Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 8/15 kr. 3-4
  • Dɛn Nti Na Ahotoso Ho Aba Asɛm?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Ahotoso Ho Aba Asɛm?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmere no Ho Sɛnkyerɛnne
  • Yebetumi Anya Afoforo Mu Ahotoso Bio!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Momma Yɛnhyɛ Teɛ A Onyankopɔn Teɛ Mu Ahotoso A Yɛwɔ No Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Ɛsɛ Sɛ Yehowa Yɛ Yɛn Ahotoso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Ahotoso Wɔ Wiase A Akyinnyegye Ahyɛ No Ma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 8/15 kr. 3-4

Dɛn Nti Na Ahotoso Ho Aba Asɛm?

‘SO WUBETUMI anya obi mu ahotoso ankasa nnansa yi?’ Ebia woate pɛn sɛ ebinom a wɔahaw abisa saa asɛm yi. Anaasɛ ebetumi aba sɛ w’ankasa mpo abisa saa asɛm no pɛn bere a wotee nka sɛ woahaw esiane nsɛm bi a esisii wɔ w’asetra mu nti.

Nokwarem no, ahotoso a wonni wɔ ahyehyɛde ahorow ne nnipa foforo mu rekɔ so wɔ wiase nyinaa. Mpɛn pii no, ahotoso a wonni yi fata. So obi hwɛ kwan sɛ amanyɛfo mu dodow no ara bedi wɔn bɔ ahorow a wɔhyɛ ansa na wɔapaw wɔn no nyinaa so ankasa? Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ adesuafo 1,000 mu wɔ Germany wɔ 1990 mu no daa no adi sɛ, bere a na wɔn mu ɔha biara mu 16.5 wɔ ahotoso sɛ amanyɛfo betumi adi wiase haw ahorow ho dwuma no, saa nnipa dodow no mmɔho abien kyerɛe sɛ wonnye nni koraa saa. Na wɔn mu fã kɛse no ara kae sɛ wonni ahotoso wɔ di a amanyɛfo betumi adi ɔhaw ahorow ho dwuma ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ saa no mu.

Atesɛm krataa Stuttgarter Nachrichten bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ade a edi kan koraa wɔ amanyɛfo pii adwene mu ne wɔn ankasa yiyedi, ne afei sɛ ebetumi a, wɔn a wɔtoo aba maa wɔn nso de.” Nnipa a wɔwɔ aman foforo mu gye eyi tom. Atesɛm krataa The European kae wɔ ɔman biako ho sɛ: “Gye a mmerante ne mmabaa nnye amanyɛfo nni no yɛ nea ntease wom na wɔn mpanyimfo nso ne wɔn yɛ adwene.” Atesɛm krataa no kae sɛ ‘wɔn a wɔto aba yi nkurɔfo no taa tu amanyɛ kuw ahorow no fi wɔn dibea.’ Atesɛm krataa no toaa so kae sɛ: “Obiara a ogye bere ne [ɛhɔ] mmerante ne mmabaa bɔ no hu ahotoso a wonni ne te a wɔte nka sɛ wonni ahobammɔ no ntɛm.” Nanso sɛ ɔmanfo nni mu ahotoso a, kwasafo aban ntumi nyɛ hwee. Kan U.S. Ɔmampanyin John F. Kennedy kae bere bi sɛ: “Nea nniso pa gyina so ne ahotoso a ɔmanfo wɔ wom.”

Ɛdefa ahotoso wɔ wiase yi mu sikasɛm ho no, sikasɛm a agyigya mpofirim ne nnwuma a ɛma nkurɔfo nya wɔn ho ntɛm a asɛe no ama nnipa pii suro sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ mu. Bere a nsakrae kɛse baa wiase aguadi nhyehyɛe mu wɔ October 1997 mu no, nsɛmma nhoma bi kaa “ahotoso a wonni koraa a ɛtɔ da bi a ntease nnim” ne “ahotoso a wonni a ɛsan afoforo ho asɛm.” Ɛde kaa ho sɛ “ahotoso yɛ nea ɛso atew koraa [wɔ Asia man biako mu] araa ma nniso no . . . ti keka.” Ne tiaatwa mu no, ɛdaa no adi sɛ: “Sɛ sikasɛm bɛyɛ yiye a egyina ahotoso so.”

Nyamesom nso ntumi mma nnipa nnya ahotoso. Germany nyamesom nhoma Christ in der Gegenwart de awerɛhow ka sɛ: “Ahotoso a ɔmanfo wɔ wɔ Asɔre no mu so tew ara na ɛretew.” Wɔ 1986 ne 1992 ntam no, Germanfo dodow a na wɔwɔ asɔre no mu ahotoso pii anaa anyɛ yiye koraa no wɔwɔ kakra no so tew fii ɔha mu nkyem 40 baa ɔha mu nkyem 33. Nokwarem no, wɔ kan East Germany no, ɛso tew baa fam koraa a na ennu ɔha mu nkyem 20 mpo. Nanso nnipa a na wɔwɔ asɔre no mu ahotoso kakraa bi anaasɛ wonni bi koraa no dodow kɔɔ anim fi ɔha mu nkyem 56 kosii ɔha mu nkyem 66 wɔ nea kan na wɔfrɛ no West Germany no, na ekoduu ɔha mu nkyem 71 wɔ kan East Germany.

Ɛnyɛ amammuisɛm, sikasɛm, ne nyamesom—nneɛma abiɛsa a adesamma asetra gyina so—nko na emu ahotoso abrɛ ase. Nhwɛso foforo nso ne mmara a wɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma. Mmara a etia abɔnefosɛm a akwan abɛda ho, mmara a wontumi mfa nni dwuma pɛpɛɛpɛ, ne gyinae a wosisi wɔ asɛnni mu a asɛm wɔ ho no ama nkurɔfo ahwere mu ahotoso. Sɛnea Time nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ no, “ɔman mma ne polisifo abasamtu ayɛ kɛse araa ma afei de wonni ahotoso biara wɔ nhyehyɛe a ɛkɔ so gyae mmaratofo ma wɔsan ba mmorɔn so no mu.” Esiane sobo a wɔbɔ wɔ adanmude a polisifo gyigye ne atirimɔdensɛm a wɔyɛ ho nti nnipa a wonni polisifo mpo mu ahotoso no adɔɔso.

Ɛdefa amanaman ntam amammuisɛm ho no, asomdwoe ho nhyehyɛe a adi nkogu ne ako ahorow a wɔpata a ɛnyɛ yiye no da ahotoso a enni hɔ adi. U.S. ɔsoafo ma Amanaman Nkabom, Bill Richardson, kaa nea ayɛ akwanside titiriw a enti wonnya asomdwoe wɔ Mediterranea Supɔw no so ho asɛm tiawa sɛ: “Wonni ahotoso.”

Ne nyinaa mu no, sɛ ɛba yɛn ankorankoro mu nso a, nnipa pii nni ahotoso wɔ abusuafo a wɔbɛn wɔn ne nnamfo mpo mu, nnipa a anka wɔbɛkɔ wɔn nkyɛn akɔhwehwɛ ntease ne awerɛkyekye bere a wɔwɔ ɔhaw ahorow mu no. Tebea no te sɛ nea Hebrini diyifo Mika kaa ho asɛm no: “Munnnye adamfo nnni, mommfa mo ho nnto ɔyɔnko so; ɔbea a ɔda wo koko mu no, ne ho na wɛn w’ano.”—Mika 7:5.

Mmere no Ho Sɛnkyerɛnne

Nnansa yi ara wɔfaa Germanni adwene ne nneyɛe ho nimdefo Arthur Fischer asɛm kae sɛ: “Ɔmanfo yiyedi ne ankorankoro daakye mu ahotoso yɛ nea ɛso atew kɛse ankasa wɔ nneɛma nyinaa mu. Mmerante ne mmabaa nni awerɛhyem biara sɛ ɔman no ahyehyɛde ahorow no betumi aboa wɔn. Wonni hwee mu ahotoso bio, sɛ́ ɛyɛ amammui, nyamesom, anaa ahyehyɛde biara no.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa fekubɔ ho nimdefo Ulrich Beck kaa eyi ho asɛm sɛ “asetra a ɛmma wonnya awerɛhyem” wɔ tumidi, ahyehyɛde, ne abenfo mu a atra hɔ bere tenten mu.

Wɔ asetra a ɛte saa mu no, nkurɔfo taa twe wɔn ho, po tumidi nyinaa, na wɔtra ase sɛnea wɔn ankasa pɛ, si wɔn ankasa gyinae a wonnye afotu anaasɛ akwankyerɛ mfi afoforo hɔ. Ebinom benya osuro anaa adwemmɔne mpo, bere a wɔne wɔn a wɔte nka sɛ wontumi mfa wɔn ho nto wɔn so bio redi nsɛm no. Saa su yi kanyan tebea bɔne, te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔden fo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.” (2 Timoteo 3:1-5; Mmebusɛm 18:1) Nokwarem no, ahotoso ho a aba asɛm nnɛ no yɛ mmere yi ho sɛnkyerɛnne, “nna a edi akyiri” no ho sɛnkyerɛnne.

Wɔ wiase a ahotoso ho aba asɛm, na nnipa a wɔka wɔn ho asɛm sɛnea ɛwɔ atifi hɔ no ahyɛ mu ma mu no, asetra ntumi nyɛ nea anigye wom kosi ase ankasa. Nanso so ntease wom sɛ yebesusuw sɛ nneɛma bɛsakra? So ahotoso ho a aba asɛm nnɛ no yɛ nea ebetumi afi hɔ? Sɛ saa a, ɔkwan bɛn so ne bere bɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena