Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 7/15 kr. 4-6
  • Daakye Bɛn na Wopɛ sɛ Wo Mma Nya?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daakye Bɛn na Wopɛ sɛ Wo Mma Nya?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Awofo Dwen Wɔn Mma Ho Paa
  • Boa Wɔn Ma Wɔmpaw Adwuma a Ɛsɛ
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Adi Wɔn Nkate Fam Ahiade Ho Dwuma?
  • Akwan a Wobɛfa so Adi Wɔn Honhom Fam Ahiade Ho Dwuma
  • Bere a Mmofra Nyinaa Benya Ahobammɔ
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 7/15 kr. 4-6

Daakye Bɛn na Wopɛ sɛ Wo Mma Nya?

WUBU wo mma sɛ agyapade a ɛsom bo? (Dwom 127:3) Anaasɛ wubu wɔn ntetee sɛ ɛyɛ ɛkabɔ a biribiara nkyerɛ sɛ mfaso bɛba so? Sɛ́ anka mmofra ntetee de sika bɛba no, sika mmom na egye kosi sɛ wɔn ankasa betumi ahwɛ wɔn ho. Sɛnea egye nhyehyɛe pa na wɔatumi ahwɛ awunnyade so yiye no, saa ara na ɛte wɔ mmofra ntetee pa nso ho.

Awofo a wodwen wɔn mma ho pɛ sɛ wɔma wɔn nhyɛase pa wɔ asetra mu. Ɛwom sɛ asiane ne awerɛhosɛm akɛse betumi asisi wɔ wiase yi mu de, nanso awofo betumi ayɛ pii de abɔ wɔn mma ho ban. Susuw Werner ne Eva a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no tebea ho hwɛ.a

Bere a Awofo Dwen Wɔn Mma Ho Paa

Werner ka sɛ sɛ́ anka n’awofo bɛyɛ anibiannaso no, wɔmaa nea na ɛrekɔ so wɔ sukuu mu no hiaa wɔn. “M’ani sɔɔ nyansahyɛ pa a wɔde maa me no paa, na metee nka sɛ wodwen me ho, na wɔtaa m’akyi. Sɛ awofo no, wɔde wɔn nan sii fam paa, nanso na minim sɛ wɔyɛ me nnamfo ankasa.” Na bere a Eva sukuu adesua kyeree ne so maa onyaa adwenemhaw na ɛsɛee ne nna no, ne papa Francisco ne ne maame Inez nso gyee bere pii ne no bɔɔ nkɔmmɔ, boaa no ma osii ne dedaw mu wɔ adwene ne honhom fam.

Ɔkwan bɛn na Francisco ne Inez faa so bɔɔ wɔn mma no ho ban siesiee wɔn maa mpanyin mmere? Wiɛ, efi bere a na mmofra no yɛ nkokoaa no, awofo a wɔwɔ dɔ yi kaa wɔn bataa wɔn ho wɔ wɔn da biara da dwumadi ahorow mu. Sɛ anka Inez ne Francisco ne wɔn nnamfo mpanyimfo nko ara bɛbɔ no, wɔde mmofra no kaa wɔn ho kɔɔ baabiara. Sɛ awofo a wɔwɔ dɔ no, wɔmaa wɔn babarima ne wɔn babea no akwankyerɛ pa nso. Inez ka sɛ: “Yɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wosiesie fie, sɛnea wɔnnsɛe sika pii, ne sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn ankasa ntade so yiye. Afei nso yɛboaa wɔn mu biara ma ɔpaw n’adwuma ne sɛnea wɔbɛma wɔn asɛyɛde ahorow ne wɔn honhom fam yiyedi akari pɛ.”

Hwɛ hia a ɛho hia sɛ wubehu wo mma yiye, na woama wɔn akwankyerɛ sɛ awofo! Ma yensusuw akwan abiɛsa a wubetumi afa so ayɛ eyi ho: (1) Boa wo mma ma wɔmpaw honam fam adwuma a ɛsɛ; (2) siesie wɔn na wɔatumi agyina nkate fam ɔhaw a ɛwɔ sukuu ne adwumam no ano; (3) kyerɛ wɔn sɛnea wobedi wɔn honhom fam ahiade ho dwuma.

Boa Wɔn Ma Wɔmpaw Adwuma a Ɛsɛ

Esiane sɛ obi honam fam adwuma betumi aka ne sikasɛm asan agye ne bere pii nti, abofra biara ahiade ne ne mmɔdenbɔ a wobesusuw ho no hia wɔ mmofra ntetee pa mu. Esiane sɛ obi a ɔwɔ ahonim pa biara mpɛ sɛ ɔyɛ afoforo so adesoa nti, ɛsɛ sɛ awofo de anibere susuw sɛnea wobetumi asiesie wɔn ba no ma watumi ahwɛ ne ho ne n’abusua ho. So ebehia sɛ wo babarima anaa wo babea sua adwuma na ama ne nsa ahyia ne ho? Sɛ́ ɔwofo a wudwen wo mma ho ankasa no, bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wobɛboa wo ba no ma wanya su bi te sɛ nsiyɛ a ɔde bɛyɛ adwuma, ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obesua ade, ne afoforo a obetumi ne wɔn abɔ asomdwoe mu.

Susuw Nicole ho hwɛ. Ɔka sɛ: “M’awofo ma meboaa wɔn wɔ ntadehoro adwuma a na wɔyɛ no mu. Wɔka kyerɛɛ me sɛ memfa sika a menya no fã bi mmoa yɛn fie ka, na memfa nea ɛbɛka no ntotɔ me ho nneɛma anaa memfa nsie. Eyi ma misuaa sɛnea wodi asɛyɛde ho dwuma yiye, na akyiri yi, ɛboaa me kɛse wɔ asetra mu.”

Onyankopɔn Asɛm, Bible, nkyerɛ adwuma pɔtee a ɛsɛ sɛ obi paw. Nanso ɛde akwankyerɛ pa ma. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso.” Bere a ɔrekyerɛw krataa akɔma Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no, ɔkae bio sɛ: “Yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnennam basabasa wɔ mo mu, na wɔnyɛ adwuma, na mmom wɔyɛ tɛretɛre. Na wɔn a wɔte saa no, yɛhyɛ wɔn tu wɔn fo, yɛn Awurade Yesu Kristo mu, sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa mpɛ wɔn anoduan.”—2 Tesalonikafo 3:10-12.

Nanso ɛnyɛ adwuma a obi benya ayɛ agye akatua no nko ne ade a ɛho hia wɔ asetra mu. Ebewie ase koraa no, na wɔn a wodwen akokurokosɛm no te nka sɛ wonni abotɔyam, na ebia wobehu sɛ ‘adehunu’ na wodi akyi. (Ɔsɛnkafo 1:14) Sɛ́ anka awofo bɛhyɛ wɔn mma sɛ wɔnhwehwɛ anuonyam ne ahonyade no, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔboa wɔn mma ma wohu nyansa a ɛwɔ ɔsomafo Yohane nsɛm a efi Nyankopɔn home mu yi mu: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:15-17.

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Adi Wɔn Nkate Fam Ahiade Ho Dwuma?

Sɛ́ ɔwofo no, adɛn nti na wonyɛ w’ade sɛ obi a ɔtete agumadifo? Ɛnyɛ honam fam ahoɔden a agumadifo a wɔhyɛ ne nsa no benya na ama wɔatumi atu mmirika ahoɔhare so anaa wɔahuruw akɔ soro kɛse no so nko na ɔde n’adwene si. Ɛda adi sɛ ɔbɔ mmɔden boa wɔn ma wɔko tia su biara a ɛmma nkɔso nso, na ɔnam saayɛ so hyɛ wɔn den nkate fam. Wo fam no, ɔkwan bɛn so na wubetumi ahyɛ wo mma nkuran, ahyɛ wɔn den, na woakanyan wɔn?

Susuw Rogério, abofra bi a wadi mfe 13 ho hwɛ. Ahoyeraw a ne nipadua mu nsakrae de bae akyi no, ohyiaa nkate fam ɔhaw esiane sɛ na n’awofo ntam atete, na onni hwɛfo nti. Dɛn na wobetumi ayɛ de aboa mmofra a wɔte sɛ ɔno? Ɛwom sɛ wuntumi mmɔ wo mma ho ban mfi dadwen ne nkɛntɛnso bɔne nyinaa ho de, nanso mma w’ani mpa w’asɛyɛde sɛ ɔwofo no so da. Bere a worenyɛ nhyɛso dodo no, fa ntease teɛ wo mma so, na kae bere nyinaa sɛ ɛsono sɛnea abofra biara te. Sɛ woda ayamye ne ɔdɔ adi a, wubetumi aboa kɛse ma abofra no ate nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ. Eyi nso bɛma wakwati sɛ obenyin a onni ne mu ahotoso ne obu.

Ɛmfa ho sɛnea w’ankasa w’awofo tumi dii wo nkate fam ahiade ho dwuma yiye no, nneɛma abiɛsa bi betumi aboa wo ma asi wo yiye sɛ ɔwofo a ɔboa ne mma ankasa: (1) Mma w’ankasa wo nsɛnnennen nnye w’adwene araa ma wummu w’ani ngu wo mma nsɛnnennen a ebia ɛbɛyɛ ketewa wɔ w’ani so no so; (2) bɔ mmɔden ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so da biara da; (3) ma wonnya ɔkwan a wɔfa so di nsɛnnennen ho dwuma na wɔne nnipa bɔ ho adwempa.

Bere a Birgit rekaakae bere a na ɔyɛ abeawa no, ɔka sɛ: “Misuae sɛ wuntumi nsesa sɛnea nkurɔfo te mma wɔmmɛyɛ sɛnea wopɛ sɛ wɔyɛ. Me maame ne me susuw nsɛm ho ma mihui sɛ sɛ mihu biribi wɔ afoforo ho na m’ani nnye ho a, nea metumi ayɛ ne sɛ mɛkwati sɛ mɛyɛ sɛ wɔn. Ɔkae nso sɛ bere a ɛfata paa sɛ m’ankasa meyɛ nsakrae ne bere a meda so yɛ abofra no.”

Nanso, wo mma hia pii sen adwuma ne nkate fam denhyɛ. Bisa wo ho sɛ, ‘So mibu mmofra ntetee sɛ asɛyɛde a efi Nyankopɔn hɔ?’ Sɛ wubu no saa a, wobɛma w’ani akũ wo mma honhom fam ahiade ho.

Akwan a Wobɛfa so Adi Wɔn Honhom Fam Ahiade Ho Dwuma

Yesu Kristo kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn, efisɛ wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mateo 5:3, NW) Ɔkwan bɛn na wɔfa so di honhom fam ahiade ho dwuma? Sɛ awofo yɛ nhwɛso pa wɔ Yehowa Nyankopɔn mu gyidi a wɔda no adi mu a, ɛboa mmofra no kɛse. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ [Onyankopɔn] ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Nanso, sɛ gyidi betu mpɔn ankasa a, mpaebɔ ho hia. (Romafo 12:12) Sɛ w’ankasa wo honhom fam ahiade hia wo a, wobɛhwehwɛ Nyankopɔn akwankyerɛ te sɛ abofra a ɔbɛyɛɛ Israel otitiriw, Ɔtemmufo Simson, no agya. (Atemmufo 13:8) Ɛnyɛ mpae nko na wobɛbɔ na mmom wobɛkɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible a efi honhom mu no nso mu akɔhwehwɛ mmoa.—2 Timoteo 3:16, 17.b

Ɛmfa ho sɛ akwankyerɛ pa, nkate fam mmoa, ne honhom fam mmoa a wɔde ma no nna fam no, mmofra ntetee betumi ayɛ nea akatua wom. Agya bi a ɔwɔ Brazil a ne mma yɛ baanu ka sɛ: “Sɛ minni mma a anka minnim nea mɛyɛ. Nneɛma pa pii wɔ hɔ a yebetumi akyerɛ wɔn.” Bere a wɔn maame rekyerɛ nea enti a mmofra no renya nkɔso no, ɔde to so sɛ: “Yɛne wɔn bom bere nyinaa, na yɛbɔ mmɔden ma nneɛma yɛ ahomeka ne anigye. Na nea ɛsen biara no, yɛbɔ mpae ma mmofra no bere nyinaa.”

Priscilla kae ɔdɔ ne boasetɔ a na n’awofo yi adi kyerɛ no bere biara a asɛnnennen bi bɛsɔre no. Ɔka sɛ: “Ná wɔyɛ me nnamfo ankasa, na wɔboaa me wɔ biribiara mu. Sɛ́ abofra no, metee nka paa sɛ wɔne me redi sɛ ‘Yehowa agyapade.’” (Dwom 127:3) Sɛnea awofo foforo pii yɛ no, adɛn nti na womfa bere nsi hɔ ne wo mma mmom nkenkan Bible ne Kristofo nhoma ahorow? Bible kyerɛwtohɔ ne nnyinasosɛm ahorow a mobɛbɔ ho nkɔmmɔ anigye so no betumi aboa wo mma ma wɔanya ahotoso, na wɔanya daakye mu anidaso ankasa.

Bere a Mmofra Nyinaa Benya Ahobammɔ

Ɛwom sɛ ayɛ sɛ nea nnɛyi mmofra pii nni daakye anidaso de, nanso Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ asase bɛyɛ adesamma fie a ahobammɔ wom. Susuw bere a Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no bɛba a awofo nhaw wɔn ho wɔ wɔn mma ahobammɔ ho no ho hwɛ! (2 Petro 3:13) Bɔ mmɔden fa w’adwene yɛ nkɔmhyɛ a edi so yi mmamu kɛse ho mfonini: “Habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn.” (Yesaia 11:6) Ɛnnɛ mpo, honhom fam ahobammɔ a wɔka ho asɛm wɔ nsɛm yi mu no renya sɛnkyerɛnne kwan so mmamu wɔ wɔn a wɔsom Yehowa no mu. Sɛ wowɔ wɔn mu a, wobɛte nka sɛ Onyankopɔn dɔ akata wo so. Sɛ woda ɔdɔ adi kyerɛ Nyankopɔn a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɔte sɛnea wote nka sɛ ɔwofo no ase, na ɔbɛboa wo ma woagyina dadwen ne sɔhwɛ ahorow a ebetumi aba wo so no ano. Sua N’asɛm no na fa wo werɛ hyɛ N’ahenni no mu.

Boa wo mma ma wɔmfa daa nkwa kwan so denam nhwɛso pa a wobɛyɛ ama wɔn so. Sɛ wode Yehowa Nyankopɔn yɛ wo guankɔbea a, wo ne wo mma nsa betumi aka biribi a monsoo ho dae da, daakye. Wubetumi anya ahotoso te sɛ odwontofo a ɔtoo saa dwom yi no: “Ma w’ani nka [Yehowa, NW] ho, na wama wo nea wo koma pɛ.”—Dwom 37:4.

[Ase hɔ nsɛm]

a Yɛde din afoforo na adi dwuma wɔ asɛm yi mu.

b Hwɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no atiri 5 kosi 7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena