Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 6/15 kr. 17-21
  • Yehowa Ahyehyɛde No Di Boa Wo Som Adwuma No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ahyehyɛde No Di Boa Wo Som Adwuma No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn Ti a Wonya Didi Mu Ɛmfa Ho Ɔtaa a Wohyia Wɔ Wiase Nyinaa
  • Yehowa Hyira Nnamyɛ a Wɔde Ka Asɛm no So
  • Nsakrae a Wɔyɛ Ma Ɛne Nkurɔfo Ahiade Hyia
  • Dɛn na Ɛkanyan Yehowa Adansefo?
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yebedi Adanse Awie
  • San a Wɔsan Ba Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Adanse a Wodi “Amanaman Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Ɛsɛ sɛ Wɔka Asɛmpa no Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 6/15 kr. 17-21

Yehowa Ahyehyɛde No Di Boa Wo Som Adwuma No

“Mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ.”—ADIYISƐM 14:6.

1. Ɔkwan bɛn so na wɔasɔ Yehowa Adansefo ahwɛ, na dɛn nti na wɔatumi agyina mu?

DƐN nti na ɛho hia paa sɛ yegye tom sɛ Yehowa soro ahyehyɛde no di boa Kristofo som adwuma no? Wiɛ, sɛ ɛnyɛ Yehowa soro asafo dɔm no mmoa a, so anka Yehowa Adansefo betumi aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase a nitan ahyɛ mu ma yi mu baabiara? Adansefo no ayɛ asɛnka adwuma a ɛte saa wɔ afeha a ɔmampɛ a ɛkɔ akyiri, katabaako amammui nhyehyɛe, wiase akodi ahorow, ne amanehunu ahorow ahyɛ mu ma mu. Sɛ ɛnyɛ Yehowa mmoa so a, so anka Adansefo no betumi agyina amanaman ntam adwemmɔne, animhwɛ, ne mpɛn pii no, ɔtaa a ano yɛ den a wɔde aba wɔn so no ano?—Dwom 34:7.

Wɔn Ti a Wonya Didi Mu Ɛmfa Ho Ɔtaa a Wohyia Wɔ Wiase Nyinaa

2. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ afeha a edi kan nokware Kristofo no ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu?

2 Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, nyamesom ne amammui mu atamfo nyinaa nam akwanside biara a wobetumi, mmara kwan ne akwan foforo so abɔ mmɔden sɛ wobesiw Yehowa adwuma no kwan anaa wobetwa so. Wɔataa anuanom Kristofo mmarima ne mmea, atoto wɔn ano, aka wɔn ho nsɛmmɔne, atwa nsɛm ato wɔn so—wɔakunkum wɔn mu pii mpo—a mpɛn pii no Babilon Kɛse asɔfo no na wɔhyɛ akyi. Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan Kristofo no fam no, yebetumi aka sɛ “fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” Sɛnea Kristo bere so Yudafo asɔfo no bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛma wagyae ne som adwuma no, saa ara na asɔfo ne awaefo a wɔne wɔn amammui aguamanfo no ayɛ biako no abɔ mmɔden sɛ wobesiw nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a Yehowa nkurɔfo reyɛ no ano.—Asomafo no Nnwuma 28:22; Mateo 26:59, 65-67.

3. Dɛn na yebetumi asua afi Henryka Żur mũdi mu a okurae no mu?

3 Ma yɛmfa nea esii Poland wɔ March 1, 1946 no sɛ nhwɛso. Ɔdansefo abeawa bi a wadi mfe 15, Henryka Żur, a ofi baabi a ɛbɛn Chełm, kogyaa Ɔdansefo foforo a ɔyɛ onua barima ma wɔkɔsraa anigyefo wɔ akuraa bi a ɛbɛn hɔ ase. Katolekfo asraafo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Narodowe Siły Zbrojne (Ɔman Asraafo Kuw) kyeree wɔn. Wɔboroo onua no pasaa, nanso onyaa ne ho tetee. Nanso Henryka annya no saa. Wɔyɛɛ no ayayade nnɔnhwerew pii bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ no ma wayɛ Katolekfo mmeamudua sɛnkyerɛnne no. Wɔn a na wɔreyɛ no ayayade no mu biako kae sɛ: “Ma adwene biara a wukura ntra wo tirim, na yɛ Katolekfo mmeamudua sɛnkyerɛnne no kɛkɛ. Anyɛ saa a otuo retwɛn wo!” So ne mũdi mu gowee? Dabi. Nyamesomfo a wɔyɛ ahufo no twee no kɔɔ kwae bi a ɛbɛn hɔ mu kɔbɔɔ no tuo. Ne nyinaa akyi no, odii nkonim! Wɔantumi amma wannyae ne mũdi mu.a—Romafo 8:35-39.

4. Ɔkwan bɛn so na amammuifo ne nyamesomfo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛbrɛ Ahenni asɛnka adwuma no ase?

4 Wɔadi Onyankopɔn nnɛyi asomfo ani abu wɔn animtia bɛboro mfe ɔha ni. Esiane sɛ Yehowa Adansefo nyɛ Satan som atitiriw a ɛwɔ hɔ no fã na wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa nti, wobu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa bi a akasatiafo a wontie nsɛm mu yiye ansa na wɔaka bi anaa asɔretiafo a wonni ntease betumi asisi wɔn. Amammuifo ato ahyɛ wɔn so atirimmɔden so. Adansefo pii awu mogya adansefo wu esiane wɔn gyidi nti. Aman a wɔkyerɛ sɛ wobu dodow amammu mpo abɔ mmɔden sɛ wobɛbrɛ asɛmpa no ka ase. Wɔ 1917 mu tɔnn no, asɔfo bɔɔ Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Adansefo no saa bere no, sobo wɔ Canada ne United States, sɛ wotutu ɔman ase. Wodii mfomso de Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo koguu afiase, akyiri yi na woyii wɔn.—Adiyisɛm 11:7-9; 12:17.

5. Nsɛm bɛn na ahyɛ Yehowa asomfo nkuran?

5 Satan de nea ɔwɔ nyinaa adi dwuma de abɔ mmɔden sɛ ɔde besiw adansedi adwuma a Kristo nuanom ne wɔn mfɛfo anokwafo yɛ no ano. Nanso, sɛnea osuahu ahorow pii kyerɛ no, ntaneani, ahunahuna, ɔhwe, afiase nna, nneduaban ahorow, anaa owu mpo ntumi mmaa Yehowa Adansefo mmuaa wɔn ano. Na saa ara na ɛte fi teteete. Mpɛn pii no, Elisa nsɛm no ayɛ nkuranhyɛ: “Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no.” Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ abɔfo anokwafo no dɔɔso sen Ɔbonsam dɔm no!—2 Ahene 6:16; Asomafo no Nnwuma 5:27-32, 41, 42.

Yehowa Hyira Nnamyɛ a Wɔde Ka Asɛm no So

6, 7. (a) Mmɔden bɛn na wɔbɔe mfiase no sɛ wɔde bɛka asɛmpa no? (b) Nsakrae a mfaso wɔ so bɛn na efii ase wɔ 1943 mu?

6 Yehowa Adansefo de mfiridwuma mu nkɔanim pii adi dwuma wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtrɛw na wɔahyɛ adansedi adwuma kɛse no mu gya, ansa na awiei no aba. Wɔ 1914 mu tɔnn no, Ɔsɔfo Russell, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan no ma wɔyɛɛ sini a mfonini no nkeka ne ho ne nea ɛkeka ne ho, a wɔde Bible mu nsɛm a ɛfa ho di akyiri wɔ gramafon mpaawa so a egye nnɔnhwerew awotwe a wɔfrɛ no “The Photo-Drama of Creation.” Ɛmaa wɔn a wɔhwɛe wɔ aman pii so saa bere no ho dwiriw wɔn. Akyiri yi, wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu no, wobehuu Adansefo no sɛ nkurɔfo a wɔde gramofon mpaawa a J. F. Rutherford, Asafo ti no titrani a ɔto so abien, Bible mu ɔkasa wɔ so ka asɛm wɔ afie afie.

7 Wɔ 1943 mu no, wɔyɛɛ ade akokoduru so wɔ Nathan H. Knorr, Asafo ti no titrani a ɔto so abiɛsa no akwankyerɛ ase bere a wosii gyinae sɛ wɔbɛhyehyɛ sukuu ama wɔn a wɔreyɛ ɔsom adwuma no wɔ asafo biara mu no. Ná ɛbɛma wɔatumi atete Adansefo no ma wɔaka asɛm na wɔakyerɛkyerɛ wɔ afie afie mu, a wɔmfa gramofon mpaawa nni dwuma bio. Efi saa bere no, wɔahyehyɛ sukuu afoforo a wɔde tete asɛmpatrɛwfo, akwampaefo, asafo mu mpanyimfo, ne ahwɛfo a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow. Dɛn na afi mu aba?

8. Ɔkwan bɛn so na Adansefo no daa gyidi kɛse adi wɔ 1943 mu?

8 Wɔ 1943 mu bere a na Wiase Ko II rekɔ so no, na Adansefo 129,000 pɛ na wɔka asɛm no wɔ aman 54 so. Nanso na wɔwɔ gyidi ne ahotoso sɛ Mateo 24:14 benya mmamu ansa na awiei no aba. Na wogye di sɛ Yehowa bɛma wɔadi kan de kɔkɔbɔ nsɛm a ehia no ama ansa na nsɛm a ebesisi ntoatoaso a ɛde nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei no aba. (Mateo 24:21; Adiyisɛm 16:16; 19:11-16, 19-21; 20:1-3) So wɔanya wɔn mmɔdenbɔ no so akatua?

9. Nokwasɛm ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ adansedi adwuma no anya nkɔso?

9 Ɛnnɛ, anyɛ yiye koraa no, Aman 13 a emu biara wɔ Adansefo a wɔyɛ nsi bɛboro 100,000 na ɛwɔ hɔ. Eyi mu dodow no ara yɛ aman a Katolek Asɔre no di akoten wom. Nanso hwɛ sɛnea tebea no te. Brazil wɔ asɛmpa no ho adawurubɔfo bɛyɛ 450,000, na nnipa bɛboro 1,200,000 na wɔkɔɔ Kristo wu ho Nkaedi no bi wɔ 1997 mu. Nhwɛso foforo ne Mexico a wɔwɔ Adansefo a wɔreyɛ adu 500,000, na nnipa bɛboro 1,600,000 na wɔkɔɔ Nkaedi afahyɛ no ase. Katolek aman foforo ne Italy (Adansefo bɛyɛ 225,000), France (bɛyɛ 125,000), Spain (bɛboro 105,000), ne Argentina (nea ɛboro 115,000). Wɔ United States a Protestantfo, Katolekfo, ne Yudafo som di akoten wom no, Adansefo bɛyɛ 975,000 na wɔwɔ hɔ na nnipa bɛboro 2,000,000 na wɔkɔɔ Nkaedi no. Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipakuw kɛse resen yuu fi Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman no ne wɔn nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ ahintasɛm no mu reba abetie Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a asete nyɛ den na ɛrenni huammɔ a ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho no.—2 Petro 3:13; Yesaia 2:3, 4; 65:17; Adiyisɛm 18:4, 5; 21:1-4.

Nsakrae a Wɔyɛ Ma Ɛne Nkurɔfo Ahiade Hyia

10. Ɔkwan bɛn so na nneɛma asesa wɔ mmeae bi?

10 Wonyaa wɔn a wɔnam Yesu Kristo so adan aba Yehowa nkyɛn no mu dodow no ara fii afie afie mu. (Yohane 3:16; Asomafo no Nnwuma 20:20) Nanso wɔde akwan foforo nso adi dwuma. Tebea no asesa, na sikasɛm ama mprempren, mmea pii fi fie kɔyɛ adwuma. Mpɛn pii no, nnipa kakraa bi na wobetumi ato wɔn wɔ fie wɔ nnawɔtwe no mu. Ne saa nti, Yehowa Adansefo ayɛ nsakrae ma ɛne tebea no ahyia. Te sɛ Yesu ne asuafo a wodi kan no, wɔkɔ baabi a nnipa wɔ ne bere a wɔbɛto wɔn.—Mateo 5:1, 2; 9:35; Marko 6:34; 10:1; Asomafo no Nnwuma 2:14; 17:16, 17.

11. Ɛhefa na Yehowa Adansefo reka asɛm nnɛ, na dɛn na afi mu aba?

11 Adansefo no afi ase reka asɛm no anifere kwan so kyerɛ nkurɔfo wɔ mmeae a wɔde kar pii sisi, aguadidan ahorow mu, adwinnan ahorow mu, adwumayɛbea ahorow ne mmeae a guadi kɔ so, sukuu ahorow mu, polisifo nnwuma mu, mmeae a wobu pɛtro, ahɔhodan, ne adidibea ne mmɔnten so nso. Nokwasɛm ne sɛ, wɔka asɛm wɔ baabiara a wobenya nnipa. Na sɛ nkurɔfo wɔ fie a, Adansefo no nnyae wɔn nkyɛn kɔ. Fakaayɛ ne nsiyɛ a wɔnam so kɔ nkurɔfo nkyɛn yi ama Bible ho nhoma a wɔkyekyɛ no adɔɔso. Wɔrenya nnipa a wɔte sɛ nguan. Wɔrefi Bible adesua foforo pii ase. Asomfo a wɔatu wɔn ho ama bɛboro ɔpepem anum ne fã de nnamyɛ reyɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a ɛso bi mmae da wɔ adesamma abakɔsɛm mu! So woanya hokwan sɛ wobɛyɛ wɔn mu biako?—2 Korintofo 2:14-17; 3:5, 6.

Dɛn na Ɛkanyan Yehowa Adansefo?

12. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa rekyerɛkyerɛ ne nkurɔfo? (b) Nkɛntɛnso bɛn na nkyerɛkyerɛ yi wɔ?

12 Ɔfã bɛn na ɔsoro ahyehyɛde no nya wɔ eyinom nyinaa mu? Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wo mma nyinaa bɛyɛ [Yehowa, NW] asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” (Yesaia 54:13) Yehowa nam n’ahyehyɛde a aniwa hu wɔ asase so no so rekyerɛkyerɛ wiase nyinaa nuayɛkuw yi—wɔ Ahenni Asa ahorow so ne ɔmantam ne ɔmansin nhyiam horow ase. Ɛde biakoyɛ ne asomdwoe na aba. Yehowa nkyerɛkyerɛ ama yɛanya nnipa a wɔda nsow a wɔatete wɔn sɛ wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho ne wɔn yɔnkonom sɛ wɔn ho, na ɛnsɛ sɛ wɔtan wɔn yɔnkonom ɛmfa ho baabiara a wɔte wɔ wiase a emu apaapae yi mu.—Mateo 22:36-40.

13. Yɛbɛyɛ dɛn agye adi sɛ abɔfo akwankyerɛ nso ka asɛmpaka adwuma no ho?

13 Ɔdɔ na ɛkanyan Yehowa Adansefo ma wɔkɔ so ka asɛm ɛmfa ho anibiannaso anaa ɔtaa. (1 Korintofo 13:1-8) Wonim sɛ wofi soro na ɛkyerɛ nkwagye adwuma a wɔreyɛ no kwan sɛnea Adiyisɛm 14:6 ka no. Asɛm bɛn na wɔnam abɔfo akwankyerɛ ase ka? “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no.” Ahenni ho asɛmpa a yɛka no ma Yehowa din so. Wɔto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛhyɛ Ɔbɔadeɛ Onyankopɔn, ɛnyɛ abɔde ne adannandi a ntease biara nnim, anuonyam. Na dɛn nti na asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ saa? Efisɛ atemmu dɔn adu—atemmu a etia Babilon Kɛse ne Satan nneɛma nhyehyɛe a aniwa tua no fã a aka nyinaa.—Adiyisɛm 14:7; 18:8-10.

14. Ɛhefo na wɔka ɔkyerɛkyerɛ ɔsatu kɛse yi ho?

14 Wonyi Kristoni a wahyira ne ho so biara mfi asɛnka adwuma yi mu. Honhom mu mpanyimfo di anim ne asafo no yɛ adwuma no. Akwampaefo a wɔatete wɔn reyɛ adwuma no denneennen. Ahenni asɛm no ho adawurubɔfo a wɔyɛ nnam, sɛ ebia wotumi de nnɔnhwerew kakraa bi na ɛka asɛm ɔsram biara anaa wɔde pii na ɛyɛ saa no, retrɛw asɛm no mu wɔ asase no afannan nyinaa.—Mateo 28:19, 20; Hebrifo 13:7, 17.

15. Dɛn na edi adanse sɛ asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no anya nkurɔfo so nkɛntɛnso?

15 So mmɔden a wɔabɔ yi nyinaa atumi anya wiase no so nkɛntɛnso bi? Adanse biako a ɛkyerɛ saa ne mpɛn dodow a wɔde aka Yehowa Adansefo ho asɛm wɔ TV so dwumadi ne atesɛm nkrataa mu no. Mpɛn pii no, eyinom taa si yɛn mmɔden a yɛkɔ so bɔ ne yɛn bo a yɛasi sɛ yebedu obiara nkyɛn no so dua. Yiw, yɛn mmɔdenbɔ ne kɔ a yɛkɔ wɔn nkyɛn daa no nya wɔn so nkɛntɛnso kɛse, sɛ mpo ɛba sɛ nkurɔfo no mu dodow no ara pow asɛm no ne asomafo no a!

Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yebedi Adanse Awie

16. Suban bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi wɔ bere kakra a aka no ho?

16 Yennim bere dodow a aka ama nneɛma nhyehyɛe yi, nanso bere tenten a yɛde adwempa na ɛsom Yehowa no, enhia sɛ yebehu mpo. (Mateo 24:36; 1 Korintofo 13:1-3) Nanso yenim sɛ nea ɛbɛyɛ na Yehowa dɔ, tumi, ne atɛntrenee bɛda adi no, etwa sɛ yɛka asɛmpa no “kan.” (Marko 13:10) Enti ɛmfa ho mfe dodow a yɛde atwɛn wiase bɔne a nsisi ne basabasayɛ ahyɛ mu ma yi no, ɛsɛ sɛ yɛde nsi yɛ yɛn ahosohyira ho adwuma sɛnea yɛn nsɛm tebea bɛma yɛn ho kwan biara. Ebia na yɛanyinyin anaa yɛyɛ ayarefo, nanso yebetumi de nnamyɛ a na yɛde som Yehowa bere a na yennyinyinii anaa na yɛwɔ ahoɔden no asom. Ebia yɛrentumi mfa bere pii nyɛ ɔsom adwuma no te sɛ nea na kan no yɛyɛ no, nanso akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi akura ɛbo a yɛn afɔrebɔ a yɛde ma Yehowa no som no mu.—Hebrifo 13:15.

17. Ka osuahu a ɛhyɛ nkuran bi a ebetumi aboa yɛn nyinaa.

17 Enti, sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, momma yɛnna nnamyɛ adi na yɛnka yɛn wiase foforo a ɛyɛ paara no ho asɛm nkyerɛ wɔn a yehyia wɔn nyinaa. Momma yɛnyɛ te sɛ abeawa a wadi mfe ason a ɔwɔ Australia a ɔfɛre ade a ɔne ne maame kɔɔ sotɔɔ mu no. Ná wate hia a ehia sɛ obiara ka asɛm no kyerɛ wɔ Ahenni Asa so, enti ɔde Bible ho nhomawa abien hyɛɛ ne bag mu. Bere a na ne maame ani abere retɔ ade no, abeawa no tu yerae. Bere a ne maame hwehwɛɛ n’akyi kwan no, ɔnkɔhwɛ a, ɔno na ɔrema awuraa bi nhomawa no! Maame no kɔ kɔpaa awuraa no kyɛw sɛ ebia ne babea no ahyɛ no abufuw. Nanso na awuraa no de anigye agye nhomawa no dedaw. Afei bere a na maame no ne ne babea no nkutoo te hɔ no, obisaa no nea ɛyɛe a onyaa akokoduru de kɔɔ obi a onnim no nkyɛn. “Nea mekae ara ne sɛ, Biako, Mmienu, Ɛnkɔ! Ɛhɔ ara na mifii ase!”

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada su pa adi?

18 Yɛn nyinaa hia su a ɛte sɛ Australiani abeawa no de no bi, titiriw sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de asɛmpa no akɔ nnipa a yennim wɔn anaa mpanyimfo anim. Ebia yebesuro sɛ wɔbɛpam yɛn. Mommma yɛn werɛ mmfi nea Yesu kae no: “Munnnwinnwen nea mode beyi mo ho ano anaasɛ nea mobɛka ho, efisɛ dɔn no ara mu na Honhom Kronkron bɛkyerɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.”—Luka 12:11, 12.

19. Wubu wo som adwuma dɛn?

19 Enti nya Onyankopɔn honhom no mmoa mu ahotoso bere a wufi ayamye mu de asɛmpa no kɔ nkurɔfo anim no. Nnipa ɔpepem pii taa de wɔn werɛ hyɛ mmarima ne mmea a wɔnsɛ hwee a sɛ wuhu wɔn nnɛ a, ɔkyena na wonni hɔ bio no mu. Yɛwɔ Yehowa ne ne soro ahyehyɛde no—Kristo Yesu, abɔfo kronkron no, ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn afi awufo mu—a wɔte ase daa no mu ahotoso! Enti kae sɛ: “Wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no”!—2 Ahene 6:16.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ nhwɛso ahorow bi aka ho a, hwɛ 1994 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, nkratafa 217-20.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn na Onyankopɔn soro ahyehyɛde no ayɛ ama Yehowa nkurɔfo atumi afa tebea horow mu?

◻ Amammuifo ne nyamesomfo bɛn na wɔato ahyɛ Yehowa Adansefo so wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo ayɛ nsakrae wɔ wɔn som adwuma no mu ma ɛne mprempren tebea ahyia?

◻ Dɛn na ɛkanyan wo ma woka asɛm no?

[Kratafa 17 mfonini]

Henryka Żur

[Kratafa 18 mfonini ahorow]

Japan

Martinique

United States

Kenya

United States

Yehowa Adansefo ka asɛm wɔ bere biara ne baabiara a wobenya nkurɔfo

[Kratafa 20 mfonini]

Wɔ afeha yi mfiase mu no, wɔde gramafon mpaawa dii dwuma de trɛw Ahenni asɛm no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena