Nea Enti a Ebinom Rekɔ Ɔsom Foforo Mu
Nnipa pii fam no, ɔsom ayɛ sɛ din bi a ɛda wɔn so kɛkɛ. Ebia ɛbɛkyerɛ baabi a obi taa kɔ Kwasida, baabi a obehyia ayeforo, ne baabi a wobesie no. Nanso ɛmma wonhu nipa ko a ɔyɛ anaasɛ nea onim na ogye di. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ na nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no mu ɔha biara mu nkyem 50 nnim nea ɔmaa Bepɔw so Asɛnka no. Hwɛ, na India kannifo a wagye din, Mohandas Gandhi, a na ɔyɛ Hinduni no mpo nim!
SO ƐYƐ nwonwa sɛ nkurɔfo gyae nyamesom akyidi bere a wɔn mu pii nni wɔn som ho nimdeɛ pii no? Dabi, ɛnyɛ nwonwa. Nanso, ɛnyɛ ade a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Wɔn a wɔpene so sɛ wɔmmoa wɔn mma wonsua Bible no ho dwiriw wɔn wɔ mfaso a wonya fi mu no ho. Bible no ankasa ka sɛ: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.”—Yesaia 48:17, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a honhom mu kɔm da so de wɔn no yɛ? Ɛnsɛ sɛ wɔpa abaw sɛ wɔbɛsom Nyankopɔn! Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ Bible no mu hwɛ nea Onyankopɔn ankasa wɔ ma wɔn.
Nsɛmmisa a Ɛkyere Adwene Ho Mmuae
Bere a na Bernd adi mfe ason no, ne maame wui wɔ n’anim.a Ne mmofraberem nyinaa no, na obisa ne ho sɛ, ‘Me maame wɔ he? Adɛn nti na merenyin a ɔnka me ho?’ Bere a na Bernd yɛ abarimaa no, ɔde ne ho hyɛɛ asɔre mu denneennen. Esiane sɛ na adesamma amanehunu haw no nti, na ɛyɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ nnipa yiyedi ho dwumayɛni wɔ amannɔne. Nanso, na nsɛmmisa bi kyere n’adwene a n’asɔre no annya ho mmuae pa biara amma no.
Afei Bernd ne ne yɔnko sukuuni bi a na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako bɔɔ nkɔmmɔ. Saa aberantewa no fi Bible mu kyerɛɛ Bernd sɛ ne maame nte nka biara, na wada wɔ owu mu. Bernd suaa Bible mu nsɛm pii a ɛkyerɛkyerɛɛ eyi mu, te sɛ Ɔsɛnkafo 9:5: “Awufo de, wonnim biribiara.” Enti na enhia sɛ Bernd ma ɛyɛ no dadwen sɛ ebia ne maame rehu amane wɔ ahodwiragya bi mu—anaa nea ɛsen saa. Ɛwom sɛ wɔkyerɛkyerɛ ɔkra a enwu da ho nkyerɛkyerɛ no wɔ ɔsom dodow no ara mu de, nanso Bernd hui wɔ Bible mu sɛ nnipa kra yɛ onipa no ara. Sɛ onii no wu a, na ɔkra no awu. “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.”—Hesekiel 18:4.
Afei nso, Bernd huu anidaso nwonwaso a ɛda hɔ ma awufo no. N’ankasa kenkanee wɔ Bible nhoma a ɛne Asomafo no Nnwuma mu sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Hwɛ sɛnea n’ani gyei bere a ohui sɛ saa wusɔre yi bɛba asase yi so, baabi a Onyankopɔn bɛdan no paradise no!—Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:3, 4.
Ankyɛ na wɔnam Bible mu nimdeɛ a edi mũ so dii Bernd honhom fam ahiade ho dwuma. Bernd annyae nyamesom akyidi. Mmom no, ofii asɔre a antumi ankum ne kɔm no mu kɔɔ ɔsom a egyina Bible so pintinn mu. Ɔka sɛ: “Mfe 14 ni a meyɛɛ saa, na minnuu me ho sɛ misii saa gyinae no. Afei de mahu sɛ Ɔbɔadeɛ no mfa amanehunu mma nkurɔfo so. Satan ne nneɛma nhyehyɛe yi nyame, na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no sobo wɔ tebea a yɛte mu yi ho. Nanso ɛrenkyɛ na Onyankopɔn asiesie ɔhaw a Satan wiase no de aba nyinaa. Me maame nso bɛsan aba wɔ owusɔre no mu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye!”
Sɛnea ɛkɔbae no, Bernd adu ne botae a ɛne sɛ ɔbɛyɛ adwuma aboa afoforo wɔ amannɔne no ho. Ɔyɛ adwuma wɔ amannɔne man bi mu de boa afoforo ma wosua Onyankopɔn Ahenni a ɛne wɔn amanehunu ano aduru ankasa no ho ade. Te sɛ Bernd no, nnipa ɔpepem pii asua ahu sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn ama nnipa amanehunu to atwa. Wɔn ani gye bere a wobehu sɛ ɔsom bi wɔ hɔ a edi wɔn honhom fam ahiade ho dwuma no.—Mateo 5:3, NW.
Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?
Bere a Atɔe famfo kɔ so de wɔn adwene si honam fam nneɛma so no, nnipa pii bisa sɛ, ‘Dɛn ne asetra atirimpɔw?’ Ɛho mmuae wɔ Bible mu sɛnea Michael behui no. Wɔ 1970 mfe no mu no, na Michael pɛ sɛ ɔkɔdɔm amumɔyɛfo kuw bi. Ná ne botae wɔ asetra mu yɛ koro pɛ—sɛ́ ɔde n’ani besi wɔn a obuu wɔn sɛ wɔn na wɔma nsisi kɔ so ma ebinom yɛ asikafo na afoforo nso di hia no so. Ɔka sɛ: “Mamfi fie a na minkura me tuo da. Ná me botae ne sɛ mekunkum amanyɔfo ne asikafo a wɔagye din no dodow biara a metumi. Anka mede me nkwa mpo betwa so.”
Ná Michael kɔ asɔre, nanso n’asɔre no muni biara antumi ankyerɛkyerɛ asetra atirimpɔw ankasa mu ankyerɛ no. Enti bere a Yehowa Adansefo baa Michael fie na wɔmaa no ne nsɛmmisa no ho mmuae fii Bible mu no, otiee wɔn yiye. Ofii ase kɔɔ nhyiam ahorow a wɔyɛ de som Nyankopɔn ase wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ hɔ no so.
Ná Michael nnamfo pɛ sɛ wohu nea enti a n’ani afi ase regye Bible no ho. Michael ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛnkɔ nhyiam Kwasida a ɛreba yi. Ɛyɛ a montra ase ntie kakra. Sɛ mo ani annye nea mobɛte no ho a, monkɔ fie.” Ampa ara bere a wɔmaa simma 45 kasa a egyina Bible so wiei no, ne nnamfonom dodow no ara fii asa no so. Nanso ɛkaa wɔn mu biako—Susan. Nea saa ababaa yi tee no kanyan no. Akyiri yi, Michael waree Susan, na wɔbɔɔ wɔn asu sɛ Yehowa Adansefo. Michael ka sɛ: “Afei de mahu nea enti a yɛwɔ asase so ha. Yehowa na ɔbɔɔ yɛn. Yɛn atirimpɔw paa wɔ asetra mu ne sɛ yebehu no na yɛayɛ n’apɛde. Ɛno na ɛde nokware abotɔyam ba!”
Nnipa ɔpepem pii wɔ Michael gyidi no bi. Wotie Bible mu nsɛm yi: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13.
Sɛnea Wogyina Asetra Mu Nsɛnnennen Ano
Yɛn nyinaa hu nkɔmhyɛ a ɛwɔ 2 Timoteo 3:1 no mmamu: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” Obiara ntumi mfa ne ho nni wɔ ɔhaw ahorow a “mmere a emu yɛ den” yi de ba no ho. Nanso Bible no boa yɛn ma yegyina ano.
Susuw Steven ne Olive, a wɔyɛ awarefo no ho hwɛ. Bere a Yehowa Adansefo fii ase ne wɔn suaa Bible no, na wɔwɔ aware mu nsɛnnennen sɛnea ɛte wɔ afoforo pii fam no. Steven kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná yɛn ntam retetew. Ná yɛn botae ne nea yɛn ani gye ho nhyia.” Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔkɔɔ so trae? Steven toa so sɛ: “Yehowa Adansefo kyerɛɛ yɛn sɛnea yebetumi de Bible mu nnyinasosɛm ahorow abɔ yɛn bra. Yesuaa nea pɛsɛmenkominya a obi renyɛ ne afoforo ho a obesusuw kyerɛ nea edi kan. Bible mu nnyinasosɛm ahorow a yɛde dii dwuma no kaa yɛn boom. Seesei yɛn aware no ayɛ anigye, na agyina.”
Yɛne Onyankopɔn Ntam Abusuabɔ a Emu Bɛyɛ Den
Sɛnea Gallup nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi daa no adi no, Amerikafo ɔha biara mu 96 gye Nyankopɔn di, na saafo yi mu dodow no ara bɔ no mpae. Nanso, nhwehwɛmu foforo daa no adi sɛ asɔrekɔ akɔ fam koraa wɔ mfe aduonum a atwam yi mu. Amerikafo bɛyɛ ɔha biara mu 58 ka sɛ wɔkɔ asɔre pɛnkoro ɔsram biara anaa nea ennu saa. Ɛda adi pefee sɛ, nyamesom ntumi mmaa wɔmmɛn Nyankopɔn. Na ɛnyɛ United States nkutoo na ɔhaw yi wɔ.
Wɔtetee Linda wɔ Bavaria. Ná ɔyɛ Katolekni nsiyɛfo a ɔbɔ mpae daa. Bere koro no ara nso na osuro nea ɛbɛba daakye. Ná onnim Onyankopɔn atirimpɔw ma nnipa no ho hwee. Bere a na Linda adi mfe 14 pɛ no, ohyiaa Yehowa Adansefo, na ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Ná nsɛm a wɔkae no yɛ anigye, enti migyee nhoma abien a wɔde sua Bible na mekenkan no ntɛm ara.” Mfe abien akyi no, Linda fii ase ne Yehowa Adansefo yɛɛ Bible adesua. Ɔka sɛ: “Ná Onyankopɔn ho ade a misua fii Bible mu no nyinaa tɔ asom.” Linda gyaee n’asɔre no, na wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako bere a na wadi mfe 18.
Dɛn na ɛkaa Linda ma ofii ne som mu kɔɔ ɔsom foforo mu? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’asɔre no boaa me ma mihui sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ, na misuae sɛ menya ne mu gyidi. Nanso, na ayɛ sɛ nea watew ne ho na ɔwɔ akyirikyiri. Ɛnyɛ sɛ Bible a misuae no hyɛɛ Onyankopɔn mu gyidi a mewɔ no mu den nko, na mmom ɛboaa me nso ma mibehuu no, nyaa ɔdɔ maa no. Mprempren me ne Nyankopɔn wɔ abusuabɔ a ɛsom bo sɛ ankorankoro, biribi a ɛsom bo sen biribi foforo biara.”
Nokware Som Nyɛ Ade Hunu!
So wo som ma wo honhom fam akwankyerɛ, na ɛkyerɛ wo sɛnea Bible no betumi aboa wo ma woagyina asetram haw ano? Ɛkyerɛ wo Bible no anidaso ma daakye? Ɛma wo ne Ɔbɔadeɛ no nya abusuabɔ a emu yɛ den a egyina Bible mu nokware nimdeɛ so sɛ ankorankoro? Sɛ ɛnte saa a, mpa abaw. Sɛ́ anka wubegyae nyamesom akyidi no, hwehwɛ ɔsom a egyina Bible so pintinn. Saayɛ so no, wobɛyɛ sɛ wɔn a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm wɔ Bible nhoma a ɛne Yesaia mu no: “Sɛ [Yehowa, NW] Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me nkoa bedidi . . . Me nkoa bɛnom . . . Me nkoa ani begye . . . Me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom.”—Yesaia 65:13, 14.
[Ase hɔ asɛm]
a Yɛasesa edin ahorow bi wɔ asɛm yi mu.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]
Bible no boa yɛn ma yebehu Onyankopɔn, na yenya ɔdɔ ma no