi agye wɔn. Nanso, saa akannifo no ne wɔn akyidifo no nso huu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no. Ɛnde dɛn nti na wɔannye nea ɔkae no anni? Wɔn koma bɔne ntia. Eyi daa adi mfiase no bere a Yesu nyanee Lasaro, na wohui sɛ mpapahwekwa pii rekɔ ne hɔ no. Yohane 11:47, 48 ka sɛ: “Asɔfo mpanyin ne Farisifo no ma wokohyiaa baguafo no, [Yudafo asɛnnibea kunini no] na wɔkae sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa [Yesu] yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii. Sɛ yegyaa no saa a, nnipa nyinaa begye no adi, na Romafo aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.” Nkyekyem 53 ka sɛ: “Ɛnna efi da no ara wotutuu agyina wɔn mu sɛ wobekum no.”

10 Hwɛ anwonwade a ɛyɛ anigye a na Yesu ayɛ—Lasaro a onyanee no fii awufo mu! Nanso, nyamesom akannifo no hwehwɛe sɛ wobekum Yesu sɛ ɔyɛɛ saa. Wɔn abɔnefosɛm a ɛkɔ akyiri no daa adi bere a “asɔfo mpanyin no tuu agyina sɛ wobekum Lasaro nso, efisɛ ne nti na Yudafo pii kɔe kogyee Yesu dii.” (Yohane 12:10, 11) Ná wonyanee Lasaro fii awufo mu nkyɛe, na na asɔfo yi pɛ sɛ wokum no bio! Ná Onyankopɔn apɛde, anaa ɔmamfo no yiyedi ho nhia wɔn. Ná wɔyɛ pɛsɛmenkominya, a wɔn dibea ne mfaso a wobenya na na ehia wɔn. Ná “wɔpɛ nnipa anuonyam sen Nyankopɔn anuonyam.” (Yohane 12:43) Nanso wɔamfa wɔn ho anni wɔ gyidi a wɔankyerɛ no ho. Wɔ 70 Y.B. mu no, Roma asraafo no san bae bɛsɛee wɔn dibea ne wɔn man no, na wɔn mu pii nso hweree wɔn nkwa.

Gyidi a Wɔada no Adi Wɔ Yɛn Bere Yi Mu

11. Ɔkwan bɛn so na wɔdaa nokware gyidi adi wɔ afeha yi mfiase?

11 Afeha yi mu nso, yɛwɔ mmarima ne mmea pii a wɔwɔ nokware gyidi. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1900 mfe no mfiase no, na nnipa dodow no ara rehwɛ daakye a asomdwoe wom a ɛbɛma wɔadi yiye kwan. Saa bere koro no ara nso na wɔn a wɔwɔ Yehowa mu gyidi no rebɔ dawuru sɛ adesamma rebɛhyɛn abakɔsɛm mu amanehunu bere a ɛsen biara mu. Saa na na Onyankopɔn Asɛm aka asie wɔ Mateo ti 24, 2 Timoteo ti 3, ne mmeae foforo. Nea nkurɔfo a wɔwɔ gyidi yi kae no baa mu ankasa, bere a Wiase Ko I no fii ase wɔ 1914 mu no. Wiase no ahyɛn “nna a edi akyiri” mu ma “mmere a emu yɛ den” aba ampa. (2 Timoteo 3:1) Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa asomfo tumi huu wiase nsɛm tebea ho nokwasɛm saa bere no, bere a afoforo anhu? Efisɛ te sɛ Yosua no, na wɔwɔ gyidi sɛ Yehowa asɛm biako mpo rentɔ fam.

12. Yehowa bɔhyɛ bɛn na n’asomfo wɔ mu ahotoso koraa nnɛ?

12 Ɛnnɛ, Yehowa asomfo a wɔde wɔn ho to ne so no dodow reyɛ aduru nnipa ɔpepem asia wɔ wiase nyinaa. Adanse a Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm mmamu de ma no ama wɔahu sɛ ɔbɛma nneɛma nhyehyɛe a basabasayɛ ne ɔbrasɛe wom yi awiei aba nnansa yi ara. Enti wɔwɔ ahotoso sɛ bere abɛn sɛ wobehu 1 Yohane 2:17 mmamu, nea ɛka sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa” no. Yehowa asomfo wɔ ahotoso koraa sɛ obedi bɔhyɛ yi so.

13. Wubetumi anya Yehowa mu ahotoso akodu he?

13 Wubetumi de wo ho ato Yehowa so akodu he? Wubetumi de wo nkwa mpo atwa so ama no! Sɛ wohwere wo nkwa wɔ ne som mu mprempren mpo a, ɔbɛsan ama wo nkwa foforo a ɛkyɛn so wɔ owusɔre no mu. Yesu ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ [nkae, NW] ada mu nyinaa [kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nkae mu] bɛte ne nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) So wunim oduruyɛfo, amammui kannifo, nyansahufo, adwumawura, anaasɛ onipa foforo bi a obetumi ayɛ saa? Nea wɔayɛ atwam kyerɛ sɛ wontumi. Yehowa na obetumi, na ɔbɛyɛ nso!

Daakye a Ɛyɛ Anigye a Anokwafo Benya

14. Daakye a ɛyɛ anigye bɛn na Onyankopɔn Asɛm de hyɛ anokwafo bɔ?

14 Yesu kaa ba a wiase foforo bi bɛba wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso mu ɔkwan biara so ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Nhyira [anigye, NW] ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.” (Mateo 5:5) Na ɛno hyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 37:29 no mu den: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” Afei nso aka kakraa ma Yesu awu a ɔdebɔneyɛfo bi kyerɛɛ ne mu gyidi no, Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: “Wobɛka me ho Paradise hɔ.” (Luka 23:43) Yiw, sɛ́ Onyankopɔn Ahenni so Hene no, Yesu bɛhwɛ ma wɔanyan ɔbarima yi aba nkwa mu wɔ asase so ma wanya hokwan atra ase daa wɔ saa Paradise no mu. Ɛnnɛ, wɔn a wɔkyerɛ Yehowa Ahenni no mu gyidi nso betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛtra Paradise, bere a ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, esiane sɛ kan nneɛma no atwam nti.’—Adiyisɛm 21:4.

15, 16. Dɛn nti na asetra bɛyɛ asomdwoe saa wɔ wiase foforo no mu?

15 Momma yɛmfa yɛn adwene nkɔ saa wiase foforo no so. Fa no sɛ yɛte mu dedaw. Yebehu nnipa a wɔwɔ anigye a wɔabom te asomdwoe mu ankasa ntɛm ara wɔ baabiara. Wɔn nsa aka tebea a ɛte sɛ nea wɔkaa ho asɛm wɔ Yesaia 14:7 no: “Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm: wɔma dwom so.” Dɛn nti na wɔreyɛ saa? Wiɛ, ade biako ni, hyɛ no nsow sɛ nsafe nneda afie no apon mu. Ɛho nhia wɔn, efisɛ nsɛmmɔnedi, anaa basabasayɛ biara nni hɔ. Ɛte sɛ nea Onyankopɔn Asɛm kae sɛ ɛbɛyɛ no ara pɛ: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.”—Mika 4:4.

16 Ɔko nso nni hɔ bio, efisɛ wɔabara ɔko wɔ wiase foforo yi mu. Wɔde akode nyinaa ayeyɛ asomdwoe ho nnwinnade. Yesaia 2:4 anya ne mmamu koraa sɛ: “Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” Nanso saa na yɛhwɛɛ kwan. Dɛn ntia? Efisɛ wiase foforo no mufo pii suae sɛ wɔbɛyɛ saa, bere a na wɔresom Onyankopɔn wɔ wiase dedaw no mu no.

17. Asetram tebea bɛn na ɛbɛkɔ so wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso mu?

17 Ade foforo a wuhu wɔ hɔ ne sɛ, ohia nni hɔ. Obiara nte adangow a emu yɛ fĩ mu anaasɛ ɔhyɛ ntadegow anaasɛ onni fie te mu. Obiara wɔ fie a ahomeka wom ne asase a nnua ne nhwiren a ɛyɛ fɛ wɔ so. (Yesaia 35:1, 2; 65:21, 22; Hesekiel 34:27) Na ɔkɔm nni hɔ efisɛ Onyankopɔn ama ne bɔhyɛ a ɛne sɛ obiara benya aduan pii no abam: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow.” (Dwom 72:16) Nokwarem no, wɔ Onyankopɔn Ahenni akwankyerɛ ase no, paradise a ɛyɛ anigye bɛfa asase so nyinaa, sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim wɔ Eden no.—Genesis 2:8.

18. Nneɛma bɛn na ɛrenhunahuna nnipa bio wɔ wiase foforo no mu?

18 Saa ara nso na ahoɔden a obiara wɔ no ma wo ho dwiriw wo. Eyi te saa efisɛ wɔwɔ nipadua ne adwene a ɛyɛ pɛ afei. Ɔyare, ɛyaw, anaa owu nni hɔ bio. Obiara nte mmubuafo akongua mu anaa ɔnna ayaresabea mpa so. Ne nyinaa atwam koraa. (Yesaia 33:24; 35:5, 6) Hwɛ, mmoa no mu biara nso nhunahuna onipa, efisɛ Onyankopɔn tumi ama wɔadwo!—Yesaia 11:6-8; 65:25; Hesekiel 34:25.

19. Dɛn nti na wiase foforo no mu adekyee biara bɛyɛ nea ‘anigye bebree’ wom?

19 Asetra a ɛyɛ anigye bɛn ara na wiase foforo yi mufo anokwafo rehyehyɛ yi! Wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn nimdeɛ, ne asase so ahonyade nyinaa reyɛ nneɛma pa, nyɛ nea epira; wɔde boa ma biakoyɛ tra wɔne afoforo ntam, ɛnyɛ sɛ wɔne wɔn de si akan. Afei nso, obiara a wubehyia no no yɛ obi a wubetumi de wo ho ato ne so, efisɛ, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ bɔ no, wɔn nyinaa yɛ ‘nnipa a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn.’ (Yesaia 54:13) Esiane sɛ Onyankopɔn mmara na ɛkyerɛ obiara kwan nti, “[Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9) Nokwarem no, saa wiase foforo yi mu da biara bɛyɛ nea Dwom 37:11 kae sɛ ɛbɛyɛ no, nea ‘anigye pii’ wom.

Daakye a Ɛyɛ Anigye Bɛba Ɔkwan Biara So

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya daakye a asomdwoe wom?

20 Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya saa daakye a ɛyɛ anigye no mu kyɛfa? Yesaia 55:6 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Monhwehwɛ [Yehowa, NW], bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no.” Bere a yɛkɔ so hwehwɛ no no, ɛsɛ sɛ yɛn suban yɛ sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 143:10, NW, no: “Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ w’apɛde, efisɛ wone me Nyankopɔn.” Wɔn a wɔyɛ eyi no betumi anantew Yehowa anim a wɔn ho nni asɛm wɔ nna a edi akyiri yi mu, na wobetumi ahwɛ daakye a eye kwan. “Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ: sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe. Na mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko, abɔnefo ase de, wobegu.”—Dwom 37:37, 38.

21, 22. Dɛn na Nyankopɔn rehyehyɛ nnɛ, na ɔkwan bɛn so na wɔde ntetee no ma?

21 Mprempren Yehowa refrɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde no afi aman nyinaa mu. Ɔde wɔn reyɛ asase so abusua foforo no fapem, sɛnea Bible nkɔmhyɛ ka siei no: “Nna a edi akyiri [mmere a yɛte mu mprempren] no mu no . . . , aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa, NW] bepɔw so [ne nokware som a wɔama so no mu] . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.”—Yesaia 2:2, 3.

22 Adiyisɛm 7:9 ka eyinom ho asɛm sɛ ‘nnipakuw kɛse a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.’ Nkyekyem 14 ka sɛ: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu,” a wonya wɔn ti didi mu wɔ mprempren nhyehyɛe yi awiei. Mprempren, aka kakraa bi na wiase foforo no fapem yi adu adawurubɔfo ɔpepem asia, a ɔpehaha foforo pii bɛka ho afe biara. Wɔretete Yehowa asomfo anokwafo yi nyinaa ama ne wiase foforo no mu asetra. Wɔresua honhom fam nimdeɛ ne nimdeɛ foforo a ehia na ama wɔde adan asase yi paradise. Na wɔwɔ ahotoso koraa sɛ Paradise bɛba ampa efisɛ “ɔnokwafo ne nea ɔhyɛɛ bɔ no.”—Hebrifo 10:23.

Ntimũ Nsɛm

◻ Dɛn na efii gyidi a na wonni mu bae wɔ afeha a edi kan no mu?

◻ Onyankopɔn asomfo betumi anya ne mu ahotoso akodu he?

◻ Daakye bɛn na ɛda hɔ retwɛn anokwafo?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛankasa anya daakye a anigye wom wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu?

[Kratafa 18 mfonini]

Mprempren, Yehowa reto asase so abusua foforo fapem

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena