Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 8/1 kr. 3-4
  • So Wontumi Nyɛ Ntɛnkyea Ho Hwee?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wontumi Nyɛ Ntɛnkyea Ho Hwee?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atirimɔdenne a Efi Ntɛnkyea mu Ba
  • So Ntɛnkyea Haw Adwene?
  • Sɛ Nkurɔfo Ne Yɛn Anni No Yiye a, Dɛn Na Yɛbɛyɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Wubetumi Agyina Atɛnkyea Ano!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Sɛ Obi Ne Yɛn Di No Nwenweenwene a, Dɛn Na Yɛbɛyɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 8/1 kr. 3-4

So Wontumi Nyɛ Ntɛnkyea Ho Hwee?

“Sɛ yɛde biribiara to nkyɛn a, meda so ara gye di sɛ nnipa tirim wɔ asɛmpa ankasa. Nea ɛte ara ne sɛ mintumi nnyina asetra a wonhu ano, ahohia, ne owu so nnya anidaso.”—Anne Frank.

ANNE FRANK, Yudani abeawa bi a wadi mfe 15, na ɔkyerɛw nsɛm a etu awɔsen yi wɔ nhoma a ne ho nsɛm wom mu bere tiaa bi ansa na ɔrewu. Ná wɔde n’abusuafo asie ɔdan ketewa bi mu wɔ abansoro bi so wɔ Amsterdam bɛboro mfe abien. N’anidaso a na ɔwɔ sɛ wiase bɛyɛ yiye no dii huammɔ bere a obi kɔkyerɛɛ Nasifo no baabi a n’abusuafo wɔ no. Afe a edi hɔ 1945 no, atiridiinini kum Anne wɔ Bergen-Belsen nneduaban mu. Asɛm a ɛte saa ara too Yudafo foforo ɔpepem asia.

Ebia pɔw bɔne a Hitler bɔe sɛ ɔbɛtɔre abusuakuw mũ bi ase no ne nnipa mu nyiyim a ɛsen biara a akɔ so wɔ afeha yi mu, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo na asi. Wɔ 1994 mu no, wokunkum Tutsifo bɛboro ɔpepem fã wɔ Rwanda esiane sɛ na wofi “ananafo” abusua mu ara kwa nti. Wɔ wiase ko a edi kan mu no, wokunkum Armeniafo bɛyɛ ɔpepem biako nso wɔ mmusuakuw asetɔre bi mu.

Atirimɔdenne a Efi Ntɛnkyea mu Ba

Ɛnyɛ okunkɛse nko ne ade a efi ntɛnkyea mu ba. Asetra mu ntɛnkyea ma adesamma abusua no mufo bɛyɛ anum biara mu biako di hia buruburoo, wɔn nkwa nna nyinaa. Nea ɛsen saa no, nnipa hokwan fekuw bi a wɔfrɛ no Nkoayɛ a Wɔko Tia Wɔ Wiase Nyinaa no bu akontaa sɛ nnipa bɛboro 200,000,000 wɔ nkoasom mu. Ebetumi aba mpo sɛ nnipa a wɔyɛ nkoa wɔ wiase nnɛ no dɔɔso sen bere foforo biara wɔ abakɔsɛm mu. Ebia wonni wɔn ano ntɔn wɔn wɔ mmɔnten so, nanso mpɛn pii no wɔyɛ adwuma wɔ tebea a emu yɛ den mu sen tete mmere mu nkoa no mu dodow no ara.

Atemmu mu ntɛnkyea ma nnipa ɔpepem pii hwere hokwan a ɛsɛ wɔn wɔ asetra mu. Amanaman Ahofadi Fekuw no ka wɔ ne 1996 amanneɛbɔ no mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ da biara da, wɔyɛ nnipa aninyanne wɔ wiase baabi. Wɔn a wɔn ho taa ka mu ne ahiafo ne mmɔborɔwafo, titiriw mmea, mmofra, wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne aguanfo.” Amanneɛbɔ no kae sɛ: “Wɔ aman bi mu no, ɛkame ayɛ sɛ aban tumi agyigya araa ma mmara kwan so tumi biara nni hɔ a egye wɔn a wɔyɛ mmerɛw no fi wɔn a wɔyɛ den no nsam.”

Wɔ 1996 mu no, wɔkyeree nnipa ɔpedudu pii guu afiase yɛɛ wɔn ayayade wɔ aman bɛboro ɔha mu. Nnansa yi nso, nnipa ɔpehaha pii ayerayera kɛkɛ, a ɛda adi sɛ ɔman ho bammɔfo anaa amumɔyɛfo akuw na ɛkyeree wɔn. Wɔafa no sɛ wɔn mu pii awuwu.

Nokwasɛm ne sɛ, akodi de ntɛnkyea ba a wontumi nkwati, na sɛe ara na tebea no resɛe. Nnansa yi sɛ wɔreko a, wɔde wɔn ani si nnipa a wɔnyɛ asraafo so, a mmea ne mmofra ka ho. Na ɛnyɛ atopae a wɔtoto gu nkurow mu basabasa nko nti na ɛte saa. Ade a asraafo taa yɛ ne sɛ wɔto mmea mpanyimfo ne mmeawa mmonnaa, na ɔman anidanfo akuw pii kyere mmofra hyɛ wɔn ma wosua nnipakum. Bere a Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi a wɔato din “Nkɛntɛnso a Akodi Nya Wɔ Mmofra So” no reka tebea a ɛtete saa ho asɛm no, ɛka sɛ: “Dɔ ara na wiase nnipa a wɔmfa ɔbra pa nyɛ hwee no redɔɔso.”

Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbra pa a wɔmfa nyɛ hwee yi akowie wiase a ntɛnkyea ayɛ mu ma—sɛ́ ɛyɛ mmusuakuw ntam de, asetram de, atemmu mu de, anaa asraadi mu de no. Nanso, eyi nyɛ ade foforo. Bɛboro mfe mpem abien ahanum ni no, Hebrini diyifo bi kaa no awerɛhow so sɛ: “Mmara mu agow, na atɛmpa mfi ara da, efisɛ abɔnefo twa ɔtreneeni ho hyia, enti atemmu fi a, na akyea.” (Habakuk 1:4) Ɛwom sɛ ntɛnkyea adɔɔso bere nyinaa de, nanso yɛn afeha a ɛto so 20 yi yɛ bere a ntɛnkyea akɔ soro sen biara.

So Ntɛnkyea Haw Adwene?

Sɛ wobu wo ntɛnkyea tẽẽ a, ɛhaw adwene. Esiane sɛ ɛmma adesamma abusua no fã kɛse no ara ani nnye nti, ɛhaw adwene. Afei nso esiane sɛ ntɛnkyea taa kɔfa akodi a mogyahwiegu pii wom ba, na ɛno nso boa ma ntɛnkyea kɔ so nti, ɛhaw adwene.

Asomdwoe ne anigye bata atɛntrenee ho pɛɛ, nanso ntɛnkyea ma anidaso yɛ kwa, na ɛmma obi nhwɛ biribi pa kwan. Sɛnea Anne Frank huu no awerɛhow so no, nnipa ntumi nnyina asetra a wonhu ano, ahohia, ne owu so nnya anidaso. Te sɛ ɔno no, yɛn nyinaa kɔn dɔ mmere pa.

Saa ɔpɛ yi ama komapafo abɔ mmɔden sɛ wɔde atɛntrenee bɛba nnipa asetra mu. Ne saa nti Amansan Nyinaa Mpaemuka a Ɛfa Hokwan a Nnipa Wɔ Ho, a Amanaman Nkabom no Mmarahyɛ Bagua no de too gua wɔ 1948 mu no ka sɛ: “Wɔde ahofadi ne nidi ne hokwan koro no ara na awo nnipa nyinaa. Wɔwɔ ntease ne ahonim, na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho di wɔ onuadɔ so.”

Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom yɛ nsɛmpa, nanso adesamma nnya mmɛn saa botae a ɛsom bo no ho koraa—wiase a atɛntrenee te mu a obiara wɔ hokwan te sɛ ɔfoforo, na obiara ne ne yɔnko di sɛ ne nua. Sɛnea Amanaman Nkabom Mpaemuka no nnianim nsɛm no da no adi no, botae yi mmamu bɛyɛ “wiase ahofadi, atɛntrenee, ne asomdwoe nnyinaso.”

So ntɛnkyea adidi kɔ nnipa asetra mu araa ma wɔrentumi nyi mfi hɔ da? Anaasɛ wobetumi afa kwan bi so anya ahofadi, atɛntrenee, ne asomdwoe nnyinaso? Sɛ saa a, hena na obetumi de aba na wahwɛ ahu sɛ obiara benya mu mfaso?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

UPI/Corbis-Bettmann

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena